Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 7/1 kr. 14-19
  • “Mmea A Wɔreyɛ Adwuma Dennen Wɔ Awurade Mu”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Mmea A Wɔreyɛ Adwuma Dennen Wɔ Awurade Mu”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Yesu Yɛɛ N’ade wɔ Mmea Ho
  • Mmea a Wɔsom Yesu
  • Kristofo Mmea Anokwafo a Wɔtraa Ase wɔ Pentekoste Akyi
  • Sɛnea Paulo Yɛɛ N’ade wɔ Mmea Ho
  • Mmea a Wɔreyɛ Adwuma Dennen Nnɛ
  • Ahwɛfo Akwantufo Yerenom
  • Mpanyimfo Yerenom
  • “Mmea Mpanyin” Anokwafo
  • Kristo Yɔnko Sodifo
  • Onyankopɔn Dwen Wɔn Ho, Ɔwɔ Obu ne Nidi Ma Wɔn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Ɔbarima ne Ɔbea—Obiara wɔ Asɛyɛde a Ɛfata
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Kristofo Mmea Fata Nidi Ne Obu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Boa Anuanom Mmea
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 7/1 kr. 14-19

“Mmea A Wɔreyɛ Adwuma Dennen Wɔ Awurade Mu”

“Munkyia Trifaina ne Trifosa, mmea a wɔreyɛ adwuma dennen wɔ Awurade mu no.”​—ROMAFO 16:12, New World Translation.

1. Ɔkwan bɛn so na Yesu asase so ɔsom adwuma no yɛɛ nhyira maa mmea?

NA YESU asase so som adwuma no yɛ nhyira ankasa ma Yudafo mmea. Na adwuma a ofii ase no de awerɛkyekye, anidaso, ne nidi foforo bɛbrɛ mmea a wofi mmusua horow nyinaa mu. Wamfa Yudasom mu atetesɛm a ‘ɛsɛee Onyankopɔn asɛm’ no anni dwuma. (Mateo 15:6) Saa atetesɛm yi mu bebree buu hokwan atitiriw a Onyankopɔn de maa mmea no so.

Sɛnea Yesu Yɛɛ N’ade wɔ Mmea Ho

2. Dɛn nti na wobetumi aka sɛ sɛnea Yesu yɛɛ n’ade wɔ mmea ho no yɛ ade foforo koraa wɔ saa mmere no mu?

2 Nsonsonoe bɛn ara na na ɛwɔ sɛnea Yesu yɛɛ n’ade wɔ mmea ho ne nea Yudafo nyamesom akannifo no yɛe ntam sɛɛ yi! Sɛnea Encyclopaedia Judaica no kyerɛ no, nyamesom akannifo no buu mmea sɛ wɔyɛ “aniberefo, wɔn a wowiawia wɔn ho tie afoforo nkɔmmɔbɔ, anihafo, ne ahoɔyawfo.” Na wɔnhyɛ nkɔmmɔ a wɔne mmea bɛbɔ ho nkuran, na “na ɛyɛ animguase sɛ nhomanimfo ne ɔbea bɛkasa wɔ abɔnten so.” (Jerusalem in the Time of Jesus, a Joachim Jeremias yɛe; fa toto Yohane 4:27 ho.) Wobetumi aka sɛnea Yudasom akannifo no buu mmea animtiaa no ho nsɛm pii. Nanso nea ɛwɔ atifi hɔ no nkutoo ma yehu sɛ sɛnea Yesu yɛɛ n’ade wɔ mmea ho no yɛ ade foforo koraa wɔ saa bere no mu ampa.

3. Nsɛm a esisii wɔ Yesu som adwuma mu bɛn na ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ mmea honhom mu nokware ahorow a emu dɔ?

3 Yesu yɛ sɛnea mmarima betumi ne mmea anya abusuabɔ a emu yɛ hyew nanso ɛho tew yiye ho nhwɛso a edi mũ yiye. Ɛnyɛ nkɔmmɔ nkutoo na ɔne mmea bɔe, na mmom ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn honhom mu nokware ahorow a emu dɔ nso. Nokwarem no, onipa a odii kan daa Mesia a ɔyɛ no adi kyerɛɛ no no yɛ ɔbea, na ɔyɛ Samariani bea nso ka ho. (Yohane 4:7, 25, 26) Bio nso, nea esii ɔne Marta ne Maria ntam no da no adi pefee sɛ na Yesu nte nka sɛ ɔbea nni hokwan sɛ obegyaw ne nkuku ne nkankyee hɔ bere tiaa bi akosua ade ma wanya honhom mu nimdeɛ pii, te sɛnea na Yudafo nyamesom akannifo no susuw no. Saa bere no, Maria ‘pawee nea eye no,’ na ɔde honhom fam nneɛma dii kan. (Luka 10:38-42) Nanso asram kakraa bi akyi no, ɛnyɛ Maria, na mmom Marta na ɔdaa ɔpɛ kɛse adi sɛ obehyia Owura no wɔ wɔn nuabarima no wu akyi. Hwɛ sɛnea yɛn ani gye bere a yɛkenkan saa Yesu ne Marta ntam honhom fam nkɔmmɔbɔ a emu dɔ a ɛfa awusɔre anidaso no ho no! (Yohane 11:20-27) Hokwan bɛn ara na na ɛno yɛ ma Marta sɛɛ yi!

Mmea a Wɔsom Yesu

4, 5. Asomafo no akyi no, henanom na wodii Yesu akyi wɔ ne som adwuma wɔ Galilea no mu, na ɔkwan bɛn so na wɔsom no?

4 Yesu penee so ma mmea som no bere a okyinkyin ɔman no mu nyinaa no. Marko bɔ ‘mmea a bere a na [Yesu] wɔ Galilea no, wodii n’akyi, na wɔsom no’ no din wɔ n’Asɛmpa ho kyerɛwtohɔ no mu. (Marko 15:40, 41) Na henanom ne mmea yi, na ɔkwan bɛn so na wɔsom Yesu? Yennim wɔn nyinaa din, nanso Luka ma yehu kakraa bi din, na ɔde sɛnea wɔsom Yesu ho nkyerɛkyerɛmu ma.

5 Luka kyerɛw sɛ: “Na ɛbae sɛ eyi akyi no, ɔkɔfaa nkurow ne nkuraa nyinaa mu kaa Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa kyerɛe, na dumien no ka ne ho, ne mmea bi a wasa wɔn ahonhommɔne ne ahoɔmmerɛw, wɔne Maria a wɔfrɛ no Magdalene a ahonhommɔne ason fii ne mu no, ne Yohana, Herode fiepanyin Kusa yere, ne Susana ne afoforo bebree a wɔde wɔn ahode bi som no.” (Luka 8:1-3) Yesu penee so sɛ mmea yi bedi n’akyi na wɔde wɔn ahode asom ɔne n’asomafo no ma wɔanya wɔn honam fam ahiade ahorow.

6. (a) Henanom na wɔkaa Yesu ho bere a ɔkɔɔ Yerusalem nea etwa to no? (b) Henanom na wogyinaa Yesu afã kosii ne wu mu, na akatua bɛn na ebinom nyae? (d) Sɛ wɔde Yudasom mu atetesɛm toto ho a, na dɛn na ɛda nsow wɔ kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Yohane 20:11-18 no mu?

6 Bere a wokum Yesu no, “na mmea bebree wɔ hɔ a wogyina akyirikyiri rehwɛ, wɔn na wodii Yesu akyi fi Galilea som no; na Maria Magdalene ne Maria, Yakobo ne Yosef ne na . . . ka wɔn ho.” (Mateo 27: 55, 56) Enti, mmea anokwafo pii gyinaa Yesu afã wɔ ne wu mu. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ nokwasɛm yi nsow nso sɛ mmea ne ne wusɔre ho adansefo a wodi kan. (Mateo 28:1-10) Na eyi nkutoo mpo ma Yudafo atetesɛm yɛ ɔkwa, efisɛ wɔ Yudasom mu no, na wobu mmea sɛ wɔmfata sɛ wɔyɛ adansefo wɔ mmara mu. Bere a eyi wɔ w’adwenem no, kenkan Yohane 20:11-18, na bɔ mmɔden sɛ wubesusuw nkate a emu yɛ den a ebia Maria Magdalene nyae, bere a Owura a wasɔre no yii ne ho adi kyerɛɛ no, de ne din frɛɛ no, na ɔde no yɛɛ ɔdansefo sɛ ɔnkɔka nkyerɛ n’asuafo no sɛ ɔte ase ampa, no ho hwɛ!

Kristofo Mmea Anokwafo a Wɔtraa Ase wɔ Pentekoste Akyi

7, 8. (a) Yɛyɛ dɛn hu sɛ bere a wohwiee honhom kronkron no gui wɔ Pentekoste no, na mmea wɔ hɔ? (b) Kristofo mmea nyaa Kristosom a wɔmaa emu trɛw ntɛmntɛm no mu kyɛfã dɛn?

7 Yesu sorokɔ akyi no, na mmea a wosuro Onyankopɔn ka asomafo anokwafo a na wɔwɔ abansoro dan bi mu wɔ Yerusalem no ho. (Asomafo no Nnwuma 1:12-14) Ɛda adi pefee sɛ na mmea ka wɔn a wohwiee honhom kronkron guu wɔn so wɔ Pentekoste no ho. Dɛn ntia? Efisɛ bere a Petro kyerɛkyerɛɛ nea esii no mu no, ɔfaa asɛm a ɛwɔ Yoel 2:28-30, a wɔhyɛ da bɔ “mmabea” ne “mmaawa,” anaa “mfenaa” din wɔ hɔ no de kaa asɛm. (Asomafo no Nnwuma 2:1, 4, 14-18) Enti na Kristofo mmea a na wɔde honhom awo wɔn, asra wɔn no yɛ Kristofo asafo no fã fi ne nhyɛase pɛɛ.

8 Mmea nyaa Kristosom ntrɛwmu mu kyɛfã kɛse, ɛwom sɛ wɔanyɛ atitiriw de. Maria a ɔyɛ Marko na ne Barnaba sewaa no de ne fie a ɛda adi sɛ ɛso no mae ma Yerusalem asafo no de dii dwuma. (Asomafo no Nnwuma 12:12) Na na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ eyi wɔ bere a na wɔafi ase retaa Kristofo no bio mpo. (Asomafo no Nnwuma 12:1-5) Ɔsɛmpakafo Filipo mmabea baanan no nyaa hokwan yɛɛ Kristofo adiyifo mmea.​—Asomafo no Nnwuma 21:9; 1 Korintofo 12:4, 10.

Sɛnea Paulo Yɛɛ N’ade wɔ Mmea Ho

9. Kristofo mmea ho afotu bɛn na Paulo de mae wɔ ne krataa a edi kan a ɔkyerɛw Korintofo no mu, na ɔsoro nnyinasosɛm bɛn na na ɔrehyɛ mmea nkuran ma wɔakyerɛ obu ama?

9 Ɛtɔ mmere bi a, nkurɔfo bɔ ɔsomafo Paulo sobo sɛ na ɔtan mmea na onnye wɔn nni. Ɛyɛ ampa sɛ Paulo na ɔkae sɛ ɛsɛ sɛ mmea tra wɔn afã a ɛfata wɔn wɔ asafo no mu no. Sɛnea wodi nneɛma ho dwuma wɔ asafo no mu no, na ɛnsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔ asafo nhyiam horow ase. (1 Korintofo 14:33-35) Sɛ Kristoni ɔbarima biara nni hɔ, anaasɛ esiane honhom kronkron akwankyerɛ so a ɔnam hyɛ nkɔm nti, Kristoni bea bi kasa wɔ nhyiam bi ase a, na wɔhwehwɛ sɛ ɔkata ne ti so. Ne ti so a ɔkata yi yɛ ‘tumidi ho sɛnkyerɛnne,’ adanse a wotumi hu a ɛkyerɛ sɛ ɔbea no gye Onyankopɔn tiyɛ ho nhyehyɛe no tom.​—1 Korintofo 11:3-6, 10.

10. Dɛn ho sobo na ebinom bɔ ɔsomafo Paulo, nanso dɛn na edi adanse sɛ sobo yi yɛ atoro?

10 Ɛda adi sɛ Paulo hui sɛ ɛho hia sɛ ɔkae tete Kristofo no saa teokrase nnyinasosɛm ahorow yi sɛnea ɛbɛyɛ na ‘ade nyinaa akɔ so pɛpɛɛpɛ’ wɔ asafo nhyiam horow ase. (1 Korintofo 14:40) Nanso, so eyi kyerɛ sɛ na Paulo mpɛ mmea asɛm, sɛnea ebinom ka no? Dabida. So ɛnyɛ Paulo na ɔde ɔdɔ nkyia kɔmaa Kristofo mmea baakron wɔ ne krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Romafo no ti a etwa to no mu no? So wanna anisɔ kɛse a ɔwɔ ma Foebe, Priska (Priskila), Trifaena, ne Trifosa no adi, amfrɛ mmea baanu a wotwa to no sɛ “mmea a wɔreyɛ adwuma dennen wɔ Awurade mu” anaa? (Romafo 16:1-4, 6, 12, 13, 15, NW) Na Paulo na honhom kaa no ma ɔkyerɛwee sɛ: “Mo mu dodow a wɔabɔ mo asu akɔ Kristo mu no, moahyɛ Kristo. Yudani anaa Helani nni hɔ, akoa anaa ɔdehye nni hɔ, ɔbarima anaa ɔbea nni hɔ bio; efisɛ mo nyinaa yɛ biako, Kristo Yesu mu.” (Galatifo 3:27, 28) Ɛda adi pefee sɛ na Paulo dɔ ne Kristofo anuanom mmea, a Lidia a ɔyɛɛ ahɔhoyɛ ho nhwɛso pa wɔ sɔhwɛ bere bi mu ka ho, na na ɔwɔ wɔn ho anisɔ.​—Asomafo no Nnwuma 16:12-15, 40; Filipifo 4:2, 3.

Mmea a Wɔreyɛ Adwuma Dennen Nnɛ

11, 12. (a) Ɔkwan bɛn so na Dwom 68:11 rebam ankasa nnɛ? (b) Tebea bɛn na yɛn nuanom mmea pii wom nnɛ, na dɛn nti na wohia yɛn dɔ ne mpaebɔ?

11 Kristofo mmea a “wɔreyɛ adwuma dennen wɔ Awurade mu” pii wɔ Kristofo asafo no mu nnɛ. Nokwarem no, akontaabu kyerɛ sɛ “mmea a wɔka nkonim asɛmpa no asafo sõ,” na wɔne Adansefo asafo a Yehowa de wɔn redi dwuma wɔ awiei mmere yi mu no mu fã kɛse. (Dwom 68:11) Kristofo mmea a wɔyɛ adwuma dennen yi anya din pa wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wobedi wɔn asɛyɛde sɛ ɔyerenom, ɛnanom, afiehwɛfo, wɔn a wɔbɔ akɔnhoma, ne Kristofo asomfo nyinaa ho dwuma no mu.

12 Anuanom mmea a wɔbɔ mmɔden yi mu bebree kununom nyɛ gyidifo. Ɛsɛ sɛ wogyina tebea yi ano nnɔnhwerew 24 da biara. Ebinom de mfe pii abɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ ɔyerenom pa bere a wɔreyɛ nneɛma a wɔhwehwɛ afi Yehowa asomfo anokwafo hɔ no bere koro no ara mu no. Saayɛ nna fam, nanso wɔagyina mu, a wɔn ani da so bere nyinaa sɛ wɔnam wɔn Kristofo abrabɔ pa a ‘ɔkasa nnim so benya’ wɔn kununom. Na sɛ okunu bi gye nokware no tom a, hwɛ anigye ara a abusua mũ no nyinaa nya! (1 Petro 3:1, 2) Ansa na ɛbɛba saa no, anuanom mmea anokwafo yi hia asafo no mufo afoforo onuadɔ ne mpaebɔ ampa. Sɛnea “honhom a edwo na ɛyɛ komm” a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛda no adi no “bo yɛ den Onyankopɔn anim” no, saara na wɔn mudi mu a wokura pintinn no som bo wɔ yɛn ani so.​—1 Petro 3:3-6.

13. Dɛn nti na yebetumi aka yɛn nuanom mmea akwampaefo no ho asɛm sɛ wɔyɛ “mmea a wɔreyɛ adwuma dennen wɔ Awurade mu,” na ɛsɛ sɛ wobu wɔn dɛn wɔ wɔn asafo ahorow mu?

13 Yebetumi de ahotoso aka sɛ anuanom mmea a wɔresom sɛ akwampaefo no reyɛ “adwuma dennen wɔ Awurade mu.” Ɛsɛ sɛ wɔn mu bebree hwɛ wɔn afie, wɔn kununom, ne wɔn mma so de ka wɔn asɛnka adwuma no ho. Ebinom de wɔn bere fã yɛ adwuma na ama wɔanya wɔn honam fam ahiade ahorow. Eyi nyinaa hia nhyehyɛe pa, akokoduru, animia, ne adwumaden pii. Ɛsɛ sɛ Kristofo mmea yi te wɔn a wɔn nsɛm tebea mma wontumi nyɛ adansedi adwuma no sɛ akwampaefo no dɔ ne mmoa a wɔde ma wɔn no nka.

14. (a) Animia ho nhwɛso pa bɛn na wɔaka ho asɛm? (b) Kristofo mmea afoforo bɛn na wɔfata nkamfo, na dɛn ntia? Fa mo hɔ nhwɛso bi ma.

14 Kristofo mmea binom akɔ so atra akwampae adwuma no mu ma ɛyɛ nwonwa. Grace Lounsbury a ɔwɔ Canada yɛɛ akwampae adwuma no nea edi kan wɔ 1914 mu. Esiane ɔyare nti, na ɛsɛ sɛ ogyae akwampae adwuma no wɔ 1918 mu, nanso ebeduu 1924 mu no, na ɔreyɛ bere nyinaa som adwuma no bio. Bere a wɔrekyerɛw asɛm yi no, na ɔda so ara yɛ ɔkwampaefo, ɛwom sɛ wadi mfe 104 de! Anuanom mmea asɛmpatrɛwfo pii a wɔtetee wɔn wɔ 1940 mfe no mu wɔ Ɔwɛn Aban Bible Gilead Sukuu no adesua akuw a edi kan no mu no de nokwaredi da so ara resom sɛ asɛmpatrɛwfo anaa sɛ Betel abusua no mufo wɔ Brooklyn anaa Ɔwɛn Aban Asafo ti no baa dwumadibea ahorow no bi mu. Saa Kristofo mmea yi nyinaa ne anuanom mmea a wɔsom wɔ Betel no nyinaa, da ho a wɔde bɔ afɔre honhom adi, na wɔyɛ nhwɛso pa ampa. So ɛyɛ a yɛma wohu sɛ yɛn ani sɔ wɔn anaa?

Ahwɛfo Akwantufo Yerenom

15, 16. Kristofo mmea kuw foforo bɛn na wɔfata yɛn nkamfo a emu yɛ hyew, na dɛn ntia?

15 Ahwɛfo akwantufo yerenom yɛ Kristofo mmea kuw foforo a wɔfata nkamfo ne nkuranhyɛ a emu yɛ hyew. Anuanom mmea adɔfo yi wɔ ɔpɛ sɛ wobedi wɔn kununom akyi afi asafo biako mu akɔ foforo mu, anaa ɔmansin biako mu akɔ foforo mu, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔahyɛ wɔn nuanom nkuran wɔ honhom fam. Wɔn mu dodow no ara de fie tra mu ahotɔ abɔ afɔre; wɔda mpa foforo so nnawɔtwe biara, na ɛnyɛ bere nyinaa na wonya mpa a eye. Nanso wɔde anigye gye nea wɔn nuanom tumi yɛ ma wɔn biara tom. Wɔyɛ nhwɛso pa ma wɔn honhom fam anuanom mmea.

16 Kristofo mmea yi de mmoa a ɛsom bo kɛse ma wɔn kununom nso, te sɛ mmea a wosuro Onyankopɔn a wodii Yesu akyi “na wɔsom no” no ara pɛ. (Marko 15:41) Wɔn nkutoo ntumi nni bere pii wɔ wɔn kununom a bere nyinaa ‘wɔwɔ pii yɛ wɔ Awurade adwuma no mu’ no nkyɛn. (1 Korintofo 15:58) Wɔn mu binom, te sɛ Rosa Szumiga a ɔwɔ France, a ofii bere nyinaa som adwuma ase wɔ 1948 mu no, de bɛyɛ mfe 30 anaa 40 ahyehyɛ wɔn kununom nneɛma wɔ bag mu na wɔne wɔn atu kwan. Wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔde nneɛma bɛbɔ afɔre ama Yehowa ne wɔn nuanom mmarima ne mmea. Wɔfata yɛn anisɔ, ɔdɔ, ne mpaebɔ.

Mpanyimfo Yerenom

17, 18. (a) Su horow bɛn na wɔhwehwɛ wɔ anuanom a wɔde ɔsom dwumadi ahorow ahyɛ wɔn nsa yerenom ho? (b) Nneɛma bɛn na mpanyimfo yerenom pene so sɛ wɔde bɛbɔ afɔre ama Yehowa ne wɔn nuanom, na ɔkwan bɛn so na ɔyerenom afoforo betumi aboa wɔn kununom?

17 Bere a ɔsomafo Paulo rebobɔ nneɛma a wɔhwehwɛ wɔ anuanom a wobetumi apaw wɔn sɛ mpanyimfo ne asafo mu asomfo ho no, ɔbɔɔ mmea nso din kyerɛw sɛ: “Mmea no nso anim nyɛ duru saa ara, wɔnnyɛ ntwirifo, wɔn ani so nna hɔ, wonni ade nyinaa mu nokware.” (1 Timoteo 3:11) Ɛyɛ ampa sɛ afotu yi fa Kristofo mmea nyinaa ho. Nanso esiane nea na wɔreka ho asɛm no nti, ɛda adi sɛ ɛsɛ sɛ anuanom a wɔde ɔsom dwumadi ahorow ahyɛ wɔn nsa no yerenom di afotu yi so yiye de yɛ nhwɛso pa.

18 Nea ɛyɛ anigye ne sɛ, Kristofo ahwɛfo yerenom mpempem pii atumi ayɛ saa. Wɔn nneyɛe ne wɔn ahosiesie nyɛ nea ɛtra so, wɔma wɔn ani ku Kristofo asetra kwan ho, wɔhwɛ nsɛm a wɔka yiye, na wɔbɔ mmɔden sɛ wobedi nokware wɔ ade nyinaa mu. Wɔpene so nso sɛ wɔde nneɛma bɛbɔ afɔre, na wogye tom sɛ wɔn kununom de bere a anka wobedi wɔ wɔn nkyɛn no bedi asafo mu nsɛm ho dwuma. Kristofo mmea anokwafo yi fata yɛn dɔ ne nkuranhyɛ a emu yɛ hyew. Sɛ anuanom mmarima pii yerenom fi ahobrɛase mu bɛpene so de nneɛma abɔ afɔre saa a, ebia wɔn kununom no betumi ayere wɔn ho anya hokwan ahorow wɔ yɛn asafo ahorow no pii mu na ayɛ mmoa ama obiara.

“Mmea Mpanyin” Anokwafo

19. Dɛn nti na ani sɔ “mmea mpanyin” anokwafo pii wɔ wɔn asafo ahorow mu, na ɛsɛ sɛ yɛte nka dɛn wɔ wɔn ho?

19 Mmea a wɔabɔ wɔn din wɔ Bible no mu ho a yɛasusuw yi ama yɛahu sɛ mfe dodow a mmea gyidifo adi no nsiw wɔn kwan sɛ wɔbɛsom Yehowa. Nokwasɛm yi daa adi wɔ Sara, Elisabet, ne Hana ho nsɛm no mu. Kristofo mmea a wɔn mfe akɔ anim a wɔyɛ gyidi ne boasetɔ ho nhwɛso pa pii wɔ hɔ nnɛ. Bio nso, wobetumi de anifere aboa mpanyimfo no denam anuanom mmea nkumaa a wɔbɛboa wɔn no so. Wobetumi afi osuahu a wɔde bere tenten anya no mu de afotu a nyansa wom ama mmea nkumaa, sɛnea Kyerɛwnsɛm no ma wɔn hokwan sɛ wɔnyɛ no. (Tito 2:3-5) Ebetumi aba sɛ ɛtɔ mmere bi a, onuawa panyin bi ankasa nso behia afotu. Sɛ ɛba saa a, ɛsɛ sɛ ɔpanyin a ɔyɛ saa no ‘tu no fo sɛ ɛna.’ Ɛsɛ sɛ mpanyimfo ‘di mmea akunafo ni’ na, sɛ ɛho hia a, wɔyɛ honam fam mmoa ho nhyehyɛe ma wɔn. (1 Timoteo 5:1-3, 5, 9, 10) Ɛsɛ sɛ yɛn nuanom mmea mpanyimfo no te nka sɛ wɔpɛ wɔn asɛm, na ani sɔ wɔn yiye ampa.

Kristo Yɔnko Sodifo

20. Hokwan a ɛkorɔn bɛn na wɔde ama Kristofo mmea pii, na dɛn nti na nguan foforo no ani betumi agye eyi ho?

20 Kyerɛwnsɛm no ma ɛda adi pefee sɛ “nnipa nyiyim ne animhwɛ nni Nyankopɔn fam” wɔ abusua anaa bɔbeasu mu. (Romafo 2:10, 11; Galatifo 3:28) Na ɛyɛ nokware nso wɔ sɛnea Yehowa paw wɔn a wɔbɛka ne Ba no ho wɔ Ahenni nniso mu no mu. (Yohane 6:44) Aseda bɛn ara na nguan foforo no mu nnipakuw kɛse no betumi de ama sɛɛ yi, sɛ mmea anokwafo te sɛ Yesu ne na Maria, Maria Magdalene, Priskila, Trifaena, Trifosa, ne afoforo pii a na wɔwɔ tete Kristofo asafo no mu no, nya kyɛfã wɔ Ahenni tumidi mu mprempren, a wɔde mmea atenka ne osuahu ahorow ho ntease a emu dɔ a wɔwɔ no bɛma saa nniso no atu mpɔn! Hwɛ sɛnea ɛkyerɛ sɛ Yehowa hu ade kɔ akyiri na ɔyɛ onyansafo!​—Romafo 11:33-36.

21. Yɛte nka dɛn wɔ “mmea a wɔreyɛ adwuma dennen wɔ Awurade mu” no ho nnɛ?

21 Yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ no betumi ate nka sɛ Paulo, bere a ɔde ɔdɔ ne anisɔ kaa ‘mmea yi a wɔkaa me ho peree asɛmpa no’ ho asɛm no. (Filipifo 4:3) Yehowa Adansefo mmarima ne mmea nyinaa, bu no sɛ ɛyɛ anigye ne hokwan a wɔanya sɛ wɔne ‘mmea a wɔka nkonim asɛmpa no asafo a ɛso’ no, yiw, “mmea a wɔreyɛ adwuma dennen wɔ Awurade mu” no bɛbom ayɛ adwuma.​—Dwom 68:11; Romafo 16:12, NW.

Ntimu Nsemmisa

◻ Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛe sɛ onni mmea ho adwemmɔne a na Yudafo nyamesom akannifo wɔ no bi?

◻ Ɔkwan bɛn so na mmea a wosuro Nyankopɔn som Yesu, na hokwan kɛse bɛn na wɔn mu binom nyae?

◻ Sɛnea ɛsɛ sɛ mmea yɛ ade wɔ asafo nhyiam horow ase ho afotu bɛn na Paulo de mae?

◻ Anuanom mmea akuw bɛn na wɔfata sɛ yɛdɔ wɔn na yɛboa wɔn titiriw, na dɛn ntia?

◻ Ɛsɛ sɛ yɛte nka dɛn wɔ “mmea a wɔreyɛ adwuma dennen wɔ Awurade mu” nnɛ no nyinaa ho?

[Mfonini wɔ kratafa 16, 17]

Mmea som Yesu ne n’asomafo no

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Ahwɛfo akwantufo ne mpanyimfo afoforo yerenom a wɔde wɔn ho bɔ afɔre no de mmoa a ɛsom bo ma Onyankopɔn adwuma no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena