Asomfo-Adwumayɛfo
1. Wɔ Romafo 13:1-6 nkyerɛase a Tyndale yɛe no mu no, wɔfrɛ amammui nniso horow mu mpanyimfo dɛn wɔ Kristofo Nyankopɔn no fam?
WƆ NE nkyerɛase a ɔyɛ fii tete Hela mu kɔɔ Engiresi kasa a na obiara ka wɔ ne bere so no mu wɔ afe 1526 Y.B. mu no mu no, William Tyndale kae wɔ wiase yi mu “atumfoɔ” ho sɛ: “Efisɛ ɔyɛ Nyankopɔn asomfo ma wiase. Nanso sɛ woyɛ bɔne a, ɛnde suro. Efisɛ onkura afoa no kwa. Efisɛ ɔyɛ Onyankopɔn somfo a ɔde asotwe ba wɔn a wɔyɛ bɔne so. Enti ɛho hia sɛ moyɛ osetie, ɛnyɛ asotwe a musuro nti; na mmom esiane mo ahonim nso nti. Esiane eyi nti nso na mutua tow. Efisɛ wɔyɛ Onyankopɔn asomfo, a wɔsom atirimpɔw koro no ara nti.”—Rom. 13:1-6, Dabney.
2. (a) So nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔfrɛ wiase nniso horow mu mpanyimfo sɛ “asomfo” no gyina nkyerɛase a Tyndale yɛɛ no afe 1526 mu no so anaa? (b) So dwuma a wɔde saa abodin no di no kyerɛ sɛ ɛmfata sɛ Paulo ne Kristofo a wɔnyɛ wiase yi fã no frɛ wɔn ho asomfo anaa?
2 Biribiara nni hɔ a enti ɛsɛ sɛ yegye di sɛ aman mpanyimfo a wɔwɔ amammui nniso horow mu a wɔfrɛ wɔn Brɔfo mu “prime minister” (ɔsomfo panyin) anaasɛ “minister” (ɔsomfo) no gyina ɔsomafo Paulo asɛm a ɛwɔ atifi ha no so. Ne saa mpo, nsonoe kɛse da wiase adwuma a amammuifo a wɔfrɛ wɔn ‘Onyankopɔn asomfo’ yi yɛ ne ‘ɔsom’ adwuma a ɔsomafo Paulo ne mfɛfo Kristofo a wɔnyɛ wiase yi fã no yɛe no ntam. Ɛsono wɔn dwumadi ahorow no. Engiresi asɛmfua “minister” a wiase amammuifo de di dwuma wɔ aban mu no nsiw frɛ a wɔbɛfrɛ Paulo ne ne mfɛfo Kristofo sɛ “ministers” anaasɛ “asomfo” wɔ nyamesom kwan so sɛnea ɛte wɔ kasa horow a wɔde di dwuma mu no kwan.
3. Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ, a wɔka asɛm wɔ afie afie te se Tihiko ne Timoteo no mu biara yɛ “Onyankopɔn somfo wɔ Kristo asɛmpa mu” anaa?
3 Bere a ɔsomafo Paulo frɛ Tihiko “onua dɔfo ne Awurade mu somfo nokwafo,” wɔ Efeso 6:21 no, na ɛnyɛ sɛ ɔde Tihiko retoto Kristoman mu asɔfo no ho. (Afei nso, Kolosefo 1:7; 4:7) Paulo frɛɛ Timoteo nso “yɛn nua ne Nyankopɔn somfo wɔ Kristo asɛmpa mu.” (1 Tes. 3:2) Nokwarem no, Yehowa adansefo a wɔahyira wɔn ho so agye asubɔ nnɛ a wɔka “ahenni no ho asɛmpa yi” afie afie no yɛ ‘Onyankopɔn asomfo wɔ Kristo asɛmpa mu.’—Mat. 24:14; Marko 13:10.
4. Dɛn na Kyerɛwnsɛm no da no adi wɔ sɛ ebia Kristofo asafo no nyinaa, ne ankorankoro a wɔwɔ mu no, wɔ ɔsom adwuma ho?
4 Na Kristofo a wɔagye asubɔ no asafo mũ no nyinaa nso ɛ? Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba a wɔahyɛ no anuonyam no ka kyerɛɛ Tiatira asafo a na ɛwɔ Asia Kuma no sɛ: “Minim wo nnwuma ne wo dɔ ne wo gyidi ne wo som.” (Adi. 2:18, 19) Paulo kyerɛw asafo a na ɛwɔ Korinto, Akaia, wɔ Hela man mu no sɛ: “Ɔsom nnwuma gu ahorow, nanso ɛyɛ Awurade koro no ara” (1 Kor. 12:5) Nea ɛne saa nokwasɛm no hyia no, efi Pentekoste 33 Y.B. reba no, Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no de nnipa maa asafo a ɛwɔ asase so no sɛ akyɛde, te sɛ asomafo, adiyifo, asɛmpakafo, akyerɛkyerɛfo. Dɛn ntia? “Na wɔasesɛw ahotefo no yiye ama som adwuma no, na Kristo nipadua no si akɔ so.” (Efe. 4:7-12) Awiei koraa no, ɔsomafo Paulo kyerɛw nnipa a wɔwɔ Hebri Kristofo asafo no mu wɔ Yerusalem no nyinaa sɛ: “Efisɛ Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ a ne werɛ befi mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔe ne din ho, sɛ mosom ahotefo na moda so som wɔn.” (Heb. 6:10) Saa kwan yi so no, na wɔn nyinaa reyɛ ɔsom adwuma a ɛsɔ Yehowa Nyankopɔn ani.
WƆ ƆHONAM FAM ADWUMA HO
5. (a) Nea ɛne asɔfo a wɔwɔ Kristoman mu no nneyɛe bɔ abira no, so asomfo, sɛnea Kyerɛwsɛm no kyerɛ no betumi ayɛ wɔn a wɔde wɔn bere no fã bi yɛ ɔhonam fam adwuma? (b) Bere bɛn na asɛmfua “minister” anaasɛ ɔsomfo no puei wɔ Bible nkyerɛase horow mu?
5 Sɛ obi yɛ Kyerɛwsɛm kwan so somfo sɛ́ Yehowa Adansefo a wɔahyira wɔn ho so agye asubɔ no asafo no muni no nkyerɛ taamudi asetra a ɔbɛtra. Kristoman asɔre horow no mu asɔfo no asetra nhyehyɛe no betumi ama nnipa pii asusuw saa. Nanso sɛnea Bible a wofi honhom mu kyerɛwee no kyerɛ no, ɛnsɛ sɛ ɛba saa. Nanso, wɔn a wɔyɛ “asomfo” sɛnea asɛmfua no asekyerɛ wɔ Bible mu kyerɛ no betumi ayɛ ɔhonam fam adwuma nso. Yiw, ná Yesu Kristo mpo yɛ duadwumfo wɔ Nasaret kosii sɛ odii mfe 30! Afei ɔde ne bere nyinaa sii hɔ maa ɔsom adwuma a ɛno nti wɔde Onyankopɔn honhom sraa no no. Sɛ́ ebia ɔkaa Latin kasa na enti ɔde Latin asɛmfua a egyina hɔ ma “ɔsomfo” dii dwuma no de, yennim. Nanso bere a wɔkyerɛɛ Hebri ne Hela Kyerɛwnsɛm no ase kɔɔ Roma Ahemman no Latin kasa no mu no, afei asɛmfua minister no puei wɔ saa nkyerɛase no mu.
6. (a) Sɛnea nsɛmfua ahorow a Latin anaasɛ Hela nsɛmfua a ɛne eyi hyia no fi mu no kyerɛ no, “minister” kyerɛ dɛn? (b) Ɛnde ɔkwan bɛn so na na Paulo betumi ‘ahyɛ no anuonyam’?
6 Esiane sɛ asɛmfua minister no fi Latin asɛmfua minus a ɛkyerɛ “nea ɛba fam” nti, sɛ́ obi bɛyɛ “minister” anaasɛ ɔsomfo no ankasa kyerɛ sɛ ɔbɛyɛ ne ho “te sɛ nea ɔba fam” (quod minus est, Latin) . Hela asɛmfua di.a’ko.nos a, ɛne no hyia no nso kyerɛ biribi a ɛba fam. Wɔkyerɛ sɛ efi asɛmfua di.a’ (a ɛkyerɛ “ɛdenam”) ne konis (a ɛkyerɛ “mfutuma”) mu. Wɔ Helani fam no, asɛmfua no bɛkyerɛ obi a ɔfa mfutuma mu na ɔsom. Nanso saa asekyerɛ a ɛba fam a Hela asɛmfua yi wɔ akyi no, ɔsomafo Paulo de dii dwuma bere a ɔreka sɛ: “Mekamfo me som” no. (Rom. 11:13) Na ɔkyerɛɛ eyi denam ɔsom adwuma yi a ɔyɛ kosii awiei no so.
7. (a) So ahenni asɛnka adwuma no ho hwee a asomfo no nnyɛ no brɛ ɔsom adwuma no anuonyam ase? (b) Ahenni asomfo bu honam fam adwuma biara a ɛho hia sɛ wɔyɛ dɛn?
7 Ɛnyɛ ne ho anuonyam a ɔbɛhyɛ nti na Paulo de nsiyɛ yɛɛ ne som adwuma no. Wannye hwee amfi wɔn a ɔkaa “asɛmpa” kyerɛɛ wɔn no nkyɛn. Nanso eyi yɛ mu no na ɛnyɛ sɛ ɔrema ne som no ayɛ te sɛ nea ɛho nni mfaso. Na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔte “asɛmpa” no nya anisɔ sɛ wonya biribi a ɛho wɔ mfaso mfa wɔn nanso wontua “asɛmpa” no ho hwee, ɔsom adwuma a wiase yi mu nnwuma ahorow a nkurɔfo yɛ gye sika akɛseakɛse no mu biara ne no nsɛ. Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo suasua nhwɛso a ɔsomafo Paulo yɛe no. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam Onyankopɔn ahenni ho asɛnka adwuma no a wɔnyɛ mfa nhwehwɛ ɔhonam fam ahonyade no so. Wobu sɛ ɛyɛ mfomso sɛ wɔbɛyɛ ahenni asɛnka adwuma no sɛ biribi a wɔde redi gua, sɛ ɔkwan a wɔnam so benya asetra pa. Ɔhonam fam adwuma biara a wɔbɛyɛ no yɛ nea ɛto so abien wɔ wɔn asetra mu. Ahenni som adwuma no yɛ biribi a wobetumi de nneɛma ahorow abɔ afɔre ama!
8. Bere a awiei koraa no Paulo koduu Roma no, ɔkwan bɛn so na ɔkɔɔ so ‘hyɛɛ ne som anuonyam’ wɔ hɔ?
8 Bere a awiei koraa no ɔsomafo Paulo koduu Roma na ohyiaa asafo no, ɔkɔɔ so yɛɛ nea na waka wɔ ne krataa a odii kan kyerɛw wɔn mfe bi no mu no; ‘ɔhyɛɛ ne som no anuonyam.’ Ɔkwan bɛn so na ɔnam yɛɛ eyi ɛwom mpo sɛ na ɔyɛ deduani a ɔda nkɔnsɔnkɔnsɔn mu de? Oduruyɛfo Luka a na ɔyɛ ne hokafo nokwafo no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Yeduu Roma no, wɔmaa [Paulo] hokwan sɛ ɔne sraani a ɔhwɛ no no nkɔtra nea ɔpɛ. Na ɛbae sɛ nnansa akyi no Paulo frɛfrɛɛ Yudafo atitiriw boaa ano; na wobehyiae no, [Paulo kasa kyerɛɛ wɔn] . . . enti Paulo traa n’ankasa fi a ɔfɛmee no mu, na ogyee wɔn a, wɔbaa ne nkyɛn nyinaa, ɔkaa Onyankopɔn ahenni ho asɛm, na ɔde nnam nyinaa kyerɛkyerɛɛ nneɛma a ɛfa Awurade Yesu Kristo ho, na obi ansiw no kwan.”—Aso. 28:16-31; Efe. 6:20.
9. Paulo afiasenna ne nea enti a wɔde no too afiase no ho asɛm trɛw koduu he wɔ Roma, na Kristofo a wɔwɔ saa kurow no mu no tee nka dɛn wɔ ho?
9 Dɛn na efii adwuma a Paulo a na wɔayɛ no deduani a ɛmfata yɛe no mu bae? Ɔka kyerɛ yɛn sɛ: “Na mepɛ sɛ muhu, anuanom, sɛ, nea ɛyɛɛ me no abɛma asɛmpa no akɔ so mmom, ma me mpokyerɛ abɛda adi Kristo mu, Pretorio [amrado aban mu asraafo] nyinaa ne wɔn a aka no nyinaa mu, na anuanom no mu pii no nam Awurade mu de wɔn ani too me mpokyerɛ so ayɛ nnam aboro so mmom sɛ wɔka asɛm no a wonsuro.” “Ahotefo no nyinaa kyiakyia mo, ne titiriw no wɔn a wofi Kaesare fi.”—Fil. 1:12-14; 4:22.
NNƐ NE BERE A ƐSƐ SƐ YƐHYƐ ƆSOM NO ANUONYAM
10. Bere bɛn na Yehowa nkurɔfo nokwaredifo a wɔahyira wɔn ho so agye asubɔ no nkaefo gyee ɔfrɛ no so sɛ womfi atoro som wiase ahemman no mu?
10 Yehowa Adansefo atie ɔfrɛ a efi soro sɛ womfi Babilon Kɛse, atoro som wiase ahemman no mu no. Wiase Nyinaa Ko I a ɛbae 1914-1918 no mu no, Babilon Kɛse no ne amammui tumi horow a na wɔredi ako no de akwanside ahorow sisii Yehowa Nyankopɔn nkurɔfo a wɔahyira wɔn ho so agye asubɔ no akwan mu. Eyi kɔɔ so araa ma wɔde wɔn ahyehyɛde no mu mpanyimfo a wɔwɔ dwumadibea ti hɔ no koguu afiase. Nanso afe a edi ɔko no akyi wɔ 1919 mu no wogyaa wɔn. Afei wohuu hia a ehia sɛ wɔsan yɛ nhyehyɛe ma “ahenni no ho asɛmpa yi” a wɔbɛka wɔ wiase nyinaa no.—Mat. 24:14.
11. (a) Bere a wohyiae wɔ nhyiam ase wɔ afe 1919 mu no, nkaefo no mufo paa Babilon Kɛse no ho ntama wɔ ɔkwan bɛn so? (b) Bere bɛn a wɔatwɛn na wɔkamfo kyerɛe, na nea ɛne eyi hyia no, nsɛmma nhoma bɛn na wofii ase tintimii?
11 Nkaefo no a wɔbɛsan ahyehyɛ wɔn ama “ahenni no ho asɛmpa yi” a wɔbɛka wɔ asase so nyinaa asen bere a atwam no dii akyi bae. Esiane ɛno nti wɔyɛɛ nhyiam kɛse bi wɔ September afe 1919 mu, wɔ Cedar Point, Ohio, U.S.A. Ɛhɔ no wɔdaa no adi baguam sɛ Babilon Kɛse no ne Amanaman Apam a na wɔrehyehyɛ, a Protestant Asɔre no mu asɔfo frɛɛ no “Onyankopɔn ahenni no amammui kwan so nsiananmu wɔ asase so” no akyigyinafo. Wɔn a wɔkɔɔ nhyiam no kamfoo “ɛbere pa” a Onyankopɔn soro ahenni a ɛwɔ Kristo nsam no de bɛba no. Sɛnea wɔbɔɔ no dawuru wɔ nhyiam no ase no, wɔ October afe 1919 mu no, wofii ase tintim nsɛmma nhoma foforo sɛ Ɔwɛn Aban nsɛmma nhoma no hokafo, na wɔtoo din “The Golden Age.” Akyiri yi, esiane hia a na adesamma abusua no nyinaa hia awerɛkyekye kɛse nti, wɔsesaa nsɛmma nhoma no din frɛɛ no “Consolation.” Wiase Nyinaa Ko II akyi no wɔsakraa din no yɛɛ no “Nyan!”
12. (a) Wɔrema wɔn som adwuma no anya nkɔso no, nkaefo no faa din foforo bɛn? (b) Na dɛn na eyi nyinaa reyɛ wɔn ahenni som no?
12 Eyi nyinaa maa Nyankopɔn ahenni a wɔde asi hɔ no ho asɛnkafo no nyaa ɔsom adwuma nhyehyɛe foforo. 1931 mu no, wɔpow ahohorabɔ din horow a Babilon Kɛse no kɔɔ so de frɛɛ wɔn no, efisɛ saa bere no wɔfaa edin a egyina Bible nkɔmhyɛ so a ɛne, Yehowa Adansefo no. (Yes. 43:10-12) Eyi ma wonyaa din foforo wɔ Babilon Kɛse ne n’amammui atumfoɔ no anim. Saa nyamesom kwan so ntama a nneɛma ayeyɛ mu na ayɛ fi denam wɔne Babilon Kɛse no nkitahodi so a woyii guu hɔ no sɔɔ Yehowa wɔn Nyankopɔn ani. Wonyaa gyinabea foforo wɔ n’anim. Sɛnkyerɛnne kwan so no, na ɛte sɛ nea nkaefo a wɔasra wɔn yi rehyɛ “ntade foforo” a ɛfata wɔn asɔfo dwuma no. (Sak. 3:4, 5) Eyi maa ɔsom a wɔde ma Onyankopɔn no anim baa nyam.
13. (a) Adanse bɛn bio na ɛdaa adi efi 1935 reba a ɛkyerɛ sɛ nkaefo no asan abenya Onyankopɔn dom? (b) “Nnipakuw kɛse” no mufo bɛkaa nkaefo no ho wɔ dɛn a wɔyɛ wɔ ɔsom adwuma no ho mu?
13 So adanse a aniwa hu bi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ nkaefo a wɔasra wɔn no asan abenya ɔsoro dom wɔ Wiase Ko I akyi anaa? Yiw, “nnipakuw kɛse” a ɛbɛdaa adi sɛ wɔhwehwɛ nokware teasefo Nyankopɔn koro no nokwaredi mu no fii ase ne saa ntotoho kwan so kuw “ahene asɔfokuw” no nkaefo kuw ketewa no bɔɔ fekuw. (1 Pet. 2:9) Saa na ayɛ fi afe 1935 fefɛw bere no mu. Afei wɔyɛɛ nhyiam kɛse bi wɔ Washington D.C. Ɛhɔ, wɔ May 31 no, Ɔwɛn Aban Asafo no titrani no maa ɔkasa titiriw a n’asɛmti ne “Nnipakuw Kɛse No.” Ná eyi gyina Adiyisɛm 7:9-15 so. Ade kyee no, nnipa 840 yɛɛ wɔn ahosohyira ma Yehowa Nyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne denam nsu mu asubɔ so. Na asubɔ hwehwɛfo yi mu dodow no ara wɔ “nnipakuw kɛse” no anidaso a ɛne sɛ wɔbɛtra paradise asase so wɔ Kristo ahenni ase no. Na wonim sɛ eyi kyerɛ wɔn ho a wɔde bɛbɔ nkaefo a wɔasra wɔn no wɔ wɔn afie afie dwumadi sɛ Yehowa Nyankopɔn asomfo no mu. Wɔn nso wofii ase ‘hyɛɛ wɔn som no anuonyam.’
14. Ɛwom sɛ mpɛn pii no wontumi mfa wɔn bere nyinaa nsi hɔ mma ahenni asɛnka adwuma no, nanso asɛyɛde bɛn na ɛda “nnipakuw kɛse” no so esiane wɔn ahosohyira ne sɛnkyerɛnne kwan so asubɔ no nti?
14 Ɛde besi nnɛ no, nnipa ɔpepehaha pii a wɔwɔ nguanten su aba nkaefo a wɔasra wɔn no afa na wɔabɛka wɔn ho wɔ ahenni som adwuma no mu. Ɛnyɛ eyinom nyinaa na wɔatumi de wɔn bere nyinaa asi hɔ ama ɔsom adwuma yi sɛ adawurubɔfo a wɔde wɔn bere nyinaa ka asɛm, Ɔwɛn Aban Asafo no ananmusifo a wotutu akwan kɔ mmeae horow, anaasɛ wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ Asafo ti no baa dwumadibea ahorow. Asetra mu asɛyɛde ahorow hwehwɛ sɛ wɔn mu dodow no ara de wɔn bere fã kɛse no ara yɛ ɔhonam fam adwuma. Nanso wɔn ho so a wɔahyira ama Onyankopɔn, na wɔde nsu mu asubɔ ayɛ ho sɛnkyerɛnne no hwehwɛ sɛ wɔyɛ n’asomfo na wodi n’ahenni nneɛma ho dwuma.
15. Ɔkwan bɛn so na eyinom hu wɔn ho wɔ tebea bi a ɛte sɛ ɔsomafo Paulo ade no mu wɔ Korinto?
15 Wɔn tebea no te sɛ ɔsomafo Paulo de no. Afe ne fã no ɔne Akwila a ɔyɛ Yudani gyidini boom yɛɛ adwuma wɔ Korinto sɛ ntamadan yɛfo. (Aso. 18:1-11) Ebinom bebu Paulo nnɛ sɛ na ɔyɛ “obi a ɔde ne bere nyinaa som.”
16. Bere a Paulo gyinae wɔ Mileto bere a ɔrekɔ Yerusalem no, dɛn na ɔkae wɔ ɔhonam fam adwuma a ɔyɛe no ho?
16 Yɛkae nea Paulo kãe bere a na ɔrekɔ Yerusalem na ogyinae wɔ Mileto mpoano wɔ Asia Kumaa no. Ɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ Efeso asafo no mu mpanyimfo, anaasɛ emu ahwɛfo. Nea ɛka nneɛma afoforo ho no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Enti monwɛn, na monkae sɛ mfirihyia abiɛsa anadwo ne awia minnyaee mo mu biara afotu, nusu mu, da. . . . M’ani ammere obiara dwetɛ anaa sika anaa atade; mo ankasa munim sɛ, nea ehia me ne wɔn a wɔka me ho no, nsa yi ano adwuma na mede minyae. Ne nyinaa mu na mekyerɛɛ mo sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwuma saa de boa wɔn a wɔyɛ mmerɛw, na wɔkae Awurade Yesu nsɛm a ɔkae sɛ: ‘Ɔma [mu] wɔ nhyira mmom sen ogye.’”—Aso. 20:31-35.
17. (a) So na Paulo regu ne som adwuma no anim ase denam ɔhonam fam adwuma a ɔyɛe bere ne bere mu no so anaa, anaasɛ na dɛn ne ɛho atirimpɔw? (b) Dɛn na yebetumi aka wɔ sɛ ebia na Kristofo afoforo a wɔahyira wɔn ho so saa bere no yɛ asomfo adwumayɛfo ho, sɛnea asɔredan mu adwumayɛfo bɛn ma ɛda adi?
17 Ɛdenam bere kakra a ɔde yɛɛ honam fam adwuma de hwehwɛɛ sika kakra so no, na ɛnyɛ sɛ Paulo de rebrɛ n’ahenni som adwuma no ase. Ɔyɛɛ nhyehyɛe kaa n’asɛm no na ɔyɛɛ ne nkyerɛkyerɛ adwuma no a onnye n’atiefo ne wɔn a ɔkyerɛkyerɛ wɔn no hwee. Saa kwan no so no wamma obi antumi anka sɛ ne nkyerɛkyerɛ adwuma no yɛ sikapɛ nhyehyɛe. (1 Kor. 9:13-18) Eyi mu no na ɔreyɛ nea ɔkae no ankasa: “Mehyɛ me som no anuonyam.” (Rom. 11:13) Ɔsomfo a ɔyɛ ɔhonam fam adwuma bi de boa ne ho a ná ɔyɛ no ma ɛdaa adi sɛ na okura adwempa a pɛsɛmenkominya nni mu wɔ n’ahenni som adwuma no mu. Na ne mfɛfo Kristofo a wɔahyira wɔn ho so no mu dodow no ara yɛ asomfo adwumayɛfo, na ná ebinom mpo yɛ nkoa ma awuranom a wɔnyɛ Kristofo. (Aso. 18:1-4; Rom. 16:3-5) Ɔhonam fam adwuma a ɛho hia a obi yɛ mmrɛ ahenni som adwuma no ase, efisɛ ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwene mu sɛ Lewifo a na wɔwɔ Mose Mmara apam a wɔne Israel yɛe no ase no somee wɔ asɔrefi hɔ wɔ Yerusalem dapɛn biako pɛ asram asia biara, ne afe afe afahyɛ ahorow a wodii wɔ Yerusalem no ase. Mmere a aka no nyinaa wɔtratraa wɔn Lewifo nkurow no mu wɔ asase no nyinaa so na wɔyɛɛ adwuma wɔ hɔ de hwɛɛ wɔn mmusua. Enti na wɔn nso wɔyɛ asomfo adwumayɛfo.
18. (a) So ɛfata sɛ asomfo adwumayɛfo a wɔwɔ Yehowa Adansefo mu no nya hokwan ahorow a wɔde ma Babilon Kɛse no mu asɔfo no anaa? (b) Ɔkwan bɛn so na asomfo adwumayɛfo ‘hyɛ wɔn som no anuonyam’ bere a wɔyɛ ɔhonam fam adwuma?
18 Esiane sɛ Yehowa adansefo a wɔahyira wɔn ho so agye asubɔ no pii hu sɛ ɛho hia sɛ wɔde wɔn bere no pii yɛ ɔhonam fam adwuma no nkyerɛ sɛ wɔnyɛ Onyankopɔn asomfo ankasa, a ɛho hia sɛ wɔde hokwan ahorow a aban de ma asɔfo a wɔwɔ Babilon Kɛse no mu no ma wɔn. Ɛwom sɛ wɔyɛ asomfo adwumayɛfo de, wɔde Onyankopɔn ahenni nneɛma di biribi foforo biara kan. Esiane sɛ wɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛm no wɔ afie afie nti, wɔyɛ ahenni no ho asomfo ampa, a wɔn gyinabea no nyɛ nea ɛba fam sen amammui mu asomfo a wɔwɔ wiase yi nniso horow mu no. Ɛdenam adwuma pa a wɔyɛ ma wɔn honam fam adwumawuranom so no, saa asomfo adwumayɛfo yi ‘hyɛ wɔn som no anuonyam’ nso. Eyi de ayeyi brɛ Onyankopɔn a yɛde ɔsom kronn ma no no.
19. (a) Sɛ nsɛm tebea sesã ma ɛyɛ yiye ma wɔn a, dɛn na ɔsomfo dwumayɛni no bɛyɛ sɛnea obetumi? (b) Bere tenten biara a wotumi de yɛ ahenni no ho adwuma nyinaa akyi no, dɛn na Yehowa dansefo biara a wahyira ne ho so agye asubɔ no bɛyɛ?
19 Ɛnyɛ nea ɛsɛ sɛ yɛka mpo sɛ, sɛ nsɛm tebea horow resesã ma asomfo adwumayɛfo atumi de wɔn bere nyinaa ayɛ ahenni som adwuma no a, wɔde anisɔ de wɔn ho nyinaa bɛhyɛ Onyankopɔn Asɛm ho som adwuma no mu sɛnea wobetumi. Ɔkwan biara so no, sɛ yetumi de yɛn bere nyinaa di Onyankopɔn ahenni a ɛwɔ Kristo nsam a mprempren wɔde asi hɔ no ho dwuma o, sɛ yɛn bere no fã bi na yetumi de yɛ saa o, momma yɛnkɔ so ‘nhyɛ yɛn som no anuonyam’ daa.