Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w83 7/1 kr. 3-4
  • “Kronkronbea” A Wɔsɛee No​—Nea Ɛkyerɛ Nnɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Kronkronbea” A Wɔsɛee No​—Nea Ɛkyerɛ Nnɛ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Munguan Nkɔ Mmepɔw So’
  • Mmamu Wɔ Afeha a Edi Kan No Mu
  • Wɔsɛee Yerusalem
  • “Nea Ɔkan No Ma Ɔnte Ase”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Sɛ Onyankopɔn Keka Ne Ho a So Wobegye Wo Nkwa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Beae A Ahobammɔ Wɔ A Woguan Kɔ Ansa na “Ahohiahia Kɛse” No Aba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • “Akyide” No Antumi Amfa Asomdwoe Amma
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
w83 7/1 kr. 3-4

“Kronkronbea” A Wɔsɛee No​—Nea Ɛkyerɛ Nnɛ

“WƆASƐE ASƆREDAN NE ASƆREFI AHOROW A ƐWƆ ASASE NO SO NO NYINAA WƆ BASABASAYƐ A ETIA NYAMESOM MU!”

SƐ ASƐM bi a ɛte sɛɛ repue wɔ atesɛm nkrataa mu da bi a, hwɛ sɛnea anka nnipa pii ho bedwiriw wɔn! Nanso ɛno nyɛ ade a ebetumi aba ara kwa; ɛbɛba ɔkwan biara so!

Ɛbɛyɛ dɛn atumi aba saa? Efisɛ Bible nkɔmhyɛ da no adi pefee sɛ eyi na ɛrenkyɛ ɛbɛba wɔ aman horow nyinaa mu. Sɛ nhwɛso no, nkɔmhyɛ a ɛwɔ Mateo ti 24 no ka “kronkronbea” bi a wɔbɛsɛe no ho asɛm. Bere a eyi nyaa mmamu wɔ Yɛn Bere yi afeha a edi kan no mu no, ɛwɔ mmamu a ɛsõ sen saa wɔ yɛn bere so.

Wodii kan hyɛɛ nkɔm no faa Yerusalem ne n’asɔrefi fɛfɛ a Yudafo no de dii dwuma wɔ wɔn som mu no ho. Da koro bi a na Yesu rekasa akyerɛ n’asuafo no, ɔkae wɔ asɔrefi no ho sɛ: “Munhu eyinom nyinaa? Nokware mise mo sɛ: Wɔrennyaw ɔbo ɔbo so ɛha a wɔrennwiriw ngu fam.”​—Mateo 24:2.

Ná dɛn nti na Onyankopɔn de ɔsɛe atemmu a ɛte saa bɛba afeha a edi kan no mu asɔn refi “kronkron” no ne nyamesom nhyehyɛe a na egyina hɔ ma no so? Efisɛ na Yudafo no adan afi nokware som ho. Ná wɔapow Onyankopɔn mmara a ɔnam Mose so de maa wɔn no. Bio nso, na wɔapow Onyankopɔn ananmusifo a wɔsomaa wɔn sɛ wɔmmɛbɔ wɔn kɔkɔ no, ma wɔahwie wɔn mogya mpo agu. Enti Yesu kae sɛ: “Yerusalem, Yerusalem, wo a wukum adiyifo, na wusiw wɔn a wɔasoma wɔn wo nkyɛn abo . . . Hwɛ, wobegyaw mo fi afituw ama mo.”​—Mateo 23:37, 38.

‘Munguan Nkɔ Mmepɔw So’

Yesu ka kyerɛɛ wɔn a na wɔsom Nyankopɔn nokware mu no sɛ: “Enti sɛ muhu akyide a ɛbɔ ɔman a odiyifo Daniel kae no sɛ egyina kronkronbea hɔ no a,​—nea ɔkan no, ma ɔnte ase!​—ɛno na wɔn a wɔwɔ Yudea nguan nkɔ mmepɔw so. Nea ɔwɔ ɔdan atifi no, mma onnsian mmɛfa biribi mmfi ne dan mu; na nea ɔwɔ wuram nso nnsan n’akyi mmɛfa ne ntama. Na wɔn a wɔafa afuru ne wɔn a wɔma nufu nna no mu no nnue!”​—Mateo 24:15-19.

Dɛn nti na Yesu hyɛɛ n’akyidifo nkuran sɛ wɔmma wɔn ho nyɛ hare ‘nguan nkɔ mmepɔw no so? Ɔkae sɛ: “Na ɛno na ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da bɛba. Na sɛ wɔantwa nna no so a, anka wɔrennye ɔhonam biara; nanso wɔn a wɔapaw wɔn no nti, wobetwa nna no so.”​—Mateo 24:21, 22.

Nanso na dɛn na Yesu kyerɛ bere a ɔkaa “akyide a ɛbɔ ɔman a . . . egyina kronkronbea hɔ” ho asɛm no? Ná “ahohiahia kɛse” ne “honam” a wobegye wɔn ho asɛm a ɔkae no kyerɛ dɛn? Ná dɛn nti na “wɔn a wɔapaw wɔn no nti” na ‘wobetwa’ ahohiahia ‘no so’?

Mmamu Wɔ Afeha a Edi Kan No Mu

Dɛn na ɛyɛɛ saa nkɔmhyɛ yi mmamu ankasa wɔ afeha a edi kan no mu? Nea edi kan no, hyɛ kɔkɔbɔ a emu yɛ den a wɔde mae sɛ, ‘sɛ wohu akyide a ɛbɔ ɔman no sɛ egyina kronkronbea hɔ a’ wonguan nkɔ mmepɔw no so no nsow.

Ná dɛn ne akyide a ɛbɔ ɔman yi? Abakɔsɛm ka nea ɛde Yerusalem sɛe ankasa bae no ho asɛm kyerɛ yɛn. Ɛyɛ Roma Ahemman no asraafo. Bere a saa asraafo no kotwaa Yerusalem ho hyiae nea edi kan no, na ɛno ne sɛnkyerɛnne ma obi a ‘ɔwɔ nhumu’ no sɛ ɛsɛ sɛ ofi mpɔtam hɔ. Eyi bae wɔ afe 66 Y.B. mu. Saa bere no, asraafo a wɔhyɛ ɔsahene Cestius Gallus ase no twaa Yerusalem ho hyiae, na mpo wɔtow hyɛɛ asɔrefi fasu no so, tutuu ase. Ná anka wobetumi afa kurow mũ no nyinaa.

Enti, ná Roma asraafo no gyina “kurow kronkron” no mu. (Fa toto Mateo 4:5; 27:53 ho.) Yudafo a na wɔawae afi nokware som ho no mpo buu Yerusalem ne asase a atwa ho ahyia no sɛ ɛyɛ “kronkron.” Ná saa “kronkronbea” yi a asraafo yi gyina no yɛ Yudafo no akyide kɛse.

Nanso, afei, esiane biribi a abakɔsɛm akyerɛwfo ntumi nte ase nti, ɔsahene Gallus ne n’asraafo no san wɔn akyi. Ná ɛno ne sɛnkyerɛnne a Yesu aka asie no. Ná bere adu sɛ n’akyidifo, “wɔn a wɔapaw wɔn no,” fi ase guan. Esiane sɛ wohuu bere no ho hia a ehia nti, ntɛm ara wofii Yerusalem ne Yudea nyinaa, sɛnea na Yesu akyerɛ no. Abakɔsɛm kyerɛwfo Eusebius kyerɛ sɛ wotwaa Yordan Asubɔnten no kɔɔ Pella mpɔtam hɔ wɔ Gilead mansin a mmepɔw pii wɔ mu no mu.

Wɔsɛee Yerusalem

Mfe kakraa akyi, wɔ 70 Y.B. mu no, Roma asraafo a wɔhyɛ ɔsahene Titus ase san baa Yudea betwaa Yerusalem ho hyiae. Nanso saa bere no na “wɔn a wɔapaw wɔn,” Kristofo no, nyinaa afi “kurow kronkron” no mu dedaw. Enti, bere a Roma asraafo no twaa Yerusalem ho hyiae saa bere no, na hokwan nni hɔ bio sɛ obi beguan.​—Luka 19:43, 44.

Bere a wɔkaa kurow no mufo hyɛɛ mu bɛyɛ asram anan ne nnafua aduonu anum akyi no, Roma asraafo no dwiriw kurow no ne asɔrefi no guu fam. Abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus a ohuu nea na ɛrekɔ so no kyerɛ sɛ wɔn a wowuwui no dodow yɛ 1,100,000 na wɔn a wɔfaa wɔn nnommum no yɛ 97,000. Ná nnipa no dɔɔso efisɛ Yudafo a wonni nokware no antie kɔkɔbɔ a Yesu de mae sɛ wonguan no. Wɔyɛɛ nea ɛbɔ eyi abira mmom. Wopiaa wɔn ho bɛhyɛɛ Yerusalem bere a na wɔredi nyamesom afahyɛ, na wɔn nyinaa kaa mu bere a Romafo no twaa kurow no ho hyiae mpofirim no.

Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ na Kristofo a “wɔapaw wɔn” no nni Yerusalem kurow no mu bio no kyerɛe sɛ na Onyankopɔn rensusuw wɔn nkwagye ho. Ná wɔaguan kɔ dedaw. Enti na Onyankopɔn betumi ama Romafo no kwan ma wɔakɔ Yerusalem na wɔde N’atemmu aba kurow no so ntɛm. Enti, esiane sɛ na Kristofo a wɔapaw wɔn no afi Yerusalem dedaw nti, ahohiahia nna no baa awiei ntɛm, ‘wotwaa so.’ Eyi maa “honam” bi, bɛyɛ 97,000, nyaa nkwa.

Saa “ahohiahia kɛse” a ɛbae wɔ 70 Y.B. mu no ne amanehunu a ɛsõ sen biara a ɛbaa Yerusalem so. Ɛde Yudafo kurow no a wɔkyekyee, n’asɔrefi ne ne nyamesom nhyehyɛe a ɛka ho no nyinaa baa awiei.

Nanso saa tete abakɔsɛm no fa yɛn a yɛte ase wɔ afeha a ɛto so aduonu yi mu no ho dɛn? Ɛfa yɛn ho kɛse.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena