-
“New World Translation” No—Ɛda Nhomanim ne Nokwaredi AdiƆwɛn-Aban—1991 | March 1
-
-
Sɛnea Mateo 26:26 kyerɛ wɔ New World Translation no mu no, bere a Yesu rehyehyɛ Awurade Anwummeduan no di no, ɔka abodoo a ɔde ma n’asuafo no ho asɛm sɛ: “Eyi gyina hɔ ma me nipadua.” Nkyerɛase afoforo pii kyerɛ nkyekyem yi ase sɛ: “Eyi ne me nipadua” na wɔde eyi gyina nkyerɛkyerɛ a ese Awurade Anwummeduan no di mu no, abodoo no dan Kristo honam ankasa no akyi. Asɛmfua a wɔakyerɛ ase wɔ New World Translation no mu sɛ “gyina hɔ ma” (es·tinʹ, ɛte sɛ ei·miʹ) no fi Hela asɛmfua a ase ne sɛ “ɛyɛ” mu, nanso ebetumi akyerɛ “egyina hɔ ma” nso. Enti, Greek-English Lexicon of the New Testament a Thayer yɛe no se adeyɛsɛm yi “ne ɛkyerɛ, egyina hɔ ma, nea ɛkyerɛ, yɛ ade koro mpɛn pii.” Nokwarem no, “gyina hɔ ma” yɛ nkyerɛase a ntease wom wɔ ha. Bere a Yesu hyehyɛɛ Anwummeduan a Etwa To no, na ne honam da so ara wɔ ne nnompe ho, enti ɛbɛyɛ dɛn na abodoo no ayɛ ne honam ankasa?a
-
-
“New World Translation” No—Ɛda Nhomanim ne Nokwaredi AdiƆwɛn-Aban—1991 | March 1
-
-
a Wɔ Adiyisɛm 1:20 no, Germanni nsɛm asekyerɛfo Curt Stage kyerɛɛ adeyɛsɛm koro no ase sɛ: “Akaneadua ason no gyina hɔ ma [es·tinʹ] asafo ahorow ason no.” Fritz Tillmann ne Ludwig Thimme kyerɛ ase saa ara sɛ “gyina hɔ ma” [es·tinʹ] wɔ Mateo 12:7.
-