Eyi Renyɛ Yiye!
“ƐYƐ mmerɛw ma yoma sɛ ɔbɛfa paane aniwa mu sen sɛ ɔdefo bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu.” (Mateo 19:24) Yesu Kristo kaa eyi de kyerɛɛ n’asuafo biribi. Ná ɔdefo sodifo kumaa bi pow nsa a Yesu to frɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ n’akyidini na onnya honhom fam hokwan ahorow pii mu kyɛfa no nkyɛe. Ɔbarima no paw sɛ ɔbɛhwɛ n’ahode pii no so sen sɛ obedi Mesia no akyi.
Na Yesu nka sɛ ɛrenyɛ yiye koraa sɛ ɔdefo benya nkwa wɔ Ahenni nhyehyɛe no mu, efisɛ adefo bi bɛyɛɛ n’akyidifo. (Mateo 27:57; Luka 19:2, 9) Nanso, ɔdefo biara a ɔdɔ n’ahonyade kɛse sen honhom fam nneɛma no rennya eyi. Honhom fam nneɛma a saa onii no bɛma n’ani aku ho, na wahwehwɛ ɔsoro mmoa nkutoo so na ɔnam betumi anya nkwagye a Onyankopɔn de ama no.—Mateo 5:3; 19:16-26.
Ɛnsɛ sɛ wɔfa yoma ne paane ho bɛ no sɛnea ɛte no. Na Yesu de kasakoa resi asɛnnennen a adefo a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɔ Onyankopɔn ani bere a wokura adefo ne honam fam ade dodowpɛ asetra mu rehyia no so dua.—1 Timoteo 6:17-19.
Ebinom ka sɛ na paane aniwa no yɛ kurow bi afasu mu kwan ano pon ketewaa bi a yoma betumi abrɛ ansa na wafa mu sɛ woyi ne nnesoa gu hɔ a. Nanso Hela asɛmfua rha·phisʹ a wɔkyerɛɛ ase sɛ “paane” wɔ Mateo 19:24 ne Marko 10:25 no fi adeyɛ asɛm a ɛkyerɛ “pam” mu. Wɔ Luka 18:25 no, asɛmfua be·loʹne no kyerɛ paane a wɔde pam ade, na New World Translation no kenkan wɔ hɔ sɛ: “Nokwarem no, ɛyɛ mmerɛw ma yoma sɛ ɔbɛfa paane a wɔde pam ade aniwa mu sen sɛ ɔdefo bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu.” Asɛm no ho animdefo ahorow pene nkyerɛase yi so. W. E. Vine ka sɛ: “Ɛte sɛ nea ‘paane no aniwa’ a wɔde gyina hɔ ma kwan ano apon nketewa no yɛ nnɛyi adeyɛ; wonnim ho hwee wɔ tete.”—An Expository Dictionary of New Testament Words.
Nhwehwɛmu nhoma biako se: “Yoma kɛse bi a ɔrebɔ mmɔden afa paane a wɔde pam ade aniwa mu no “yɛ asɛm a wogugu mu wɔ Apuei Fam.” Na The Babylonian Talmud no ka ebinom a wɔn ani atew yiye araa ma ɛte sɛ nea wɔyɛ biribi a wontumi nyɛ ho asɛm sɛ: “Wɔtwe ɛsono fa paane aniwa mu.” Yesu de kasakoa ne ntotoho a emu da hɔ pefee sii ade a wontumi nyɛ so dua. Yoma anaa ɛsono rentumi mfa paane a wɔde pam ade aniwa mu. Nanso, ɔdefo nam ɔsoro mmoa so betumi apow honam fam ade dodowpɛ adwene na ɔde nokwaredi ahwehwɛ daa nkwa. Saa ara na wɔn a wɔwɔ ɔpɛ a efi komam sɛ wobesua Ɔsorosoroni Yehowa Nyankopɔn no apɛde na wɔayɛ no nyinaa betumi ayɛ.