Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Wubetumi Anya Wo Nua
    Ɔwɛn-Aban—1999 | October 15
    • 5, 6. Sɛnea nsɛm a ɛka Mateo 18:15 ho kyerɛ no, bɔne bɛn na na wɔretwe adwene asi so, na dɛn na ɛkyerɛ saa?

      5 Sɛ yɛbɛka paa de a, na Yesu afotu no fa nsɛm a anibere wom ho. Yesu kae sɛ: “Sɛ wo nua fom wo a.” Sɛ yɛtrɛw mu a, ‘bɔne’ betumi ayɛ mfomso anaa sintɔ biara. (Hiob 2:10; Mmebusɛm 21:4; Yakobo 4:17) Nanso, nsɛm a ɛka ho no ma yehu sɛ bɔne a Yesu kaa ho asɛm no betumi ayɛ aniberesɛm. Ná ɛyɛ aniberesɛm araa ma enti na ebetumi ama wɔabu ɔbɔnefo no “sɛ ɔbosonsonni ne towgyeni.” Dɛn na saa asɛm no kyerɛ?

      6 Ná Yesu asuafo a wɔretie saa nsɛm no nim sɛ wɔn nkurɔfo no ne Amanaman mufo no mmɔ. (Yohane 4:9; 18:28; Asomafo no Nnwuma 10:28) Na akyinnye biara nni ho sɛ na wɔne towgyefo, nnipa a na wɔyɛ Yudafo nanso na wosisi nkurɔfo no, mmɔ. Enti sɛ yɛbɛka no paa a, asɛm a ɛwɔ Mateo 18:15-17 no fa bɔne a anibere wom ho, ɛnyɛ mfomso nketenkete a wubetumi abu w’ani agu so anaa woagyae mu ma aka.—Mateo 18:21, 22.a

  • Wubetumi Anya Wo Nua
    Ɔwɛn-Aban—1999 | October 15
    • a McClintock ne Strong Cyclopedia ka sɛ: “Wobuu Apam Foforo no mu towgyefo no sɛ afatwafo ne awaefo, a wɔn ho agu fi esiane abosonsomfo a wɔne wɔn taa bɔ, na wɔma kwan ma nnipa atirimɔdenfo de wɔn di dwuma nti. Wɔkan wɔn fraa abɔnefo . . . Bere a wɔayi wɔn adi, ma nnipa a wobu bra pa no twe wɔn ho fi wɔn ho no, na wɔn nnamfo anaasɛ ahokafo yɛ nnipa a wɔte sɛ wɔn ara, wɔn a wɔapo wɔn.”

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena