Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w86 5/1 kr. 22-27
  • Anigye a Wubenya Wɔ Aware Akyɛde No Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Anigye a Wubenya Wɔ Aware Akyɛde No Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dwuma A Bɔne Di
  • Ɛnsɛ Sɛ Wɔyɛ Pɛsɛmenkominya
  • Mfe Ho Asɛm
  • Adwene A Ɛkari Pɛ Wɔ Aware Ho
  • Ne Tiaa Twa Mu
  • Sɛ Aware Reyɛ Agu A
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Aware—Akyɛde a Efi Ɔdɔ Nyankopɔn Hɔ
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
  • Nea Kristofo Bɛyɛ Ama Wɔn Aware Asɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Munnya Anigye Wɔ Mo Aware Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
w86 5/1 kr. 22-27

Anigye a Wubenya Wɔ Aware Akyɛde No Mu

“Nea Onyankopɔn de abom no, mma onipa nntetew mu!”​—Mateo 19:6

1. Yesu asɛm a wɔtaa te bɛn na wonim no yiye wɔ Kristoman mu, nanso nsemmisa bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛfa ho?

SO WOTAA te saa asɛm no? Akyinnye biara nni ho sɛ Kristoman mufo ɔpepem pii a wɔne nnipa a wɔdɔɔso sen biara wɔ wiase no taa te, efisɛ ɛyɛ asɛm a Awurade Yesu kae bere a ɔne ne bere so Farisifo nyamesomfo no rekasa no. Bere a ebia asɛm yi yɛ nea wɔtaa te no, so wɔte nea Yesu asɛm yi kyerɛ no nso ase? So adesamma nyinaa redi ntease a ɛwɔ afotu a ɛte sɛɛ mu no akyi? Ma yɛnhwɛ.

2-4. (a) Tebea no te dɛn nnɛ wɔ nsase fi so wɔ Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 19:6 no a wo tie ho? (b) Su bɛn na wɔn a wobu wɔn ani gu Bible afotu a ɛfa yɛ a aware yɛ ade a ɛtra hɔ daa ho no so no yi adi?

2 Wɔ nsase pii so nnɛ no, nnipa no nni obu kɛse mma aware nhyehyɛe ne nea Onyankopɔn de abom a wɔbɛma akɔ so atra hɔ no. Wɔ aman pii so no awaregyae akɔ soro akodu baabi a wobetumi aka ho asɛm sɛ ɛyɛ aniberesɛm kɛse. Wɔ nsase a aban mma mmara kwan so awaregyae ho kwan so mpo no, ɛnyɛ nea tebea no ye wɔ hɔ, efisɛ mpɛn pii nkurɔfo gyaw wɔn aware mu ahokafo hɔ na wɔne nnipa afoforo kɔtra. Enti Yesu afotu a ɛsom bo a ɛwɔ Mateo 19:6 no nyɛ nea nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ Kristoman mu ne mmeae afoforo no tie. So eyi te saa esiane sɛ afotu a Yesu de mae no nye nti, anaasɛ esiane sɛ Yesu kasa a nkurɔfo ntie na wonsusuw afotu a ɔde mae wɔ eyi ho no ho kɛse nti?

3 Adanse no ne sɛ nnipa pii mmu aware sɛ ɛyɛ asetra nyinaa mu nhyehyɛe, bere a ɛne wɔn asetra kwan ne nea wɔpɛ nhyia no. Wɔ wɔn a wɔte saa no fam no, ɛsɛ sɛ aware yɛ bere tiaa mu nhyehyɛe ara kwa, bere a ɛne nea obi di akyi, nea ɔpɛ anaa nea ɔmpɛ nhyia no. Enti te sɛ nea ɛyɛ mmerɛw ma obi sɛ obeyi n’atade anaa ne kyɛw ato hɔ no, saa ara na afoforo gyae wɔn aware mu ahokafo a wonsusuw afotu a Yesu de maa wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ aware mu no ho kakraa bi mpo.

4 Esiane adwene a ɛne sɛ obiara reyɛ bi a abu so kɛse no nti, eyi betumi anya wɔn a wɔpɛ sɛ wodi Bible afotu a eye no akyi no so tumi wɔ ɔkwan a ɛbɛtwe wɔn afi Onyankopɔn Asɛm no nkyerɛkyerɛ pa no ho so. Wɔnam nhoma ahorow a wɔatintim ne nsɛm a wɔde ano ka so de afotu ma, nanso Bible afotu yi a wɔremfa nni dwuma betumi de aware mu ɔhaw ahorow aba. (Fa toto Dwom 19:7-11 ho.) Sɛ yenya adwene sɛ biribiara a ɛwɔ aware mu a ɛne yɛn asetra kwan, nea yɛn ani gye ho ne nea yɛpɛ nhyia no betumi asakra bere a yenni Onyankopɔn akwankyerɛ a ɛfa aware ho no so a, ɛnde na yɛwɔ asiane mu. Adwene a ɛte sɛɛ a yebenya no ma yehyia adesamma ɔhaw akɛse no mu biako a ɛne pɛsɛmenkominya. Efisɛ mpɛn pii ɛyɛ pɛsɛmenkominya na ɛde aware mu ɔhaw ahorow ba titiriw. Dɛn nti na yɛka saa?

Dwuma A Bɔne Di

5. Ɔkwan bɛn so na ɔsomafo Paulo da ɔhaw a yɛwɔ esiane bɔne mu a wɔwoo yɛn nti no adi wɔ Romafo 7:15-20?

5 Wɔwo mmarima ne mmea a wɔyɛ Adam ne Hawa asefo no wɔ bɔne ne sintɔ mu. Eyi kyerɛ sɛ esiane bɔne a onipa nya fii awo mu no nti, watow afom wɔ botae no ho na ɔyɛ mmaratode wɔ akwan ahorow pii so. (1 Yohane 3:4) Ɔsomafo Paulo kaa adesoa kɛse a bɔne de to adesamma so no ho asɛm efisɛ ɔno ankasa hui sɛ nea ɔmpɛ na ɔyɛ na nea ɔpɛ no ɔnyɛ. (Romafo 7:15-20) Obiara a ɔboapa bu Onyankopɔn mmara so no yɛ pɛsɛmenkominya Wɔ nnipa binom fam no ebia wɔn pɛsɛmenkominya no nyɛ kɛse, nanso wɔ afoforo fam no ɛba bɛyɛ wɔn asetra kwan ankasa, na wɔn pɛsɛmenkominya su no bɛyɛ nea emu yɛ den kɛse.

6, 7. Ɔhaw ahorow abien bɛn na pɛsɛmenkominya de ba wɔ aware mu, na ɛde yɛn kɔ asemmisa a nyansa wom bɛn so?

6 Wɔ aware nhyehyɛe a Onyankopɔn de sii hɔ no mu no, mpɛn pii ɛyɛ pɛsɛmenkominya na ɛhyɛ aware mu ahokafo ntam ɔhaw ahorow no akyi. Ɔbea a ɔpɛ sɛ wɔyɛ biribiara ma no esiane sɛ ebia ne na anaa n’agya asɛe no nti no yɛ pɛsɛmenkominya. Ɔbarima a ɔpɛ sɛ ɔkɔ so ara tra ase sɛ ɔhokwafo a bere nyinaa ɔne “mmerante” no na ɛbɔ bere a waware akyi no yɛ pɛsɛmenkominya. Susuw nneɛma nyinaa a okunu ne ɔyere adwene nhyia wom no ho na wubehu sɛ ɛyɛ pɛsɛmenkominya na ɛhyɛ ɔhaw no pii akyi.

7 Bere a obi bɔ mmɔden sɛ obegyina ɔhaw ahorow a ɛba aware mu no ano no, ɔkwan bɛn na ɔbɛfa so adi awosu a ɛde no kɔ pɛsɛmenkominya ho yi so? Nneɛma pii wɔ hɔ a wobetumi ayɛ a sɛ wɔde di dwuma a, ebetumi aboa aware a ɛreyɛ agu mpo. Nanso ɛsɛ sɛ awarefo no mu biara nya ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ ne fam de. Ɛnyɛ onipa biako asɛm. Ma yɛnhwehwɛ nsɛm ahorow a ɛfa ho no bi mu.

Ɛnsɛ Sɛ Wɔyɛ Pɛsɛmenkominya

8. Ɔkwan bɛn so na aware yɛ adekyɛ?

8 Aware yɛ adekyɛ, a nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɛnsɛ sɛ aware mu ahokafo no mu biara de ne yɔnko asɛm di agoru susuw sɛ bere a ahokafo no mu biako ma na ɔfoforo no gye bere nyinaa no nkutoo de, biribiara bɛyɛ yiye. Ɛno renyɛ nhyira mma wɔn mu biara. Sɛ nhwɛso no, ɛsɛ sɛ wosusuw afanu no nyinaa abusuafo ho. Ɛnsɛ sɛ wɔma eyi yɛ asɛnnennen wɔ aware no mu a obi ankasa awofo anaa abusuafo nkutoo na wosusuw wɔn ho a wonsusuw ɔfoforo no de ho. Ɛnsɛ sɛ faako a abusua no bɛkɔ akodi akwamma anaa mmere afoforo a wɔde gye wɔn ahome ho gyinae yɛ nea obiako na osi bere nyinaa. Nneɛma ho a wo besusuw wɔ nsɛm a ɛtete sɛɛ mu no bɛboa ma aware ayɛ yiye. Mommfa mo hokafo asɛm nni agoru na mmom munyi su a pɛsɛmenkominya nnim adi.​—Filipifo 2:4.

Mfe Ho Asɛm

9. Tebea a ɛyɛ awerɛhow bɛn na aware a wommu no aniberesɛm no de ba?

9 Esiane adwene a awo ntoatoaso yi mu nnipa pii anya sɛ, sɛ aware bi nkɔ yiye a wobetumi agyae no nti, aware nhyehyɛe no a wommu no aniberesɛm ho adwene yi na mmerante ne mmabaa pii de fi ase. Eyi tumi ma aware pii a ahokafo no nnya nnii mfe aduonu no gu. Ɛma wɔwo mmofra pii a wɔmpɛ wɔn ba wiase nso. Mpɛn pii mmofra yi nyin a wonni nea wɔfrɛ no ɛna ne agya a wɔwɔ ɔdɔ kɛse a wɔbɛhwɛ wɔn.

10. Akwan horow bɛn so na Galatifo 5:22, 23 betumi aboa wɔn a woresusuw aware ho?

10 Mfe ahe na ɛsɛ sɛ obi di ansa na wasusuw aware ho? Ɛrenyɛ nea nyansa wom sɛ wɔbɛhyɛ mmara wɔ eyi ho. Nanso Kyerɛwnsɛm no de afotu pa ma wɔ nea adwene ne honhom mu onyin​—onyin a ɛho hia ma wɔn a wɔrebɛware​—no kyerɛ ho. Yɛsrɛ wo, kenkan Galatifo 5:22, 23, faako a wɔada honhom aba no adi no. Hwehwɛ aba a wɔabobɔ din wɔ hɔ no mu biara mu yiye hwɛ. Ɛno ne su horow a ɛho hia sɛ wonya wɔ asetra mu. Ɛnyɛ aware no akyi na ɛsɛ sɛ obi fi ase yi su horow yi adi na mmom ɛsɛ sɛ ɔyɛ eyi bere tenten wɔ ne da biara da asetra mu sɛ Kristoni ansa.

11. Ho mu nhwehwɛmu bɛn na wɔn a wɔresusuw aware ho betumi ayɛ?

11 Sɛ nhwɛso no, so woyɛ obi a ɔwɔ anigye wɔ asetra mu a ɛyɛ no dɛ sɛ ɔte nkwa mu reyɛ Kristo Ahenni no ho adwuma? So wo ne afoforo tra ase wɔ asomdwoe mu na woma abusuabɔ a asomdwoe wom kɔ so wɔ wo ne wɔn ntam? Anaasɛ woyɛ otutupɛfo, obi a ne bo taa fuw a ɔka kasafi? So wowɔ abodwokyɛre a wutumi ne wo nuabarima anaa wo nuabea, wo na anaa w’agya, tra wɔ wɔn mmerɛwyɛ ahorow no nyinaa akyi? Anaasɛ woyɛ obi a onni koma a ne bo taa fuw bere a afoforo ne no nyɛ adwene ntɛm ara wɔ nea ɔpɛ mu no? So wuhu sɛ bere a wo ne afoforo di no wuyi ayamye adi kyerɛ wɔn, wudwo na woyɛ wɔn papa? Anaasɛ woyɛ pɛsɛmenkominya, ɔhopɛfo, obi a onni ahosodi a ɔkekaw mu gu afoforo so bere a ne bo afuw kakraa bi no? So wowɔ ɔdɔ ankasa ma afoforo, a wopɛ sɛ woboa wɔn, wode wo ho ne nea wowɔ ma de ma afoforo ani gye? Anaasɛ wopɛ sɛ afoforo yi ɔdɔ adi wɔ wo ho a wɔn na wɔde nea wɔwɔ ma wo bere nyinaa?

12. Ɔbarima anaa ɔbea a onya osuahu wɔ asetra mu ansa na ɔware no wɔ gyinabea a eye bɛn?

12 Ɛteɛ sɛ yɛbɛka sɛ yɛn mu biara nni hɔ a ɔwɔ su horow yi wɔ ɔkwan a ɛyɛ pɛ so. Nanso ɔbarima anaa ɔbea a mfe dodow bi wɔ asetra mu ama wanya osuahu na wanya hokwan anya honhom mu su horow a ɛte sɛɛ no wɔ gyinabea a eye a obetumi ama aware ayɛ yiye​—gyinabea a eye sen obi a omfi ase mmɔ mmɔden sɛ ɔbɛsow honhom aba yi kosi bere a waka aware ntam no akyi no.​—Fa toto 2 Petro 1:5-8 ho.

13, 14. (a) Hokwan bɛn na bere a etwam no ma obi nya wɔ nea ɛsom bo wɔ honhom mu ho? (b) Dɛn na awofo betumi ayɛ de aboa wɔn mma?

13 Dɛn nti na wonhwehwɛ wo ho mu wɔ nokwaredi mu wɔ nea wopɛ ne nea wompɛ ho? So wunhu sɛ anisɔ a wowɔ ma nkwa no ayɛ kɛse bere a bere twam no? So nea na ɛsom bo ma wo bere a wudii mfe 5 no ara na na ɛsom bo ma wo bere a wudii 13 no, anaasɛ so na ɛte sɛ 13 de no bere a wudii 20 no? So ntease a wowɔ wɔ nkwa ho ne anisɔ a wowɔ ma no ayɛ kɛse bere a wunya osuahu kɛse wɔ mfe no mu no anaasɛ ano abrɛ ase? Mprempren a woayɛ ɔpanyin no, so wohwehwɛ su horow koro no ara wɔ nkurɔfo ho te sɛ nea na woyɛ bere a woyɛ abofra no? So ɛntaa nyɛ nokware sɛ abarimaa “koro pɛ” a abeawa bi a wadi mfe 16 anaa 17 ani gye ne ho no ba bɛyɛ obi a ne werɛ fi no koraa bere a onyin na ɔde n’adwene si ɔbarima su pa ahorow so kɛse no? Ɛda adi sɛ bere a wadi 22 anaa 23 no, n’adwene bɛyɛ nea egyina ɔbarima no honhom mu tebea, n’adwene ne ne nkate so kɛse sen ne nipadua. Saa ara na wobetumi aka wɔ abarimaa a ɔrenyin abɛyɛ ɔpanyin no ho. N’anidaso ahorow ne nea ɔpɛ a ɛfa ɔyere ho no sakra bere a onyin no. Bere a nea ɛsom bo ma no sakra wɔ akyiri yi mfe no mu no, nea ɔbɛhwɛ wɔ aware mu ɔhokafo ho ne obi a ɔwɔ ntease ne ayamye a obetumi ayɛ ofiehwɛfo ne ɛna a ɔwɔ ɔpɛ a emu yɛ den wɔ ne komam sɛ obedi kan asɔ ne Bɔfo, Yehowa, ani na wayɛ n’apɛde.​—Mmebusɛm 31:10, 26, 27.

14 Aba a ɛwɔ asɛm no mu ne sɛ, bere ma nea ɛsom bo ma obi no sakra. Enti, sɛ́ obi bɛpere ne ho aware bere a onyinii pii no yɛ nea asiane ahorow pii wom. Ebia wɔrentumi nka mma nnipa baanu a wonyinii pii ntwɛn mma bere kakraa ntwam ansa na wɔaware. Nanso awofo betumi ahyɛ wɔn mma nkuran, titiriw bere a wɔrenyin no, ma wɔasusuw asetra ho anibere so, ahu sɛ wɔasiesie wɔn ho wɔ honhom mu, nkate mu ne adwene mu ama aware ansa na wɔne obi ayɛ asetra nyinaa mu nhyehyɛe a sɛ papa anaa bɔne na ebefi mu aba a, ɛsɛ sɛ wɔtra mu no.

15. Esiane sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na ware a wɔnware ntɛm yɛ ɔhaw ahorow nyinaa ano aduru nti, afotu bɛn na wɔde ma wɔ adwene pa a ɛsɛ sɛ wonya ho?

15 Ɛnyɛ nea eyi kyere ne sɛ ware a obi bɛware bere a wanyin sɛnea ɛsɛ no ne ne nyinaa ano aduru. ɔhaw ahorow betumi aba saa bere no nso, ne titiriw no, sɛ nnipa baanu no ma pɛsɛmenkominya su kwan ma ɛpaapae wɔn mu a. Ɛsɛ sɛ awarefo no susuw wɔn mu biara adwene, nkate ne honhom mu ahiade ahorow ho. Kristofo binom de wɔn ho hyɛ honam fam adwuma mu kɛse a asafo no dwumadi te sɛ nhyiamkɔ ne asɛnka ne asuafoyɛ adwuma mu kyɛfa a wobenya nka ho. Afei wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ nea wɔte nka sɛ ɛtɔ sin wɔ wɔn asetra mu no ananmu denam anigyede pii a wɔde wɔn ho hyem no so. Ɛte sɛ nea wosusuw sɛ bere dodow a wɔanya biribi reyɛ no de, ɛbɛyɛ nea wɔadi wɔn haw ahorow no so mprempren wɔ ɔkwan bi so, na afei wɔ nneɛma Nhyehyɛe Foforo no mu no, wobenya bere ama wɔn ho wɔn ho wɔ nkate, adwene ne honhom mu ahiade ahorow ho. Nanso asetra ntumi nyɛ yiye wɔ saa kwan no so. Afotu a Paulo de mae ne sɛ, ɛsɛ sɛ ɔbarima hwɛ ne yere sɛ n’ankasa nipadua. (Efesofo 5:28) Ɛno kyerɛ n’adwene a ɔde besi ne hokafo ahiade ahorow so mprempren te sɛ nea ɔyɛ wɔ n’ankasa ahiade ahorow ho da biara no. Saa ara na wobetumi aka wɔ ɔbea no ho.

Adwene A Ɛkari Pɛ Wɔ Aware Ho

16-18. (a) Dɛn nti na adwene a ɛkari pɛ wɔ asetra ne aware mu ho hia, na ɔkwan bɛn so na wɔbɔ yɛn kɔkɔ wɔ nea yɛpɛ ne afoforo ahiade ho? (b) Dɛn nti na ɛho hia sɛ wobesusuw nsɛm a ɛte sɛɛ ho ansa na wɔaware?

16 Adwene a ɛkari pɛ wɔ asetra ho bɛboa wɔ aware mu adwene a ɛkari pɛ ho. Onipa a ɔkari pɛ behu sɛ esiane pɛsɛmenkominya su horow a onya fii awo mu nti, ɛsɛ sɛ ɔbɔ mmɔden bere nyinaa sɛ obedi nkekae ahorow a ɛte sɛɛ so. Ɛnyɛ den sɛ obi rensusuw afoforo ahiade a ɛsɛ sɛ ɔma edi nea n’ankasa pɛ kan no ho. Nea abofra kumaa pɛ ne sɛ wɔde nneɛma a wɔde di agoru no nyinaa bɛma no, na sɛ awofo antete no yiye a, ɛnyɛ nea ɔbɛma afoforo bi. Ne pɛsɛmenkominya no bɛtrɛw akɔ nneɛma afoforo mu wɔ akyiri yi mfe no mu. Enti na yɛtaa hu mmofra, mmerante ne mmabaa a wɔpɛ sɛ wɔyɛ nneɛma wɔ ɔkwan a wɔpɛ nkutoo so a wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wobenya nea wɔpɛ mu no wonsusuw ho sɛ ebia nea wɔyɛ no bepira afoforo anaasɛ ɛbɛma wɔahu amane no. Akyiri yi, wɔ nnipa a wɔte sɛɛ mpanyimmere mu no, nea wɔhwehwɛ bere nyinaa ne sɛ wobenya nea wɔpɛ a wonsusuw afoforo ahiade ho kakraa mpo.

17 Onipa a ɔkari pɛ remfa nneɛma nkame ne ho koraa, na mmom ɔbɛyɛ n’asetra ho nhyehyɛe a ɛbɛma wasusuw afoforo nso ho. Obebisa nea obetumi ayɛ de aboa afoforo na ɔde ne ho ne nea ɔwɔ bɛma de aboa afoforo. Ɔrenka sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ nea ɔpɛ bere nyinaa. Mmebusɛm nhoma no ka sɛ: “Ɔyamyefo bɛdɔ srade, na nea ɔma ebinom mee nso bɛmee.”​—Mmebusɛm 11:25.

18 Ɔkwan a ɛte sɛɛ a ɔhokwafo bɛfa so no ho bɛba no mfaso kɛse akyiri yi wɔ aware mu. Obesusuw ne hokafo ho bere nyinaa wɔ gyinae biara a osi mu. Sɛ́ anka onipa a ɔte sɛɛ bebu aware sɛ biribi a wɔsɔ hwɛ anaa bere tiaa mu nhyehyɛe no, obebu aware sɛ nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ daa a ɛwɔ Yehowa Nyankopɔn adwene mu bere a ɔde nnipa baanu a wodi kan no boom wɔ Eden no. (Genesis 2:22-24) Bere biara mu no ɔbɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛka aware no abom, ɔbɛboa ne hokafo no, bere a wɔn baanu nyinaa nya anisɔ kɛse ma Onyankopɔn ne wɔn ho wɔn ho no.

Ne Tiaa Twa Mu

19-21. (a) Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ yɛremmu aware sɛ ɛyɛ nhyehyɛe a wɔsɔ hwɛ ara kwa? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ nnipa nyinaa, mmofra anaa mpanyin, a wɔpɛ sɛ wonya anigye ankasa wɔ aware mu ma ɛtra wɔn adwene mu?

19 “Nea Onyankopɔn de abom no, mma onipa nntetew mu!” Yiw, Yesu afotu yi yɛ nea ntease kɛse wom ma nokware Kristoni. Aware nyɛ nhyehyɛe a wɔsɔ hwɛ a sɛ obi hu sɛ emu reyɛ den a obetumi agyae. Ɛsɛ sɛ yɛko tia honam a ɛtɔ sin no bere nyinaa de di onipa pɛsɛmenkominya su no so nkonim na yɛanya Onyankopɔn dom. (Fa toto Romafo 7:21-25 ho.) Sɛ aware nhyehyɛe no bɛyɛ yiye a, ɛsɛ sɛ ahokafo baanu no sua ɔma ne ogye, sɛ́ obiako bɛhwɛ ne yɔnko na ɔno nso ahwɛ no, a obi mfa ne yɔnko asɛm nni agoru.​—Efesofo 5:21-23, 28, 33.

20 Na bere a yɛrentumi nhyɛ mfe ho mmara bi mma obi a ɔpɛ sɛ ɔware wɔ nea ɛyɛ mmara kwan so mfe a aban ahyɛ ato hɔ no akyi no, obiara betumi ama hia a ɛho hia sɛ onyin wɔ honhom mu ma ɛne Galatifo 5:22, 23 hyia na ama wayɛ aware mu ɔhokafo a ɔfata no atra n’adwene mu. Ampa, bere ma sɛnea obi hwɛ ade no sakra. Enti ɛnsɛ sɛ obiara pere ne ho de ne ho hyɛ aware mu. Ma obiara nya Kristofo nipasu no ansa, sɛnea ɛbɛyɛ a obesiesie ne ho yiye ama aware kɔndua no. Na mma wo werɛ mfi sɛ ɛnsɛ sɛ obiara tetew nea Onyankopɔn de abom no mu.​—Mateo 19:4-6.

21 Ɛdenam adwene a ɛkari pɛ a obi benya wɔ asetra ne aware ho so no, obetumi anya anigye ankasa wɔ nhyehyɛe a Yehowa Nyankopɔn ankasa hyiraa so maa ɔbarima ne ɔbea, sɛnea aware a edi kan wɔ Eden da no adi, no mu. (Mmebusɛm 5:18) Nanso dɛn na obi betumi ayɛ wɔ asetra mu bio de akyerɛ sɛ wasiesie ne ho sɛ ɔbɛyɛ okunu anaa ɔyere? Yɛsrɛ wo, kenkan nea edi hɔ wɔ asɛm yi mu a ɛfa Kristofo mmarima ne mmea nipasu ho no.

Wubebua Nea Edidi So Yi Dɛn Wɔ Ntĩmu Mu?

◻ Su horow bɛn na ɛsɛ sɛ wokwati wɔ aware ho?

◻ Ɔkwan bɛn so na ahokafo betumi agyina awosu a ɛde wɔn kɔ bɔne ho no ano?

◻ Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ Kristofo mmofra pere wɔn ho de wɔn ho hyɛ aware mu?

◻ Adwene a ɛkari pɛ wɔ aware ho bɛn na wɔkamfo kyerɛ?

[Kratafa 25 mfoni]

Yɛn ho mu a yɛbɛhwehwɛ wɔ nokwaredi mu betumi ada mfomso ahorow adi ma yɛayɛ ho adwuma

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena