Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Ɔkwan Bɛn na Wonam so Siesie Asɛm?
    Ɔwɛn-Aban—1994 | July 15
    • Sɛnea Wosiesie Asɛm a Emu Yɛ Den

      “Na sɛ wo nua fom wo a, kɔ na koyi no ntɛn wo ne no nko ntam. Sɛ otie wo a, woanya wo nua. Na sɛ wantie a, fa onipa biako anaa baanu ka wo ho, na nsɛm nyinaa nnyina adansefo baanu anaa baasa anom. Na sɛ wantie wɔn nso a, kɔka kyerɛ asafo. Na sɛ wantie asafo no nso a, ɛnde bu no sɛ ɔbosonsonni ne towgyeni.”—Mateo 18:15-17.

      Na sɛ Yudani (anaa akyiri yi, Kristoni) bi ne ne yɔnko Yehowa somfo bi nya asɛm a emu yɛ den ɛ? Nea osusuw sɛ wɔayɛ no bɔne no na ɛsɛ sɛ odi kan yɛ ho biribi. Ɛsɛ sɛ ɔne nea wadi mfomso no kasa wɔ kokoam. Sɛ wammɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛ sɛ n’asɛm yɛ dɛ a, mpɛn pii no obenya ne nua no, titiriw sɛ ɛyɛ biribi ho ntease a wɔannya a ɛho asɛm ka nyɛ den a. Sɛ wɔn a asɛm no fa wɔn ho tẽẽ no nkutoo na wonim asɛm no a, ebetumi ayɛ mmerɛw sɛ wobesiesie biribiara.

  • Ɔkwan Bɛn na Wonam so Siesie Asɛm?
    Ɔwɛn-Aban—1994 | July 15
    • Tu a wobetumi atu ɔbɔnefo a onnuu ne ho no kyerɛ sɛ ɛnyɛ asɛm nketenkete na Mateo 18:15-17 ka ho asɛm. Ná Yesu reka bɔne a anibere wom, nanso ɛyɛ nea nnipa baanu a asɛm no fa wɔn ho no nkutoo betumi asiesie. Sɛ́ nhwɛso no, ebia na obi adi ne yɔnko ho nseku ma ne din asɛe paa. Anaa ebetumi afa sikasɛm ho, efisɛ nkyekyem a edidi ɛno akyi no ka Yesu bɛ a ɛfa akoa a onni mmɔborohunu a wɔde ne ka a ɛsõ kyɛɛ no no ho. (Mateo 18:23-35) Ebia bosea a obi gye a ɔnsan mfa nkɔ wɔ bere a wahyɛ mu no bɛyɛ ɔhaw ketewaa bi a nnipa baanu no betumi asiesie a wɔmmrɛ. Nanso ebetumi adan bɔne a anibere wom, a ɛne korɔn, bere a ɔdefɛmfo no sen ne kɔn na ɔmpɛ sɛ otua ɛka a ɔde no.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena