Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 10/15 kr. 10-14
  • Hwɛ Sɛnea Wɔn A Wodwo No Wɔ Anigye!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hwɛ Sɛnea Wɔn A Wodwo No Wɔ Anigye!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Odwo Mu a Yɛbɛhwehwɛ Yiye
  • Ɔkwan a Yɛbɛfa so Anya Odwo
  • Odwo so Mfaso Horow
  • Odwo De Anigye Ba
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yenya Odwo Su?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Odwo—Ɛboa Yɛn Sɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Hyɛ Odwo!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Odwo—Kristofo Su A Ɛho Hia Paa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 10/15 kr. 10-14

Hwɛ Sɛnea Wɔn A Wodwo No Wɔ Anigye!

“Anigye ne wɔn a wodwo, efisɛ wɔn na wobenya asase no adi.”​—MATEO 5:5, New World Translation.

1. Dɛn ne odwo su a Yesu kaa ho asɛm wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu no?

YESU KRISTO kae wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ: “Anigye ne wɔn a wodwo, efisɛ wɔn na wobenya asase no adi.” (Mateo 5:5, NW) Saa odwo su nyɛ nnipa ani so nyaatwom kwan so odwo na saa ara nso na ɛnyɛ nipasu a wonya fi awo mu kɛkɛ. Mmom no ɛyɛ nokware komam odwo ne asomdwoe a woyi adi de di Yehowa apɛde ne n’akwankyerɛ ho dwuma titiriw. Nnipa a wodwo ampa no wɔ dan a wɔdan Onyankopɔn no ho nkate a emu yɛ den, na ɛda adi wɔ odwo su a woyi adi kyerɛ wɔn mfɛfo nnipa no mu.​—Romafo 12:17-19; Tito 3:1, 2.

2. Dɛn nti na Yesu kae sɛ anigye ne wɔn a wodwo?

2 Yesu kae sɛ wɔn a wodwo no wɔ anigye, efisɛ wobenya asase no adi. Sɛ Onyankopɔn Ba a ɔwɔ odwo su a ɛyɛ pɛ no, Yesu ne asase no Difo Panyin. (Dwom 2:8; Mateo 11:29; Hebrifo 1:1, 2; 2:5-9) Nanso sɛ “onipa ba” a ɔne Mesia no, na obenya yɔnko adedifo wɔ ne soro Ahenni no mu. (Daniel 7:13, 14, 22, 27) Sɛ́ Kristo “yɔnkodifo” no, wɔn a wodwo a wɔasra wɔn yi nso ne no benya asase no adi. (Romafo 8:17) Afoforo a wodwo, nnipa a wɔte sɛ nguan no benya daa nkwa wɔ Paradise wɔ Ahenni no fã a ɛyɛ asase no so. (Mateo 25:33, 34, 46; Luka 23:43) Saa akwanhwɛ no ma wɔn ani gye.

3. Onyankopɔn ne Kristo yɛɛ odwo ho nhwɛso bɛn?

3 Asase no Difo Panyin a odwo no nya asase no fi n’Agya Yehowa a ɔne odwo su ho nhwɛso a odi kan no nkyɛn. Hwɛ mpɛn dodow a Kyerɛwnsɛm no ka sɛ Onyankopɔn ‘abodwo kyɛ na n’adɔeyɛ ne ne nokware dɔɔso pii’! (Exodus 34:6; Nehemia 9:17; Dwom 86:15) Ɔwɔ tumi kɛse, nanso oyi odwo adi araa ma n’asomfo betumi abɛn no a wonsuro. (Hebrifo 4:16; 10:19-22) Onyankopɔn Ba a na ‘odwo na ɔbrɛ ne ho ase koma mu’ no kyerɛkyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔnyɛ nnipa a wodwo. (Mateo 11:29; Luka 6:27-29) Onyankopɔn ne ne Ba nkoa a wodwo yi nso suasuaa “Kristo dwo ne n’ayamye” na wɔkyerɛw ho asɛm.​—2 Korintofo 10:1; Romafo 1:1; Yakobo 1:1, 2; 2 Petro 1:1.

4. (a) Sɛnea Kolosefo 3:12 kyerɛ no, dɛn na wɔn a wodwo ampa no ayɛ? (b) Nsemmisa bɛn na ɛfata sɛ yesusuw ho?

4 Ɛnnɛ, ehia sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no ne wɔn asase so ayɔnkofo no yɛ wɔn a wodwo. Esiane sɛ wɔagyae bɔne biara, nnaadaa, nyaatwom, nitan ne ntwiri nti, Onyankopɔn honhom aboa wɔn ma wɔayɛ foforo wɔ ‘wɔn adwene honhom mu.’ (Efesofo 4:22-24; 1 Petro 2:1, 2) Wɔhyɛ wɔn sɛ wɔnhyɛ “ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, abodwokyɛre.” (Kolosefo 3:12) Nanso odwo kyerɛ dɛn? Dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ yɛbɛyɛ wɔn a wodwo? Na ɔkwan bɛn so na su yi betumi aboa ma yɛanya anigye?

Odwo Mu a Yɛbɛhwehwɛ Yiye

5. Wobetumi akyerɛ odwo ase dɛn?

5 Obi a odwo yɛ n’ade bɔkɔɔ. Wɔ Bible nkyerɛase ahorow bi mu no, edin nkyerɛkyerɛmu a ɛne pra·ysʹ na wɔakyerɛ ase sɛ “odwo.” Wɔ tete Hela nkyerɛwee mu no, edin nkyerɛkyerɛmu a ɛne pra·ysʹ no betumi akyerɛ mframa anaasɛ ɛnne a ano nyɛ den. Ebetumi akyerɛ obi a ohu mmɔbɔ nso. Nhomanimfo W. E. Vine ka sɛ: “Wɔde [edin pra·yʹtes] ka Onyankopɔn ho asɛm kan ne titiriw. Saa honhom no na yɛde gye sɛnea Ɔne yɛn di no tom sɛ eye, ma enti yennye akyinnye na yɛnsɔre ntia; wɔde bata asɛmfua tapeinophrosunē [ahobrɛase] ho kɛse.”

6. Dɛn nti na wobetumi aka sɛ odwo nyɛ mmerɛwyɛ?

6 Odwo nyɛ mmerɛwyɛ. Nhomanimfo William Barclay kyerɛwee sɛ: “Odwo wɔ praus mu nanso nea ɛwɔ saa odwo no akyi no ne ahoɔden a ɛte sɛ dade.” Egye ahoɔden na obi anya odwo su. Sɛ nhwɛso no, ahoɔden ho hia na yɛayi odwo adi akyerɛ bere a wɔhyɛ yɛn abufuw anaa wɔtaa yɛn no. Onyankopɔn Ba Yesu Kristo a odwo no yɛɛ eyi ho nhwɛso pa. “Ɔno na wɔyaw no, na wanyaw bi, ohuu amane, na wanteɛteɛ, na ɔde hyɛɛ nea [Yehowa Nyankopɔn] obu ntɛntrenee no nsa.” (1 Petro 2:23) Te sɛ Yesu a odwo no, yebetumi anya ahotoso sɛ Onyankopɔn ne wɔn a wɔyaw yɛn na wɔtaa yɛn no bedi. (1 Korintofo 4:12, 13) Yebetumi ayɛ komm, te sɛ nea Stefano a wɔtaa no no yɛe no, ahu sɛ sɛ yedi nokware a, Yehowa bɛwowaw yɛn na ɔremma biribiara mpira yɛn nkosi daa.​—Dwom 145:14; Asomafo no Nnwuma 6:15; Filipifo 4:6, 7, 13.

7. Dɛn na Mmebusɛm 25:28 ka wɔ obi a onni odwo no ho?

7 Ɛwom sɛ na Yesu dwo de, nanso ɔde ahoɔden gyinaa pintinn maa nea ɛteɛ. (Mateo 21:5; 23:13-39) Obiara a okura “Kristo adwene” no bɛyɛ n’ade te sɛ ɔno wɔ eyi mu. (1 Korintofo 2:16) Sɛ obi nni odwo su a, ɔnte sɛ Kristo. Mmom no ɔte sɛ nea nsɛm yi ka no: “Ɔbarima a ontumi nsianka ne honhom te sɛ kurow a abubu a afasu nni ho.” (Mmebusɛm 25:28) Ɛnyɛ den sɛ onipa a onni odwo su a ɔtɛ sɛɛ no benya nsusuwii a ɛnteɛ a ebetumi ama wayɛ ade wɔ akwan a ɛnteɛ so. Ɛwom sɛ Kristoni a odwo no nyɛ obi a ɔyɛ mmerɛw de, nanso ɔda so ara nim sɛ “mmuae bɔkɔɔ sianka anibere, na asɛnnennen hwanyan abufuw mu.”​—Mmebusɛm 15:1.

8. Dɛn nti na ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobɛyɛ obi a odwo?

8 Ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛyɛ wɔn a wodwo, efisɛ yɛanya sintɔ ne bɔne afi awo mu. (Romafo 5:12) Sɛ yɛyɛ Yehowa nkoa a, yɛne ahonhommɔne dɔm a ebia wɔnam ɔtaa so bɛsɔ odwo a yɛwɔ no ahwɛ no anya. (Efesofo 6:12) Na yɛn mu pii ne wɔn a wɔwɔ wiase a Ɔbonsam di so tumi no atirimɔden honhom no bi no na ɛyɛ adwuma. (1 Yohane 5:19) Enti yɛbɛyɛ dɛn atumi anya odwo?

Ɔkwan a Yɛbɛfa so Anya Odwo

9. Adwene bɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛanya odwo?

9 Gyidi a egyina Bible so a ɛkyerɛ sɛ wɔhwehwɛ sɛ yeyi odwo adi kyerɛ no bɛboa yɛn ma yɛanya su yi. Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho da biara sɛ yebenya odwo. Anyɛ saa a, yɛbɛyɛ te sɛ nnipa a wobu odwo sɛ ɛyɛ mmerɛwyɛ, a wosusuw sɛ ahantan, mpiyɛ ne atirimɔden mpo na ɛma wodi yiye. Nanso, Onyankopɔn Asɛm kasa tia ahantan, na abebusɛm bi a nyansa wom ka sɛ: “Oyamyefo yɛ ne kra yiye, na otirimɔdenfo haw n’ankasa honam.” (Mmebusɛm 11:17; 16:18) Nnipa mmɛn otirimɔdenfo ne ɔyammɔnwenefo, sɛ wɔyɛ saa titiriw na amma n’atirimɔden ne odwo su a onni no ampira wɔn mpo a.

10. Sɛ yɛbɛyɛ wɔn a wodwo a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase hyɛ ase?

10 Sɛ yɛbɛyɛ wɔn a wodwo a, ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase hyɛ Onyankopɔn honhom kronkron anaasɛ n’adeyɛ tumi nkɛntɛnso ase. Sɛnea Onyankopɔn maa asase tumi bɔ nnɔbae no, saa ara nso na otumi ma ne nkoa da honhom aba a odwo ka ho no adi. Paulo kyerɛwee sɛ: “Na honhom aba ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, anidahɔ. Mmara bi ngu eyinom.” (Galatifo 5:22, 23) Yiw, odwo yɛ Onyankopɔn honhom aba, a wɔn a wɔsɔ n’ani yi adi kyerɛ no mu biako. (Dwom 51:9, 10) Na hwɛ nsakrae a odwo ma wɔyɛ! Nhwɛso bi ni: Na ɔsɛmmɔnedifo bi a wɔfrɛ no Tony a ɔkoo ntɔkwaw, ɔbɔɔ nkurɔfo korɔn, odii nnubɔne ho sum ase gua, na odii nsɛmmɔnedifo kuw bi a wɔtra motor so anim, na ɔkɔdaa afiase no wɔ hɔ. Nanso, ɛdenam Bible mu nimdeɛ a onyae ne Onyankopɔn mmoa so no, ɔsakra bɛyɛɛ Yehowa akoa a odwo. Nsɛm a ɛte sɛ Tony de no sisi. Ɛnde, dɛn na obi betumi ayɛ, sɛ odwo a onni no abɛyɛ ne nipasu mu ade titiriw a?

11. Dwuma bɛn na mpaebɔ di wɔ odwo a yebenya no mu?

11 Mpaebɔ a efi komam a yɛde bisa Onyankopɔn honhom ne n’aba a ɛne odwo no bɛboa yɛn ma yɛanya su yi. Sɛnea Yesu kae no, ebia ɛho behia sɛ ‘yɛkɔ so bisa,’ na Yehowa Nyankopɔn de yɛn abisade no bɛma yɛn. Bere a Yesu kyerɛe sɛ agyanom a wɔyɛ nnipa no de nneɛma pa ma wɔn mma wiei no, ɔkae sɛ: “Na sɛ mo a moyɛ abɔnefo [wɔ ntotoho kwan so] nim sɛnea mode nnepa ma mo mma a, mpɛn ahe ara na mo agya a ɔwɔ ɔsoro no remfa honhom kronkron mma wɔn a wobisa no?” (Luka 11:9-13) Mpaebɔ betumi aboa ma odwo ayɛ yɛn nipasu fã daa​—su a ɛboa ma yɛne yɛn ayɔnkofo nya anigye no.

12. Dɛn nti na kae a yɛbɛkae sɛ nnipa nyɛ pɛ no betumi aboa yɛn ma yɛayɛ wɔn a wodwo?

12 Kae a yɛbɛkae sɛ adesamma nyɛ pɛ no betumi aboa yɛn ma yɛayɛ wɔn a wodwo. (Dwom 51:5) Yɛrentumi nnwen anaa yɛnyɛ ade pɛpɛɛpɛ, sɛnea nnipa afoforo nso ntumi nyɛ no, enti akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ yenya tema, na yɛne wɔn di sɛnea yɛpɛ sɛ wɔne yɛn di no. (Mateo 7:12) Esiane sɛ yenim sɛ yɛn nyinaa di mfomso nti, ɛsɛ sɛ ɛma yɛde firi afoforo na yeyi odwo adi wɔ sɛnea yɛne wɔn di no mu. (Mateo 6:12-15; 18:21, 22) Anyɛ yiye koraa no, so yɛmfa aseda mma sɛ Onyankopɔn yi ɔdɔ ne odwo adi kyerɛ yɛn?​—Dwom 103:10-14.

13. Sɛ yegye tom sɛ Onyankopɔn ayɛ nnipa sɛ wɔn a wotumi fi wɔn pɛ mu yɛ ade a, ɔkwan bɛn so na ɛbɛboa yɛn ma yɛanya odwo su?

13 Gye a yebegye atom sɛ Onyankopɔn yɛɛ nnipa sɛ wɔn a wotumi fi wɔn pɛ mu yɛ ade no nso betumi aboa yɛn ma yɛanya odwo su. Eyi mma obiara kwan sɛ ɔmfa animtiaabu mmu Yehowa mmara so, na mmom ɛma kwan sɛ wɔ ne nkurɔfo mu no, wɔbɛkyerɛ nea wɔn ani gye ho, nea wɔpɛ ne nea wɔmpɛ. Enti momma yennye ntom sɛ wɔnhyɛ obiara sɛ ɔmfa nipasu pɔtee bi a ebia yebesusuw sɛ eye sen biara. Saa su yi bɛboa yɛn ma yɛayɛ wɔn a wodwo.

14. Ɛdefa odwo ho no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ?

14 Mmɔden a yɛbɛbɔ sɛ yɛrempow odwo no bɛboa yɛn ma yɛakɔ so anya su yi. Yɛn ho ase a yɛbrɛ hyɛɛ Yehowa honhom no ase no ma yɛsakraa yɛn nsusuwii. (Romafo 12:2) Odwo honhom te sɛ Kristo de no boa yɛn mprempren ma yɛmfa yɛn ho nhyɛ “ahohwi, akɔnnɔ, asabow, agobɔne, didimee ne abosonsom a wokyi” mu. Ɛnsɛ sɛ sika, asetra anaa nneɛma afoforo anaa Onyankopɔn a yesuro no ho asɛmmmɔne a wɔka no ma yɛpow odwo da. (1 Petro 4:3-5) Ɛnsɛ sɛ yɛma biribi hyɛ yɛn ma yɛyɛ “ɔhonam nnwuma,” na yɛanyi odwo adi ankyerɛ, na yɛannya Onyankopɔn Ahenni anaasɛ ne nhyira horow no. (Galatifo 5:19-21) Momma yɛn ani nnye hokwan a yɛanya sɛ yɛyɛ Onyankopɔn nnipa a wodwo, sɛ ebia wɔasra yɛn ama ɔsoro asetra anaasɛ yɛwɔ asase so anidaso no ho. Ɛno nti, momma yensusuw odwo so mfaso horow bi ho.

Odwo so Mfaso Horow

15. Sɛnea Mmebusɛm 14:30 kyerɛ no, dɛn nti na nyansa wom sɛ yɛbɛyɛ wɔn a wodwo?

15 Onipa a odwo wɔ odwo koma, adwene ne nipadua. Eyi te saa efisɛ ɔnko ntɔkwaw, ɔmma ne bo mfuw wɔ afoforo nneyɛe ho, anaasɛ ɔmfa adwennwene nhaw no ho daa. Odwo ma odi ne ho so, na onya eyi mu mfaso wɔ nkate ne honam fam. Abebu bi se: “Komam dwo yɛ ɔhonam nkwa, na nitan yɛ nnompe mu porɔw.” (Mmebusɛm 14:30) Odwo a obi nni no betumi ama wafa abufuw a ebetumi ama wanya mogya mmoroso, yafunu yare, ntehyewa, aniyare, ne ɔhaw afoforo. Kristoni a odwo nya mfaso horow, a “Onyankopɔn asomdwoe” a ɛhwɛ koma ne adwene tumi so ka ho. (Filipifo 4:6, 7) Hwɛ sɛnea nyansa wom sɛ yebenya odwo su.

16-18. Nkɛntɛnso bɛn na odwo nya wɔ yɛne afoforo ntam abusuabɔ so?

16 Odwo su ma yɛne afoforo ntam abusuabɔ nya nkɔso. Ebia bere bi no na yɛn suban ne sɛ yɛbɛka biribi ho asɛm araa kosi sɛ yebenya nea yɛpɛ. Ebia nkurɔfo bo fuw yɛn efisɛ na yenni ahobrɛase ne odwo. Wɔ tebea a ɛte sɛɛ mu no, sɛ yɛne afoforo nya akasakasa a, anka ɛrenyɛ yɛn nwonwa. Nanso, abebu bi se: “Nnyina sã a, ogya dum, na sɛ osututufo nni hɔ a, atutuw to twa. Sɛ gyabiriw yɛ ma nsramma, ne nnyina ma ogya no, sɛ ɔbarima tutupɛfo ma ɔko ano sɔ ne no.” (Mmebusɛm 26:20, 21) Sɛ yɛyɛ nnipa a wodwo na ɛnyɛ sɛ yɛde “nnyina ma ogya,” na yɛhyɛ afoforo abufuw a, yɛne wɔn benya abusuabɔ pa.

17 Ɛda adi sɛ obi a odwo benya nnamfo pa. Nnipa ani gye ho sɛ wɔne no bɛbɔ efisɛ ɔwɔ adwempa, ne nsɛm ma denhyɛ na ɛyɛ dɛ sɛ ɛwo. (Mmebusɛm 16:24) Na saa na Yesu te, na otumi kae sɛ: “Momfa me kɔndua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra. Na me kɔndua yɛ mmerɛw, na m’adesoa yɛ hare.” (Mateo 11:29, 30) Na Yesu nyɛ otirimɔdenfo, na ne kɔndua nyɛ duru. Ɔyɛɛ wɔn a na wɔba ne nkyɛn no yiye na wonyaa denhyɛ wɔ honhom fam. Saa na ɛba bere a yɛne yɛn Kristoni adamfo a odwo bɔ no.

18 Odwo ma yɛn mfɛfo gyidifo ani gye yɛn ho. Akyinnye biara nni ho sɛ na Korinto Kristofo no mu pii pɛ Paulo asɛm, efisɛ ‘ɔnam Kristo dwo ne n’ayamye so’ ne wɔn dii. (2 Korintofo 10:1) Akyinnye biara nni ho sɛ Tesalonikafo no tiee ɔsomafo no, efisɛ na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo a odwo. (1 Tesalonikafo 2:5-8) Akyinnye biara nni ho sɛ Efesofo mpanyimfo suaa nneɛma pii fii Paulo hɔ, na na wɔdɔ no yiye. (Asomafo no Nnwuma 20:20, 21, 37, 38) So wuyi odwo a ɛma afoforo pɛ w’asɛm adi kyerɛ?

19. Ɔkwan bɛn so na odwo boa Yehowa nkurɔfo ma wɔkɔ so tra wɔn afã wɔ n’ahyehyɛde mu?

19 Odwo su boa Yehowa nkurɔfo ma wɔbrɛ wɔn ho ase, na wɔtra wɔn afã wɔ n’ahyehyɛde no mu. (Filipifo 2:5-8, 12-14; Hebrifo 13:17) Odwo sianka yɛn ma yɛnnhwehwɛ anuonyam a egyina ahantan so a ɛyɛ akyide ma Yehowa no. (Mmebusɛm 16:5) Obi a odwo mmu ne ho sɛ ɔkorɔn sen ne mfɛfo gyidifo, na ɔmmɔ mmɔden sɛ ɔbɛfa wɔn so anya din. (Mateo 23:11, 12) Mmom no, ogye bɔne tebea a ɔwom no ne sɛnea ohia Onyankopɔn agyede nsiesiei no tom.

Odwo De Anigye Ba

20. Nkɛntɛnso bɛn na odwo nya wɔ abusua asetra so?

20 Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkoa nyinaa kae sɛ odwo yɛ ne honhom aba a ɛde anigye ba. Sɛ nhwɛso no, esiane sɛ Yehowa nkurɔfo da su horow te sɛ ɔdɔ ne odwo adi nti, mmusua a wɔwɔ anigye wɔ wɔn ntam. Sɛ okunu ne ɔyere ne wɔn ho wɔn ho di odwo kwan so a, wɔtete wɔn mma wɔ asomdwoe mu, na ɛnyɛ abusua a wɔka abufuw nsɛm na wɔde abufuw yɛ ade mu. Sɛ agya bi de odwo tu ne mma fo a, eyi nya wɔn adwene a enyinii no so nkɛntɛnso pa, na ebia odwo su bɛyɛ wɔn nipasu fã. (Efesofo 6:1-4) Odwo su boa okununom ma wɔkɔ so dɔ wɔn yerenom. Ɛboa ɔyerenom ma wɔbrɛ wɔn ho ase ma wɔn kununom, na ɛma mmofra yɛ osetie ma wɔn awofo. Odwo nso ma abusua mufo nya fafiri honhom a ɛde anigye ba.​—Kolosefo 3:13, 18-21.

21. Ne tiatwa mu no, afotu bɛn na ɔsomafo Paulo de ma wɔ Efesofo 4:1-3?

21 Mmusua ne nnipa ankorankoro a wodwo no ma anigye ba asafo a wɔwom no mu. Enti, ɛho hia sɛ Yehowa nkurɔfo bɔ mmɔden yiye sɛ wɔbɛyɛ wɔn a wodwo. So woreyɛ saa? Ɔsomafo Paulo srɛe ne mfɛfo Kristofo a wɔasra wɔn no sɛ ɛsɛ sɛ wɔnantew sɛnea ɛfata wɔn soro frɛ no, na wɔnyɛ saa wɔ ‘ahobrɛase adwene ne odwo nyinaa mu, abodwokyɛre mu, nkurakura wɔn ho mu ɔdɔ mu, mmɔ mmɔden mfa asomdwoe nhama nkura honhom biakoyɛ mu.’ (Efesofo 4:1-3) Ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ asase so anidaso yi odwo ne su horow pa afoforo adi kyerɛ. Eyi yɛ adeyɛ a ɛde nokware anigye ba. Anigye ne wɔn a wodwo ampa!

Wubebua Dɛn?

◻ Dɛn nti na wɔn a wodwo no wɔ anigye?

◻ Yɛ a yɛbɛyɛ wɔn a wodwo no kyerɛ dɛn?

◻ Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya odwo su?

◻ Odwo so mfaso horow no bi ne dɛn?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena