Suban pa wɔ afoforo ho
“Merekyerɛw eyinom mabrɛ wo . . . [na] woahu sɛnea ɛsɛ sɛ wobu wo bra Onyankopɔn fi o ɛyɛ Onyankopɔn teasefo asafo.”—1 Tim. 3:14, 15, Twi Bible Foforo.
1, 2. Ɔkwan bɛn so na Bible no betumi aboa yɛn wɔ sɛnea yɛne afoforo di no mu?
NEA ɛka mfaso horow a Kristofo wɔ wɔ Bible no sua mu ho ne sɛ wosua ɔkwampa a wɔnam so ne nnipa afoforo di. Nnipa mpo a wonnim Kristosom anaasɛ Bible no ho hwee no gye nyansa a ɛwom ne mfaso a ɛwɔ afotu a ɛte sɛɛ so no tom: “Na sɛnea mopɛ sɛ nnipa nyɛ mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.”—Luka 6:31.
2 Bible no de pii ma sen yɛn abrabɔ wɔ afoforo ho nsɛm a ɛka a ɛmfa biribi pɔtee ho. Etu yɛn fo wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade wɔ nnipa nkorɛnkorɛ a yɛne wɔn wɔ abusuabɔ pɔtee bi anaasɛ wɔwɔ tebea ahorow bi mu no ho. Sɛ nhwɛso no, ɛde afotu wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ ɔyere Kristoni bɔ ne bra wɔ ne kunu a onnye nni ho ma, na etu yɛn fo wɔ yɛn abrabɔ wɔ wɔn a wɔba fam, wɔn a wɔyɛ mpakye ne ɔbarima anaasɛ ɔbea ho. (1 Pet. 3:1-6; Dw. 41:1; Lev. 19:14; 1 Tim. 5:1, 2) Kyerɛwnsɛm no de afotu a emu da hɔ pii nso ma wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ yebu yɛn bra wɔ Onyankopɔn fi, a ɛyɛ Onyankopɔn teasefo asafo,’ no ho.—1 Tim. 3:15.
3. Dɛn nti na yehia Onyankopɔn akwankyerɛ wɔ yɛn abrabɔ mu?
3 Saa ɔsoro afotu yi a yɛde bedi dwuma no ho hia, efisɛ Onyankopɔn Asɛm kyerɛ sɛ, ɔkwan bi so no, obegyina sɛnea yɛyɛ yɛn ade wɔ afoforo ho no so abu yɛn atɛn. (Mat. 18:35, 25:40, 45; Adi. 2:23) Enti, sɛ́ anka yɛbɛma nea ebia nnipa binom ka sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ, anaasɛ denam yɛn adwene ne nea “yɛte nka” sɛ eye akyerɛ yɛn kwan mmom no, ɛsɛ sɛ yenya Dawid su no bi: “Yehowa, kyerɛ me wo akwan, na fa me fa wo atempɔn so. Ma mennantew wo nokware mu, na kyerɛkyerɛ me, na wone me nkwagye Nyankopɔn.”—Dw. 25:4, 5; 139:17, 21.
NNEBƆNEYƐFO A YƐNE WƆN BEDI
4. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yehu sɛnea yɛbɛyɛ yɛn ade wɔ abɔnefo ho no?
4 Sɛ́ Adam asefo no, nnipa nyinaa “ayɛ bɔne, na Onyankopɔn anuonyam abɔ wɔn.” (Rom. 3:23; 5:12) Nanso, yɛn tebea no nyɛ nea anidaso nni mu, efisɛ “Kristo Yesu baa wiase begyee nnebɔneyɛfo.” Obiara a ogye ɛno tom na ɔkyerɛ Kristo mu gyidi no betumi anya fafiri ɛwom mpo sɛ bere bi a atwam no ɔtraa ase sɛ ɔdebɔneyɛfo de.—1 Tim. 1:12-16; 1 Kor. 6:9-11; Aso. 10:43; Rom. 6:12-14.
5. Dɛn na ɛho hia sɛ yɛyɛ sɛ Kristoni yɛ bɔne a anibere wom a?
5 Na sɛ bere a onipa bi anya adwensakra, anya Kristo mu gyidi na wabɛyɛ Kristoni a wagye asubɔ akyi no ɔbɛyɛ mmerɛw anaasɛ ɔyɛ bɔne a emu yɛ duru nso ɛ? Wobetumi de afiri no ara, sɛnea mpo wɔde firii ɔsomafo Petro bere a ɔpaa Yesu no. Sɛ wote sɛ wo yɔnko Kristoni bi ayɛ bɔne a emu yɛ duru a, dɛn na wobɛyɛ? Wufi nokware dɔ mu bɛpɛ sɛ wuhu ampa sɛ saa onipa no anya honhom mu mmoa. Mpɛn pii no wɔn a wɔyɛ mpanyimfo anaasɛ ahwɛfo wɔ honhom mu a wɔatu wɔn ho asi hɔ no so na wɔnam de mmoa a ɛte saa ma. Adwene bɛn na wɔde yɛ saa? Sɛ wɔbɛma Kristoni a wayɛ bɔne no asan anya ahoɔden honhom mu.—Gal. 6:1; 1 Yoh. 5:16; 2 Tim. 2:23-26; Yuda 23.
6. Sɛ Kristoni a wayɛ bɔne a emu yɛ duru annu ne ho a, dɛn ade na ɛsɛ sɛ wɔyɛ?
6 Nanso, ɛtɔ mmere bi a, onipa bi a watra nokware Kristosom mu mfe bi no man fi ho, na ɔde ne ho kɔhyɛ abrabɔ bɔne mu, na afei, mmɔden ankasa ara a mpanyimfo no bɔ sɛ wɔbɛboa no no nyinaa akyi no, ɔnkyerɛ ahonu. Bible no kyerɛ sɛ eyi sii wɔ afeha a edi kan no mu na esi nnɛ nso. (2 Pet. 2:10-20) Afei dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ? Wɔ Onyankopɔn nyansa ne atɛntrenee a ɛyɛ pɛ mu no, ɔhyɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ biribi a emu yɛ den de bɔ asafo no abrabɔ ne honhom fam ahotew ho ban, na ebia saa adeyɛ yi bɛma ɔdebɔneyɛfo no abɔ piriw ma n’ani so atetew no. Onyankopɔn Asɛm no ka sɛ: “Munyi nea ɔyɛ bɔne no mfi mo mu.” Eyi kyerɛ sɛ wotu no fi Kristofo asafo no mu.—1 Kor. 5:13; 1 Tim. 1:20; fa toto Deuteronomium 17:7 ho.
7. Nsemmisa ahorow bɛn na ɛsɔre a ɛfa onipa a wɔatu no afi asafo no mu ho?
7 Ɛyɛ awerɛhow sɛ onipa abrabɔ ne ne nneyɛe bɛma adeyɛ a ɛte saa abɛyɛ nea ɛho hia, nanso bere a wɔatu no no, ɛsɛ sɛ asafo no mufo a wodi nokware no bu no dɛn na wɔyɛ wɔn ade dɛn wɔ ne ho? So ɛsɛ sɛ wɔne no di sɛnea wɔne ofipamfo, obi a wɔne no yɛ adwuma anaasɛ obi a wohyia no abɔnten so ara kwa bedi anaa? Sɛ wohyia onipa a wɔatu no no wɔ kwan so a, so ɛsɛ sɛ wokyia no anaasɛ mpo wɔne no bɔ nkɔmmɔ kakra anaa? Na adwuma a wobɛyɛ ama no anaasɛ wobɛfa no ma wayɛ ama wo no nso ɛ? Ɛsɛ sɛ Kristofo awofo anaasɛ abusuafo afoforo ne no di nkitaho anaasɛ wɔne no bɔ kodu he? Nsemmisa a ɛte saa pii sɔre. Aseda bɛn ara na yebetumi de ama sɛ Yehowa Nyankopɔn ma yɛn akwankyerɛ wɔ sɛnea yɛbɛyɛ yɛn ade wɔ ɔbɔnefo a wotu no ho.
YESU AFOTU A ƐFA NNEBƆNEYƐFO HO
8, 9. (a) Afotu bɛn na Yesu de mae wɔ obi a wayɛ bɔne ho? (b) Bɔne bɛn na na Yesu reka ho asɛm wɔ ha?
8 Bere bi a na Onyankopɔn da so ara ne Yudafo no di sɛ Ne nkurɔfo no, Yesu de afotu bi mae a ɛfa obi a wayɛ bɔne ho. Ná Kristo asuafo, a na wɔn nso wɔyɛ Yudafo no betumi ate saa afotu yi ase esiane tebea a na ɛwɔ Yudafo man no mu nti. Yɛn nso, yebetumi anya mu mfaso, efisɛ na wɔde afotu a Yesu de mae no bedi dwuma akyiri yi bere a Onyankopɔn de Kristofo asafo no asi hɔ no. (Mat. 21:43) Yesu fii ase sɛ: “Na sɛ wo nua fom wo a, kɔ na koyi no ntɛn wo ne nko ntam. Sɛ otie wo a, woanya wo nua.”—Mat. 18:15.
9 Ɛda adi sɛ na Yesu renka “bɔne” a ɛyɛ mfomso nketenkete a yɛyɛ tia yɛn ho yɛn ho a yɛkenkan ho asɛm wɔ Filipifo 4:2, 3 no ho asɛm. (Fa toto Mmebusɛm 12:18 ho.) Mmom no, ɛda adi sɛ na ɔkyerɛ bɔne ahorow te sɛ nsisi anaasɛ atorodi, bɔne ahorow a emu yɛ duru a ebetumi ama wɔatu obi afi asafo no mu.a Sɛ nea wafom no no betumi adi asɛm no ho dwuma denam ne nkyɛn kokoam a ɔbɛkɔ so a anka ‘obenya ne nua’; na bere a ɔdebɔneyɛfo no ada ahonu a efi komam adi na wabɔ mmɔden sɛ obedi mfomso a ɔyɛe no ho dwuma no, ɛho nhia sɛ ɔde asɛm no kɔ baabi foforo bio.
10, 11. Sɛ nea edi kan no anyɛ yiye a, dɛn ne ade a edi hɔ a wobetumi ayɛ?
10 Na sɛ ɛno anyɛ yiye nso ɛ? Yesu toaa so sɛ: “Na sɛ [ɔdebɔneyɛfo] no antie a, fa obiako anaa baanu ka wo ho na man nyinaa nnyina adansefo baanu anaa baasa anom.”—Mat. 18:16.
11 Nnipa a ɔde wɔn ka ne ho no bɛyɛ “adansefo,” ɛnyɛ nnipa a wɔn ho nni asɛm no mu a wɔrebɔ mmɔden sɛ wobesiesie wɔn ntam ara kwa. Ɛte sɛ nea wɔbɛyɛ ankorankoro bi a “wɔahu” bɔne no, sɛ ebia na wonim bere a wɔyɛɛ sika ho nhyehyɛe no na enti wobetumi adi adanse, sɛ ebia nsisi bi aba a. Anaa, sɛ adanse a ɛwɔ bɔne no ho yɛ adwuma ho nhyehyɛe bi anaasɛ biribi a ɛte saa a, wobetumi de anuanom a wɔn ho akokwaw honhom mu na wɔwɔ tebea a ɛte saa ho osuahu aba mu. Wobetumi abɛyɛ nokware a ɛwɔ asɛm no mu ne nea onipa a ne ho wɔ asɛm no kae wɔ saa nhyiam yi ase no ho adansefo, sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ wɔfa ɔkwan a etwa to no so a.
12. Dɛn na ɛbɛyɛ adeyɛ a etwa to sɛnea Yesu kyerɛkyerɛɛ mu no?
12 Wɔ ɔdebɔneyɛfo no ho no Yesu kyerɛɛ ɔkwan a etwa to a wobetumi afa so: “Na sɛ wamma wɔn de ankɔ n’asom a, kɔka kyerɛ asafo. Na sɛ asafo de nso ankɔ n’asom a, bu no sɛ ɔbosonsomni [anaasɛ amanaman muni] ne towgyeni.” (Mat. 18:17) Yiw, sɛ́ mmɔdenbɔ a etwa to a ɛbɛma ɔbɔnefo no asan afi ne kwan so no, wɔde asɛm no bɛkɔ asafo no mu mmarima a wɔanyin wɔ honhom mu no anim. Eyinom betumi atie nokwasɛm ahorow a ɛwom na wɔatie adansefo no nsɛm. Na wobetumi de Onyankopɔn Asɛm no ayi ɔdebɔneyɛfo no ntɛn. Nanso, sɛ ɔpowee sɛ obenu ne ho a, wobegyina asafo no anan mu de nteɛso ama no, na wɔabɔ asafo no ho ban afi ne nkɛntɛnso bɔne no ho denam tu a wobetu no so.
ƐNKYERƐ AYAMYE A ƐNSƐ SƐ YEYI ADI KYERƐ AFOFORO
13, 14. Yɛbɛyɛ dɛn ahu ampa sɛ Yesu ankyerɛ yɛ a yɛbɛyɛ wɔn a a wonni ayamhyehye wɔ afoforo ho?
13 Sɛ́ mmoa a ɛbɛma yɛahu sɛnea yɛbɛyɛ yɛn ade wɔ onipa a ɔte saa ho no, ɛho hia sɛ yɛte Yesu nsɛm “Bu no sɛ amanaman muni ne towgyeni,” no ase. Wɔ mfehaha a edii akyiri mu no, Yudafo rabifo no bi daa adwene a ɛtra so adi, sɛ ebia ɛnsɛ sɛ Yudani boa Amanaman muni mpo a ɔwɔ ahokyere mu a ɔrewu no. Ɛnyɛ Amanaman mufo nko na wɔbɔɔ wɔn atirimɔden a ɛte saa. Sɛ nhwɛso no, wɔ Yesu bɛ a ɛfa ɔyɔnko pa a obi bɛyɛ ho no, Lewini ne obi a ɔyɛ ɔsɔfo powee sɛ wɔbɛboa wɔn yɔnko Yudani a na wapira, ɛwom sɛ Samariani bi boaa no akyiri yi.—Luka 10: 29-37.
14 Nanso wɔ Mateo 18:17 no ɛrentumi mma sɛ na Yesu kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ n’asuafo no pow sɛ wɔbɛyɛ ayamye, sɛ ebia wɔ asiane mu anaasɛ bere a obi ho akyere no kɛse. Yesu yii ayamye a ɛte saa adi kyerɛɛ Amanaman mufo binom. Sɛ nhwɛso no, oyii bi adi kyerɛɛ Siria ne Foinikeni bea bi. Ɛwom sɛ Yesu ne n’asuafo no ne ɔbea no gye toom sɛ na ne tebea no yɛ soronko efisɛ na ɔyɛ Amanaman muni na wɔsomaa Yesu baa Yudafo mu de, nanso Kristo saa ne babea no yare. (Mat. 15:21-28; Marko 7:24-30) Yesu yii ayamye a ɛte saa ara adi bere a Roma asraafo panyin bi srɛɛ no sɛ ɔnsa n’akoa a ɔyare mmubui na ɔrehu amane no yare no. Asraafo panyin no gye toom sɛ na ɔnhwɛ kwan sɛ Yesu, sɛ́ Yudani kyerɛkyerɛfo no, bɛba ne fi. Nanso “Yudafo mpanyimfo” paa no kyɛw sɛ onhu saa Amanaman muni a ɔsom bo yi mmɔbɔ, na ɔyɛɛ saa. (Luka 7:1-10; Mat. 8:5-13) Enti ɛdenam nea ɔka faa obi a wobu no “sɛ amanaman muni ne towgyeni” ho no so no, Yesu ammara mmɔborohunu mu a wobefi ayi ayamye adi akyerɛ. Ɛnde, na ɔkyerɛ dɛn?
“SƐ TOWGYENI”
15. Yudafo no buu towgyefo dɛn na wɔyɛɛ wɔn ade dɛn wɔ wɔn ho?
15 Nea edi kan, Yudafo no buu towgyefo dɛn na wɔyɛɛ wɔn ade dɛn wɔ wɔn ho?
“Wobuu Apam Foforo no mu towgyefo no sɛ nkontompofo ne atuatewfo, wɔn a wɔn ho agu fĩ denam abosonsomfo a wɔne wɔn taa bɔ nti, wɔn a wɔma kwan ma nnipa atirimɔdenfo de wɔn di dwuma. Wɔkan wɔn fraa abɔnefo nguaman . . . abosonsomfo. . . . Bere a wɔayi wɔn adi, ma nnipa a wobu bra pa no twe wɔn ho fi wɔn ho no, na wɔn nnamfo anaasɛ ahokafo yɛ nnipa a wɔte sɛ wɔn ara, wɔn a wɔapow wɔn.”—“Cyclopedia” a M’Clintock ne Strong yɛe, Po 8, krat. 769.
Yiw, ná Yesu atiefo no nim yiye sɛ Yudafo nyinaa kyi towgyefo. Ɛyɛ amemenemfe mpo mu nko na na Yudafo ne wɔn benya adwumayɛ mu nkitahodi kakra, wɔ bere a wokotua tow a mmara hwehwɛ no.
16, 17. Yesu yɛɛ n’ade dɛn wɔ towgyefo bi ho?
16 ‘Nanso,’ ebia obi bebisa sɛ, ‘so Yesu ne towgyefo ammɔ?’ Wiɛ, ma yɛmpɛɛpɛɛ nokwasɛm no mu.
17 Sɛ́ “Onyankopɔn guammaa a oyi wiase bɔne kɔ” no, na Yesu yɛ kanea ma nnipa nyinaa, ɛwom sɛ ɔde n’ani sii Yudafo no so wɔ n’asase so som adwuma no mu. (Yoh. 1:29; 8:12; Yes. 42:1, 6, 7; Mat.10:5, 6; 15:21) Ná ɔte sɛ oduruyɛfo wɔ boa a ɔboaa saa Yudafo a wohiaa no kɛse, a nnebɔneyɛfo te sɛ nguaman, asabofo ne towgyefo a wɔntaa nni nokware no ka ho no mu. Mateo Lewi, towgyeni a wobu no animtiaa no yɛ obi a ogyee nkwagye asɛm foforo a Yesu de bae no toom. Mateo too nsa frɛɛ Yesu baa apontow ase wɔ ne fi, na Mateo ne towgyefo afoforo a wɔwɔ ho anigye no atumi atie nokware foforo a ɛyɛ nwonwa no ho asɛm pii. (Luka 5:27-32; 19:1-10) Ná eyinom yɛ nnipa a ‘wɔayɛ bɔne wɔ bere a wonnim,’ nanso na wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔbɛfa ɔkwan a ɛbɛma “wɔapopa” wɔn bɔne so.—Aso. 3:19; Heb. 9:7.
18. Dɛn nti na sɛnea Yesu yɛɛ n’ade wɔ towgyefo binom ho no nyɛ nea ɔkae wɔ Mateo 18:17 no ho nhwɛso?
18 Nanso, Yesu mmɔden a ɔbɔe sɛ obedi towgyefo a ‘wotwiw bɛn no sɛ wɔrebetie no’ na ‘wodii n’akyi’ no adanse no nyɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade wɔ abɔnefo a wonnu wɔn ho no ho nhwɛso. (Marko 2:15; Luka 15:1) Yɛbɛyɛ dɛn ahu ampa? Ɛwom sɛ Kristo ne saa towgyefo no didii de, nanso ɔsomafo Paulo hyɛe sɛ ɛnsɛ sɛ Kristofo ne ɔbɔnefo a wɔatu no afi asafo no mu ‘didi mpo’ (1 Kor. 5:11) Afei nso, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wommu ɔdebɔneyɛfo a onnu ne ho no sɛnea nyansa mu no wobuu towgyefo a na wɔwɔ hɔ saa bere no. R. F. Weymouth nkyerɛase no kenkan sɛ: “Bu no sɛnea wubu Amanaman muni anaasɛ obi a ogyigye tow ara pɛ.”—Fa toto New English Bible; New International Version ho.
WOBUU AMANAMAN MUFO DƐN NA WƆYƐƐ WƆN DƐN?
19. Dɛn na Bible no kyerɛ wɔ abusuabɔ a na ɛda Yudafo ne wɔn a wɔnyɛ Yudafo ntam no ho?
19 Asomafo a wɔtee Yesu nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Mateo 18:17 no yɛ Yudafo na na wonim sɛ wɔn maa no mufo no ne Amana.man mufo mmɔ. Mmara no maa nsonsonoe bɛdaa Yudafo ne Amanaman mufo ntam, na ama Israelfo no atwe wɔn ho afi amanaman a atwa wɔn ho ahyia no ho. (Deut. 7:1-4; Num. 15:37-41; Efe. 2:11-14) Wɔ Twam Afahyɛ Da afe 33 Y.B. no na Yudafo no renkɔ Roma amrado no aban mu “na wɔn ho ankum.” (Yoh. 18:28) Na mpaapaemu a ɛwɔ Yudafo ne Samariafo ntam no sõ yiye ma ɔbea bi a ɔwɔ asubura ho wɔ Samaria ho dwiriw no sɛ Yesu, ‘a ɔyɛ Yudani,’ bebisaa ne hɔ nsu.—Yoh. 4:9.
20. Dɛn na yebetumi asua afi Petro osuahu wɔ Kornelio ho wɔ sɛnea Yudafo yɛe wɔn ade wɔ amanaman mufo ho no mu?
20 Bio, wɔ 36 Y.B. mu, bere a Onyankopɔn bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛkyerɛ sɛ Amanaman mufo a wontwaa wɔn twetia no betumi abɛyɛ Ahenni no adedifo afei no, ɔkyerɛɛ ɔsomafo Petro kwan kɔɔ Roma ɔsraani panyin Kornelio hɔ. Nanso Petro ka kyerɛɛ Kornelio sɛ: “Mo ara munim sɛnea Yudani nni hokwan sɛ ɔde ne ho bɔ ɔnanani ho anaasɛ ɔkɔ ne nkyɛn.” (Aso. 10:28) Petro asɛm no kyerɛ sɛnea Yudafo tee nka kɛse sɛ ɛnsɛ sɛ fekubɔ biara bɛda wɔne amanaman muni ntam. Saa ara na, bere a ɛbɛdaa adi sɛ Petro akɔ Kornelio nkyɛn no, Yudafo a wɔyɛ Kristofo no bi kasa tiae denneennen sɛ Petro ‘akɔ nnipa a wɔnyɛ twetiafo mu, na ɔne wɔn akodidi.’ Yiw, Yudafo buu no sɛ ade a ɛyɛ nea ɛmfata koraa sɛ ɔne amanaman muni bɛbɔ na ɔne no adidi.—Aso. 11:1-3; fa toto Galatifo 2:12 ho.
21. Ɛnde, wote nea Yesu kae wɔ ɔbɔnefo a onnu ne ho a wobu no “sɛ amanaman muni ne towgyeni” no ase dɛn?
21 Enti Kyerɛwnsɛm no boa yɛn ma yɛte Yesu afotu sɛ yemmu ɔdebɔneyɛfo a onnu ne ho na ɔpow sɛ obetie asafo no sɛ “amanaman muni ne towgyeni” no ase. Nokwarem no, Kristo afotu no a yɛde bedi dwuma nnɛ no renkyerɛ bu a yebebu ɔdebɔneyɛfo no te sɛ nnipa afoforo a wɔwɔ borɔn no so no, efisɛ ɛno renyɛ sɛnea Yesu asuafo no tee nea ɔkae no ase no. Yebetumi ate eyi ase yiye denam Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu afotu afoforo a yɛbɛpɛɛpɛɛ mu, a ɛbɛboa yɛn na yɛadi nnɛyi asetra mu tebea horow ankasa a ɛfa nnipa a wotu wɔn fi Kristofo asafo no mu ho dwuma no so.
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔ Mose mmara no ase no, na bɔne ahorow bi a emu yɛ duru te sɛ awaresɛe, mmarima a wɔne wɔn ho da, nnipa kum, nokware som no ho a wɔwae fi, nyɛ nea ankorankoro betumi asiesie a onii a wɔayɛ no bɔne no betumi agye yaw a ɔdebɔneyɛfo no di ne mmɔden a ɔbɔ sɛ obesiesie bɔne a wayɛ no atom. Mmom no, wodii saa bɔne ahorow a emu yɛ duru yi ho dwuma denam mpanyimfo, atemmufo ne asɔfo no so.—Lev. 20:10, 13: Num. 5:11-31; 35:12. 19-25; Deut. 13:6-15: 17:2-9; 19:16-19: 22:22.
DƐN NA “SƐ AMANAMAN MUNI NE TOWGYENI” NO KYERƐE?
Yudafo no twee wɔn ho fii towgyefo no ho sɛ wɔn a wɔapow wɔn
Ná Yudafo renwura amrado a ɔyɛ Amanaman muni aban mu
Petro kae sɛ Yudani “nni ho kwan” sɛ ɔkɔ Amanaman muni nkyɛn
Ɛyɛɛ Kristofo a wɔyɛ Yudafo no ahodwiriw sɛ Petro ne Kornelio didii
[Kratafa 9 mfoni]
Yudafo no twee wɔn ho fii towgyefo, a wobuu wɔn sɛ nnebɔneyɛfo, ho. Adwumayɛ mu nkitaho a wɔne wɔn dii ara ne bere a wɔrekotua tow a mmara hwehwɛ no.