Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • jy ti 24 kr. 62-kr. 63 nky. 7
  • Ɔyɛɛ Adwuma Wɔ Galilea Nkuro Pii Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔyɛɛ Adwuma Wɔ Galilea Nkuro Pii Mu
  • Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • A7-D Nneɛma Atitiriw a Esisii Yesu Asetena Mu Wɔ Asaase So—Asɛnka Adwuma Kɛse a Yesu Yɛe Wɔ Galilea (Ɔfã 1)
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Yehowa Som Ho Mmɔdenbɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Mesia no Maa Nkɔmhyɛ Baa Mu
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma (2016)
  • Yesu Kaa Ahenni No Ho Asɛm
    Sua Biribi Fi Bible Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
jy ti 24 kr. 62-kr. 63 nky. 7
Petro, Andrea, Yakobo, ne Yohane ahu Yesu

TI 24

Ɔyɛɛ Adwuma Wɔ Galilea Nkuro Pii Mu

MATEO 4:23-25 MARKO 1:35-39 LUKA 4:42, 43

  • YESU NE ASUAFO NNAN KYINII GALILEA YƐƐ ASƐNKA ADWUMA

  • N’ASƐNKA ADWUMA NE N’ANWONWADE NTI OBIARA TEE NE NKA

Ɛda a Yesu ne n’asuafo nnan no kɔɔ Kapernaum no, wɔyɛɛ adwuma saa ara. Ɛduu anwummere nso, nnipa a wɔwɔ Kapernaum de ayarefo pii brɛɛ Yesu ma ɔsaa wɔn yareɛ. Enti Yesu annya ne ho twabere koraa.

Ade kyee no, anɔpatutuutu na Yesu nko ara sɔre puei. Ɔkɔhyɛɛ baabi komm sɛ ɔrekɔbɔ n’Agya mpae. Nanso ankyɛ na nkurɔfo huu baabi a ɔhyɛ. Nea ɛbae ne sɛ, na wɔnhu baabi a Yesu afa, enti “Simon [Petro] ne wɔn a wɔka ne ho no” kɔhwehwɛɛ no. Petro fie na na Yesu abɛsoɛ, enti ɛbɛyɛ sɛ ɛno nti na Petro dii nkurɔfo no anim kɔhwehwɛɛ Yesu.​—Marko 1:​36; Luka 4:38.

Wɔhuu Yesu no, Petro kaa sɛ: “Obiara rehwehwɛ wo.” (Marko 1:​37) Ɛkaa Kapernaumfo nko a, anka Yesu tenaa hɔ ara. Wɔn ani sɔɔ nea ɔyɛɛ wɔ kurom hɔ no, enti “wɔbɔɔ mmɔden siankaa no na wamfiri wɔn nkyɛn ankɔ.” (Luka 4:​42) Nanso asɛm no ne sɛ, saa anwonwade no nti na Yesu baa asase so anaa? Afei nso, Kapernaum nko ara na na ɔbɛyɛ ne som adwuma no anaa? Dɛn na Yesu no ara kaa wɔ asɛm no ho?

Yesu ne Petro ne Andrea ne Yakobo ne Yohane rekasa, na ɔde ne nsa akyerɛ kuro bi a ɛbɛn hɔ so

Ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Momma yɛnkɔ baabi foforɔ, nkuro a ɛbembɛn ha no mu na menkɔka asɛm no wɔ hɔ nso, ɛfiri sɛ yei nti na mebaeɛ.” Ɔka kyerɛɛ nkurɔfo a wɔpɛ sɛ wɔgye no ka hɔ no nso sɛ: “Ɛsɛ sɛ mekɔ nkuro foforɔ mu nso kɔka Onyankopɔn ahennie ho asɛmpa no, ɛfiri sɛ yei nti na wɔsomaa me.”​—Marko 1:​38; Luka 4:43.

Enti ade titiriw a ɛde Yesu baa asase so ne sɛ ɔbɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no. Saa Ahenni no bɛte n’Agya din ho na ayi adasamma haw nyinaa afiri hɔ. Enti Yesu saa nkurɔfo yareɛ de kyerɛɛ sɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no. Mose bere so no, ɔno nso yɛɛ anwonwade maa nkurɔfo huu sɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no.​—Exodus 4:​1-9, 30, 31.

Yesu ne n’asuafo nnan no fii Kapernaum kɔkaa asɛmpa no wɔ nkuro foforo so. Saa asuafo no ne Petro ne ne nua Andrea, ne Yohane ne ɔno nso nua Yakobo. Ansa na Yesu reba Kapernaum no, saa nnipa nnan yi na ɔfrɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛka ne ho.

Asɛnka adwuma a Yesu ne n’asuafo no yɛɛ wɔ Galilea no kɔɔ yie paa! Ɛmaa nkurɔfo tee Yesu nka wɔ akyirikyiri. “Ne ho asɛm trɛ kɔɔ Siria nyinaa.” Nkuro du a ɛwɔ Dekapoli mantam mu ne nkuro a ɛwɔ Yordan Asubɔnten no agya mpo tee ne nka. (Mateo 4:​24, 25) Nnipa pii a wɔfiri saa nkuro yi mu ne Yudea nyinaa dii Yesu ne n’asuafo no akyi. Nnipa bebree de ayarefo brɛɛ no, na Yesu nso saa wɔn nyinaa yareɛ. Wɔn a na wɔwɔ ahonhommɔne no nso, ɔtuu ahonhommɔne no.

  • Da a Yesu kɔɔ Kapernaum no, ɔyɛɛ adwuma paa. Ade kyee anɔpatutuutu nso, dɛn na ɛsii?

  • Adɛn nti na Yesu baa asase so? Dɛn na ɛmaa ɔyɛɛ anwonwade?

  • Hwannom na wɔne Yesu kyinii Galilea yɛɛ asɛnka adwuma no? Dɛn na wɔn a wɔtee ne nka no yɛe?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena