-
Ɔdɔ A Yɛbɛhyɛ Na Yɛahyɛ No DaaƆwɛn-Aban—1983 | May 1
-
-
Wɔka Bom Ma Dwumadi Titiriw
7. Efi 1914 no dɛn na ɛho hia wɔ Yehowa Adansefo fam, na esiane adwuma bɛn ntia?
7 ‘Nneɛma nhyehyɛe no awiei’ a efii ase fi 1914 no fã a edi akyiri yi mu no ɛho hia sɛ Yehowa Adansefo a wɔnyɛ nneɛma nhyehyɛe yi fã no de biakoyɛ di dwuma. Ɛho hia sɛ wodi ade a ɛho hia sen biara wɔ adesamma abakɔsɛm nyinaa mu no ho adanse wɔ wiase nyinaa. (Mateo 24:14; Marko 13:10) Ɛsɛ sɛ tebea no da nsow sɛnea ɔsomafo Paulo kyerɛ sɛ ɛdaa nsow wɔ ne bere so no. Ɔreka eyi ho asɛm wɔ Kolosefo 1:23 no, ɔkae sɛ: “Asɛmpa a motee a wɔaka no wiase abɔde nyinaa mu a me Paulo mayɛ ho somfo no anidaso no.” Na afei, mo a moyɛ asɛmpa no ho asomfo nnɛ nyinaa, asɛmpa ‘a ɛte saa ara a wɔbɛka wɔ abɔde nyinaa mu a wɔde asi hɔ ama yɛn bere yi a anibere wom no nso ɛ?
-
-
Ɔdɔ A Yɛbɛhyɛ Na Yɛahyɛ No DaaƆwɛn-Aban—1983 | May 1
-
-
9. Bere bɛn na Yehowa Adansefo hui sɛ wɔredi ɔsomafo Yohane anisoadehu no ho dwuma, na dɛn nti na afei wɔade wɔn ho sɛ wɔbɛka asɛmpa no akyerɛ wɔ baabiara?
9 So nkaefo a wɔasra wɔn a ɔsomafo Yohane yɛɛ wɔn ho mfonini no ahu nnɛyi adeyɛ bi a ɛte sɛ ɔbɔfo a na ɔnam ɔsoro mfinimfini kura “daa asɛmpa” a na ɛsɛ sɛ wɔka kyerɛ wɔn a wɔte asase so nyinaa, yiw, ɔman biara, abusua biara, kasa biara ne nnipa a wokura honam ani hwɛbea horow nyinaa no de no anaa? Yiw, efi ɔko no akyi afe 1919 ahohurubere mu reba. Saa bere no na wofii ase sɛ wɔredi nkɔmhyɛ ahyɛde a Yesu de mae wɔ Mateo 24:14 no ho dwuma. So na nkaefo a wɔte ase saa bere no wɔ “daa asɛmpa” a wɔbɛka akyerɛ abɔde nyinaa a ɛwɔ ɔsoro ase no? Yiw! Na Onyankopɔn Ahenni a ɛnam Kristo so no ho asɛmpa no wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔka kyerɛ sɛ wɔde asi hɔ wɔ Amanaman Mmere no awiei wɔ 1914 mu. Na, yiw, na asɛmpa a ɛyɛ anigye bɛn ara na ɛyɛ ma honhom mu Israelfo nkae no sɛ nneɛma ahorow a ɛkɔɔ so wɔ ɔko no akyi no ma wohui sɛ Babilon Kɛse a na anka ɔhyɛ wɔn so kɛse no ahwe ase, ma na onni Yehowa Adansefo so tumi bio! Afei de na wɔade wɔn ho sɛ wɔbɛka saa asɛmpa titiriw yi akyerɛ nnipa a wɔwɔ nyamesom mu nnommumfa mu no nyinaa, na wɔaka akyerɛ wɔn sɛ womfi Babilon Kɛse no mu na wɔaboa wɔn ma wɔayɛ saa.—Adiyisɛm 18:4.
-