Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Suban pa wɔ afoforo ho
    Ɔwɛn-Aban—1981 | December 1
    • 8, 9. (a) Afotu bɛn na Yesu de mae wɔ obi a wayɛ bɔne ho? (b) Bɔne bɛn na na Yesu reka ho asɛm wɔ ha?

      8 Bere bi a na Onyankopɔn da so ara ne Yudafo no di sɛ Ne nkurɔfo no, Yesu de afotu bi mae a ɛfa obi a wayɛ bɔne ho. Ná Kristo asuafo, a na wɔn nso wɔyɛ Yudafo no betumi ate saa afotu yi ase esiane tebea a na ɛwɔ Yudafo man no mu nti. Yɛn nso, yebetumi anya mu mfaso, efisɛ na wɔde afotu a Yesu de mae no bedi dwuma akyiri yi bere a Onyankopɔn de Kristofo asafo no asi hɔ no. (Mat. 21:43) Yesu fii ase sɛ: “Na sɛ wo nua fom wo a, kɔ na koyi no ntɛn wo ne nko ntam. Sɛ otie wo a, woanya wo nua.”​—Mat. 18:15.

      9 Ɛda adi sɛ na Yesu renka “bɔne” a ɛyɛ mfomso nketenkete a yɛyɛ tia yɛn ho yɛn ho a yɛkenkan ho asɛm wɔ Filipifo 4:2, 3 no ho asɛm. (Fa toto Mmebusɛm 12:18 ho.) Mmom no, ɛda adi sɛ na ɔkyerɛ bɔne ahorow te sɛ nsisi anaasɛ atorodi, bɔne ahorow a emu yɛ duru a ebetumi ama wɔatu obi afi asafo no mu.a Sɛ nea wafom no no betumi adi asɛm no ho dwuma denam ne nkyɛn kokoam a ɔbɛkɔ so a anka ‘obenya ne nua’; na bere a ɔdebɔneyɛfo no ada ahonu a efi komam adi na wabɔ mmɔden sɛ obedi mfomso a ɔyɛe no ho dwuma no, ɛho nhia sɛ ɔde asɛm no kɔ baabi foforo bio.

  • Suban pa wɔ afoforo ho
    Ɔwɛn-Aban—1981 | December 1
    • a Wɔ Mose mmara no ase no, na bɔne ahorow bi a emu yɛ duru te sɛ awaresɛe, mmarima a wɔne wɔn ho da, nnipa kum, nokware som no ho a wɔwae fi, nyɛ nea ankorankoro betumi asiesie a onii a wɔayɛ no bɔne no betumi agye yaw a ɔdebɔneyɛfo no di ne mmɔden a ɔbɔ sɛ obesiesie bɔne a wayɛ no atom. Mmom no, wodii saa bɔne ahorow a emu yɛ duru yi ho dwuma denam mpanyimfo, atemmufo ne asɔfo no so.​—Lev. 20:10, 13: Num. 5:11-31; 35:12. 19-25; Deut. 13:6-15: 17:2-9; 19:16-19: 22:22.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena