Nea Ahobrɛase Ma Nyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ
“Enti mommrɛ mo ho ase nhyɛ Onyankopɔn ase.”—YAKOBO 4:7, New World Translation.
1. Dɛn na yebetumi aka wɔ Onyankopɔn a yɛsom no no ho?
ONYANKOPƆN a ne ho yɛ nwonwa bɛn ara na Yehowa yɛ sɛɛ yi! Obiara ne no nsɛ, na ɔda nsow wɔ akwan ahorow pii mu! Ɔne Ɔsorosoroni no, Amansan Hene, a ne mu na tumi nyinaa wɔ. Ofi mmeresanten kosi mmeresanten, ɔwɔ anuonyam kɛse araa ma onipa biara ntumi nhu no na wakɔ so atra ase. (Exodus 33:20; Romafo 16:26) Ne nyansa ne ne tumi nni ano, ɔyɛ pɛ koraa wɔ atɛntrenee mu, na ɔyɛ ɔdɔ nhwɛso ankasa. Ɔne yɛn Bɔfo, yɛn Temmufo, yɛn Mmarahyɛfo, ne yɛn Hene. Akyɛde pa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa fi ne nkyɛn.—Dwom 100:3; Yesaia 33:22; Yakobo 1:17.
2. Ahobrɛase ma Nyankopɔn hwehwɛ sɛ yɛyɛ nneɛma bɛn?
2 Esiane nokwasɛm yi nyinaa nti, wɔrentumi nnye asɛyɛde a yɛwɔ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma no no ho kyim. Nanso dɛn na eyi hwehwɛ sɛ yɛyɛ? Nneɛma dodow bi. Esiane sɛ yentumi nhu Yehowa Nyankopɔn ankasa nti, yɛn ho ase a yɛbɛbrɛ ama no no hwehwɛ sɛ yetie yɛn ahonim a yɛatete no no, yɛne Onyankopɔn asase so ahyehyɛde no yɛ biako, yegye wiase atumfo tom, na yɛde obu ma tiyɛ nnyinasosɛm a ɛwɔ abusua kɔntɔnkrɔn no mu no.
Ahonim Pa a Yebenya
3. Sɛ yebekura ahonim pa mu a, nneɛma a wɔabara bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati?
3 Sɛ yebekura ahonim pa mu a, ɛsɛ sɛ yedi nea wontumi nhyɛ obi sɛ onni so no so—kyerɛ sɛ, mmara ne nnyinasosɛm ahorow a nnipa ntumi nhyɛ obi ma onni so. Sɛ nhwɛso no, Mmara Nsɛm Du no mu nea ɛto so du a ɛkasa tiaa anibere no nyɛ nea nnipa atumfo betumi ahyɛ obi ma wadi so. Yebetumi aka sɛ eyi di adanse sɛ Mmara Nsɛm Du no fi Onyankopɔn hɔ, efisɛ nnipa mmarahyɛ kuw biara nni hɔ a anka wɔbɛhyɛ mmara a wontumi nhwɛ ma wonni so denam wɔn a wobu so a wɔtwe wɔn aso so. Yehowa Nyankopɔn nam mmara yi so de asɛyɛde too Israelni biara so sɛ ɔnyɛ n’ankasa Polisini—sɛ ɔpɛ sɛ onya ahonim pa a. (Exodus 20:17) Saa ara na “ahoɔyaw” ne “nitan”—nneyɛe a nnipa atemmufo ntumi mfa ho asotwe mma—ka ɔhonam nnwuma a ɛmma obi nnya Onyankopɔn Ahenni no ho. (Galatifo 5:19-21) Nanso ɛsɛ sɛ yɛkwati eyinom na yɛanya ahonim pa.
4. Sɛ yebekura ahonim pa mu a, Bible nnyinasosɛm ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde tra ase?
4 Yiw, ɛsɛ sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm tra ase. Yebetumi abɔ nnyinasosɛm a ɛte sɛɛ yi mua wɔ mmara nsɛm abien a Yesu Kristo kyerɛkyerɛɛ mu de buaa asɛmmisa a ɛfa Mose mmara no mu nea ɛsen biara ho no mu. “Dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu. . . . Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” (Mateo 22:36-40) Yesu nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Mateo 7:12 no kyerɛ nea mmara a ɛto so abien no hwehwɛ: “Enti ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monye wɔn saa ara; na eyi na mmara ne adiyifo no kyerɛ.”
5. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akura yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ pa mu?
5 Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yenim sɛ ɛfata na yɛkwati nea yenim sɛ ɛmfata, sɛ́ afoforo hu anaasɛ wonhu no. Eyi te saa ɛmfa ho sɛ ebia yebetumi afa yɛn ho adi wɔ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ a yɛnyɛ anaasɛ nea ɛnsɛ sɛ yɛyɛ a yɛyɛ mu. Ɛkyerɛ abusuabɔ pa a yɛne yɛn soro Agya benya, bere a yɛma ɔsomafo Paulo kɔkɔbɔ a ɛwɔ Hebrifo 4:13 no tra yɛn adwenem no: “Na enni abɔde biara a ɛnna adi n’anim, na ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue, nea yɛne no wɔ asɛm no anim.” Nea ɛteɛ a yɛbɛkɔ so ayɛ no bɛma yɛako atia Ɔbonsam nnɛɛdɛɛ, yɛapow wiase nhyɛso ahorow, na yɛako atia pɛsɛmenkominya su a yenya fii awo mu no.—Fa toto Efesofo 6:11 ho.
Ahobrɛase ma Onyankopɔn Ahyehyɛde
6. Nkitahodi akwan bɛn na Yehowa de dii dwuma wɔ mmere a edii Kristofo mmere anim no mu?
6 Ɛnyɛ sɛ Yehowa ama yɛn kwan korakora sɛ yensi sɛnea yɛde Bible nnyinasosɛm ahorow bedi dwuma wɔ yɛn asetram ho gyinae sɛ ankorankoro. Efi adesamma abakɔsɛm mfiase no, Onyankopɔn de nnipa adi dwuma sɛ akwan a ɔnam so di nkitaho. Enti Onyakopɔn nam Adam so kasa kyerɛɛ Hawa. Wɔde aduaba a wɔabara ho mmara no maa Adam ansa na wɔrebɔ Hawa, enti ɛbɛyɛ sɛ Adam na ɔkaa Onyankopɔn apɛde ma Hawa ho asɛm kyerɛɛ no. (Genesis 2:16-23) Ná Noa yɛ Onyankopɔn odiyifo ma n’abusua ne nnipa a wɔtraa ase ansa na nsuyiri no reba no. (Genesis 6:13; 2 Petro 2:5) Onyankopɔn nam Abraham so kasa kyerɛɛ n’abusua. (Genesis 18:19) Ná Mose yɛ Onyankopɔn odiyifo ne nea ɔnam no so ne Israel man no di nkitaho. (Exodus 3:15, 16; 19:3, 7) Efi ne so besi Yohane Osuboni so no, Onyankopɔn nam adiyifo, asɔfo, ne ahemfo pii so kaa n’apɛde kyerɛɛ ne nkurɔfo.
7, 8. (a) Mesia no ba akyi no, henanom na wɔde wɔn adi dwuma sɛ Onyankopɔn akasamafo? (b) Dɛn na ahobrɛase ma Nyankopɔn hwehwɛ sɛ Yehowa Adansefo yɛ nnɛ
7 Bere a Mesia no a ɔne Yesu Kristo bae no, Onyankopɔn de ɔno ne n’asomafo ne n’asuafo a wodi kan no dii dwuma sɛ N’akasamafo. Akyiri yi, na Yesu Kristo akyidifo anokwafo a wɔasra wɔn no bɛsom sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” na woakyerɛ Yehowa nkurɔfo sɛnea wɔde Bible nnyinasosɛm ahorow bedi dwuma wɔ wɔn asetra mu. Ná ahobrɛase ma Onyankopɔn kyerɛ gye a wobɛgye adwinnade a na Yehowa de redi dwuma no atom.—Mateo 24:45-47; Efesofo 4:11-14.
8 Nokwasɛm ahorow no kyerɛ sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no wɔ Yehowa Adansefo ntam nnɛ, na n’ananmusifo ne Adansefo yi Sodikuw no. Kuw yi nso paw ahwɛfo a wɔyɛ nnwuma ahorow—te sɛ mpanyimfo ne ananmusifo akwantufo—ma wɔahwɛ adwuma no so wɔ faako a wɔwɔ no. Ahobrɛase ma Nyankopɔn hwehwɛ sɛ Ɔdansefo a wahyira ne ho so biara brɛ ne ho ase ma ahwɛfo yi na ɛne Hebrifo 13:17 hyia: “Muntie mo mpanyimfo na mommrɛ mo ho ase mma wɔn, efisɛ wɔn na wɔwɛn mo kra sɛ wɔn a wobebu ho akontaa, na wɔde anigye ayɛ, na ɛnyɛ ahomegu; efisɛ eyi nyɛ mfaso bi mma mo.”
Nteɛso a Yebegye Atom
9. Dɛn na ahobrɛase ma Nyankopɔn taa kyerɛ?
9 Ahobrɛase ma Nyankopɔn taa yɛ wɔn a wɔsom sɛ ahwɛfo no hɔ ntɛeso a wogye tom. Sɛ yɛamfa ntɛeso a ehia amma yɛn ho bere nyinaa a, ebia yebehia afotu ne ntɛeso afi wɔn a wɔwɔ osuahu ne tumi sɛ wɔyɛ saa, te sɛ yɛn asafo mu mpanyimfo hɔ. Nyansa wom sɛ yebegye nteɛso yi atom.—Mmebusɛm 12:15; 19:20.
10. Asɛyɛde bɛn na wɔn a wɔde ntɛeso ma wɔ?
10 Ɛda adi sɛ ɛsɛ sɛ mpanyimfo a wɔde nteɛso ma no ankasa nso yɛ nhwɛso pa wɔ ahobrɛase ma Nyankopɔn mu. Ɔkwan bɛn so? Sɛnea Galatifo 6:1 kyerɛ no, ɛnyɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔde afotu ma wɔ ɔkwan pa so nko na mmom ɛsɛ sɛ wɔyɛ nhwɛso pa: “Anuanom, sɛ mfomso bi bɛto obi nso a, mo a moyɛ honhom mufo no, monteɛ nea ɔte saa no so odwo honhom mu, nanso hwɛ wo ho, na wɔansɔ wo nso anhwɛ.” Sɛ yɛbɛka no ɔkwan foforo so a, ɛsɛ sɛ ɔpanyin no afotu ne ne nhwɛso hyia. Eyi ne afotusɛm a ɛwɔ 2 Timoteo 2:24, 25 ne nea ɛwɔ Tito 1:9 no hyia. Yiw, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔde animka anaasɛ nteɛso ma no hwɛ yiye na wɔanyɛ katee da. Ɛsɛ sɛ wonya odwo, ayamye, nanso wokura Onyankopɔn Asɛm mu nnyinasosɛm ahorow mu pintinn bere nyinaa. Ɛsɛ sɛ wɔye atiefo a wɔnhwɛ nnipa anim, na wɔma wɔn a wɔabrɛ na wɔasoa wɔn nnosoa ɔhome.—Fa toto Mateo 11:28-30 ho.
Ahobrɛase ma Atumfo a Wɔkorɔn
11. Dɛn na wɔhwehwɛ wɔ Kristofo ho wɔ wɔne wiase atumfo ntam abusuabɔ mu?
11 Ahobrɛase ma Nyankopɔn hwehwɛ nso sɛ yɛyɛ osetie ma wiase atumfo no. Wotu yɛn fo wɔ Romafo 13:1 sɛ: “Momma akra nyinaa mmrɛbrɛ wɔn ho ase nhyɛ atumfo a wɔkorɔn no ase, efisɛ tumi biara nni hɔ sɛ nea efi Nyankopɔn; Onyankopɔn na ɔde atumfo a wɔwɔ hɔ no agyina wɔn sɛso gyinabea.” (New World Translation) Nsɛm yi hwehwɛ sɛ yedi afirika mu mmara ahorow so na yefi ahonim pa mu tua tow ne amanne ahorow ka nneɛma afoforo ho, sɛnea ɔsomafo Paulo kaa wɔ Romafo 13:7 no.
12. Ɔkwan bɛn so na yɛn ho ase a yɛbɛbrɛ ama Kaesare no wɔ anohyeto?
12 Nanso ɛda adi pefee sɛ ɛsɛ sɛ ahobrɛase a ɛte sɛɛ a wɔyɛ ma Kaesare no nyinaa yɛ nea anohyeto wom. Ɛsɛ sɛ yɛma nnyinasosɛm a Yesu kaa ho asɛm wɔ Mateo 22:21 no tra yɛn adwenem bere nyinaa: “Ɛnde momfa Kaesare de mma Kaesare ne Nyankopɔn de mma Onyankopɔn!” Romafo 13:1 asehɔ nsɛm bi a ɛwɔ Oxford NIV [New International Version] Scofield Study Bible mu no se: “Eyi nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ odi ahyɛde ahorow a ɛkyerɛ ɔbrasɛe anaa etia Kristosom so. Wɔ tebea horow a ɛte sɛɛ mu no, ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ otie Onyankopɔn mmom sen nnipa (Asomafo no Nnwuma 5:29; cp. Dan. 3:16-18; 6:10ff).”
Ahobrɛase ma Onyankopɔn Wɔ Abusua Kɔntɔnkrɔn no Mu
13. Dɛn na ahobrɛase ma Nyankopɔn wɔ abusua kɔntɔnkrɔn no mu no hwehwɛ fi emufo hɔ?
13 Okunu ne agya no ne abusua kɔntɔnkrɔn no ti. Eyi hwehwɛ sɛ ɔyerenom tie afotu a ɛwɔ Efesofo 5:22, 23 no: “Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom, sɛ moyɛ ma Awurade, efisɛ okunu yɛ ɔyere ti, sɛ Kristo nso yɛ asafo no ti no.”a Mmofra no de, ɛnyɛ wɔn ankasa na wɔhyehyɛ mmara ma wɔn ho, na mmom wɔwɔ ahobrɛase ma Nyankopɔn ho asɛyɛde wɔ agya ne ɛna nyinaa anim, sɛnea Paulo kyerɛkyerɛ mu wɔ Efesofo 6:1-3 no: “Mma, muntie mo awofo asɛm Awurade mu; na eyi na ɛteɛ. Di w’agya ne wo na ni! Eyi ne mmara asɛm a edi kan a bɔhyɛ wɔ mu: na awiei wo yiye, na wo nna aware asase so.”
14. Dɛn na ahobrɛase ma Nyankopɔn hwehwɛ sɛ mmusua ti yɛ?
14 Nokwarem no, sɛ okununom ne agyanom ankasa da ahobrɛase ma Nyankpɔn adi a, ɛma ɛyɛ mmerɛw ma ɔyerenom ne mma sɛ wɔbɛda ahobrɛase ma Nyankopɔn a ɛte sɛɛ adi ama no. Wɔyɛ eyi denam wɔn tiyɛ a wodi ho dwuma ma ɛne Bible nnyinasosɛm ahorow te sɛ nea ɛwɔ Efesofo 5:28, 29 ne 6:4 no hyia so: “Saa ara nso na ɛsɛ okununom sɛ wɔdɔ wɔn ankasa wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua. Nea ɔdɔ n’ankasa ne yere no dɔ ne ho. Na obiara ntan n’ankasa honam, na mmom ɔyɛn no, na ɔhwɛ so yiye, sɛnea Kristo nso yɛ asafo no.” “Agyanom, munnyi mo mma abufuw, na mmom monyɛn wɔn [Yehowa] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.”
Nneɛma a Ɛboa Yɛn ma Yɛda Ahobrɛase ma Nyankopɔn Adi
15. Honhom aba bɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛada ahobrɛase ma Nyankopɔn adi?
15 Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛada ahobrɛase ma Nyankopɔn adi wɔ nneɛma ahorow yi mu? Nea edi kan ne ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim—ɔdɔ ma Yehowa Nyankopɔn ne wɔn a ɔde wɔn asi yɛn so sɛ ahwɛfo no. Wɔka kyerɛ yɛn wɔ 1 Yohane 5:3 sɛ: “Eyi ne Nyankopɔn dɔ, sɛ yebedi n’ahyɛde so, na n’ahyɛde no nyɛ den.” Yesu kaa asɛm koro no ara wɔ Yohane 14:15 sɛ: “Sɛ modɔ me a, [mubedi] m’ahyɛde so.” Nokwarem no, ɔdɔ—honhom aba a ɛsen biara no—bɛboa yɛn ma yɛakyerɛ nea Yehowa ayɛ ama yɛn no nyinaa ho anisɔ na ɛnam saa kwan no so bɛboa yɛn ma yɛada ahobrɛase ma Nyankopɔn adi.—Galatifo 5:22
16. Ɔkwan bɛn so na Nyankopɔn suro boa ma wɔda ahobrɛase ma Nyankopɔn adi?
16 Nea ɛto so abien ne Onyankopɔn suro. Osuro a yesuro sɛ yɛbɛyɛ nea Yehowa Nyankopɔn ani nnye ho bɛboa yɛn efisɛ ‘nea ɛkyerɛ ne sɛ yɛbɛtan bɔne.’ (Mmebusɛm 8:13) Akyinnye biara nni ho sɛ osuro a yesuro sɛc yɛbɛyɛ nea Yehowa ani nnye ho no bɛma yɛakwati sɛ yebegyaa nsɛm mu asiesie esiane onipa ho suro nti. Ɛbɛboa yɛn nso ma yɛadi Onyankopɔn ahyɛde so ɛmfa ho nsɛnneennen a ɛsɛ sɛ yedi so nkonim. Bio nso, ɛbɛma yɛakwati yɛn ho mu a yebegyaa ama bɔne ho sɔhwɛ ne nsusuwii ahorow. Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ Yehowa suro na ɛmaa anka Abraham de ne dɔba Isak rebɔ afɔre no, na ɛyɛ osuro a na Yosef suro sɛ ɔbɛyɛ nea Yehowa ani nnye ho no na ɛma otumi ko tiaa Potifar yere nguamansɛm no.—Genesis 22:12; 39:9.
17. Ɔfã bɛn na gyidi nya wɔ Ahobrɛase ma Nyankopɔn a yɛbɛda no adi mu?
17 Mmoa a ɛto so abiɛsa ne Yehowa Nyankopɔn mu gyidi. Gyidi bɛma yɛatumi atie afotu a wɔde ama wɔ Mmebusɛm 3:5, 6 no: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.” Gyidi bɛboa yɛn titiriw wɔ bere a ɛte sɛ nea yehu amane ɔkwan a ɛnteɛ so, anaasɛ wosisi yɛn esiane abusua anaa ɔman a yefi mu anaa yɛn su a ɛne obi de nhyia nti. Ebia ebinom nso a wɔnkamfo wɔn ma wɔasom sɛ mpanyimfo ne asomfo no bɛte nka sɛ woabu ani agu wɔn so ɔkwan a ɛmfata so. Sɛ yɛwɔ gyidi a, yɛbɛtwɛn ma Yehowa asiesie nsɛm wɔ ne bere a ɛfata mu. Ansa na ɛno bɛba no, ebia ebehia sɛ yenya boasetɔ de gyina mu.—Kwadwom 3:26.
18. Dɛn ne ade a ɛto so anan a ɛboa yɛn ma yɛda ahobrɛase ma Nyankopɔn adi?
18 Mmoa a ɛto so anan ne ahobrɛase su. Ɛnyɛ den sɛ obi a ɔbrɛ ne ho ase bɛda ahobrɛase ma Nyankopɔn adi efisɛ ‘ɔde ahobrɛase adwene bu afoforo sɛ wɔkyɛn no.’ Obi a ɔbrɛ ne ho ase wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ n’ade sɛ “akumaa” (Filipifo 2:2-4; Luka 9:48) Nanso obi a ɔyɛ ahantan ani nnye ho sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase, na ɛhyɛ no abufuw. Wɔaka sɛ obi a ɔte saa no bɛpɛ sɛ wɔde nkamfo bɛsɛe no mmom sen sɛ wɔnam ɔkasatia so begye no.
19. Ahobrɛase su ho nhwɛso fɛfɛ bɛn na obi a ná ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani yɛe?
19 Bere bi Joseph Rutherford, Watch Tower Bible and Tract Society no titrani a ɔto so abien no yɛɛ ahobrɛase su ne ahobrɛase ma Nyankopɔn ho nhwɛso fɛfɛ bi. Bere a Hitler baraa Yehowa Adansefo adwuma wɔ Germany no, ɛhɔ anuanom no kyerɛw no bisaa no nea wɔnyɛ esiane sɛ na wɔabara wɔn nhyiam horow ne asɛnka dwumadi no nti. Ɔkaa eyi ho asɛm kyerɛɛ Betel abusua no na ogye toom pefee sɛ onnim nea ɔnka nkyerɛ Germanfo anuanom no, titiriw esiane asotwe a emu yɛ den a wode ma wɔn no nti. Ɔkae sɛ, sɛ obi nim nea ɔnka nkyerɛ wɔn a, n’ani begye ho sɛ ɔbɛte. Ahobrɛase honhom bɛn ara ni!b
Ahobrɛase Ma Nyankopɔn mu Mfaso Horow
20. Nhyira horow bɛn na efi ahobrɛase ma Nyankopɔn a wɔda no adi mu ba?
20 Yebetumi abisa sɛ, Dɛn ne ahobrɛase ma Nyankopɔn mu mfaso horow? Nokwarem no, ɛdɔɔso pii. Yɛkwati dadwen ne abasamtu a ɛto wɔn a wokwati afoforo yɛ wɔn ade no. Yenya yɛne Yehowa Nyankopɔn ntam abusuabɔ pa. Yɛne yɛn nuanom Kristofo nya abusuabɔ a eye sen biara. Bio nso, yɛnam mmara so a yebedi no so bɛkwati ɔhaw ahorow a enhia a ɛbɛba yɛne wiase atumfo ntam. Yenya abusua asetra a anigye wom nso, sɛ okununom ne ɔyerenom, sɛ awofo ne mma. Afei nso, ɛdenam ahobrɛase ma Nyankopɔn a yɛkɔ so kura mu so no, yɛyɛ ade ma ɛne afotu a ɛwɔ Mmebusɛm 27:11 no hyia: “Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm mabua nea ɔbɔ me ahohora.”
[Ase hɔ asɛm s]
a Ɔkwampaefo ɔsomfo bi kamfoo sɛnea ne yere de obu ne mmoa a efi ɔdɔ mu ma no no kyerɛɛ ɔkwampaefo ɔhokwafo bi. Ɔkwampaefo ɔhokwafo no susuwii sɛ anka ɛsɛ sɛ n’adamfo no ka su afoforo a ne yere wɔ no ho biribi. Nanso bere a ɔkwampaefo ɔhokwafo no ankasa waree mfe bi akyi no, obehuu sɛnea ɔyere mmoa a efi ɔdɔ mu ho hia na ama aware ayɛ anigye no.
b Mpaebɔ ne Onyankopɔn Asɛm sua pii akyi no, Joseph Rutherford huu mmuae a ɛsɛ sɛ ɔde ma Germanfo anuanom no pefee. Ɛnyɛ ɔno na ɛsɛ sɛ ɔka nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ anaa nea ɛnsɛ sɛ wɔyɛ kyerɛ wɔn. Wɔwɔ Onyankopɔn Asɛm a aka nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ nhyiam ne adansedi ho akyerɛ wɔn pefee. Enti Germanfo anuanom no yɛɛ wɔn ade wɔ kokoam, nanso wɔkɔɔ so dii Yehowa ahyɛde ahorow a ese wɔnhyiam na wonni ne din ne n’Ahenni ho adanse no so.
Ntimu Nsemmisa
◻ Nnipa bɛn na Onyankopɔn de wɔn adi dwuma sɛ akwan a ɔnam so di nkitaho, na na ɛsɛ sɛ n’asomfo yɛ wɔn dɛn?
◻ Abusuabɔ ahorow bɛn mu na wobetumi ada ahobrɛase ma Nyankopɔn adi?
◻ Su horow bɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛada ahobrɛase ma Nyankopɔn adi?
◻ Ahobrɛase ma Nyankopɔn de nhyira horow bɛn na ɛba?
[Mfonini wɔ kratafa 16]
Onyankopɔn nam Yerusalem asɔrefi nhyehyɛe no so daa n’apɛde adi kyerɛɛ ne nkurɔfo
[Mfonini wɔ kratafa 18]
Tebea horow a yebetumi ada ahobrɛase ma Nyankopɔn adi wom