Asubɔ ‘Nhyɛ Din Mu’
TETE wiase nhoma ahorow mpempem pii a ɛwɔ mmɛw nkrataa so a wohui wɔ Misraim anhwea mu wɔ afeha yi mfiase mu nhwehwɛmu taa de Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu nkyerɛkyerɛmu a ɛyɛ anigye ma. Ɔkwan bɛn so? Bere a yesusuw ɔkwan a wɔfaa so de nsɛmfua bi dii dwuma ho no, ɛma yɛte sɛnea wɔde nsɛmfua koro no ara dii dwuma wɔ Kyerɛwnsɛm no mu ase yiye.
Nhwɛso biako ne ‘wɔ din mu’ a Yesu de dii dwuma bere a ɔde ahyɛde maa n’asuafo ansa na ɔreforo akɔ soro no: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu [wɔ] Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu.” Na Yesu kyerɛ dɛn?—Mateo 28:19.
Nhomanimfo ahu sɛ wɔ wiasefo nkyerɛwee mu no, wɔtaa de asɛm ‘wɔ din mu’ anaa “hyɛ din mu” (Kingdom Interlinear) ka sika a wokotua “ka obi sika ho” ho asɛm. Nyamekyerɛ kyerɛkyerɛfo Dr. G. Adolf Deissmann gye dii sɛ papyrus ahorow no mu adanse no nti, “adwene a ɛwɔ. . . asɛm mommɔ asu nhyɛ Awurade din mu anaa wonnye nni wɔ Onyankopɔn Ba no din mu akyi ne sɛ asubɔ anaa gyidi ma wɔyɛ Onyankopɔn anaasɛ Onyankopɔn Ba no dea.”—Deissmann na ɔde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.
Anigyesɛm ne sɛ Yesu bere so Yudafo no de asɛm koro no ara dii dwuma, sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ Theological Dictionary of the New Testament no mu no: “Wotwa obi a wadan Yudani no twetia . . . ’wɔ nea wadan Yudani no din mu’ de gye no ba Yudasom mu. Wotwa twetia yi . . . ’wɔ apam no din mu’ de gye no kɔ apam no mu.” Wɔnam saayɛ so hyehyɛ abusuabɔ bi, na nea ɔnyɛ Yudani no dan Yudani wɔ apam no tumi ase.
Enti Kristoni fam no, asubɔ wɔ ahosohyira akyi ma ɔne Yehowa Nyankopɔn, ne Ba Yesu Kristo, ne honhom kronkron no nya abusuabɔ a emu yɛ den. Nea wasakra no hu wɔn mu biara tumi wɔ n’asetra kwan foforo no mu. Susuw sɛnea eyi yɛ nokware wɔ baasa a wɔabobɔ wɔn din no mu biara fam no ho.
Sɛ yegye Onyankopɔn tumi tom a, yetwiw bɛn no na yɛne no hyehyɛ abusuabɔ (Hebrifo 12:9; Yakobo 4:7, 8) Yɛdan Onyankopɔn apɛgyade sɛ ne nkoa a ɔde Yesu Kristo agyede afɔrebɔ no bo atɔ yɛn. (1 Korintofo 3:23; 6:20) Ɔsomafo Paulo nso ka kyerɛɛ afeha a edi kan no mu Kristofo sɛ wɔyɛ Yesu Kristo dea, na wɔnyɛ nnipa biara a ebia wɔde nokware no brɛɛ wɔn no dea. (1 Korintofo 1:12, 13; 7:23; fa toto Mateo 16:24 ho.) Asubɔ wɔ Ɔba no din mu kyerɛ sɛ yebegye nokwasɛm yi atom, agye Yesu atom sɛ “kwan ne nokware ne nkwa.”—Yohane 14:6.
Honhom kronkron no nso hia na yɛne Yehowa ne Yesu Kristo anya abusuabɔ pa. Asubɔ wɔ honhom kronkron no din mu kyerɛ sɛ yegye nea honhom no yɛ wɔ yɛne Onyankopɔn ntam nsɛnni mu no tom. Yɛpɛ sɛ yedi n’akwankyerɛ akyi, yɛremmu no animtiaa, anaa yɛrenyɛ biribi a ɛne no bɔ abira, na ama yɛasiw adwuma a ɛnam yɛn so yɛ no kwan. (Efesofo 4:30; 1 Tesalonikafo 5:19) Onipa a honhom no nyɛ no mma ɛnyɛ den sɛ yɛde bedi dwuma anaa yɛbɛte ase te sɛ nea dwuma a wɔde dii ‘wɔ apam no din mu’ wɔ Yudasom mu no te no.
Enti, wɔ ahosohyira ne asubɔ mu no, ehia sɛ yɛde mpaebɔ susuw nea yɛn abusuabɔ foforo no kyerɛ no ho. Ɛhwehwɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn apɛde a wɔada no adi wɔ Yesu Kristo nhwɛso ne agyede no mu, a wɔnam honhom kronkron so de bedi dwuma bere a ɛkyerɛ Onyankopɔn nkoa nyinaa kwan wɔ ɔdɔ ne biakoyɛ mu wɔ wiase nyinaa no.