Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • “Akyide” No Antumi Amfa Asomdwoe Amma
    Ɔwɛn-Aban—1986 | February 1
    • 19, 20. (a) Dɛn na afeha a edi kan Kristofo no yɛe bere a wohui sɛ Roma asraafo atwa Yerusalem ho ahyia no? (b) Dɛn na egyina hɔ ma “mmepɔw” no nnɛ, na dɛn na ɛsɛ sɛ ɛka koma pafo nnɛ ma woguan kɔ hɔ?

      19 Luka asɛmpa no bɔɔ Kristofo a na wɔwɔ ne bere so no kɔkɔ sɛ wonguan bere a wɔahu sɛ “dɔm atwa Yerusalem ho ahyia” no. Sɛnea yɛadi kan ahu no, saa asraafo no bae wɔ 66 Y.B. mu na hokwan a wɔde beguan no bae afe koro no ara bere a Cestius Gallus ne n’asraafo san wɔn akyi no. Bere a Kristofo no guanee akyi no, ɔko kɔɔ so wɔ Yudafo ne Romafo no ntam​—ɛwom sɛ ankɔ so wɔ Yerusalem de. Ɔhempɔn Nero somaa Vespasian kɔɔ Palestina na otumi dii nkonim wɔ hɔ wɔ 67 ne 68 mu. Afei Nero wui na Vespasian de ne ho hyɛɛ Hempɔn adedi no mu. Nanso bere a wɔyɛɛ no Ɔhempɔn wɔ 69 Y.B. mu akyi no, ɔsomaa ne ba Titus sɛ onkowie Yudea ko no. Wɔsɛee Yerusalem wo 70 Y.B. mu.

      20 Kristofo no antwɛn na wɔahu eyinom nyinaa wɔ Yerusalem. Bere a wohuu asraafo a wɔbɛkaa kurow no hyeem nea edi kan no ara pɛ no, wohui sɛ kurow no wɔ asiane kɛse mu. Saa ara na nnɛ adwinnade a wɔde bɛsɛe Kristoman no ada ne ho adi. Enti, sɛ yehu asiane a Kristoman wom no ara pɛ a, ɛsɛ sɛ ‘yeguan kɔ mmepɔw so,’ Yehowa guankɔbea wɔ ne teokrase ahyehyɛde no mu. Nkɔmhyɛ afoforo mfa biribiara a wobetumi agyina so agye adi sɛ yebenya ahome kakra wɔ bere a wobefi ase atow ahyɛ Kristoman so ne bere a ne sɛe a etwa to no bɛba no ntɛm. Nokwarem no, ɛrenyɛ nea ɛho hia sɛ yɛbɛtwɛn kakra wɔ basabasayɛ yi mu. Ɛyɛ nea nyansa wom sɛ koma pafo beguan afi Kristoman mu mprempren ara.

  • “Akyide” No Antumi Amfa Asomdwoe Amma
    Ɔwɛn-Aban—1986 | February 1
    • 21. Dɛn nti na “akyide” no daa ne ho adi wɔ Yerusalem awiei bere no awiei, bere a wɔ afeha yi mu no ɛdaa ne ho adi wɔ nhyehyɛe yi awiei bere no mfiase no?

      21 So ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ wɔ afeha a edi kan no mu no, “akyide” no daa ne ho adi bere a aka kakra ma wɔasɛe Yerusalem no, bere a ɛda ne ho adi nnɛ wɔ wiase yi awiei bere no mfiase pɛɛ no? Dabi. Wɔ emu biara mu no, “akyide” no daa adi wɔ bere a Yehowa pɛe sɛ ne nkurɔfo guan no mu. Wɔ afeha a edi kan no mu no, na ɛsɛ sɛ Kristofo no tra Yerusalem kakra sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛka asɛm no wɔ hɔ. (Asomafo no Nnwuma 1:8) Wɔ 66 Y.B. mu, bere a na ɔsɛe no abɛn no na “akyide” no daa ne ho adi de bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ ɛsɛ sɛ woguan. Nanso sɛ́ obi “wɔ” nnɛyi Yerusalem mu no kyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoman asɔre ahorow no muni.a Ɛrentumi nyɛ yiye sɛ ɔbɛsom Yehowa wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so wɔ ɔporɔw ne ɔwae tebea a ɛte sɛɛ mu. Enti, wɔ wiase yi awiei bere no mfiase mu hɔ no, “akyide” no daa ne ho adi de bɔɔ Kristofo kɔkɔ sɛ ɛsɛ sɛ woguan. Guan a woguan fi Kristoman mu no rekɔ so ara a wɔde kɔkɔbɔ no ma obiara sɛ onguan ntɛm ara bere a ohu sɛ “akyide” no gyina hɔ no.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena