-
Suasua Onyankopɔn Mmɔborohunu NnɛƆwɛn-Aban—1991 | April 15
-
-
2. Afotu bɛn na Yesu de mae wɔ Mateo 18:15-17 wɔ bɔne a anibere wom ho dwumadi ho?
2 Bible no ma yenya Onyankopɔn adwene mu nhumu, wɔ nsɛm te sɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ bere a obi yɛ bɔne tia yɛn no mpo ho. Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo a na akyiri yi wɔbɛyɛ Kristofo ahwɛfo no sɛ: “Na sɛ wo nua fom wo a, kɔ na koyi no ntɛn wo ne no nko ntam. Sɛ otie wo a, woanya wo nua.” Bɔne a wɔka ho asɛm wɔ ha no nyɛ animtiaa kakra a wobu obi kɛkɛ, na mmom bɔne a anibere wom, te sɛ amimdi anaasɛ ntwiri. Yesu kae sɛ sɛ adeyɛ yi antumi ansiesie asɛm no na wɔwɔ ho adansefo a, ɛsɛ sɛ nea wɔafom no no de wɔn ka ne ho kɔ kɔkyerɛ sɛ wɔayɛ bɔne bi atia no. So eyi ne adeyɛ a etwa to? Dabi. “Sɛ [ɔdebɔneyɛfo no] antie wɔn nso a, kɔka kyerɛ asafo. Na sɛ wantie asafo no nso a, ɛnde bu no sɛ ɔbosonsonni ne towgyeni.”—Mateo 18:15-17.
3. Dɛn na na Yesu kyerɛ bere a ɔkae sɛ ɛsɛ sɛ wobu ɔdebɔneyɛfo a ɔnkyerɛ ahonu no sɛ “ɔbosonsonni ne towgyeni” no?
3 Esiane sɛ na asomafo no yɛ Yudafo nti, na wɔbɛte nea ɔbɔnefo a ‘wobebu no sɛ ɔbosonsonni ne towgyeni’ kyerɛ no ase. Na Yudafo ne abosonsomfo mmɔ, na wobuu Yudafo a na wɔyɛ adwuma sɛ Romafo towgyefo no animtiaa.a (Yohane 4:9; Asomafo no Nnwuma 10:28) Enti, na Yesu retu asuafo no fo sɛ, sɛ asafo no pow ɔdebɔneyɛfo bi a, ɛnsɛ sɛ wɔne no bɔ bio. Nanso, ɔkwan bɛn so na eyi ne towgyefo nkyɛn a Yesu kɔe wɔ mmere bi mu no hyia?
-
-
Suasua Onyankopɔn Mmɔborohunu NnɛƆwɛn-Aban—1991 | April 15
-
-
a “Na Palestina Yudafo bu towgyefo animtiaa esiane nneɛma pii nti: (1) Wogyigye tow ma ɔman foforo a abɛfa Israel asase adi so, ma enti wɔboa abufusɛm yi wɔ ɔkwan a ɛnyɛ tẽẽ so; (2) Na wɔn bra asɛe yiye, na wodidi afoforo a wɔyɛ wɔn ankasa manfo ho de nya wɔn ho; ne (3) wɔn adwuma no ma wɔne Amanaman Mufo di nkitaho daa, na ɛma wɔn ho gu fĩ wɔ ɔsom fam. Wohu animtiaa a na wobu towgyefo no wɔ Apam Foforo no ne rabifo nhoma nso mu . . . Sɛnea rabifo nhoma kyerɛ no, ɛsɛ sɛ wɔtan towgyeni no abusua mpo.”—The International Standard Bible Encyclopedia.
-