-
‘Etwa Sɛ Saa Nneɛma Yi Ba’Ɔwɛn-Aban—1999 | May 1
-
-
Bere no Sofo Behu
11. Dɛn na Yesu ka faa “awo ntoatoaso yi” ho?
11 Na Yudafo no pii susuw sɛ wɔn som a egyina wɔn asɔrefie no so no bɛtra hɔ daa. Nanso Yesu kae sɛ: “Munsua borɔdɔma . . . Sɛ n’abaa nya yɛ frɔmfrɔm na ɛreyiyi nhaban a, na munim sɛ ahohuru bere abɛn. Saa ara na mo nso, sɛ muhu eyinom nyinaa a, munhu sɛ abɛn, na adu apon ano! Nokware mise mo sɛ, awo ntoatoaso yi rentwam, gye sɛ eyinom nyinaa aba mu ansa. Ɔsoro ne asase betwam akɔ, na me nsɛm de, ɛrentwam da.”—Mateo 24:32-35; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.
12, 13. Ɔkwan bɛn so na asuafo no tee “awo ntoatoaso yi” ho asɛm a Yesu kae no ase?
12 Mfe a edii afe 66 Y.B. anim no, ɛbɛyɛ sɛ Kristofo no huu nkɔmhyɛ a ɛwɔ afã pii no mu atitiriw mmamu—akodi, ɔkɔm, ne Ahenni ho asɛmpa a wɔkaa no kɛse no. (Asomafo no Nnwuma 11:28; Kolosefo 1:23) Nanso, bere bɛn na na awiei no bɛba? Dɛn na na Yesu kyerɛ bere a ɔkae sɛ: ‘Awo ntoatoaso yi [Hela, ge·ne·aʹ] rentwam no’? Mpɛn pii na Yesu frɛɛ bere no sofo, Yudafo pii a na wɔyɛ asɔretiafo, a na nyamesom akannifo ka ho no, “nnɛ mma abɔnefo ne awaresɛefo.” (Mateo 11:16; 12:39, 45; 16:4; 17:17; 23:36) Enti bere a ofii ase kaa “awo ntoatoaso yi” ho asɛm bio wɔ Ngo Bepɔw no so no, ɛda adi sɛ na ɛnyɛ Yudafo nyinaa a wɔatra ase fi teteete no ho asɛm na na ɔreka; saa ara na na ɛnyɛ n’akyidifo no, ɛwom sɛ na wɔyɛ “abusua a wɔapaw wɔn” de. (1 Petro 2:9) Saa ara nso na Yesu anka sɛ “awo ntoatoaso yi” kyerɛ bere pɔtee bi.
13 Mmom no, Yudafo asɔretiafo a na wɔwɔ hɔ saa bere no a na wobehu sɛnkyerɛnne a ɔde mae no mmamu no ho asɛm na na ɛwɔ Yesu adwenem. Ɛdefa “awo ntoatoaso yi” a ɛwɔ Luka 21:32 ho no, Ɔbenfo Joel B. Green ka sɛ: “Wɔ Asɛmpa a Ɛto so Abiɛsa no mu no, ‘awo ntoatoaso yi’ (ne nsɛm a ɛfa ho no) akyerɛ nnipa bi a wɔko tia Onyankopɔn atirimpɔw bere nyinaa. . . . [Ɛfa] nnipa a wofi ahantan mu bu wɔn ani gu Onyankopɔn atirimpɔw so ho.”b
14. Dɛn na ɛtoo saa “awo ntoatoaso” no, nanso ɔkwan bɛn so na nea ɛbaa Kristofo so no yɛɛ soronko?
14 Ná Yudafo asɔretiafo awo ntoatoaso bɔne a na wobetumi ahu sɛnkyerɛnne no mmamu no nso behu awiei no. (Mateo 24:6, 13, 14) Na wohui nso! Wɔ afe 70 Y.B. mu no, Romafo asraafo no bae bio a na Titus a ɔyɛ Ɔhempɔn Vespasian ba di wɔn anim. Ɛkame ayɛ sɛ amane a Yudafo a wɔkaa wɔn hyɛɛ kurow no mu bio hui no yɛ nea na enni kabea.c Flavius Josephus a asɛm no sii n’anim no bɔ amanneɛ sɛ, bere a Romafo no sɛee kurow no na Yudafo bɛyɛ 1,100,000 awuwu, na wɔfaa nnipa bɛyɛ 100,000 nnommum, na ankyɛ na ɔkɔm maa wɔn mu dodow no ara wuwuu owuyaw anaa wɔ Romafo agohwɛbea. Nokwarem no, ahohiahia a ɛbae wɔ afe 66-70 Y.B. mu no ne nea na ɛsen biara a na aba Yerusalem ne Yudafo nhyehyɛe no so pɛn, anaasɛ ɛbɛba so. Hwɛ sɛnea tebea no yɛɛ soronko maa Kristofo a na wɔatie Yesu nkɔmhyɛ kɔkɔbɔ no a na wɔafi Yerusalem bere a Romafo asraafo no fii hɔ kɔe wɔ afe 66 Y.B. mu no! ‘Wogyee’ Kristofo a wɔasra wɔn a “wɔapaw wɔn” no, anaasɛ wɔkoraa wɔn so wɔ afe 70 Y.B. mu.—Mateo 24:16, 22.
-
-
‘Etwa Sɛ Saa Nneɛma Yi Ba’Ɔwɛn-Aban—1999 | May 1
-
-
b Britaniani nhomanimfo G. R. Beasley-Murray ka sɛ: “Ɛnsɛ sɛ asɛm ‘awo ntoatoaso yi’ no yɛ den ma nsɛm asekyerɛfo. Bere a yegye tom sɛ na tete Hela asɛmfua genea kyerɛ awo, asefo, ma enti ɛkyerɛ abusua no, . . . wɔ [Hela Septuagint] mu no, mpɛn pii na wɔkyerɛ ase ma ɛne Hebri asɛm dôr, a ɛkyerɛ mfe, adesamma mfe, anaa awo ntoatoaso a ɛkyerɛ ɛbere sofo hyia. . . . Wɔ nsɛm a wɔkyerɛ sɛ Yesu na ɔkae mu no, ɛte sɛ nea asɛm no wɔ nkyerɛase abien: ɔkwan biako so no, ɛkyerɛ ne bere sofo bere nyinaa, na ɔkwan foforo so no, ɛyɛ ɔkasatia bere nyinaa.”
-