Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 5/8 kr. 5-7
  • Dɛn Na Wiase Awiei No Kyerɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Na Wiase Awiei No Kyerɛ?
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmaratofo a Wɔbɛsɛe Wɔn
  • Nyamesom Nkyerɛkyerɛ Ahorow a Ɛne Ne Ho Bɔ Abira
  • Wiase Bɛn na Wɔbɛsɛe No?
  • Wohwɛ a Wɔbɛsɛe Yɛn Asaase Yi?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Enti Wiase Yi Bɛba Awiei?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2021
  • Wiase Awiei​—Ɛsɛ sɛ Wusuro Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Nuklea Ɔsɛe Da—So Bible Hyɛ H
    Nyan!—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 5/8 kr. 5-7

Dɛn Na Wiase Awiei No Kyerɛ?

BIBLE wɔ pii ka wɔ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ‘wiase no retwam’ no ho. Ɛka nsɛm pɔtee a ɛfa bere a wɔka ho asɛm nso sɛ “nneɛma nhyehyɛe no awiei” no ho wo mmeae ahorow pii. Nanso sɛ Bible ka “wiase awiei” yi ho asɛm a, dɛn na ɛkyerɛ? So ɛkyerɛ sɛ wɔbɛsɛe yɛn fie a ɛyɛ Asase okyinsoromma yi?​—1 Yohane 2:17; Mateo 24:3, NW.

Ɛho nhia sɛ Onyankopɔn sɛe asase no sɛnea ɛbɛyɛ a obeyi tebea horow a ɛyɛ hu a abu so kɛse wo asase no so no afi hɔ. Ɛnyɛ asase na ɛma ɔhaw ahorow a adesamma abusua no rehyia nnɛ no ba. Nnipa na wɔma ɛba ne titiriw no, nnipa a wɔnkyerɛ obu biara mma Ɔbɔadeɛ a ɔne Yehowa Nyankopɔn no ne ne mmara no. Wɔn na wɔrema asase yi so asetra adan ayɛ ade a ɛyɛ hu ama nnipa pii no. Nanso ɛho nhia sɛ Onyankopɔn sɛe asase no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛsɛe saafo no.

Mmaratofo a Wɔbɛsɛe Wɔn

Sɛ nhwɛso no, sɛ wuhu sɛ nkura pii wɔ wo fi a, wobɛyɛ dɛn na wɔakunkum wɔn? So wobɛhyew wo fi no? Dabi! Mmom no, ɛda adi sɛ wubenya ɔkwan bi a wobɛfa so, te sɛ sum a wobesum wɔn afiri; anaasɛ ebia tɔ a wobɛtɔ agyinammoa. Worensɛe ofi no.

Wɔka sɛ ɛtɔ bere bi a, sakraman kunkum wɔn ho dwiw wɔ ɔkwan bi a ɛmma wompira wɔn ho so. Wɔmem kɔ nsu ase nkakrankakra na wogyaw wɔn hwene ano a wode bɛhome no nkutoo bere a wɔde wɔn ano aso biribi a epue wɔ nsu no ani mu no. Wɔn ho dwiw no foro ba baabi a sakraman no ti wɔ no sɛnea ɛbɛyɛ a nsu no remfa wɔn na awiei koraa no, wɔba ade a etua n’ano no ho. Afei sakraman onitefo yi yi ade no fi n’anom na nsu no fa ade no ne dwiw a wɔwɔ ho no kɔ. Hwee nyɛ sakraman no.

Enti ɛho nhia sɛ ɔbɛsɛe ne nipadua a mmoa no wɔ ho no sɛnea ɛbɛyɛ a obekunkum wɔn.

Saa ara na Yesu kae wɔ ne bɛ a ɛfa wiase awiei ho no mu sɛ na okuafo bi adua awi wɔ n’afuw mu nanso eduu anadwo no, ne tamfo beduaa wura wom. Okuafo no anhyew n’awifuw mũ no nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛsɛe wura no. Mmom no, bere a n’adwumayɛfo pɛe sɛ wotutu wura a afi ase renyin no, okuafo no kae sɛ: “Dabi, anyɛ a, . . . na moatu awi no bi afra mu. Momma n’abien nyinaa nnyin nkosi twa bere, na twa bere no mu na mɛka akyerɛ atwafo no sɛ mommoaboa nnɛnkyense no ano na monhyew, na momfa awi no nkogu san so.”

Afei Yesu de baa awiei sɛ: “Sɛnea wɔboaboa nnɛnkyense no ano na wɔhyew wɔ asɛm yi mu no, saa ara na ɛbɛyɛ wiase awiei: Mɛsoma m’abɔfo na wɔbɛboaboa . . . wɔn a wɔyɛ abɔnefo nyinaa ano na wɔde wɔn agu fononoo mu na wɔahyew wɔn.”​—Mateo 13: 24-26, 29, 30, 40-42, The Living Bible.

Yesu de “wiase awiei” no totoo nea esii wɔ wiase nyinaa Nsuyiri no mu wɔ Noa, bere so no nso ho. (Mateo 24:37-39) Wɔ saa bere no mu no, ɛnyɛ asase no ankasa na wɔsɛee no. Mmom no, ɛyɛ adesamma amumɔyɛfo. Esiane nnipa a na wɔte ase saa bere nosubammɔne nti, Onyankopɔn kae sɛ: “Mɛpopa nnipa a mabɔ wɔn no mafi asase ani.” (Genesis 6:7) Saa ara nso na ɔsomafo Petro kaa tete “amumɔyɛfo wiase” a wɔsɛee no wɔ Noa bere so no ho asɛm. Ɛnyɛ okyinsoromma a ɛne Asase yi na ɛsɛee.​—2 Petro 2:5.

Nanso dɛn nti na nkurɔfo pii nhu nsonsonoe a ɛda asɛm a ɛne “wiase awiei” ne Asase okyinsoromma yi a wɔbɛsɛe no no ntam? Ade biako nti a ɛte saa ne bu a nkyerɛkyerɛ a ɛte saa abu so wɔ asɔre pii a ɛwɔ hɔ nnɛ no mu no.

Nyamesom Nkyerɛkyerɛ Ahorow a Ɛne Ne Ho Bɔ Abira

Asɔre ahorow akasamafo a wɔka sɛ “wiase awiei” kyerɛ sɛ wɔbɛsɛe asase no ankasa ne nneɛma a nkwa wom a ɛwɔ so no nyinaa ama basabasayɛ aba. Arthur S. Maxwell yɛ obi a ɔkyerɛkyerɛ saa. ɔka wɔ ne nhoma a wɔfrɛ no Time Running Out no mu sɛ nuklea ahoɔden ama eyi tumi yɛ yiye nea edi kan wɔ onipa abakɔsɛm mu. Ɔka sɛ: “Ɔkwan bɛn so na ɔsoro bɛsɛe? Ɔkwan bɛn so na asase so nneɛma bɛnan ahyew na ɛso nyinaa ada mpan? Ɛyɛ mprempren, wɔ Nuklea Bere yi mu, nkutoo na ntease ne nkrasɛm a ɛyɛ nwonwa yi ada adi pefee.”

Henry M. Morris ka ɔsɛe a ɛte saa ara a nsonsonoe kakra wom ho asɛm wɔ Bibliotheca, Sacra mu: “Wɔrensɛe nneɛma titiriw a wɔde yɛɛ asase no, nanso ɛbɛnan kɛse, ebia emu atom no mpo bɛnan.” Ɔde ka ho sɛ: “Asase no so nsu na aka no bɛsa anaasɛ ɛbɛyow ntɛm ara. . . . Afei bere a kan asase no mu atom fi ase bɔ pete bio wɔ ɔsɛe no akyi no. Onyankopɔn de Ne tete tumi a ɔde bɔɔ nneɛma no bedi dwuma bio na ‘wabɔ’ na ‘wayɛ’ ɔsoro foforo ne asase foforo no.” Roman Katolekfo nhoma bi a wɔfrɛ no Dictionnaire de Théologie no ka wo asɛm a ɛne “Wiase Awiei” ase sɛ: “Katolek Asɔre no gye di na ɛkyerɛkyerɛ sɛ mprempren wiase yi (amansan a aniwa hu) a Onyankopɔn ayɛ no rentra hɔ daa. . . . Ɛyɛ nea egyina Kyerewnsɛm ne atetesɛm a ɛwɔ Katolekfo nkyerɛkyerɛ mu no so na nnɛyi nyansahu si so dua. Afei nso, Katolekfo Dictionary of Biblical Theology di kan kamfo abɔde sɛ “Onyankopɔn papayɛ” ne sɛ “adwini ankasa,” nanso afei ɛkɔ so ka sɛnea nneɛma a aniwa hu no ‘bɛsɛe koraa denam yɛ a nneɛma bɛsan ayɛ basaa ntɛm ara no so.’

Nyamesom atitiriw afoforo pii ne asɛnkafo akuw ahorow nso ma adwen horow a ɛte saa ara nya nkɔso. Nanso so eyi teɛ?

Wiase Bɛn na Wɔbɛsɛe No?

Yesu asuafo na wobisaa no asɛm a ɛfa wiase no awiei ho tẽẽ no. Sɛnea King James anaasɛ Authorized Bible nkyerɛase no kyerɛ no, wɔakyerɛw eyi wɔ Mateo 24:3 sɛ: “Kyerɛ yɛn, . . . wo ba newiase awiei no ho nsɛnkyerɛnne?”

Bible nkyerɛase afoforo boa yɛn ma yɛte ase sɛ Hela asɛmfua a wɔde gyinaa hɔ maa “wiase (ai.on’) a wɔde dii dwuma wɔ asɛm yi mu no nkyerɛ asase ankasa anaasɛ amansan a aniwa hu no. Bible nkyerɛase ahorow pii kyerɛ asɛm no ase sɛ “bere no awiei” anaasɛ “bere a etwa to.” New World Translation of the Holy Scriptures no kyerɛ nkyekyem no ase sɛ: “Dɛn na ɛbɛyɛ wo ba a woaba ne nneɛma nhyehyɛe no awiei ho sɛnkyerɛnne?”

Enti sɛ anka Bible no bɛhyɛ nuklea ɔsɛe anaasɛ ɔsɛe a ɛte saa a ɛfa amansan a aniwa hu a okyinsoromma a ɛne Asase yi ka ho ho nkɔm no, ɛkyerɛkyerɛ sɛ nneɛma nhyehyɛe bɔne a, ɛwɔ asase so no na ɛbɛba awiei mpofirim. Ɔporɔw, atoro, ne nyaatwomyɛ ahorow nyinaa a ɛwɔ hɔ mprempren, sɛ́ ebia ɛwɔ amammui, aguadi anaasɛ nyamesom mu, ka ho. Wɔnam ɔhyɛ so beyi animguasede, ɔbrasɛe, nsɛmmɔnedi ne adesamma amumɔyɛfo nyinaa a wɔwɔ asase so wɔ saa bere no mu no afi hɔ.

Ɛsɛ sɛ nsɛm abien a emu da hɔ pefee a ɛwɔ Bible no mu a ɛho nhia sɛ wɔkyerɛ ase no yi ehu biara a wowɔ sɛ asase no betumi asɛe bere a “wiase” no ba n’awiei no fi hɔ. Yehu nea edi kan no wɔ Ɔsɛnkafo 1:4: “Awo ntoatoaso kɔ, na awo ntoatoaso ba, na asase de, etim hɔ daa.” Nea ɛto so abien no pue wɔ Yesaia 45: 18: “Na sɛ [Yehowa] a ɔbɔɔ soro na ɔnwenee asase na ɔyɛe no se ni​—ɔne Nyankopɔn, ɔno na ɔde sii hɔ; wammɔ no hunu, na ɔnwenee sɛ wɔntra so.​—: Mene [Yehowa], na obi nni hɔ bio.”

Enti wiase a Bible no ka ho asɛm pefee sɛ wɔbɛsɛe no no yɛ adesamma a wɔnyɛ Onyankopɔn apɛde no. “Na wobegu abɔnefo ase afi asase so, na wɔatu nkontompofo afi so.” (Mmebusɛm 2:22) “[Yehowa] ne amanaman reham; ɔrebu ɔhonam nyinaa atɛn; ɔde abɔnefo ato afoa ano . . . Na da no na [Yehowa] bɛma atɔfo adeda hɔ afi asase awiei akosi asase awiei.”​—Yeremia 25:31, 33.

Nanso henanom na wobenya nkwa? Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ na ama wɔanya nkwa? Wobɛyɛ dɛn atumi akyerɛ bere a “wiase awiei” no abɛn?

[Kratafa 6 mfoni]

Asɔre ahorow pii ka sɛ wɔbɛsɛe asase no. Nanso Bible no nkyerɛkyerɛ saa

[[Kratafa 7 mfoni]

Bible no kyerɛkyerɛ sɛ wɔrensɛe nnipa nyinaa, amumɔyɛfo nkutoo na wɔbɛsɛe wɔn

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena