Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 3/15 kr. 18-23
  • Ahofadi A Yɛde Bɛtra Ase Ma Ɛne Kristofo Ahosohyira Ahyia

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahofadi A Yɛde Bɛtra Ase Ma Ɛne Kristofo Ahosohyira Ahyia
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Honhom Nhwehwɛ Mmara Pii
  • Wobu Akontaa Kyerɛ Sodikuw Bi?
  • Adesuafo ne Asraafo
  • Biako A Yɛne Sodikuw No Bɛyɛ Nnɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Hena na Ɔredi Onyankopɔn Nkurɔfo Anim Nnɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Adwuma Bɛn Na “Akoa Nokwafo Ne Ɔbadwemma” No Yɛ?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Ɔkwan Bɛn so na Akwankyerɛ Kuw no Yɛ Adwuma Nnɛ?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 3/15 kr. 18-23

Ahofadi A Yɛde Bɛtra Ase Ma Ɛne Kristofo Ahosohyira Ahyia

“Nea [Yehowa, “NW”] honhom wɔ no, ɛhɔ na ahofadi wɔ.”—2 KORINTOFO 3:17.

1. Yehowa Adansefo ahyira wɔn ho so ama hena, na dɛn nti na wɔde mmara kwan so ahyehyɛde horow di dwuma?

YEHOWA ADANSEFO gye di sɛ wɔn som no bɛtra hɔ daa. Enti wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn wɔ “honhom ne nokware mu” daa daa. (Yohane 4:23, 24) Sɛ́ nkurɔfo a wotumi paw nea wɔpɛ no, Kristofo yi ahyira wɔn ho so korakora ama Yehowa Nyankopɔn na wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛtra ase ma ɛne no ahyia. Ne saa nti, wɔde wɔn ho to Onyankopɔn Asɛm ne ne honhom kronkron no so. Bere a Adansefo no fi koma nyinaa mu yɛ wɔn Kristofo ahosohyira ho adwuma wɔ ahofadi a Onyankopɔn de ma mu no, wɔda obu a ɛfata adi ma afã a aban “tumi a ɛwɔ anuonyam” wɔ no, na wɔde mmara hokwan ne nsiesiei horow di dwuma wɔ ɔkwan pa so. (Romafo 13:1; Yakobo 1:25) Sɛ nhwɛso no, Adansefo no de Ɔwɛn Aban Asafo no di dwuma sɛ mmara kwan so ahyehyɛde—a ɛyɛ pii wɔ aman ahorow so no mu biako—na ama wɔatumi ayɛ wɔn adwuma a ɛne sɛ wɔbɛboa wɔn yɔnko nnipa foforo wɔ honhom fam titiriw. Nanso Adansefo no ahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn, ɛnyɛ mmara kwan so ahyehyɛde biara, na wɔn ahosohyira ma Yehowa no bɛtra hɔ daa.

2. Dɛn nti na Yehowa Adansefo kyerɛ anisɔ kɛse ma Ɔwɛn Aban Asafo no ne mmara kwan so ahyehyɛde horow a ɛtete saa no?

2 Sɛ asomfo a wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn no, ɛyɛ Yehowa Adansefo asɛyɛde sɛ wodi Yesu akwankyerɛ a ɛne sɛ ‘wɔnyɛ amanaman nyinaa mufo asuafo, na wɔmmɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne honhom kronkron no din mu, na wɔnkyerɛkyerɛ wɔn’ no so. (Mateo 28:19, 20) Adwuma yi bɛkɔ so akosi sɛ nneɛma nhyehyɛe yi bɛba awiei, efisɛ Yesu kae nso sɛ: “Wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:3, 14) Afe biara, Ɔwɛn Aban Asafo no ne mmara kwan so fekuw a ɛtete saa no nhoma tintimbea horow ma Yehowa Adansefo nsa ka Bible, nhoma, nhomawa ne nsɛmma nhoma ɔpepem pii a wɔde yɛ wiase nyinaa asɛnka adwuma. Enti mmara kwan so fekuw ahorow yi boa Onyankopɔn asomfo a wɔahyira wɔn ho so ama no no kɛse ma wotumi tra ase ma ɛne wɔn ahosohyira hyia.

3. Ntease bɛn mu na kan no, na Yehowa Adansefo de asɛm “Asafo no” di dwuma?

3 Ebia obi begye kyim sɛ sɛnea Adansefo no ka Ɔwɛn Aban Asafo no ho asɛm no—anaa mpɛn pii no, “Asafo no” kɛkɛ no—kyerɛ sɛ wobu no sɛ biribi a ɛsen mmara kwan so ahyehyɛde bi ara kɛkɛ. Wɔ nsɛm a ɛfa ɔsom ho mu no, so wommu no sɛ nea ɛka na ɛsɛ sɛ wogye tom? Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom nhoma no kyerɛkyerɛ asɛm yi mu ma emu da hɔ sɛ: “Bere a [June 1, 1938] Engiresi Ɔwɛn-Aban no kae sɛ ‘Asafo No,’ na ɛnkyerɛ mmara kwan so ahyehyɛde bi ara kɛkɛ, na mmom Kristofo a wɔasra wɔn kuw a na wɔwɔ mmara kwan so ahyehyɛde no mu na wɔde di dwuma no.”a Na asɛm no gyina hɔ ma “akoa nokwafo ne ɔbadwemma no.” (Mateo 24:45) Ntease yi mu na na Adansefo no taa de asɛm “Asafo no” di dwuma. Ɛwom, mmara kwan so ahyehyɛde no nyɛ asɛm a wotumi de gyina hɔ ma “akoa nokwafo ne ɔbadwemma no.” Wɔto aba paw Ɔwɛn Aban Asafo no mpanyimfo, bere a Yehowa honhom kronkron no na ɛpaw Adansefo a wɔbom yɛ ‘akoa kuw’ no.

4. (a) Ɔkwan bɛn so na Adansefo pii kasa na ama wɔakwati akyinnyegye? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkari pɛ wɔ nsɛm a yɛde di dwuma ho?

4 Nea ɛbɛyɛ na ɛnkɔfa akyinnyegye mma no, Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwɛ yiye wɔ sɛnea wɔkasa kyerɛ nkurɔfo no ho. Sɛ́ anka wɔbɛka sɛ “Asafo no kyerɛkyerɛ sɛ” no, Adansefo no pii ka biribi te sɛ “Bible se” anaa “minim sɛ Bible no kyerɛkyerɛ sɛ.” Saa kwan yi so no, wosi gyinae a Ɔdansefo biara ankasa asi sɛ obegye Bible nkyerɛkyerɛ ahorow atom so dua, na wɔkwati sɛ wɔbɛma afoforo adi mfomso asusuw sɛ ɔkwan bi so no, nyamesom mu mate-me-ho kuw bi mmara na akyekyere Adansefo no. Nokwarem no, ɛnsɛ sɛ wogye nsɛm a wɔde di dwuma no ho akyinnye da. Efisɛ sɛ nsɛm bi a wɔde di dwuma mfa akyinnye mma a, na ɛso wɔ mfaso. Ɛho hia sɛ Kristoni kari pɛ. Bible tu yɛn fo sɛ ‘yenntwa ɔnoko.’ (2 Timoteo 2:14, 15) Kyerɛwnsɛm no de nnyinasosɛm yi nso ma: “Sɛ mode mo tɛkrɛma ka asɛm a emu ntew a, ɛbɛyɛ dɛn na wobehu nea moka no?”—1 Korintofo 14:9.

Onyankopɔn Honhom Nhwehwɛ Mmara Pii

5. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛte 1 Korintofo 10:23 ase?

5 Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Ade nyinaa ho kwan da hɔ, na ɛnyɛ ne nyinaa na eye.” Ɔde kaa ho sɛ: “Ade nyinaa ho kwan da hɔ, na ɛnyɛ ne nyinaa na ɛma nkɔso.” (1 Korintofo 10:23) Ɛda adi sɛ Paulo nkyerɛ sɛ eye sɛ obi bɛyɛ nneɛma a Onyankopɔn Asɛm kasa tia pefee. Sɛ yɛde toto mmara bɛyɛ 600 a wɔde maa tete Israelfo no ho a, ahyɛde pefee kakraa bi pɛ na ɛkyerɛ Kristofo asetra kwan. Ne saa nti, wogyaw nsɛm pii ma ankorankoro ahonim. Onipa a wahyira ne ho so ama Yehowa no wɔ ahofadi a Onyankopɔn honhom no akwankyerɛ de ma no. Bere a Kristoni bi agye nokware no atom no, odi n’ahonim a wɔde Bible atete no akyi, na ɔde ne ho to akwankyerɛ a Onyankopɔn nam honhom kronkron so de ma no so. Eyi boa Kristoni a wahyira ne ho so no ma ohu nea ‘ɛbɛma no nkɔso’ na ‘mfaso bɛba so’ ama ɔne afoforo. Ohu sɛ gyinae a osisi no bɛka ɔne Onyankopɔn a wahyira ne ho so ama no no ntam abusuabɔ.

6. Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛagye nokware no atom wɔ Kristofo nhyiam ahorow ase?

6 Ɔdansefo nam mmuae a ɔma wɔ Kristofo nhyiam ase no so kyerɛ sɛ wagye nokware no atom. Mfitiase no, ebia ɔbɛkenkan nsɛm a wɔakyerɛw wɔ nhoma a wɔresua no mu. Nanso bere rekɔ so no, obenya nkɔso akodu sɛ ɔde n’ankasa nsɛm bɛkyerɛkyerɛ Bible nkyerɛkyerɛ mu. Enti ɔnam saayɛ so da no adi sɛ ɔreda nhumu adi, na ɛnyɛ sɛ ɔretĩ nea afoforo aka mu kɛkɛ. Nsɛm a ɔde nankasa nsɛm bɛnwene na waka nokwasɛm a edi mũ a efi koma mu no, bɛma n’ani agye na akyerɛ sɛ ɔte nea ɔreyɛ no ase ankasa.—Ɔsɛnkafo 12:10; fa toto Romafo 14:5b ho.

7. Gyinae ahorow bɛn na Yehowa asomfo fi wɔn pɛ mu asisi?

7 Ɔdɔ a Yehowa Adansefo wɔ ma Onyankopɔn ne mfɛfo nnipa na ɛkanyan wɔn. (Mateo 22:36-40) Nokwarem no, ɔdɔ a ɛte sɛ Kristo de no na ɛka wɔn bom denneennen sɛ wiase nyinaa nuayɛ kuw. (Kolosefo 3:14; 1 Petro 5:9) Nanso sɛ́ nnipa a wotumi paw nea wɔpɛ no, wɔn mu biara fi nankasa pɛ mu asi gyinae sɛ ɔbɛka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa akyerɛ, ɔrennya afã biara wɔ amammuisɛm mu, ɔbɛtwe ne ho afi mogya ho, akwati anigyede horow bi, na ɔde Bible nnyinasosɛm horow atra ase. Eyi nyɛ gyinae a wɔhyɛɛ wɔn ma wosisii. Ɛyɛ gyinaesi horow a ɛka asetra kwan a wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ Adansefo no fi wɔn pɛ mu paw ansa na wɔasusuw Kristofo ahosohyira ho no ho.

Wobu Akontaa Kyerɛ Sodikuw Bi?

8. Asɛmmisa bɛn na ehia nkyerɛkyerɛmu?

8 Bible ma ɛda adi pefee sɛ nokware Kristofo nsom Onyankopɔn wɔ ɔhyɛ so. Ɛka sɛ: “[Yehowa, NW] ne Honhom no; na nea [Yehowa, NW] honhom wɔ no, ɛhɔ na ahofadi wɔ.” (2 Korintofo 3:17) Nanso ɔkwan bɛn so na nokwasɛm yi ne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” ne ne Sodikuw ho nhyehyɛe no betumi ahyia?—Mateo 24:45-47.

9, 10. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔde tiyɛ nnyinasosɛm no di dwuma wɔ Kristofo asafo no mu? (b) Dɛn na tiyɛ nnyinasosɛm a wodii akyi no ma wɔyɛe wɔ afeha a edi kan no mu Kristofo asafo no mu?

9 Sɛ yebebua asɛmmisa yi a, ɛsɛ sɛ yɛma Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a ɛfa tiyɛ ho no tra yɛn adwenem. (1 Korintofo 11:3) Wɔka Kristo ho asɛm wɔ Efesofo 5:21-24 sɛ “asafo no ti,” nea asafo no “brɛ ne ho ase” ma no no. Yehowa Adansefo gye tom sɛ Yesu honhom fam anuanom na wɔyɛ akoa nokwafo ne ɔbadwemma no. (Hebrifo 2:10-13) Wɔapaw akoa nokwafo kuw yi sɛ wɔmma Onyankopɔn nkurɔfo honhom fam “aduan ɛbere a ɛsɛ mu.” Wɔ awiei bere yi mu no, Kristo apaw akoa yi sɛ ‘onni nea ɔwɔ nyinaa so.’ Enti, ɛsɛ sɛ obiara a ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoni no kyerɛ obu ma ne dibea no.

10 Tiyɛ atirimpɔw ne sɛ ɛbɛma biakoyɛ atra hɔ na ahwɛ ma ‘wɔayɛ ade nyinaa fɛfɛɛfɛ wɔ ano wɔ ano.’ (1 Korintofo 14:40) Nea ɛbɛyɛ na wɔatumi ayɛ eyi wɔ afeha a edi kan mu no, wɔpaw Kristofo a wɔasra wɔn no mu bi fii akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no mu ma wogyinaa kuw no nyinaa ananmu. Sɛnea nsɛm a ɛbaa akyiri yi ma ɛdaa adi no, Yehowa penee ɔhwɛ adwuma a afeha a edi kan sodikuw no yɛe no so, na ohyiraa so. Afeha a edi kan Kristofo no de anigye gyee nhyehyɛe no toom. Yiw, wogye toom ankasa, na wɔn ani gyee nneɛma pa a efii mu bae no ho.—Asomafo no Nnwuma 15:1-32.

11. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yebu nnɛyi Sodikuw no?

11 Ɛbo a nhyehyɛe a ɛte saa som no da so ara wɔ hɔ. Mprempren, Kristofo a wɔasra wɔn nnipa du a wɔn nyinaa de mfe pii anya suahu sɛ Kristofo no na wɔbom yɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no. Wɔde honhom mu akwankyerɛ ma Yehowa Adansefo te sɛ nea afeha a edi kan mu sodikuw no yɛe no ara pɛ. (Asomafo no Nnwuma 16:4) Te sɛ tete Kristofo no, Adansefo no fi anigye mu de wɔn ho to anuanom a wɔn ho akokwaw a wɔwɔ Sodikuw no mu so ma wɔma wɔn akwankyerɛ ne ɔsom ho afotusɛm fi Bible mu. Ɛwom sɛ Sodikuw no mufo no yɛ Yehowa ne Kristo nkoa te sɛ wɔn mfɛfo Kristofo no ara de, nanso Bible kyerɛ yɛn sɛ: “Muntie mo mpanyimfo na mommrɛ mo ho ase mma wɔn, efisɛ wɔn na wɔwɛn mo kra sɛ wɔn a wobebu ho akontaa, na wɔde anigye ayɛ, na ɛnyɛ ahomegu; efisɛ eyi nyɛ mfaso bi mma mo.”—Hebrifo 13:17.

12. Hena na ɛsɛ sɛ Kristoni biara bu akontaa kyerɛ no?

12 So ɔhwɛ adwuma a Kyerɛwnsɛm no de to Sodikuw no so no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo mu biara bu n’adwuma ho akontaa kyerɛ wɔn anaa? Paulo nsɛm a ɔde kɔmaa Kristofo a na wɔwɔ Roma no nkyerɛ saa: “Adɛn nti na wubu wo nua atɛn, anaasɛ wo nso, adɛn na wubu wo nua animtiaa? Na wɔde yɛn nyinaa begyina Onyankopɔn asɛnni agua no anim . . . Yɛn nyinaa bebubu yɛn ho akontaa mmiako mmiako akyerɛ Onyankopɔn.”—Romafo 14:10-12.

13. Dɛn nti na Yehowa Adansefo de wɔn asɛnka adwuma no ho amanneɛbɔ ma?

13 Nanso, so ɛnyɛ nokware sɛ wɔhwɛ kwan sɛ Adansefo no mu biara de n’asɛnka adwuma ho amanneɛbɔ bɛma? Yiw, nanso wɔakyerɛ nea enti a wɔyɛ saa no mu pefee wɔ Adansefo nhoma ketewa bi mu sɛ: “Yesu Kristo akyidifo a wodi kan no ani gyee amanneɛbɔ ahorow a ɛfa asɛnka adwuma no nkɔso ho no ho. (Marko 6:30) Bere a adwuma no nyaa nkɔso no, wɔboaa akontaabu ahorow ano a na osuahu atitiriw a ɛfa wɔn a wɔrenya asɛmpaka no mu kyɛfa ho kyerɛwtohɔ ahorow ka ho. . . . (Aso. 2:5-11, 41, 47; 6:7; 1:15; 4:4) . . . Hwɛ anigye ara a na ɛyɛ sɛ Kristofo adwumayɛfo anokwafo no bɛte amanneɛbɔ a ɛfa nea wɔreyɛ no ho! . . . Saa ara na Yehowa ahyehyɛde a ɛwɔ hɔ nnɛ no bɔ mmɔden sɛ ɛbɛyɛ adwuma a wɔreyɛ a ɛma Mateo 24:14 nya mmamu no ho kyerɛwtohɔ pɛpɛɛpɛ.”

14, 15. (a) Ɔkwan bɛn so na 2 Korintofo 1:24 fa Sodikuw no ho? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristoni biara gyina so si n’ankasa gyinae ahorow, na nokwasɛm bɛn ntia?

14 Sodikuw ho nhyehyɛe no yɛ nsiesiei a ɔdɔ wom, na wɔyɛ gyidi ho nhwɛso a ɛfata sɛ wosuasua. (Filipifo 3:17; Hebrifo 13:7) Ɛdenam Kristo a wobetie no na wɔadi n’akyi sɛ nhwɛsofo so no, wobetumi aka Paulo nsɛm yi bi sɛ: “Ɛnyɛ sɛ yɛhyɛ mo gyidi so, na mmom yɛyɛ mo anigye ho yɔnko adwumayɛfo; efisɛ gyidi na mode gyina hɔ.” (2 Korintofo 1:24) Bere a Sodikuw no hwɛ sɛnea tebea no kɔ so no, wɔtwe adwene si mfaso a ɛwɔ Bible afotu a yebedi so no so, na wɔde sɛnea wɔde Bible mu mmara ne nnyinasosɛm ahorow di dwuma ho nyansahyɛ ahorow ma, de asiane ahorow a ahintaw ho kɔkɔbɔ ma, na wɔma “yɔnko adwumayɛfo” nkuranhyɛ a wohia. Wɔnam saayɛ so yɛ wɔn Kristofo fiehwɛ adwuma no, wɔboa wɔn ma wokura wɔn anigye mu, na wɔhyɛ wɔn den wɔ gyidi mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobegyina pintinn.—1 Korintofo 4:1, 2; Tito 1:7-9.

15 Sɛ Ɔdansefo bi gyina Bible afotu a Sodikuw no de ma so si gyinae ahorow a, ofi nankasa ne pɛ mu na ɔyɛ saa efisɛ Bible no a nankasa asua no ma ɔte ase sɛ eyi ne ɔkwan pa no. Onyankopɔn ankasa Asɛm na ɛkanyan Ɔdansefo biara ma ɔde afotu pa a egyina Kyerɛwnsɛm so a Sodikuw no de ama no di dwuma, bere a ogye tom koraa sɛ gyinae horow a osi no bɛka abusuabɔ a ɛda nankasa ne Onyankopɔn a wahyira ne ho so ama no no ntam no.—1 Tesalonikafo 2:13.

Adesuafo ne Asraafo

16. Ɛwom sɛ abrabɔ ho asɛm yɛ ankorankoro gyinaesi de, nanso dɛn nti na wotu ebinom?

16 Nanso sɛ ɔbra a obi bɔ no yɛ n’ankasa gyinaesi a, dɛn nti na wotu Yehowa Adansefo binom? Ɛnyɛ obi na ofi ne pɛ mu kɛkɛ kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wotu obi a ɔyɛ bɔne pɔtee bi. Mmom no, Kyerɛwnsɛm no hwehwɛ sɛ wɔyɛ eyi bere a asafo no muni bi sen ne kɔn yɛ bɔne a anibere wom, te sɛ nea wɔaka ho asɛm wɔ Korintofo Nhoma a edi kan ti 5 no. Enti bere a wobetumi atu Kristoni bi a ɔbɔ aguaman no, eyi ba saa bere a onii ko no po sɛ obegye honhom fam mmoa a ahwɛfo fi ɔdɔ mu de ma no no. Ɛnyɛ Yehowa Adansefo nkutoo na wodi Kristofo adeyɛ yi so. The Encyclopedia of Religion ka sɛ: “Kuw biara wɔ hokwan sɛ wɔbɔ wɔn ho ban wɔ emufo biara a wonni wɔn mmara so a ebia wɔde wɔn nyinaa yiyedi bɛto asiane mu no ho. Wɔ nyamesom mu no, gyidi a ɛne sɛ asotwe [tu a wotu obi] no ka gyinabea a ɔwɔ wɔ Nyankopɔn anim no, taa hyɛ saa hokwan yi mu den.”

17, 18. Dɛn ho na yebetumi de fata a tu a wotu obi fata no atoto?

17 Yehowa Adansefo yɛ Bible asuafo. (Yosua 1:8; Dwom 1:2; Asomafo no Nnwuma 17:11) Yebetumi de Bible ntetee ho hyehyɛe a Sodikuw no de ma no atoto sukuu adesua ho nhyehyɛe a nhomasua ahwɛfo kuw yɛ no ho. Ɛwom sɛ ɛnyɛ ahwɛfo kuw no na wɔde nea wosua no ba de, nanso wɔn na wɔhyehyɛ nea wobesua no, kyerɛ ɔkwan a wɔbɛfa so de ɔkyerɛkyerɛ ama, na wɔde akwankyerɛ a ɛfata ma. Sɛ obi nam animtiabu so po sɛ ɔbɛyɛ n’ade sɛnea adesuabea no hwehwɛ, ɔde ɔhaw brɛ mfɛfo adesuafo, anaa ogu sukuu no anim ase a, wobetumi ayi no adi. Sukuu mpanyimfo no wɔ hokwan sɛ wɔyɛ ade ma adesuafo no nyinaa nya mu mfaso.

18 Sɛ adesuafo a Yehowa Adansefo yɛ no da nkyɛn a, wɔyɛ Yesu Kristo asraafo a wɔahyɛ wɔn sɛ ‘wɔnko gyidi ko pa no.’ (1 Timoteo 6:12; 2 Timoteo 2:3) Sɛnea ɛte no, sɛ Kristoni sraani bi sen ne kɔn bɔ bra a ɛmfata a, ebetumi ama wɔahwere Onyankopɔn anim dom. Sɛ́ onipa a ɔwɔ hokwan sɛ ɔpaw nea ɔpɛ no, Kristoni sraani betumi asi gyinae biara a ɔpɛ, nanso ɛsɛ sɛ otwa ne gyinaesi no so aba. Paulo kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Obi nkɔ ɔsa mfa ne ho ntõatoa ofie asetrasɛm mu, na wasɔ ɔsahene ani. Na sɛ obi di aguma ko nso a, wɔmmɔ no nkonim abotiri, gye sɛ wako no sɛnea ɛho mmara te.” (2 Timoteo 2:4, 5) Kristofo a wɔn ho akokwaw a Sodikuw no mufo ka ho no ayɛ krado koraa sɛ wobetie wɔn Kannifo, Yesu Kristo, na wodi “mmara” horow no so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nsa bɛka daa nkwa abotiri no.—Yohane 17:3; Adiyisɛm 2:10.

19. Bere a yɛahwehwɛ nokwasɛm a ɛfa Kristofo ahosohyira mu awie no, awerɛhyem bɛn na yebetumi anya?

19 So adanse horow no nkyerɛ pefee sɛ Yehowa Adansefo yɛ Onyankopɔn asomfo, na ɛnyɛ nnipa nkoa? Sɛ́ Kristofo a wɔahyira wɔn ho so a wɔwɔ ahofadi a enti Kristo ma wɔdee wɔn ho no, wɔma Onyankopɔn honhom ne N’asɛm kyerɛ wɔn asetra kwan bere a wɔne wɔn nuanom de biakoyɛ som wɔ Onyankopɔn asafo mu no. (Dwom 133:1) Ɛsɛ sɛ eyi ho adanse horow no tumi ma adwenem naayɛ biara a ɛfa faako a wonya wɔn ahoɔden fi ho no mu da hɔ. Wobetumi ne odwontofo no abom ato dwom sɛ: “[Yehowa, NW] ne m’ahoɔden ne me kyɛm. Mede me koma mato no so, na waboa me, enti me koma ho asan no, na mede me dwom meda no ase.”—Dwom 28:7.

[Ase hɔ asɛm]

a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na etintimii wɔ 1993 mu.

Wubebua Dɛn?

◻ Ɔkwan bɛn so na Ɔwɛn Aban Asafo no ne mmara kwan so ahyehyɛde horow a ɛtete saa no boa Yehowa Adansefo?

◻ Ɔkwan bɛn so na Kristofo nya Yehowa Adansefo Sodikuw no dwumadi mu mfaso?

◻ Dɛn nti na Yehowa nkurɔfo de wɔn asɛnka adwuma no ho amanneɛbɔ ma?

◻ Tebea bɛn mu na tu a wotu Kristoni a wahyira ne ho so no fata?

[Kratafa 19 mfonini]

Afeha a edi kan mu sodikuw no hwɛ maa nkyerɛkyerɛ yɛɛ biako

[Kratafa 23 mfonini]

Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa wɔ ahofadi a Kristo ma wonyae no bi

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena