Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w86 10/1 kr. 19-24
  • ‘Nneɛma A Wɔayi Adi No Yɛ Yɛn Dea’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Nneɛma A Wɔayi Adi No Yɛ Yɛn Dea’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Ahintasɛm Ahorow a Wada No Adi
  • Ɔkwan Foforo
  • ‘Nneɛma a Wɔayi Adi’ Nnɛ
  • Yɛn Asɛyɛde
  • Nkɔmhyɛ Atirimpɔw Ne Dɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • “Onyankopɔn Nyansa a Wada No Adi Wɔ Ahintasɛm Kronkron Bi Mu”
    Bɛn Yehowa
  • Momma Yɛnhwehwɛ “Onyankopɔn Nneɛma A Emu Dɔ No” Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Nhyira A Ɛkyɛn So A Apam Foforo No De Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
w86 10/1 kr. 19-24

‘Nneɛma A Wɔayi Adi No Yɛ Yɛn Dea’

“Nneɛma a ahintaw yɛ [Yehowa] yɛn Nyankopɔn dea, na nea wɔayi adi no yɛ yɛn . . . dea.”​—DEUTERONOMIUM 29:29.

1, 2. (a) Dɛn nti na adesamma hia Yehowa nsɛm a wayi adi no kɛse? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn su wɔ nsɛm a. Yehowa ada no adi ama yɛn no ho?

SƐ OBI kopue baabi a wɔde atopae pii ahyehyɛ fam nanso ɔwɔ asase no mfonini a ɛkyerɛ ɔkwan a obetumi afa so afi hɔ a, so wutumi hu sɛnea ɔde ahwɛyiye kɛse bɛhwɛ asase mfonini no mu na wadi emu akwankyerɛ no akyi no? Anaasɛ susuw obi a ɔyare bi a wonni ano duru aka no ho. So wutumi hu anigye kɛse a ɔde bedi nnuru foforo nyinaa a nyansahufo akohu ho nsɛm akyi no? Nanso nokwasɛm a ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, yɛwɔ tebea horow abien yi nyinaa mu. Yɛte wiase bi a wɔasum mfiri pii a ebetumi asɛe yɛn wom mu. Na onipa yare a wonni ano aduru a ɛne sintɔ a yenya fii awo mu no rekum yɛn. (1 Yohane 2:15-17; Romafo 7:20, 24) Onyankopɔn nkutoo na obetumi aboa yɛn ma yɛahu mfiri ahorow no na yɛakwati, na ɔno nkutoo na ɔwɔ yɛn sintɔ no ano aduru. Ɛno nti na yehia Yehowa nsɛm a wayi adi no.

2 Ɛno nso nti na Mmebusɛm nhoma no ɔkyerɛwfo a honhom kaa no no de afotu yi mae no: “Brɛ w’aso ase tie anyansafo kasa, na fa wo koma to me nimdeɛ so.” (Mmebusɛm 22:17) Saa ara na yɛkenkan wɔ Mmebusɛm 18:15 sɛ: “Nhumufo koma nya nimdeɛ, na anyansafo aso hwehwɛ nimdeɛ akyi kwan.” Yɛrentumi nnan yɛn akyi nkyerɛ nimdeɛ biara a Yehowa da no adi no.

Yehowa Ahintasɛm Ahorow a Wada No Adi

3. Yehowa atirimpɔw ho nsɛm bɛn na ɔdaa no adi kyerɛɛ Adam ne Hawa?

3 Nea ɛyɛ anigye no, Yehowa ayɛ ɔyamyefo kɛse wɔ nimdeɛ a ɔda no adi no mu. Efi adebɔ so no, Onyankopɔn de nkakrankakra ama n’asomfo nsa aka nsɛm a ɛho hia wɔn no nyinaa wɔ tebea ahorow ahorow mu. (Mmebusɛm 11:9; Ɔsɛnkafo 7:12) Mfitiase no ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔde asase no ne mmoa a ɛwɔ so bɛhyɛ Adam ne Hawa ne wɔn asefo ase. (Genesis 1:28, 29) Nanso Satan daadaa Adam ne Hawa ma wɔyɛɛ bɔne, na ɛbɛyɛɛ den sɛ wobehu sɛnea wobetumi adi ɔsoro atirimpɔw yi ho dwuma de ahyɛ Onyankopɔn anuonyam. Nanso ntɛm ara na Yehowa fii ase kyerɛkyerɛɛ nneɛma mu. Ɔdaa no adi sɛ wɔ bere a ɛsɛ mu no,’ “aseni” bi a ɔteɛ bɛba a ɔno na ɔbɛsɛe Satan ne n’akyidifo nnwuma no.​—Genesis 3:15

4, 5. Nsɛm foforo bɛn na Yehowa daa no adi, na henanom na ɔnam wɔn so daa no adi?

4 Ebetumi aba sɛ na mmarima ne mmea a wosuro Onyankopɔn no wɔ nsemmisa pii a ɛfa Aseni no ho. Ɔbɛyɛ hena? Bere bɛn na ɔbɛba? Ɔkwan bɛn so na ne ho bɛba adesamma mfaso? Bere a bere kɔɔ so no, Yehowa daa n’atirimpɔw ho nsɛm foforo adi, na awiei koraa no obuaa nsemmisa yi nyinaa. Ansa na Nsuyiri no reba no, ɔde ne honhom kaa Henok ma ɔhyɛɛ nkɔm faa Satan asefo sɛe a ɛreba no ho. (Yuda 14, 15) Bɛyɛ mfirihyia 2,400 ansa na yɛn Bere Yi reba no, ɔdaa asɛm a ɛne sɛ nkwa ne mogya yɛ kronkron no adi kyerɛɛ Noa nokware a ɛho behia titiriw bere a Aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ no aba no.​—Genesis 9:1-7.

5 Noa nna no akyi no Yehowa nam agya mpanyimfo anokwafo afoforo so daa nimdeɛ atitiriw adi. Wɔ afeha a ɛto so 20 A.Y.B. mu no, Abraham hui sɛ n’asefo mu biako na ɔbɛyɛ Aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ no. (Genesis 22:15-18) Bɔhyɛ yi bɛyɛɛ Abraham ba Isak ne ne banana Yakob (akyiri yi wɔfrɛɛ no Israel) agyapade a ɛso bi nni. (Genesis 26:3-5; 28:13-15) Afei Yehowa nam Yakob so daa no adi sɛ Aseni, “Silo” yi bɛyɛ ɔhenkɛse a wɔbɛwo no wɔ ne ba Yuda abusua mu.​—Genesis 49:8-10.

6. Wɔ afeha a ɛto so 16 A.Y.B. mu no, henanom na wɔde wɔn dii dwuma wɔ ‘nneɛma a wɔayi adi’ no ho nsɛm mu, na nneɛma foforo a wosuae no bi ne nea ɛwɔ he?

6 Wɔ afeha a ɛto so 16 A.Y.B. mu no, Yehowa de Israel mma yɛɛ ɔman. Afei nokware a wɔkɔ so yi adi no bɛyɛɛ henanom de? Mose maa asemmisa yi ho mmuae wɔ asɛm yi a ɔka kyerɛɛ ɔman yi no mu: “Nneɛma a ahintaw yɛ [Yehowa] yɛn Nyankopɔn dea, na nea wɔayi adi no yɛ yɛn ne yɛn mma dea kosi daa.” (Deuteronomium 29:29) Yiw, bere a wɔde Israel man no sii hɔ wɔ 1513 A.Y.B. mu akyi no. ɛbɛyɛɛ nea “wɔde Nyankopɔn nsɛm ahyɛ wɔn nsa.” (Romafo 3:2) Na nsɛm pii a wɔda no adi bɛn ara ni! Onyankopɔn ne Israelfo no yɛɛ Mmara apam a ɛma etumi yɛɛ yiye sɛ wɔbɛba abɛyɛ asɔfo ne ahene ahemman. (Exodus 19:5, 6) Nea na ɛka Mmara no ho ne abrabɔ ho ahyɛde a ɛboaa wɔn ma wohuu bɔne mfiri ahorow na wɔtwee wɔn ho fii ho no ne afei nso afɔrebɔ ahorow ho nhyehyɛe a wɔde mmoa mogya kronkron no kataa wɔn bɔne so wɔ ɔkwan a esua so no.

7, 8. (a) Nsɛm foforo bɛn na Yehowa daa no adi wɔ Aseni a ɔreba no ho? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔkoraa ‘nneɛma a woyii adi’ no so, na hena na ɔdaa nneɛma yi ho ntease ankasa adi?

7 Bere a bere kɔɔ so no, Yehowa daa Aseni no ho nsɛm pii adi. Onyankopɔn nam odwontofo no so daa no adi sɛ amanaman no bɛpow n’Aseni no nanso Aseni no nam Yehowa mmoa so bedi nkonim. (Dwom 2:1-12) Ɔnam Yesaia so daa no adi sɛ Aseni no bɛyɛ “Asomdwoe-hene” nanso obehu amane ama afoforo bɔne. (Yesaia 9:6; 53:3-12) Wɔ afeha a ɛto so awotwe A.Y.B. mu no, Yehowa kyerɛɛ faako a wɔbɛwo Aseni no mpo, na wɔ afeha a ɛto so asia A.Y.B. mu no, ɔkyerɛɛ bere tentena ɔde bɛyɛ ne som adwuma no.​—Mika 5:2; Daniel 9:24-27.

8 Akyiri yi wɔboaboaa ‘nneɛma a wɔayi adi’ no ano yɛɛ no nhoma ahorow 39 a ɛyɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no. Nanso wo nsɛm pii mu no na ɛno yɛ adeyɛ a edi kan ara kwa. Mpɛn pii na nneɛma a wɔkyerɛw no asete yɛ den ma wɔn a wɔma wɔkyerɛwee no mpo! (Daniel 12:4, 8; 1 Petro 1:10-12) Nanso awiei koraa a emu ntease bae no na ɛnyɛ nea egyina nnipa nkyerɛase bi so. Sɛnea na ɛte wɔ nkɔmhyɛ adaeso ho no, “Onyankopɔn na nkyerɛase wɔ no.”​—Genesis 40:8.

Ɔkwan Foforo

9. Dɛn nti na honam fam Israel hweree hokwan a na ɔwɔ sɛ nea wɔnam no so ‘da nneɛma adi’ no, na bere bɛn na eyi sii?

9 Bere a na Yesu Kristo wɔ asase so no na Israel da so ara yɛ Onyankopɔn kwan a ɔfa so di dwuma. Ná ɛsɛ sɛ obiara a ɔpɛ sɛ ɔsom Yehowa no ne ne man a wapaw no na ɛbom yɛ saa. (Yohane 4:22) Nanso na Mose ada no adi sɛ hokwan a obi benya ayɛ ‘nneɛma a wɔayi adi’ no ho somfo no yɛ nea asɛyɛde ahorow nso ka ho. Ɔkae sɛ: “Nea wɔayi adi no yɛ yɛn ne yɛn mma dea kosi daa, sɛ yenni mmara yi mu nsɛm nyinaa so.” (Deuteronomium 29:29) Saa bere a wɔkaa ho asɛm sɛ “daa” no baa awiei wɔ 33 Y.B. mu. Dɛn ntia? Efisɛ sɛ́ ɔman no, Yudafo no ‘anni mmara no mu nsɛm nyinaa so.’ Ne titiriw no, wɔannye Aseni, Yesu Kristo, no antom, ɛwom sɛ Mmara no ‘yɛɛ wɔn yɛnfo a ɛkyerɛɛ wɔn Kristo so kwan’ mpo de. (Galatifo 3:24) Esiane eyi nti, Yehowa paw ɔkwan foforo a ɔnam so ‘beyi nneɛma adi.’

10. Ɔkwan foforo bɛn na Yehowa faa so daa ne nsɛm adi?

10 Ná dɛn ne ɔkwan foforo yi? Paulo daa no adi kyerɛɛ Efesofo no bere a ɔkyerɛwee sɛ “afei wɔmfa asafo no so mma mpanyinni ne tumi horow a ɛwɔ ɔsoro hɔnom nhu Onyankopɔn nyansa horow bebree no, sɛnea ne tirim a ɔbɔe teteete yɛn Awurade Kristo Yesu mu no te no.” (Efesofo 3:10, 11) Yiw, ɛyɛ Kristofo asafo a wɔde sii hɔ Pentekoste 33 Y.B. mu no na wɔde ‘nneɛma a wɔayi adi’ foforo no hyɛɛ ne nsa. Sɛ́ kuw no, Kristofo a wɔasra wɔn no somee sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” a wɔapaw no sɛ ɔmfa honhom mu aduan mma ɛbere a ɛsɛ mu. (Mateo 24:45) Afei de na Kristofo no yɛ “Nyankopɔn ahintasɛm so ahwɛfo.”​—1 Korintofo 4:1.

11, 12. Nsɛm a ɛyɛ nwonwa a ɔnam ɔkwan foforo yi so daa no adi no bi ne nea ɛwɔ he?

11 Nokwasɛm titiriw a ɛfa “ahintasɛm” foforo yi ho ne sɛ, Yesu Kristo a ɔyɛ Aseni a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no aba. (Galatifo 3:16) Ná Yesu ne “Silo” nea ɔwɔ hokwan sɛ odi adesamma so no, na Yehowa apaw no sɛ Ahenni a awiei koraa no ɛbɛsan de Paradise aba asase so no Hene. (Yesaia 11:1-9; Luka 1:31-33) Ná Yesu yɛ Yehowa Ɔsɔfo Panyin a wapaw no a ɔde ne nkwa a ɛyɛ pɛ a dɛm biara nni ho no mae sɛ agyede maa adesamma​—kronkron a mogya yɛ ho nnyinasosɛm no a wɔde dii dwuma wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa sen biara so. (Hebrifo 7:26; 9:26) Efi saa bere no adesamma a wogye di anya anidaso sɛ wɔbɛsan anya ɔdesani nkwa a ɛyɛ pɛ a Adam yeraa no no.​—1 Yohane 2:1, 2.

12 Ná Aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ yi yɛ ntamgyinafo nso a ɔhwɛ maa n’akyidifo ne ne soro Agya no ntam apam foforo a ebesii Mmara apam dedaw no ananmu no yɛɛ adwuma (Hebrifo 8:10-13; 9:15) Ɛdenam apam foforo yi so no, Kristofo asafo a afei na ɛrenyin no besii honam fam Israelfo man no ananmu na ɛbɛyɛɛ honhom mu Israel, “Abraham asefo” wɔ honhom mu a Yesu ka ho, ne ‘nneɛma a wɔayi adi’ no so ahwɛfo. (Galatifo 3:29; 6:16; 1 Petro 2:9) Bio nso​—biribi a ɛyɛ den ma Yudafo sɛ wɔbɛte ase kɔɔ so​—wɔtoo nsa frɛɛ Amanaman Mufo ma wɔbɛyɛɛ saa honhom mu Israel foforo no mufo! (Romafo 2:28, 29) Wɔde hyɛɛ honhom mu Israelfo, Yudafo ne wɔn a wɔnyɛ Yudafo, no nsa sɛ wɔmmom nyɛ Yesu asuafo wɔ wiase nyinaa (Mateo 28:19, 20) Enti, ‘nneɛma a wɔayi adi’ no bɛyɛɛ nea ɛfa wiase nyinaa ho.

13. Ɔkwan bɛn so na wɔkoraa ‘nneɛma foforo a woyii adi’ yi so maa awo ntoatoaso a ɛbɛba daakye?

13 Ankyɛ na wɔkyerɛw ‘nneɛma a wɔayi adi’ denam Kristofo asafo no so no too hɔ wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu nhoma ahorow 27 a ɛno na ewie Bible a efi honhom mu no mu nsɛm a ɛyɛ nokware no. Nanso nea na ɛwɔ nhoma ahorow yi mu bio ne nkɔmhyɛ ahorow pii a ɛfa Yehowa atirimpɔw ho a mfehaha pii akyi ansa na wɔbɛte ase yiye. Bio no, na Kyerɛwnsɛm no akyerɛwfo no reyɛ adwuma ankasa ama awo ntoatoaso a wonnya mmae no.

‘Nneɛma a Wɔayi Adi’ Nnɛ

14. Wɔ ɔwae kɛse no akyi no, na bere bɛn na Yehowa bebue hann agu ‘nneɛma a wɔayi adi’ no so bio?

14 Asomafo no wu akyi no ɔwae kɛse no fii ase wɔ wɔn a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo no mu sɛnea na wɔahyɛ ho nkɔm no. (Mateo 13:36-42; Asomafo no Nnwuma 20:29, 30) Mfehaha pii a ‘nneɛma a wɔayi adi’ no ho ntease ano brɛɛ ase dii eyi akyi bae, ɛwom sɛ Yesu annyaw wɔn a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkɔ so adi nokware no de. (Mateo 28:20) Nanso na Yesu ahyɛ bɔ sɛ tebea yi renyɛ nea ɛbɛkɔ so daa. Wɔ nneɛma nhyehyɛe no awiei mu no, wɔbɛpaapae ɔbɔne no ne trenee no mu pefee na ‘atreneefo no bɛhyerɛn sɛ owia wɔn agya ahenni mu.’ (Mateo 13:43) Sɛnea na Daniel ahyɛ ho nkɔm no, ‘awiei bere no, nimdeɛ bɛdɔɔso.” (Daniel 12:4) Ná wɔbɛsan abue hann agu ‘nneɛma a wɔayi adi’ no so bio.

15. Dɛn nti na ada adi sɛ Kristoman mfata sɛ wɔbɛfa no so de ‘nneɛma a wɔayi adi’ ho ntease a ɛyɛ foforo no ama?

15 Ayɛ nea yɛte nneɛma nhyehyɛe yi awiei bere no mu fi 1914. Enti, ɛho hia sɛ yebehu nea Yehowa de no redi dwuma nnɛ sɛ ɔkwan a ɔnam so reda honhom mu hann foforo yi adi. Ɛda adi sɛ ɛnyɛ nea ɔde Kristoman mu asɔre ahorow no redi dwuma. Eyinom ada no adi sɛ wɔmpɛ sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi atoro nkyerɛkyerɛ pii a ɛbae wɔ ɔwae kɛse no mu no ho. Ɛnnɛ, wɔn akannifo no pii de wɔn ho ahyɛ atetesɛm ne gyidihunu ahorow mu araa ma wɔmma nimdeɛ foforo biara ho kwan, na saa ara na adwenem naayɛ aka wɔn araa ma wogye honhom mu a Bible no fi ne di a n’abrabɔ pa ho gyinapɛn no di mũ no ho kyim.

16. Hena na ada adi sɛ Yehowa de no redi dwuma nnɛ?

16 Yesu kae sɛ wobegye Onyankopɔn Ahenni no afi Yudafo no nsam “de akɔma ɔman a wɔde mu aduaba bɛba.” (Mateo 21:43) Wɔ afeha a edi kan no mu no, ɛbɛdaa adi sɛ eyi ne Kristofo asafo a ɛyɛ honhom mu Israel a afei na ɛrenyin no. Ɛnnɛ, kuw biako pɛ na ɛwɔ hɔ a ɛresow aba a ɛte sɛ asafo a na edi kan de no. Honhom mu Israelfo yi na ɛyɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” kuw a wɔka ne ho asɛm wɔ Mateo 24:45-47 no. Te sɛ Kristofo a wodii kan no, Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no nsuro sɛ ‘wɔbɛma wɔn kanea ahyerɛn.’ (Mateo 5:14-16) Wɔde akokoduru gye too wɔn ho so fi 1919 mu sɛ wɔbɛka Ahenni no ho asɛmpa de adi wiase no nyinaa adanse (Mateo 24:14) Esiane sɛ wɔasow Onyankopɔn Ahenni no aba nti, Yehowa ahyira wɔnkɛse denam ma a wama wɔahu “Onyankopɔn nyansa horow bebree” a ɛyɛ ne bere mu de no so.​—Efesofo 3:10.

17, 18. Ntease bɛn na Yehowa de nkakrankakra ada no adi denam wɔn a ɔde wɔn redi dwuma nnɛ no so?

17 Enti wɔ 1923 mu no wɔtee Yesu nkɔmhyɛ kɛse a ɛfa nguanten ne mpapo ho no ase yiye, na wohui sɛ wɔrebu wiase no nyinaa atɛn. (Mateo 25:31-46) Wɔ 1925 mu no Onyankopɔn nkoa a wɔwɔ asase so no nyaa adiyisɛm 12 ho ntease a edi mũ na wohuu nea esii wɔ afe 1914 a wɔahyɛ no agyirae mu no pɛpɛɛpɛ. Wɔ 1932 mu no wonyaa ntease a emu dɔ foforo. Yehowa daa no adi sɛ nkɔmhyɛ ahorow a ɛka Yudafo a wɔbɛsan de wɔn aba Yerusalem ho asɛm no nyɛ nea ɛfa honam fam Israel a anni nokware fi bere tenten ma enti wɔayi no afi hɔ no ho, na mmom ɛfa honhom mu Israel, Kristofo asafo no ho. (Romafo 2:28, 29) Afei wɔ 1935 mu no, Yohane anisoadehu a ɛfa “nnipakuw kɛse” ho a ɛwɔ Adiyisɛm ti 7 no ho ntease a ɛteɛ buee wɔn a wɔasra wɔn no ani wɔ anoboaboa adwuma kɛse a ɛda so ara da wɔn anim no ho.​—Adiyisɛm 7:9-17.

18 Eyi maa wiase nyinaa asɛnka adwuma no nyaa nkɔso bere a wofii ase boaboaa “’asase so nneɛma” no ano wɔ nnamyɛ mu no. (Efesofo 1:10) Bere a na ɔko no rebefi ase wɔ Europa wɔ 1939 mu no, wɔkyerɛkyerɛɛ afã biara a Kristofo nni no mu pefee sen bere biara. Wɔ 1950 mu no, wohuu “asafohene” a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Yesaia 32:1, 2 no pefee. Wɔ 1962 mu no, wohuu “tumi a ɛwɔ anuonyam” no yiye na wɔtee nkitahodi a ɛfata a Kristofo ne wɔn betumi anya no nso ase yiye wɔ ‘nneɛma a wɔayi adi’ no mu. (Romafo 13:1, 2) Na wɔ 1965 mu no, wɔbɛtee asase so owusɔre no ne wɔn a wobenya mu mfaso no ase yiye.​—Yohane 5:28, 29.

19. Ɔkwan bɛn so na Yehowa “akoa” kuw a ɔwɔ hɔ nnɛ no ada no adi sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Asɛm no sohwɛfo a ɔfata?

19 Bio nso, Kristofo asafo a wɔasra no wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu no ada no adi sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm, ‘nneɛma a wɔayi adi’ a wɔakyerɛw a wɔaboaboa ano no sohwɛfo a ɔfata. Asafo yi mufo bi de too wɔn ho so sɛ wɔbɛkyerɛ Bible no ase aba nnɛyi Engiresi kasa mu, na ɛde besi nnɛ no, New World Translation of the Holy Scriptures no wɔ kasa horow 11 mu a wɔatintim mfuamfua 40,000,000. “Akoa” kuw a wɔyɛ Kristofo a wɔasra wɔn yi di wiase nyinaa ɔkyerɛkyerɛ ho nhyehyɛe no nso anim na wotintim nhoma ne nsɛmma nhoma a egyina Bible no so. Wɔyɛ dapɛn dapɛn nhyiam ahorow, nhyiam akɛse, ne sukuu ahorow ho nhyehyɛe​—a ne nyinaa yɛ nea wɔahyɛ da ayɛ na aboa nnipa a wɔhwehwɛ nokware ma wɔanya ‘nneɛma a wɔayi di’ no ho nimdeɛ a edi mũ. Ampa, mprempren, “atreneefo” no ‘rehyerɛn sɛ owia’ wɔ honhom mu na wɔda no adi sɛ wɔfata wɔn sohwɛ adwuma no.​—Mateo 13:43.

Yɛn Asɛyɛde

20, 21. (a) Nneɛma kaa odwontofo no ma ɔyɛɛ n’ade dɛn wɔ Yehowa Asɛm a wada no adi no ho? (b) Nsɛm bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a adi hɔ no mu?

20 Enti ɛnyɛ nea Yehowa agyaw yɛn a yenhu nea yɛyɛ wɔ wiase a ɛte sɛ asase a wɔde ɔtopae pii ahyehyɛ fam wom yi mu. Mmom no, ɔde n’Asɛm no ama yɛn na ahyerɛn wɔ yɛn kwan so na aboa yɛn ma yɛakwati honhom mu asiane. (Dwom 119:105) Saa ara na ɛnyɛ nea Yehowa agyaw yɛn sɛ yenwuwu wɔ bɔne ne sintɔ mu. Mmom no, wabue daa nkwa wɔ paradise asase so hokwan ama yɛn na wama ayɛ nea yɛn nsa tumi ka saa hokwan yi ho nimdeɛ no. (Yohane 17:3) Ɛnyɛ nwonwa sɛ bere a odwontofo no reka ‘nneɛma woyii adi’ wɔ ne bere so no ho asɛm no, ɔkae sɛ; “Medɔ wo mmara dɛn ara! Ɛne m’adwene daa adesae.”​—Dwom 119:97.

21 So saa na wote nka wɔ Yehowa ‘nneɛma a wayi adi’ nnɛ no ho, na saa na wote ase? So w’ani sɔ nokware ahorow a woasua no kɛse? So wuhu hia a nokware ahorow yi ho hia wɔ boa a ɛboa wo ma wusisi gyinae ahorow, wukwati sɔhwɛ ahorow, na wosom Yehowa no mu? Bere dodow ahe na wode kenkan ‘nneɛma a woayi adi’ yi na wusua ankasa nso? So ɔkwan bi wɔ hɔ a wubetumi afa so ama wo su wɔ adesua ho no anya nkɔso? Yebesusuw nsɛm yi ho wɔ adesua a edi hɔ no mu

So Wokae?

◻ Ansa na Yesu reba no, na akwan a wɔnam so de’nneɛma a wɔayi adi’ no ma no bi ne nea ɛwɔ he?

◻’Nneɛma a wɔayi adi’ no bɛyɛɛ henanom de wɔ 33 Y.B. akyi?

◻ Nneɛma atitiriw a wɔnam ɔkwan foforo yi so daa no adi bi ne nea ɛwɔ he?

◻ Dɛn nti na honhom fam Israelfo no na ɛsɛ sɛ ‘nneɛma a wɔayi no adi’ no yɛ wɔn de nnɛ?

◻ Ɔkwan bɛn so na Kristofo asafo a wɔasra no no ada no adi sɛ ɛyɛ Yehowa Asɛm no sohwɛfo a ɛfata?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 21]

Kristofo asafo o wɔasra no no na ɛbɛyɛɛ Yehowa adiyisɛm no sohwɛfo foforo

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 22]

Yehowa “akoa” kuw o wɔyɛ adansefo a wɔasra wɔn no asom yiye sɛ Onyankopɔn Asɛm no sohwɛfo

[Kratafa 19 mfoni]

Yehowa nam tete mmarima anokwafo no so daa nimdeɛ a ɛho hia adi

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena