Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • jy ti 4 kr. 16-kr. 17 nky. 3
  • Maria Nyinsɛnee Nanso na Ɔnwaree

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Maria Nyinsɛnee Nanso na Ɔnwaree
  • Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔyem Nanso Ɔnwaree
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • “Hwɛ! Meyɛ Yehowa Afenaa!”
    Suasua Wɔn Gyidi
  • “Odwinnwen Ho Ne Koma Mu”
    Suasua Wɔn Gyidi
  • “Hwɛ! Meyɛ Yehowa Afenaa!”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
jy ti 4 kr. 16-kr. 17 nky. 3
Maria aka akyerɛ Yosef sɛ ɔnyem

TI 4

Maria Nyinsɛnee Nanso na Ɔnwaree

MATEO 1:18-25 LUKA 1:56

  • YOSEF HUU SƐ MARIA ANYINSƐN

  • YOSEF WAREE MARIA

Wobɛkae a, Maria nyinsɛnee foforo no ara na ɔkɔɔ ne busuani Elisabet nkyɛn wɔ Yudea kɔdii abosome mmiɛnsa. Maria san baa Nasaret no, na ne nyinsɛn no rekɔ abosome nnan. Ná ne yafunu no reyɛ apue ama obiara ahu sɛ ɔnyem. Hwɛ adwennwene kɛse a na abɛtɔ ne so!

Nea ɛhaw adwene koraa ne sɛ na Maria ne kapentani Yosef ayɛ nhyehyɛe a wɔrebɛware. Ná Maria nso nim sɛ Mmara a Onyankopɔn de maa Israelfo no kyerɛ sɛ, sɛ ɔbaa ne ɔbarima bi yɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛware na ɔbaa no ma kwan ma ɔbarima foforo ne no da a, saa ɔbaa no, ɛsɛ sɛ wɔsi no abo kum no. (Deuteronomium 22:​23, 24) Ná Maria nyɛɛ bɔne biara, nanso na ɔbɛka n’asɛm sɛn na Yosef ate no ase? Afei dɛn koraa na ɛbɛto no? Ná ayɛ asɛm sɛ!

Maria tuu kwan no, ɔkɔdii abosome mmiɛnsa, enti yɛbɛtumi aka sɛ na Yosef afe no paa. Maria bae no, ɛnyɛ dɛn ara a na ɔbɛka nea asi no ho asɛm na wakyerɛkyerɛ mu akyerɛ no sɛ Onyankopɔn honhom na ama wanyinsɛn. Nanso asɛm wei deɛ, hwan na ate bi da? Enti ɛbɛyɛ sɛ ansen Yosef tirim koraa.

Ná Yosef nim sɛ Maria yɛ ɔbaa pa, na ɔnyɛ basabasa. Ná ɔdɔ no paa, nanso Maria asɛm no yɛɛ no sɛ anansesɛm, efisɛ ɔbaa bɛyɛ dɛn anyinsɛn a ɔne ɔbarima renhyia mu? Yosef ampɛ sɛ wɔbɛsi Maria aboɔ akum no, na na ɔmpɛ nso sɛ ɔbɛgu n’anim ase. Enti ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛgyaa no a obiara nte ho asɛm. Wɔn bere so no, sɛ ɔbaa ne ɔbarima yɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛware a, na nkurɔfo bu wɔn sɛ awarefo, enti sɛ nhyehyɛe no bɛgu a, gye sɛ ɔbarima no hyɛ da gyaa ɔbaa no.

Yehowa bɔfo kasa kyerɛɛ Yosef wɔ dae mu

Akyiri yi, bere a Yosef da so ara redwennwene asɛm no ho no, ɔfaa mu dae. Yehowa bɔfo kasa kyerɛɛ no wɔ dae mu sɛ: “Nsuro sɛ wobɛfa wo yere Maria akɔ fie, na honhom kronkron na ama no anyinsɛn. Ɔbɛwo ɔbabarima, na ɛsɛ sɛ wɔto ne din Yesu, ɛfiri sɛ ɔno na ɔbɛgye ne manfoɔ afiri wɔn bɔne mu.”​—Mateo 1:​20, 21.

Bere a Yosef sɔree no, hwɛ sɛnea n’ani bɛgye sɛ afei asɛm no mu ada hɔ! Ntɛm pa ara na ɔyɛɛ nea ɔbɔfo no kae no. Ɔde Maria kɔɔ ne fie. Wei yɛ ade a saa bere no, na wɔyɛ wɔ badwam. Ná ɛte sɛ ayeforo, na ɛmaa obiara huu sɛ afei Yosef ne Maria yɛ awarefo. Nanso, bere a Maria nyem Yesu no, Yosef ne no anna da.

Maria te afurum so, na Yosef rehyehyɛ nneɛma wɔ afurum no so

Akyiri yi a Maria awoɔ reyɛ adu so no, ɛho bɛhiaa sɛ ɔne Yosef fi Nasaret a wɔte no kɔ baabi foforo. Saa bere a Maria regye nna awo yi, ɛhe na na wɔde wɔn ani bɛkyerɛ?

  • Bere a Yosef tee sɛ Maria anyinsɛn no, wohwɛ a dɛn na ɛbɛba Yosef tirim? Dɛn na ɛbɛma wanya saa ­adwene no?

  • Sɛ na Yosef nwaree Maria de a, ɛnde adɛn nti na na ɔpɛ sɛ ɔgyaa Maria?

  • Dɛn na Yosef yɛe a ɛmaa obiara huu sɛ waware Maria?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena