So Wode Firi te Sɛ Yehowa?
“Sɛ mode nnipa mfomso firi wɔn a, mo soro agya de mo de befiri mo nso. Na sɛ moamfa nnipa mfomso amfiri wɔn a, mo agya no nso remfa mo mfomso mfiri mo.”—MATEO 6:14, 15.
1, 2. Onyankopɔn bɛn na yehia, na dɛn ntia?
“MMƆBOROHUNUFO ne ɔdomfo ne [Yehowa], ne bo kyɛ fuw, na n’adɔe dɔɔso. Ɔrenham nkosi daapem, na ɔrennya yɛn menasepɔw nkosi daa. Onsusuw yɛn bɔne so ne yɛn nni, na ɔnhwɛ yɛn mfomso nhyɛ yɛn ananmu. Na sɛ ɔsoro ware sen asase no, sɛ n’adɔe sõ, wɔn a wosuro no so ne no. Sɛ apuei ne atɔe ntam ware no, sɛ wama yɛn ne yɛn mmarato ntam aware ne no. Sɛ agya yam hyehye no mma ho no, sɛ [Yehowa] yam yɛ no wɔn a wosuro no ho ne no. Na onim yɛn su, ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma.”—Dwom 103:8-14.
2 Esiane sɛ wonyinsɛn yɛn bɔne mu woo yɛn amumɔyɛ mu, na bere nyinaa sintɔ a yɛanya afi awo mu bɔ mmɔden sɛ ɛde yɛn bɛyɛ bɔne mmara nkoa nti, yehia Onyankopɔn bi a “ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma” denneennen. Bere a Dawid kaa Yehowa ho asɛm dɛdɛɛdɛ saa wɔ Dwom a ɛto so 103 akyi mfe ahasa no, Bible kyerɛwfo foforo Mika faa ɔkwan a ɛte saa ara so yii Onyankopɔn koro yi ara ayɛ wɔ bɔne ahorow a obi ayɛ atwam a ɔdom de firi no ho: “Onyame bɛn na ɔte sɛ wo: a ɔpopa mfomso de amumɔyɛ firi, na ɔnso abufuw mu daa na mmom n’ani gye ho sɛ ɔbɛda mmɔborohunu adi? Hu yɛn mmɔbɔ bio, twa yɛn mfomso ahorow gu, tow yɛn bɔne nyinaa gu po bun mu.”—Mika 7:18, 19, The Jerusalem Bible.
3. Dɛn na sɛ́ wɔde firi no kyerɛ?
3 Wɔ Hela Kyerɛwnsɛm no mu no, asɛmfua a wɔkyerɛ ase “fa firi” no kyerɛ “gyae ma ɛnka.” Hyɛ no nsow sɛ Dawid ne Mika a yɛafa wɔn nsɛm aka wɔ atifi hɔ no de nsɛm a ɛyɛ dɛ daa ntease koro no ara adi. Nea ɛbɛma yɛahu sɛnea Yehowa fafiri dɔɔso ma ɛyɛ nwonwa no yiye no, ma yensusuw sɛnea ɔda no adi ho nhwɛso pii no mu kakraa bi ho. Nea edi kan no kyerɛ sɛ Yehowa betumi asesa n’adwene wɔ ɔsɛe ho na ɔde bɔne afiri.
Mose Pa Kyɛw—Yehowa Tie
4. Dɛn na Yehowa yɛ de daa ne tumi adi a ne nyinaa akyi no, na Israelfo no da so suro sɛ wɔbɛkɔ Bɔhyɛ Asase no so?
4 Yehowa yii Israel man no fii Misraim dwoodwoo de wɔn kɔɔ asase a ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛma wɔatra so no nkyɛn, nanso na wɔmpɛ sɛ wɔkɔ wɔn anim, efisɛ na wosuro Kanaanfo a wɔyɛ nnipa kɛkɛ no. Ɛmfa ho sɛ na wɔahu sɛnea Yehowa nam ahaw du a ɛsɛe ade so gyee wɔn fii Misraim, paee kwan a wɔbɛfa mu aguan too Po Kɔkɔɔ no mu, sɛee Misraim asraafo dɔm a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobedi wɔn akyi, ne wɔn hyehyɛɛ Mmara apam wɔ Sinai Bepɔw so a ɛmaa wɔbɛyɛɛ Yehowa man a wɔapaw wɔn, na ɔnam anwonwa kwan so maa wɔn mana de koraa wɔn so no, na wosuro sɛ wɔbɛkɔ Bɔhyɛ Asase no so esiane Kanaanfo abran nti!—Numeri 14:1-4.
5. Ɔkwan bɛn so na akwansrafo anokwafo baanu bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ Israelfo no den?
5 Mose ne Aaron fi ahoyeraw mu de wɔn anim butubutuw fam. Yosua ne Kaleb a na wɔyɛ akwansrafo anokwafo baanu no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ Israelfo no den: ‘Asase no yɛ asase pa ara, asase a ɛsen nufusu ne ɛwo. Munnsuro nkurɔfo no; Yehowa di yɛn akyi!’ Sɛ́ anka saa nsɛm no bɛhyɛ nnipa atuatewfo a ehu aka wɔn no nkuran no, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobesiw Yosua ne Kaleb abo.—Numeri 14:5-10.
6, 7. (a) Bere a Israel ampɛ sɛ wotu aperenten kɔ Bɔhyɛ Asase no so no, dɛn na Yehowa yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛyɛ? (b) Dɛn nti na Mose ampene atemmu a Yehowa de maa Israel no so, na dɛn na ɛde bae?
6 Yehowa bo fuwii! “Na [Yehowa] ka kyerɛɛ Mose sɛ: Da bɛn na ɔman yi retew me ahi akosi? Na enkosi da bɛn na wɔrennye me nni, nsɛnkyerɛnne a mayɛ wɔn mu no nyinaa mu? Mede owuyare mɛbobɔ wɔn na masɛe wɔn, na mede wo mayɛ ɔman kɛse a ɛyɛ den sen wɔn. Na Mose ka kyerɛɛ [Yehowa] sɛ: Ɛno de, Misrifo bɛte, efisɛ wode wo tumi na ayi ɔman yi afi wɔn mu; na wɔbɛka akyerɛ asase yi sofo. . . . Sɛ wukum ɔman yi sɛ onipa koro a, anka amanaman a wɔate wo nka no bɛka sɛ: Esiane sɛ [Yehowa] antumi amfa ɔman yi ankɔ asase a ɔkaa wɔn ho ntam no so nti, na wakum wɔn sare so.”—Numeri 14:11-16.
7 Mose srɛɛ fafiri esiane Yehowa din nti: “Fa ɔman yi amumɔyɛ firi wɔn ɛ, sɛ wo dom kɛse no te, ne sɛnea wode afiri ɔman yi afi Misraim abedu ha yi no. Na [Yehowa] kae sɛ: Mede mafiri wɔn sɛ w’asɛm se no.”—Numeri 14:19, 20.
Manase Abosonsom ne Dawid Awaresɛe
8. Edin bɛn na Ɔhene Manase a ofi Yuda gyee?
8 Fafiri ho nhwɛso a ɛda nsow bi a Yehowa yɛe ne nea ɛfa Ɔhempa Hesekia ba Manase ho no. Manase fii ase dii hene wɔ Yerusalem bere a na wadi mfe 12. Osisii sorɔnsorɔmmea, sisii afɔremuka maa Baalim, yɛɛ Asera nnua, kotow wim nsoromma, de ne ho hyɛɛ ntafowayi ne abayisɛm mu, nyaa asamanfrɛfo ne asumanfo, yɛɛ ohoni bi sii Yehowa asɔrefi, na ɔmaa n’ankasa ne mma faa ogya mu wɔ Hinom Bon mu. “Ɔyɛɛ [Yehowa] ani so bɔne bebree pa” na ɔkɔɔ so “daadaa Yuda ne Yerusalemfo no ma wɔyɛɛ bɔne sen amanaman a [Yehowa] sɛee wɔn Israelfo anim no.”—2 Beresosɛm 33:1-9.
9. Ɔkwan bɛn so na Yehowa huu Manase mmɔbɔ, na dɛn na efii mu bae?
9 Awiei koraa no, Yehowa maa Asiriafo no baa Yuda so, na wɔfaa Manase dommum de no kɔɔ Babilon. “Na ehiaa no no, ɔhwehwɛɛ [Yehowa] ne Nyankopɔn, na ɔbrɛɛ ne ho ase pii n’agyanom Nyankopɔn anim. Na ɔbɔɔ no mpae no, otiee ne nkotɔsrɛ, na ɔde no san baa Yerusalem n’ahenni mu.” (2 Beresosɛm 33:11-13) Afei Manase yiyii ananafo anyame, ahoni, ne afɔremuka no ma wɔtow guu kurow no akyi. Ofii ase bɔɔ afɔre wɔ Yehowa afɔremuka no so, na ɔmaa Yuda fii ase som nokware Nyankopɔn no. Eyi yɛ ɔkwan fɛfɛ a Yehowa nam so daa no adi sɛ ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔde befiri obi bere a ɔbrɛ ne ho ase, bɔ mpae na ɔyɛ nsakrae de sow ahonu aba a ɛfata no!—2 Beresosɛm 33:15, 16.
10. Ɔkwan bɛn so na Dawid bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkata ɔne Uria yere bɔne no so?
10 Wonim Ɔhene Dawid ne Hetini Uria yere bɔne a ɛne awaresɛe no ho asɛm yiye. Ɛnyɛ sɛ ɔne no sɛee aware nko na mmom bere a ɔbea no nyinsɛnee no, ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛfa akwan horow so akata so. Ɔhene no maa Uria kwan sɛ omfi akodi no mu mmegye n’ahome a na n’anidaso ne sɛ ɔbɛkɔ ne fie ne ne yere akɔda. Nanso, esiane obu a na Uria wɔ ma ne mfɛfo asraafo a na wɔwɔ akono no nti, wampene. Afei Dawid too nsa frɛɛ no sɛ ommedidi, na ɔma ɔnom nsa bowee, nanso ne nyinaa akyi no, Uria ankɔ ne yere nkyɛn. Afei Dawid de nkra kɔmaa ne sahene sɛ ɔmfa Uria nnyina baabi a ɔko no ano yɛ den paa sɛnea ɛbɛyɛ a wobekum Uria, na saa na ɛbae.—2 Samuel 11:2-25.
11. Ɔkwan bɛn so na wɔmaa Dawid nuu ne ho wɔ ne bɔne ho, nanso dɛn na ɛbaa ne so?
11 Yehowa somaa ne diyifo Natan kɔɔ Dawid nkyɛn kɔdaa ɔhene no bɔne adi kyerɛɛ no. “Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Natan sɛ: Mayɛ [Yehowa] bɔne. Na Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: [Yehowa] nso ama wo bɔne atwam, worenwu.” (2 Samuel 12:13) Dawid bɔne no maa n’ahonim buu no fɔ kɛse, na ofi komam bɔɔ Yehowa mpae de daa n’ahonu adi: “Na wompɛ afɔrebɔ, anka mɛbɔ, ɔhyew afɔre nsɔ w’ani. Onyankopɔn afɔre ne honhom a abubu; Onyankopɔn, koma a abubu na apɛtɛw na worempo.” (Dwom 51:16, 17) Yehowa ampow Dawid mpae a ɔde koma a abubu bɔe no. Nanso, Dawid nyaa ho asotwe kɛse maa ɛne Yehowa asɛm a ɛfa bɔne fafiri ho a ɛwɔ Exodus 34:6, 7, NW yi hyiae: “Ɛnyɛ ade a obebu n’ani agu asotwe so da.”
Hyira a Salomo Hyiraa Asɔrefi no So
12. Dɛn na Salomo bisae bere a na ɔrehyira asɔrefi no so no, na Yehowa buaa dɛn?
12 Bere a Salomo sii Yehowa asɔrefi no wiei no, ɔkae wɔ ne mpaebɔ a ɔde hyiraa so no mu sɛ: “Tie w’akoa ne wo man Israel nkotɔsrɛ a wɔde rebɔ mpae wɔ ha yi, na wo de, fi wo trabea, ɔsoro hɔ, tie, na wote a, fa firi!” Yehowa buae sɛ: “Sɛ meto ɔsoro mu na osu ntɔ, na sɛ mehyɛ mmoadabi sɛ wommedi asase no so ade, na sɛ mede ɔyaredɔm meba me man mu, na sɛ me man a wɔabɔ me din wɔ wɔn so no brɛ wɔn ho ase na wɔbɔ mpae na wɔhwehwɛ m’anim na wɔsan fi wɔn kwammɔne no so a, me nso mefi soro matie na mede wɔn bɔne mafiri na masa wɔn asase no yare.”—2 Beresosɛm 6:21; 7:13, 14.
13. Dɛn na Hesekiel 33:13-16 kyerɛ wɔ adwene a Yehowa wɔ wɔ obi ho no ho?
13 Sɛ Yehowa hwɛ wo a, sɛnea wote mprempren yi na ɛma ogye wo tom, na ɛnyɛ sɛnea na wote. Ɛbɛyɛ te sɛ nea Hesekiel 33:13-16 ka no: “Sɛ meka mekyerɛ ɔtreneeni sɛ: Wubenya nkwa, na ɔde ne ho to ne trenee so na ɔyɛ amumɔyɛde a, wɔrenkae ne trenee no nyinaa, na n’amumɔyɛde a wayɛ no mu ara na obewu. Na meka mekyerɛ ɔbɔnefo sɛ: Owu na wubewu, na ɔsan fi ne bɔne mu bɛyɛ atemmude ne atreneede, na sɛ ɔbɔnefo dan awowaside kɔma, ɔhyɛ nea ɔfomee no ananmu, ɔnantew nkwa ahyɛde mu sɛ ɔrenyɛ amumɔyɛde a, onya na obenya nkwa, ɔrenwu; ne bɔne a ɔyɛe no nyinaa, wɔrenkae mma no; wayɛ atemmude ne atreneede, nkwa ara na obenya.”
14. Dɛn na ɛda nsow wɔ Yehowa fafiri mu?
14 Ade bi da nsow wɔ fafiri a Yehowa Nyankopɔn de ma yɛn no mu, biribi a ɛyɛ nnipa mma den sɛ wɔde bɛka fafiri a wɔda no adi kyerɛ wɔn ho no ho—ɔde firi, na ɔnkae bio nso. Nnipa binom bɛka sɛ, ‘Metumi de nea woayɛ me no afiri wo, nanso mintumi mma (anaa memma) me werɛ mfi.’ Nea ɛne ɛno bɔ abira no, hyɛ nea Yehowa se ɔbɛyɛ no nsow: “Mede wɔn amumɔyɛ mefiri, na wɔn bɔne nso, merenkae bio.”—Yeremia 31:34.
15. Edin bɛn na Yehowa agye wɔ fafiri ho?
15 Mfe mpempem pii na Yehowa akɔ so de afiri n’asase so asomfo. Ɔde bɔne a wonim sɛ wɔayɛ ne pii a wonnim sɛ wɔayɛ nyinaa firi wɔn. Ne mmɔborohunu, abodwokyɛre, ne fafiri no nni ano. Yesaia 55:7 ka sɛ: “Ma ɔbɔne nnyaw ne kwan na onipa huhuw mpa n’adwene, na ɔnsan mmra [Yehowa] nkyɛn, na ne yam bɛhyehye no ama no, ne yɛn Nyankopɔn no nkyɛn, na ne firi a ɔde befiri dɔɔso.”
Fafiri ho Asɛm a Ɛwɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no Mu
16. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Yesu fafiri ne Yehowa de no hyia?
16 Onyankopɔn fafiri ho nsɛm ayɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no kyerɛwtohɔ mu ma. Yesu taa ka ho asɛm de kyerɛ sɛ ɔne Yehowa adwene hyia wɔ asɛm no ho. Yesu nsusuwii fi Yehowa hɔ, ɔda Yehowa su adi, ɔyɛ Yehowa nipasu sɛso pɛpɛɛpɛ; sɛ wuhu no a, na woahu Yehowa.—Yohane 12:45-50; 14:9; Hebrifo 1:3.
17. Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛe sɛ firi a Yehowa de firi no “dɔɔso”?
17 Firi a Yehowa de firi pii no da adi wɔ Yesu mfatoho no biako mu, nea ɔhene bi de akoa a ɔde ne ka talente 10,000 (bɛyɛ U.S. dɔla 33,000,000) kyɛɛ no no. Nanso bere a saa akoa no amfa n’awurakwaa ka a ɛyɛ denare ɔha (bɛyɛ U.S. dɔla $60) ankyɛ no no, ɔhene no bo fuwii. “Akoa bɔne, wosrɛɛ me nti, mede ka no nyinaa mekyɛɛ wo; ɛnsɛ wo nso sɛ wuhu w’awurakwaa mmɔbɔ sɛnea mihuu wo mmɔbɔ no anaa? Na ne wura no bo fuwii, na ɔde no maa ahawfo sɛ enkosi sɛ obetua no nea ɔde no nyinaa.” Afei Yesu de ho nkyerɛkyerɛmu mae: “Saa ara na sɛ mo mu biara amfi ne komam amfa ne nua mfomso amfiri no a, me soro agya nso bɛyɛ no.”—Mateo 18:23-35.
18. Nsonsonoe bɛn na ɛda fafiri ho adwene a na Petro wɔ ne Yesu de no ntam?
18 Ansa na Yesu rebɛma mfatoho a ɛwɔ atifi hɔ no, Petro baa Yesu nkyɛn bebisaa no sɛ: “Awurade, mpɛn ahe na me nua fom me a, memfa mimfiri no? Ɛnkosi mpɛn ason anaa?” Petro susuwii sɛ na ɔreda ayamye kɛse adi. Ɛwom sɛ akyerɛwfo ne Farisifo no kyerɛɛ mpɛn dodow a ɛsɛ sɛ wɔde bɔne firi de, nanso Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ: “Mise wo sɛ, ɛnyɛ sɛ, Enkosi mpɛn ason, na mmom, Enkosi mpɛn aduɔsɔn ason!” (Mateo 18:21, 22, NW) Ná mpɛn ason mpo sua ma da koro, sɛnea Yesu kae no: “Monhwɛ mo ho so yiye! Na sɛ wo nua fom a, ka n’anim; na sɛ ɔsakra n’adwene a, fa firi no! Na sɛ ɔfom wo mpɛn ason da koro, na ɔsan ba wo nkyɛn mpɛn ason ka sɛ: Masakra m’adwene a, fa firi no!” (Luka 17:3, 4) Sɛ Yehowa de bɔne firi a, ommu ho akontaa—ɛyɛ anigyesɛm ma yɛn.
19. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya Yehowa hɔ fafiri?
19 Sɛ yenya ahobrɛase nu yɛn ho na yɛka yɛn bɔne a, Yehowa wɔ ɔpɛ sɛ obedi aboa yɛn: “Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ a, ɔyɛ ɔnokwafo ne ɔtreneeni sɛ ɔde yɛn bɔne befiri yɛn, na watew yɛn ho afi nea ɛnteɛ nyinaa mu.”—1 Yohane 1:9.
20. Ɔkwan bɛn so na Stefano kyerɛe sɛ ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔde bɔne befiri?
20 Yesu suani Stefano daa fafiri honhom a ɛyɛ nwonwa adi, paeem kaa adesrɛ yi bere a basabasayɛfo kuw bi a wɔn ani abere resiw no abo no: “Awurade Yesu, gye me honhom! Na ɔkotow ne nan anim de nne kɛse teɛɛm sɛ: [Yehowa], mfa bɔne yi nto wɔn so! Na ɔkaa eyi no, ɔdae.”—Asomafo no Nnwuma 7:59, 60.
21. Dɛn nti na ɔpɛ a Yesu nyae sɛ ɔde befiri Roma asraafo no yɛ nwonwa?
21 Yesu yɛɛ nhwɛso a ɛyɛ nwonwa sen saa mpo de kyerɛe sɛ ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔde befiri. N’atamfo kyeree no, dii n’asɛm wɔ ɔkwan a ɛnsɛ so, buu no fɔ, dii ne ho fɛw, tetee ntasu guu no so, de abaa a aboa nhoma nteantea pii a ɛda adi sɛ na nnompe ne nnade hyehyem wɔ ho hwee no, na awiei koraa wɔde nnadewa bobɔɔ no sɛn dua ho nnɔnhwerew pii. Romafo no na wodii eyi mu akoten. Nanso, bere a na Yesu rewu wɔ saa amanehunu dua no so no, ɔkaa asraafo a wɔsɛn no no ho asɛm kyerɛɛ ne soro Agya sɛ: “Agya, fa firi wɔn, na wonnim nea wɔyɛ!”—Luka 23:34.
22. Bepɔw so Asɛnka no mu nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden de di dwuma?
22 Ná Yesu aka wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ: “Monkɔ so nnɔ mo atamfo na mommɔ mpae mma wɔn a wɔtaa mo.” N’ankasa de saa nnyinasosɛm no yɛɛ adwuma kosii n’asase so som adwuma no awiei. So ɛno yɛ den dodo ma yɛn a yɛne yɛn honam mmerɛwyɛ di asi no? Anyɛ yiye koraa no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden de nsɛm a Yesu kyerɛɛ n’akyidifo no bere a ɔmaa wɔn mpaebɔ ho nhwɛso no akyi no di dwuma: “Sɛ mode nnipa mfomso firi wɔn a, mo soro agya de mo de befiri mo nso. Na sɛ moamfa nnipa mfomso amfiri wɔn a, mo agya no nso remfa mo mfomso mfiri mo.” (Mateo 5:44, NW; 6:14, 15) Sɛ yɛde firi sɛnea Yehowa de firi no a, yɛde befiri na yɛama yɛn werɛ afi.
So Wokae?
◻ Yehowa di yɛn bɔne ho dwuma dɛn, na dɛn ntia?
◻ Dɛn nti na wɔsan de Manase sii n’ahenni so?
◻ Dɛn na ɛda nsow wɔ Yehowa fafiri mu a ɛyɛ nnipa den sɛ wobesuasua?
◻ Ɔkwan bɛn so na ɔpɛ a Yesu nyae sɛ ɔde befiri no yɛ nwonwa pii?
[Kratafa 24 mfonini]
Natan boaa Dawid maa ohui sɛ ohia Onyankopɔn hɔ fafiri