Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • nwt kr. 14-kr. 15
  • Asɛmmisa 6: Nkɔm bɛn na Bible hyɛ faa Mesia no ho?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmmisa 6: Nkɔm bɛn na Bible hyɛ faa Mesia no ho?
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
Asɛmmisa 6: Nkɔm bɛn na Bible hyɛ faa Mesia no ho?

ASƐMMISA 6

Nkɔm bɛn na Bible hyɛ faa Mesia no ho?

NKƆMHYƐ

“Wo, Betlehem Efrata, . . . wo mu na obi befi abɛyɛ Israel hene ama me.”

Mika 5:2

SƐNEA ƐBAA MU

“Bere a wɔwoo Yesu wɔ Betlehem a ɛwɔ Yudea, Ɔhene Herode nna no mu no, hwɛ! nsoromma mu ahwɛfo bi fi Apuei fam baa Yerusalem.”

Mateo 2:1

NKƆMHYƐ

“Wɔkyekyɛ me ntaade mu fa, na wɔbɔ m’ataade so ntonto.”

Dwom 22:18

SƐNEA ƐBAA MU

“Bere a asraafo no bɔɔ Yesu asɛndua mu no, wɔfaa n’ataade nguguso kyɛɛ mu anan . . . Nanso na n’ataade a ɛwɔ ase no nni mpamee; na wɔanwene fi soro abesi fam. Enti wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: ‘Mommma yɛnntetew mu, mmom momma yɛmmɔ so ntonto nhwɛ nea ɛbɛyɛ ne dea.’”

Yohane 19:23, 24

NKƆMHYƐ

“Ɔhwɛ ne nnompe nyinaa so; emu baako mpo mmu.”

Dwom 34:20

SƐNEA ƐBAA MU

“Bere a woduu Yesu nkyɛn no, wohui sɛ wawu dedaw, enti wɔammubu ne nan mu.”

Yohane 19:33

NKƆMHYƐ

“Yɛn mmarato nti na wɔde ade wɔɔ no.”

Yesaia 53:5

SƐNEA ƐBAA MU

“Asraafo no mu baako de peaw wɔɔ ne mfe, na ɛhɔ ara na mogya ne nsu bae.”

Yohane 19:34

NKƆMHYƐ

“Wɔde m’akatua maa me; wɔmaa me nnwetɛbona 30.”

Sakaria 11:12, 13

SƐNEA ƐBAA MU

“Ɛnna Dumien no mu baako, nea wɔfrɛ no Yuda Iskariot no, kɔɔ asɔfo mpanyin no nkyɛn. Obisaa wɔn sɛ: ‘Dɛn na mode bɛma me na mayi no ama mo?’ Na wɔkae sɛ wɔbɛma no nnwetɛbona 30.”

Mateo 26:14, 15; 27:5

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena