Bible No Adwene
Kristo Aba!
MMOFRA a wɔwɔ Soweto, South Africa too dwom sɛ: “Mandela reba! Mandela reba!” Wɔhwɛɛ afiase a woyii Nelson Mandela fii wɔ February 11, 1990 no kwan sɛ ɛbɛyɛ nsakrae mfiase wɔ South Africa. Nanso, mfe pii a ansa na wɔreyi no no, na wɔte ne nkɛntɛnso nka. Na ɔde nnamyɛ adi ako sɛ “obegu nyiyim” bere a na ɔda afiase no. Sɛnea amanaman ntam nsɛmma nhoma bi kae no, mfe 27 afiasenna no “ammrɛ ne nkɛntɛnso—anaa ne satu—no ase.” Afiase a woyii no fii no kyerɛkyerɛ nsonsonoe a ɛwɔ ba a obi reba ne ba a waba no mu yiye.
Saa ara na bere a afeha a edi kan no mu Bible akyerɛwfo reka fa a Yesu Kristo bɛfa n’ahenni tumi ho asɛm no, wɔmaa nsonsonoe daa ne ba a ɔreba ne ba a waba ntam. Wɔbɛte nka na wɔahu sɛ Yesu Kristo aba n’ahenni tumi mu mfe pii ansa na ‘wɔahu sɛ ɔreba ɔsoro mununkum so ahoɔden ne anuonyam kɛse mu.’ (Mateo 24:30) Kristo ba a waba a aniwa nhu (Hela, pa·rou·siʹa) no bedi ba a ɔbɛba (Hela, erʹkho·mai) abebu awo ntoatoaso atuatewfo ne abɔnefo no ntɛn anim.
Pa·rou·siʹa—Ɛkyerɛ Dɛn?
Nea Hela asɛmfua pa·rou·siʹa kyerɛ ankasa ne sɛ “wɔne obi wɔ hɔ,” na “ɛbɛyɛɛ asɛm a wɔde ka sra a nnipa atitiriw, [ne titiriw] ahemfo ne ahempɔn, kɔsra ɔmantam bi mu ho asɛm.” Theological Dictionary of the New Testament ka sɛ: “Nea [Parousia] kyerɛ [titiriw] ne sɛ obi aba na ɔwɔ hɔ.” Nhoma The Parousia ka Kristo Yesu ba a waba ho asɛm sɛ: “Kyerɛwnsɛm no nka ‘Parousia a ɛto so abien’ hoasɛm. Sɛnea na ɛbɛyɛ biara no, ɛyɛ biribi soronko, a ensii da, na ɛrensi bio. Na ɛbɛyɛ ne ba a ɛda nsow wɔ ne ho adi a oyi kyerɛɛ nnipa a aka no nyinaa ho, na ɛkorɔn sen saa nso.”
Ɔbenfo A. T. Robertson reka Yesu nkɔmhyɛ nsɛm a ɔde buaa n’asomafo no asemmisa wɔ Ngo Bepɔw no so ho asɛm no, ɔkyerɛwee wɔ nhoma Word Pictures in the New Testament mu sɛ na Yesu “de asɔrefi no ne Yerusalem sɛe a ɛbae wɔ saa awo ntoatoaso no mu wɔ Y.B. 70 mu no reyɛ n’ankasa ba a ɛto so abien ne wiase awiei no . . . anaasɛ bere no awiei ho sɛnkyerɛnne.” Dɛn ne saa nsemmisa yi, na Yesu maa ho mmuae dɛn?
Kristo Ba a Waba ho Sɛnkyerɛnne
Sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mateo 24:3 no, asomafo no bisae sɛ: “Ka kyerɛ yɛn, Bere bɛn na eyinom bɛba, na dɛn na ɛbɛyɛ ba a waba ne nneɛma nhyehyɛe no awiei ho sɛnkyerɛnne?” Yesu rema mmuae no, ɔmaa asuafo no sɛnkyerɛnne bi a ɛbɛyɛ Ahenni tumi mu a waba ho adanse a aniwa hu. Nea ɛka nsɛnkyerɛnne no ho ne akodi a ebi mmae da, aduankɔm kɛse a ɛbɛba mmeae pii, asasewosow akɛse, ɔyaredɔm ne nsɛmmɔnedi ne ehu a ɛbɛdɔɔso. Kristo ba no bɛyɛ basabasayɛ ne ehu bere. Na nnipa nniso horow ne wiase akannifo ntumi nni nhyehyɛe a ɛregu no ho dwuma ma ɛnyɛ yiye.—Mateo 24: 7, 12, New World Translation; Luka 21:11.
Amammuisɛm ho ɔbenfo John Meisel resi nokware a Yesu nkɔmhyɛ nsɛm no yɛ so dua no, ɔkyerɛwee sɛ: “Bere titiriw bi reba awiei ma foforo a wonnya ntee sɛnea ɛte no ase yiye abesi ananmu.” Ɔbenfo Meisel kaa Komunism gu, Sohyialism huammɔdi, ne kapitalism a enni nneɛma ho dwuma sɛnea ɛsɛ ho asɛm akyi no, ɔtoaa so sɛ: “Sikasɛm ne amammui nhyehyɛe ntumi nni nnipa nsɛnnennen pii ho dwuma, na ehia sɛ wɔfa akwan afoforo so di ho dwuma.” Na ɛno kyerɛ dɛn? “Nnɛyi wiase no amammui adwene no nnyinaso resɛe na ehia sɛ wonya foforo si ananmu.”
Kristo Aba na Ɔwɔ Hɔ
Wɔ ahoyeraw tebea horow a ɛwɔ wiase a ɛresɛe yi mu nyinaa akyi no, ba a Yesu baa n’Ahenni tumi mu no fii ase mfe 75 a atwam ni, na akyinnye biara nni ho sɛ wɔate ne nkɛntɛnso nka wɔ ɔkwan pa so.a Wɔ nneɛma a wiase nyinaa ako abien sɛee no nyinaa akyi no, Ɔhene Yesu Kristo a wɔde no asi ahengua so no anya ɔman foforo a wɔkyekye—nnipa a wɔayi wɔn ‘afi aman ne mmusuakuw, ne nkurɔfo, ne ɔkasa nyinaa mu’ ama Yehowa din mu kyɛfa nnamyɛ so. Ba a Kristo aba na ɔwɔ hɔ no akanyan wiase nyinaa asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma a aka nnipa komapafo ɔpepem pii koma. Akanyan wɔn ma wɔagyina Yehowa Ahenni a ɛwɔ Yesu Kristo nsam no afã.—Adiyisɛm 7:9, 10.
Bere a nsɛm a esisi da biara di adanse sɛ Kristo ba no ho sɛnkyerɛnne a ɛwɔ afã horow pii renya mmamu no, ɛda adi pefee sɛ ɛsɛ sɛ wɔma Kristofo hu sɛ yɛrehyia nhyehyɛe bi awiei. Mprempren ne bere a ɛsɛ sɛ ‘yɛde asoyɛ a ɛboro so tie’ ɔhene Yesu Kristo a wɔde no asi ahengua so no. (Hebrifo 2:1) Otu fo sɛ: “Enti, monwɛn na monsrɛ daa, na moanya ahoɔden de aguan afi nneɛma a ɛrebɛba yi nyinaa mu, na moakogyina onipa ba no anim.”—Luka 21:36.
[Ase hɔ asɛm]
a Yesu Kristo Ahenni nniso no fii ase wɔ 1914 mu. Sɛ wopɛ asɛm yi ho nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri a, hwɛ Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii wɔ 1982 mu no atiri 16 kosi 18.