Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Mmara A Wɔde Ano Ka Kyerɛ No—Dɛn Nti na Wɔkyerɛw Too Hɔ?
    Ɔwɛn-Aban—1999 | January 15
    • DƐN nti na afeha a edi kan no mu Yudafo pii annye Yesu antom sɛ Mesia no? Obi a na ɔwɔ hɔ bɔ amanneɛ sɛ: ‘Na Yesu duu asɔrefi na ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfo mpanyin ne ɔman no mu mpanyinfo baa ne nkyɛn bɛkae sɛ: Tumi bɛn na wode yɛ nneɛma yi? Na hena na ɔmaa wo tumi yi?’ (Mateo 21:23) Wɔn ani so no, na Ade Nyinaa so Tumfoɔ no na ɔde Torah (Mmara) no ama Yuda man no, na ɛmaa nnipa binom nyaa tumi a efi Onyankopɔn hɔ. So na Yesu wɔ tumi a ɛte saa?

      Yesu buu Torah no ne wɔn a ɛma wonyaa tumi a ɛfata ankasa no kɛse. (Mateo 5:17-20; Luka 5:14; 17:14) Nanso mpɛn pii na ɔkasa tiaa wɔn a na wobu Onyankopɔn mmara so no. (Mateo 15:3-9; 23:2-28) Saa nnipa no dii atetesɛm a wɔbɛfrɛɛ no mmara a wɔde ano ka kyerɛ no akyi. Yesu annye tumi a na ɛwɔ no antom. Ɛno amma nnipa pii annye no antom sɛ ɔno ne Mesia no. Na wogye di sɛ obi a ogyina wɔn nkurɔfo a wɔwɔ tumi no atetesɛm akyi no nkutoo na Onyankopɔn betumi agyina n’akyi.

  • Mmara A Wɔde Ano Ka Kyerɛ No—Dɛn Nti na Wɔkyerɛw Too Hɔ?
    Ɔwɛn-Aban—1999 | January 15
    • “Hena na Ɔmaa Wo Tumi Yi?”

      Mose Mmara no gyaw ɔsom mu tumi titiriw ne akwankyerɛ maa asɔfo, Aaron asefo no pefee. (Leviticus 10:8-11; Deuteronomium 24:8; 2 Beresosɛm 26:16-20; Malaki 2:7) Nanso, wɔ mfehaha pii a etwaam no mu no, asɔfo no bi bɛyɛɛ nnipa a wonni nokware na wɔn bra asɛe. (1 Samuel 2:12-17, 22-29; Yeremia 5:31; Malaki 2:8, 9) Wɔ bere a na Hela redi tumi no mu no, asɔfo pii ankura wɔn mudi mu wɔ nyamesom ho nsɛm mu. Wɔ afeha a ɛto so abien A.Y.B. mu no, Farisifo no—Yudasom mu kuw foforo a wɔamfa wɔn ho anto asɔfokuw no so—fii ase hyehyɛɛ atetesɛm a na ɛbɛma onipa biara abu ne ho kronkron te sɛ asɔfo no. Nnipa pii ani gyee saa atetesɛm ahorow yi ho, nanso na ɛyɛ nneɛma a wɔde aka Mmara no ho a ɛmfata.—Deuteronomium 4:2; 12:32 (13:1 wɔ Yudafo de mu).

      Farisifo no bɛyɛɛ Mmara no ho animdefo foforo a wɔyɛ nnwuma a wɔte nka sɛ na asɔfo no nyɛ no. Esiane sɛ ɛnyɛ Mose Mmara no na ɛmaa wɔn kwan nti, wɔfaa akwan foforo ne nea ɛte sɛ nea ɛfoa wɔn nsusuwii ahorow so a asete yɛ den so kyerɛɛ Kyerɛwnsɛm no ase.a Sɛ́ nnipa titiriw a na wɔhwɛ saa atetesɛm yi so na wɔhyɛ ho nkuran no, wɔhyehyɛɛ tumidi ho nnyinasosɛm foforo wɔ Israel. Ebeduu afeha a edi kan Y.B. no mu no, na Farisifo no abɛyɛ nnipa a wɔwɔ tumi wɔ Yudasom mu.

      Bere a Farisifo no boaboaa atetesɛm a ɛwɔ hɔ dedaw ano na wɔhwehwɛɛ nea Kyerɛwnsɛm no ka wɔ ho de hyehyɛɛ wɔn ankasa de no, wohui sɛ ɛho hia sɛ wɔma wɔn dwumadi no nya tumi kɛse. Atetesɛm yi fibea ho adwene foforo fii ase. Rabifo no fii ase kyerɛkyerɛe sɛ: “Mose nyaa Torah no wɔ Sinai so na ɔde maa Yosua, Yosua de maa mpanyimfo, na mpanyimfo no de maa adiyifo. Na adiyifo de maa asafotow no mu mmarima no.”—Avot 1:1, Mishnah.

      Sɛ rabifo ka sɛ “Mose nyaa Torah” no a, ɛnyɛ mmara a wɔakyerɛw no nkutoo ho asɛm na wɔreka na mmom atetesɛm no nyinaa. Wɔka sɛ, Onyankopɔn na ɔde saa atetesɛm yi—a nnipa na wɔhyehyɛe no—maa Mose wɔ Sinai. Na wɔkyerɛkyerɛe sɛ Onyankopɔn amma nnipa kwan sɛ wɔmfa biribi nhyehyɛ mu, na mmom n’ano na ɔde kaa nea Mmara no anka no nyinaa. Sɛnea wɔkyerɛ no, Mose amfa mmara a wɔde ano aka yi amma asɔfo no, na mmom ɔde maa akannifo foforo wɔ awo ntoatoaso ahorow no mu. Farisifo no ankasa kyerɛ sɛ wɔne nkurɔfo a wɔde eyi hyɛɛ wɔn nsa fi “tete.”

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena