Yɛn Nneyɛe Pa a Yɛde Hyɛ Yehowa Anuonyam
1 Sɛ wowɔ baabi a ahum kɛse retu a, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ ahotɔ sɛ wubenya ofie bi mu aguan akɔ! Sɛ ofie hɔ yɛ anika na ahobammɔ wɔ hɔ a, w’ani begye sɛ wobɛtra hɔ. Ahenni asɛnka no boa ma nkurɔfo nya guankɔbea a ɛte saa na wɔde wɔn ho fi Satan wiase yi ho. So yɛn abrabɔ tumi ma afoforo hu sɛ ahobammɔ wɔ guankɔbea a ɛte saa? Yiw, efisɛ Yesu kae sɛ nkurɔfo behu yɛn ‘nneyɛe pa na wɔahyɛ yɛn Agya a ɔwɔ soro no anuonyam.’—Mat. 5:16.
2 Yɛbɛyɛ dɛn ama afoforo ahwɛ yɛn nneyɛe so ahu Yehowa na wɔaba n’ahyehyɛde no mu? Ɛne sɛ yɛbɛma Yesu nsɛm a ɛwɔ Luka 6:31 ne 10:27 no asiesie yɛn asetra bere nyinaa. Eyi bɛma yɛasusuw yɛn mfɛfo nnipa ho na yɛadɔ wɔn, na ama yɛada nsow koraa wɔ pɛsɛmenkominya wiase yi mu.
3 Onuawa bi a na ɔte hyɛmma mu retu kwan hui sɛ po no ama ababaa bi a ɔno nso te hyɛmma no mu abɔ hu araa ma ontumi nhwɛ ne ba a ɔka ne ho mpo. Onuawa no gyee abofra no. Bere a ababaa no bisaa sɛ dɛn na ɔmfa nna no ase no, onuawa no kae sɛ: ‘Mesrɛ wo, bere biara a Yehowa Adansefo bɛba wo nkyɛn no, tie wɔn.’ Ababaa no yɛɛ saa, na nnɛ ɔne ne kunu yɛ Adansefo. Nneyɛe pa na ɛmaa wotiee Ahenni asɛm no.
4 Ɛsɛ sɛ Yɛde Yɛn Asetra Nyinaa Hyɛ Yehowa Anuonyam: Yɛn abrabɔ wɔ faako a yɛte, adwumam anaa sukuu mu, ne ahomegyebea, ma nkurɔfo nya yɛn ne yɛn som no ho adwene bi. Enti, ɛfata sɛ yebisa yɛn ho sɛ: ‘Nkurɔfo hu me ne m’abusua dɛn? So wɔn a wɔte bɛn yɛn no hu sɛ yɛn fie mu ne ɛho tew na ɛhɔ nyɛ basaa? So yɛn mfɛfo sukuufo ne adwumayɛfo hu yɛn sɛ nkurɔfo a wodi bere so na wɔyɛ nsi? So nkurɔfo hu sɛ yɛn ahosiesie fata na obu wom?’ Yɛn nneyɛe pa betumi ama nkurɔfo ani agye Yehowa som ho kɛse.
5 Petro kae sɛ wobedi Kristofo ho fɛw. (1 Pet. 4:4) Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ hu sɛ yɛmma wɔnka yɛn ho asɛmmɔne esiane yɛn suban nti. (1 Pet. 2:12) Sɛ yɛma yɛn abrabɔ hyɛ Onyankopɔn a yɛsom no no anuonyam daa a, ɛnde na yɛte sɛ kanea a wɔasɔ asi beae a ɛkorɔn, a yɛteɛm frɛ afoforo sɛ wɔmmra mmenya ahobammɔ wɔ Yehowa fie.—Mat. 5:14-16.