Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ‘Honhom Kronkron No Din Mu’
    Ɔwɛn-Aban—1992 | February 1
    • ‘Honhom Kronkron No Din Mu’

      “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ . . . honhom kronkron din mu.”​—MATEO 28:19.

      1. Yohane Suboni kaa honhom kronkron no ho biribi foforo bɛn ho asɛm?

      WƆ AFE 29 Yɛn Bere yi mu no, Yohane yɛɛ adwuma wɔ Israel de siesiee kwan maa Mesia no, na ɔkaa honhom kronkron no biribi foforo ho asɛm ne som adwuma no mu. Ampa, na Yudafo no nim nea Hebrifo Kyerɛwnsɛm no ka wɔ honhom no ho dedaw. Nanso, ebetumi aba sɛ ɛyɛɛ wɔn nwonwa sɛ Yohane kae sɛ: ‘Me de, mebɔ mo asu nsu mu kɔ adwensakra mu, na nea odi m’akyi reba no de, ɔbɛbɔ mo asu honhom kronkron mu.’ (Mateo 3:11) Na ‘Honhom kronkron asubɔ’ no yɛ asɛm foforo.

      2. Honhom kronkron no ho biribi foforo bɛn na Yesu kaa ho asɛm?

      2 Yesu ne nea na ɔreba no. Yesu amfa honhom kronkron ammɔ obiara asu ankasa wɔ n’asase so asetra mu, ɛwom sɛ ɔkaa honhom no ho asɛm mpɛn pii de. Bio nso, ne wusɔre akyi no, ɔkaa honhom kronkron no ho asɛm wɔ ɔkwan foforo nso so. Ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya, ne Ɔba ne honhom kronkron din mu.” (Mateo 28:19) Asɛm “din mu” no kyerɛ “gye a wogye tom.” Na nsu mu asubɔ a wɔde gye Agya ne Ɔba ne honhom kronkron tom no nso bɛyɛ soronko wɔ honhom kronkron asubɔ ho. Na ɛno nso yɛ honhom kronkron no ho asɛm foforo.

  • ‘Honhom Kronkron No Din Mu’
    Ɔwɛn-Aban—1992 | February 1
    • Asubɔ wɔ “Honhom Kronkron Din Mu”

      5, 6. Ɔkwan bɛn so na honhom kronkron asubɔ a edi kan no kowiee nsu mu asubɔ mu?

      5 Na nsu mu asubɔ wɔ Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu a wɔhyɛɛ ho bɔ no nso ɛ? Asuafo a wodi kan a wɔbɔɔ wɔn asu honhom mu no annya nsu mu asubɔ a ɛte sɛɛ. Na wɔanya Yohane nsu mu asubɔ no dedaw, na esiane sɛ na Yehowa pene ɛno so wɔ saa bere pɔtee no mu nti, na ɛho nhia sɛ wɔsan bɔ wɔn asu. Nanso wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu no, akra pii nyaa nsu mu asubɔ foforo no. Ɔkwan bɛn so na eyi sii?

      6 Nnyigyei denneennen a ɛtwetwee nnipadɔm bi bae bere a wɔde honhom kronkron bɔɔ 120 no asu no. Eyinom ho dwiriw wɔn bere a wɔtee sɛ asuafo no reka kasa foforo, kyerɛ sɛ, ananafo kasa a wɔn a wɔwɔ hɔ no tee ase. Ɔsomafo Petro kyerɛkyerɛɛ mu sɛ saa anwonwade yi yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yesu a wɔanyan no afi awufo mu a afei de ɔte Onyankopɔn nsa nifa wɔ soro no na wahwie Onyankopɔn honhom no agu. Petro hyɛɛ n’atiefo no nkuran sɛ: “Enti ma Israel fi nyinaa nhu ampa sɛ Onyankopɔn de Yesu yi ara a mosɛn no no ayɛ Awurade ne Kristo.” Afei ɔde baa awiei sɛ: “Monsakra mo adwene, na mo nyinaa mma wɔmmɔ mo asu Yesu Kristo din mu mma mo bɔne fafiri, na mubenya honhom kronkron akyɛde no.” Akra bɛyɛ 3,000 yɛɛ saa.​—Asomafo no Nnwuma 2:36, 38, 41.

      7. Ɔkwan bɛn so na wɔbɔɔ nnipa 3,000 a wɔbɔɔ wɔn asu wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu no asu wɔ Agya ne Ɔba ne honhom kronkron no din mu?

      7 So yebetumi aka sɛ wɔbɔɔ eyinom asu wɔ Agya ne Ɔba ne honhom kronkron no din mu (wogyee wɔn toom) anaa? Yiw. Ɛwom sɛ Petro anka ankyerɛ wɔn sɛ wɔmmɔ wɔn asu nhyɛ Agya no din mu de, nanso na wogye Yehowa tom dedaw sɛ Amansan Hene, efisɛ na wɔyɛ honam fam Yudafo a wɔyɛ ɔman a wɔahyira wɔn ho so ama No mufo. Petro kae sɛ: ‘Momma wɔmmɔ mo asu nhyɛ ɔba no din mu.’ Enti wɔn asubɔ no yɛɛ Yesu a wogyee no toom sɛ Awurade ne Kristo no ho sɛnkyerɛnne. Na afei wɔabɛyɛ n’asuafo na wogye toom sɛ efi saa bere no, ɛnam ne so na wobenya bɔne fafiri. Nea etwa to no, na asubɔ no yɛ nea wɔde gye honhom kronkron no tom, na bere a wɔhyɛɛ wɔn bɔ sɛ wobenya honhom no sɛ akyɛde a wɔde ma kwa no, wɔbɔɔ wɔn asu.

      8. (a) Nsu mu asubɔ akyi no, asubɔ afoforo bɛn na Kristofo a wɔasra wɔn nsa aka? (b) Nnipa 144,000 no akyi no, henanom na wɔbɔ wɔn asu nsu mu wɔ honhom kronkron no din mu?

      8 Wɔbɔɔ wɔn a wonyaa nsu mu asubɔ wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu no asu nso wɔ honhom mu, na wɔsraa wɔn sɛ daakye ahemfo ne asɔfo wɔ ɔsoro Ahenni no mu. Sɛnea Adiyisɛm nhoma no kyerɛ no, eyinom yɛ 144,000 pɛ. Enti wɔn a wɔde honhom kronkron bɔ wɔn asu na awiei koraa no ‘wɔsɔ wɔn ano’ sɛ Ahenni adedifo no dodow yɛ 144,000 pɛ. (Adiyisɛm 7:4; 14:1) Nanso, wɔbɔ asuafo afoforo nyinaa​—ɛmfa ho sɛ dɛn ne wɔn anidaso​—asu wɔ Agya ne Ɔba ne honhom kronkron no din mu. (Mateo 28:19, 20) Ɛnde, dɛn na asubɔ wɔ honhom kronkron no din mu kyerɛ ma Kristofo nyinaa, sɛ ebia wɔyɛ “kuw ketewaa” anaa “nguan foforo” no mufo? (Luka 12:32; Yohane 10:16) Ansa na yɛbɛma ɛno ho mmuae no, momma yɛnhwɛ honhom no dwumadi ahorow bi wɔ Kristofo mmere so.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena