-
‘Dɛn na Ɛbɛyɛ Wo Ba ho Sɛnkyerɛnne?’Ɔwɛn-Aban—1994 | February 15
-
-
13. Dɛn na ɛmaa Kristofo no tumi dii Yesu kɔkɔbɔ a ese wonguan no so?
13 Nanso sɛ Romafo no fii Yerusalem kɔe a, dɛn nti na na ehia sɛ obi guan? Yesu nsɛm no daa no adi pefee sɛ nea esii no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ ‘Yerusalem sɛe pasaa abɛn.’ (Luka 21:20) Yiw, ɔsɛe pasaa. Ɔka siei sɛ ‘ahohiahia a efi wiase asefi ebi mmae da na ɛremma da’ bɛba. Bɛyɛ mfe abiɛsa ne fã akyi, wɔ 70 Y.B. mu no, Yerusalem hyiaa “ahohiahia kɛse” ankasa wɔ Roma asraafo a na Ɔsahene Titus di wɔn anim nsam. (Mateo 24:21; Marko 13:19) Nanso dɛn nti na Yesu kaa ahohiahia yi ho asɛm sɛ ɛyɛ kɛse sen nea na aba pɛn ne nea ɛbɛba wɔ ɛno akyi biara?
14. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ nea ɛbaa Yerusalem so wɔ 70 Y.B. mu no yɛ “ahohiahia kɛse” a na ebi mmae da, na ɛno akyi nso ebi mmae da?
14 Babilonfo sɛee Yerusalem afe 607 A.Y.B., na kurow no ahu akodi afoforo a ɛyɛ hu wɔ saa afeha yi mu. Nanso nea esii afe 70 Y.B. no yɛ ahohiahia kɛse a ɛda nsow. Titus asraafo no dii Yudafo no so nkonim wɔ asram anum ɔsatu mu. Wokunkum wɔn mu bɛyɛ 1,100,000 na wɔde bɛyɛ 100,000 kɔɔ nkoasom mu. Afei nso, Romafo no sɛee Yerusalem. Eyi dii adanse sɛ Yudafo nhyehyɛe a na ɛyɛ ɔsom a wogye tom a egyina asɔrefi no so no aba awiei koraa. (Hebrifo 1:2) Yiw, ná wobetumi abu nsɛm a esisii wɔ 70 Y.B. mu no ma afata sɛ ‘ahohiahia kɛse a efi wiase asefi ebi mmae [wɔ saa kurow, ɔman no, ne nhyehyɛe no so] da na ɛremma da.’—Mateo 24:21.d
-
-
‘Dɛn na Ɛbɛyɛ Wo Ba ho Sɛnkyerɛnne?’Ɔwɛn-Aban—1994 | February 15
-
-
d Britaniani nhoma kyerɛwfo Matthew Henry kae sɛ: ‘Sɛnea Kaldeafo no sɛee Yerusalem no yɛ hu yiye, nanso na eyi kyɛn saa. Anka wɔreyɛ atɔre Yudafo ase koraa afi wiase.’
-
-
‘Dɛn na Ɛbɛyɛ Wo Ba ho Sɛnkyerɛnne?’Ɔwɛn-Aban—1994 | February 15
-
-
[Kratafa 10 mfonini]
Ná afe 70 Y.B. mu ahohiahia no yɛ kɛse sen nea Yerusalem ne Yudafo nneɛma nhyehyɛe no ahyia pɛn
-