Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 12/15 kr. 15-20
  • Monhyɛ Mo Ho Mo Ho Nkuran Bere A Ɛda No Rebɛn No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Monhyɛ Mo Ho Mo Ho Nkuran Bere A Ɛda No Rebɛn No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Din Kronkron no Ahyɛ Wɔn Nkuran
  • Anigye ne Honhom Kronkron Ahyɛ Wɔn Ma
  • Wɔwɔ Ntease Biara a Nti a Ɛsɛ sɛ Wɔhyɛ Wɔn ho Wɔn ho Nkuran
  • Ko Tia Abasamtu a Efi Ɔbonsam Hɔ
  • Fa Wo Ho To Kristo Afɔrebɔ ne So Pintinn
  • Momma Yɛmfa Nkuranhyɛ Mma Bere a Ɛda no Rebɛn No
  • Dɛn na Wubetumi Ayɛ Wɔ Abasamtu Ho?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Momma Yɛnhyehyɛ Yɛn Ho Nkuran “Titiriw” Ɛnnɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Monkɔ So Nhyehyɛ Mo Ho Nkuran Da Biara
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Kanyan Afoforo kɔ Ɔdɔ ne Nnwuma Pa Mu—Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 12/15 kr. 15-20

Monhyɛ Mo Ho Mo Ho Nkuran Bere A Ɛda No Rebɛn No

“Monhyɛ mo ho mo ho nkuran, dodow a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.”​—HEBRIFO 10:25, NEW WORLD TRANSLATION.

1, 2. Da bɛn na ɛrebɛn, na su bɛn na ɛsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo nya?

WƆN a nnɛ wɔka sɛ ‘Bra bɛnom nkwa nsu no’ bi no ntew wɔn ho. Bere a Yehowa nkonimdi da kɛse no bɛn no, wɔde Bible afotu yi di dwuma: “Momma yɛnhwehwɛ yɛn ho ntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu. Na mommma yennnyae yɛn ho yɛn ho nhyiam, sɛnea ebinom anya nyɛe, na mmom yɛnhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran dodow a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.”​—Hebrifo 10:24, 25, NW.

2 Kyerɛwnsɛm no hyɛ saa ‘da’ no ho nkɔm sɛ “[Yehowa] da.” (2 Petro 3:10) Bere dodow a Yehowa ne Ɔsorosoroni, ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn no, da biara nni hɔ a ebetumi ahyerɛn asen ne da no. (Asomafo no nnwuma 2:20) Ɛkyerɛ bem a wobebu ne tumidi sɛ amansan no nyinaa Nyankopɔn. Saa da titiriw a da biara ne no nsɛ no abɛn.

3. Na Yehowa da no rebɛn dɛn ama Kristofo wɔ afeha a edi kan no mu, na yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ no nso ɛ?

3 Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Yɛn Bere yi mu afeha a edi kan no mu Kristofo sɛ Yehowa da no rebɛn. Wɔhwɛɛ saa da no ba kwan, nanso saa bere no, na aka bɛboro mfe 1,900 ansa na aba. (2 Tesalonikafo 2:1-3) Saa nokwasɛm no nyinaa akyi no, na ɛsɛ sɛ wɔhyɛ wɔn nkuran efisɛ ɔkwan biara so no na saa da no bɛba, na sɛ Kristofo no kɔ so pere kɔ wɔn anim wɔ saa gyidi no mu a, wɔbɛhyɛn saa nhyira da no mu. (2 Timoteo 4:8) Saa bere no, wohui sɛ saa da no rebɛn. Wɔ yɛn a yɛte ase nnɛ fam no, Yehowa da no abɛn ankasa. Bible nkɔmhyɛ mmamu a ɛyɛ nwonwa nyinaa no di saa nokwasɛm a ɛkanyan anigye yi ho adanse. Ɛrenkyɛ, wɔbɛtew yɛn Nyankopɔn Yehowa din ho akosi daa.​—Luka 11:2.

Din Kronkron no Ahyɛ Wɔn Nkuran

4. Sɛnea Adiyisɛm 19:6 kyerɛ no, hena na obedi Hene, na yɛyɛ dɛn hu ne din?

4 Ɛsɛ sɛ adesamma abusua mũ no nyinaa kyerɛ din kronkron no ho anigye. Today’s English Version ka sɛ: “Munnyi Onyankopɔn ayɛ! Efisɛ Awurade no, yɛn Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no di Hene!” (Adiyisɛm 19:6) Sɛnea saa afeha 20 Bible nkyerɛase no kyerɛ no, ɔno ne Awurade, ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no. Saa nkyerɛase no ne nnɛyi nkyerɛase afoforo pii mmɔ Ɔsoroni a wafi ase di tumi sɛ Ɔhene no din. Nanso, din kronkron no ka nteɛm “Haleluia!” (“Munyi Yah ayɛ” anaa “Munyi Yehowa ayɛ”) a ɛwɔ Revised Standard Version, New International Version, ne sɛnea Moffat kyerɛɛ Adiyisɛm 19:6 ase no mu. Yɛn Bere yi mu mfe no mu fã kɛse no ara mu no, wɔmma wonhu din kronkron no wɔ Bible nkyerɛase pii mu. Nanso, sɛnea yebehu no, saa din no ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo nkuran kɛse wɔ tete ne nnɛ bere yi mu nyinaa.

5, 6. Dɛn nti na na ehia sɛ Mose hu Onyankopɔn a na ɔyɛ ne nanmusini no din? (b) Bere a Mose sii din kronkron no so dua no, nkɛntɛnso bɛn na ɛbɛyɛ sɛ enyaa wɔ Israelfo no so?

5 Yɛkae sɛ bere a Ɔsorosoroni Nyankopɔn no somaa Mose kɔɔ Israelfo a na wɔayɛ wɔn nkoa wɔ Misraim no, nea ɔsomaa no no ho asemmisa sɔree wɔ nnipa a wɔsomaa Mose kɔɔ wɔn nkyɛn no adwene mu. Mose hwɛɛ kwan sɛ Yudafo a wɔrehu amane no bɛpɛ sɛ wohu Onyankopɔn a ɔyɛ n’ananmusini no din. Yɛkenkan eyi ho asɛm wɔ Exodus 3:15 sɛ: “Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose bio sɛ: Ka kyerɛ Israel mma sɛ: [Yehowa], mo agyanom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn na wasoma me mo nkyɛn yi, eyi ne me din kosi daa, na eyi na wɔmfa nkae me awo ntoatoaso nyinaa mu.”

6 Bere a wosii asɛm yi so dua kyerɛɛ Israelfo no, ɛbɛyɛ sɛ ɛhyɛɛ wɔn nkuran yiye. Yehowa, nokware Nyankopɔn koro pɛ no ma wonyaa awerɛhyem sɛ obegye wɔn. Na hwɛ nkuranhyɛ ara a na ɛbɛyɛ sɛ wonyaa anidaso sɛ wobehu Onyankopɔn bere a ɔbɛda nea ne din ankasa kyerɛ adi no​—a ɔmmfa ahomaso nntew ne ho!​—Exodus 3:13; 4:29-31.

7. (a) Yɛyɛ dɛn hu sɛ na Yesu asuafo no nim din kronkron no? (b) Ɔkwan bɛn so na wopiaa Onyankopɔn din too nkyɛn?

7 Edin kronkron Yehowa no ne nea egyina hɔ ma no hyɛɛ Awurade Yesu Kristo asuafo no nso nkuran kɛse. (Yohane 17:6, 26) Wɔ Yesu asase so ɔsom adwuma no mu no, ɛda adi sɛ wampia din kronkron no anto nkyɛn, na wamfa anyɛ n’atirimpɔw sɛ ɔbɛma n’ankasa din a ɛne Yesu no akorɔn kɛse asen ɛno. Ɛyɛ bere a Kristofo nokware gyidi no ho ɔwae a wɔhyɛɛ ho nkɔm no fii ase no akyi pɛ na wopiaa din kronkron no too kyɛn, yiw, na ɛkame ayɛ sɛ woyi fii Kristofo nkɔmmɔbɔ mu koraa. (Asomafo no Nnwuma 20:29, 30) Sɛ wɔma Onyankopɔn Ba no din fi ase yɛ kɛse, na ɛkata Agya no din so pɛ a, wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no behu sɛ som a wɔsom Agya no bɛkɔ so ayɛ nea ɛmfa obi pɔtee ho, abusua mu biakoyɛ nnim, ma enti ɛnhyɛ nkuran yiye nso.

8. Nkɛntɛnso bɛn na edin Yehowa Adansefo a wogye toom no akɔ so anya wɔ Onyankopɔn nkurɔfo so?

8 Enti, na ɛyɛ anigye a enni kabea bere a Amanaman Ntam Bible Asuafo a wɔne Ɔwɛn Aban Asafo no bɔ no gyee din Yehowa Adansefo toom wɔ 1931 mu no. Na ɛnyɛ sɛ ɛkanyan anigye nko, na mmom nso na ɛhyɛ nkuran yiye. Enti, Bible asuafo a wɔama wɔn din foforo no betumi ahyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran.​—Fa toto Yesaia 43:12 ho.

9. Nokware Kristofo te nka dɛn wɔ Onii a wɔyɛ n’Adansefo no ho?

9 Enti, nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ hu sɛ ɛfata sɛ wohu Onii a wɔyɛ n’Adansefo a wɔhyɛɛ wɔn ho nkɔm no, te sɛ nea Yesu Kristo, wɔn Kannifo no yɛe bere a na ɔwɔ asase so ha no. (Adiyisɛm 1:1, 2) Yiw, wohu ɔno nkutoo sɛ nea ne din de Yehowa.​—Dwom 83:18.

Anigye ne Honhom Kronkron Ahyɛ Wɔn Ma

10-12. (a) Nkɛntɛnso bɛn na adeyɛ tumi no benya wɔ Yesu akyidifo so? (b) Yehowa Adansefo a wɔkanyan anigye no pɛ sɛ wɔne wɔn ho wɔn ho di dɛn?

10 Yesu kae wɔ ne nsɛm a ɔka kyerɛɛ n’asomafo no de kraa wɔn no mu sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.”​—Mateo 28:19, 20.

11 Hyɛ no nsow sɛ ɛsɛ sɛ wɔbɔ Kristofo afoforo a wɔakyerɛkyerɛ wɔn no asu wɔ honhom kronkron no din mu. Honhom kronkron yi nyɛ onipa na mmom Yehowa Nyankopɔn adeyɛ tumi, ade a Ɔnam Yesu Kristo so de di dwuma. Pentekoste no, Yehowa Nyankopɔn nam Yesu so hwiee saa adeyɛ tumi yi guu Yesu Kristo akyidifo a na wɔahyira wɔn ho so no so. (Asomafo no Nnwuma 2:33) Saa honhom kronkron yi hyɛɛ wɔn ma, na nneɛma a honhom kronkron no da no adi anaa aba a ɛsow no mu biako ne anigye. (Galatifo 5:22, 23; Efesofo 5:18-20) Anigye yɛ su a ɛkanyan nnipa. Na honhom kronkron no anigye bɛhyɛ asuafo no ma. Mpaebɔ a ɔsomafo Paulo kyerɛwee no fata yiye: “Na anidaso Nyankopɔn mfa gyidi mu anigye ne asomdwoe nyinaa nhyɛ mo ma, na moaboro so anidaso mu, honhom kronkron ahoɔden mu.”​—Romafo 15:13.

12 Esiane sɛ honhom a ɛkanyan anigye yi ahyɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ a “nnipakuw kɛse” no ka ho ma nti, wɔbɛpɛ sɛ, yiw, wɔbɛkanyan wɔn ma wɔahyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran wɔ nneɛma nhyehyɛe a a ɛtan wɔn yi mu. Enti, ɔsomafo Paulo kaa ‘wɔn ho wɔn ho nkuran a wɔbɛhyɛ’ ho asɛm.​—Adiyisɛm 7:9, 10; Romafo 1:12; 14:17.

Wɔwɔ Ntease Biara a Nti a Ɛsɛ sɛ Wɔhyɛ Wɔn ho Wɔn ho Nkuran

13. Ntease ahorow bɛn na yɛwɔ nti a ɛsɛ sɛ wɔbɛpɛ yɛn nkuran na yɛhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran?

13 Esiane sɛ Kristofo hu wɔn ho wɔ saa nneɛma nhyehyɛe yi a nea ɔsɔre tia biribiara a ɛyɛ trenee no ne ne sodifo ne ne nyame mpo mu nti, wɔbɛpɛ sɛ wɔhyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran wɔ wiase nyinaa Kristofo asafo a Yehowa Nyankopɔn honhom kronkron no ayɛ no ma no mu. (Hebrifo 10:24, 25; Asomafo no Nnwuma 20:28) Yɛwɔ ntease biara a nti a ɛsɛ sɛ wɔhyɛ yɛn nkuran. Yiw, aseda bɛn ara na yɛde ma sɛɛ yi, sɛ yɛwɔ Yehowa ne Ne Ba ne adeyɛ tumi a wɔde di dwuma a ɛne honhom kronkron no ho nokware nimdeɛ! Aseda bɛn ara na yɛde ma wɔ anidaso a wɔde ma yɛn no ho sɛɛ yi! Enti anigye ahyɛ yɛn som ma. Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Kristofo a ɔkyerɛw ne nhoma no kɔmaa wɔn no sɛ ɛsɛ sɛ wɔhyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran, na wɔhyɛ wɔn ho wɔn ho den wɔ wɔn gyidi kronkron a ɛsen biara no mu. Na ɛsɛ sɛ ‘wɔkɔ so yɛ eyi dodow a wohu wɔ sɛnkyerɛnne kwan so sɛ ɛda no rebɛn no.’ Afei nso, bere a asase yi so amammui atumfo gu atoro Kristosom ne atoro nyamesom afoforo nyinaa no, tebea no bɛhwehwɛ sɛ yɛkɔ so hyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran kɛse mpo.

14. Henanom na ɛsɛ sɛ wɔhyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran, na ɔkwan bɛn so?

14 Bere a mpanyimfo no di anim wɔ nguan no a wɔhyɛ wɔn nkuran wɔ wɔn asafo ahorow mu no mu no, ehia sɛ Kristofo nyinaa hyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran, sɛnea Hebrifo 10:25 de afotu ma no. Nokwarem no, eyi yɛ ade a wɔhwehwɛ afi Kristofo hɔ. Sɛ woyɛ asafo bi muni a, so wode nkuranhyɛ yi ma? Ebia wubebisa sɛ, ‘Mɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Dɛn na metumi ayɛ?’ Nea edi kan no, so nhyiam ase a wowɔ ne Kristofo nhyehyɛe a woboa kɛkɛ no nhyɛ anuanom afoforo no nyinaa nkuran, te sɛ nea ɛda adi sɛ afoforo a wɔba asafo nhyiam horow a wuhu wɔn no hyɛ w’ankasa nkuran mpo no? Wo boasetɔ a nokwaredi wom ho nhwɛso no betumi ahyɛ wɔn nso nkuran. Ɛdenam Kristosom mu a wobekura wɔ asetra mu ɔhaw ne nsɛnnennen nyinaa akyi, a wompa abaw so no, wubetumi ayɛ nhwɛso a ɛkanyan afoforo.

Ko Tia Abasamtu a Efi Ɔbonsam Hɔ

15. Dɛn nti na Ɔbonsam afa “abufuw kɛse,” na wafa henanom ho abufuw kɛse?

15 Ɛnyɛ yɛn nkutoo na yenim sɛ Yehowa da no abɛn. Satan Ɔbonsam nso nim. Adiyisɛm 12:12 ka kyerɛ yɛn sɛ mprempren asase no rehu amane “efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.” Sɛnea Adiyisɛm 12:17 kyerɛ no, ne bo afuw wɔn a “wodi Nyankopɔn ahyɛde so na wokura Yesu Kristo adanse no.” Akyinnye biara nni ho​—Ɔbonsam pɛ sɛ obu yɛn aba mu! Na onim sɛnea ɔbɛbɔ mmɔden ayɛ saa pɛpɛɛpɛ. Onim yɛn mmerɛwyɛ ne ɔhaw ahorow, na ɔde eyinom di dwuma.

16. Dɛn nti na Satan de abasamtu di dwuma sɛ akode?

16 Dɛn nti na Ɔbonsam de abasamtu di dwuma sɛ akode? Efisɛ mpɛn pii ɛma ne nsa ka nea ɔhwehwɛ no. Obi a watumi agyina ɔsɔretia ne ɔtaa ano aba mu betumi abu. Satan pɛ sɛ ɔbɔ Yehowa Nyankopɔn ahohora na ɔbɔ mmɔden da no adi sɛ obetumi ama nnipa agyaa No som. (Mmebusɛm 27:11; fa toto Hiob 2:4, 5; Adiyisɛm 12:10 ho.) Obetumi abu waba mu, obetumi ama woagow wo ho wɔ ɔsom a wɔde ma Onyankopɔn no mu; na obetumi ama wagyae Ahenni asɛmpa no ka mpo.​—2 Korintofo 2:10, 11; Efesofo 6:11; 1 Petro 5:8.

17. Nneɛma bɔne a efi abasamtu mu ba no daa adi wɔ Mose nna no mu dɛn?

17 Yebetumi ahu nneɛma bɔne a efi abasamtu mu ba no wɔ Israelfo asɛm no mu wɔ tete Misraim. Bere a Mose kasa kyerɛɛ Farao akyi no, sodifo otirimɔdenfo no haw wɔn na ɔhyɛɛ wɔn so kɛse. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔmma Israelfo no awerɛhyem sɛ Obegye wɔn ampa, de wɔn ayɛ ne man, ama wɔanya kwan aguan, na ɔde wɔn akɔ bɔhyɛ asase no so. Mose kaa eyi ho asɛm kyerɛɛ Israel mma no. Nanso Exodus 6:9, NW, bɔ amanneɛ sɛ: “Abasamtu ne nkoasom dennen no nti wɔantie Mose.” Nea wɔyɛe wɔ ho maa Mose aba mu bui mpo ma wampɛ sɛ ɔkasa kyerɛ Farao sɛnea wɔhyɛɛ no no, kosii sɛ Yehowa kasa kyerɛɛ Mose na ɔhyɛɛ no den.​—Exodus 6:10-13.

18. Dɛn nti na ehia kɛse sɛ Onyankopɔn nkurɔfo ko tia abasamtu a Ɔbonsam ma ɛba no?

18 Satan Ɔbonsam nim nkɛntɛnso bɔne a abasamtu betumi anya wɔ Onyankopɔn akoa so no. Sɛnea Mmebusɛm 24:10 ka no: “Wo nsa mu gow ahohia da mu a, w’ahoɔden sua.” Esiane sɛ yɛte awiei bere no mu tɔnn yiye nti, ehia sɛ yɛyɛ den honhom mu. Ɛhaw adwene yiye sɛ yɛbɛko atia yɛn sintɔ, mmerɛwyɛ, ne mfomso ahorow a ebetumi atwe yɛn asan akyi; nanso bere a Satan bɔ mmɔden sɛ ɔde mfomso ahorow yi bedi dwuma no, yehia mmoa.

Fa Wo Ho To Kristo Afɔrebɔ ne So Pintinn

19. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛako atia abasamtu, na dɛn ntia?

19 Mmoa kɛse wɔ eyi mu ne agyede nsiesiei a Yehowa nam Yesu Kristo so de ama no. Yɛnam yɛn ho a yɛde bɛto agyede no so pintinn no so betumi ayɛ nkonimdifo. Asiane wom sɛ yebebu nsiesiei yi sɛ adewa. Yiw, yɛbɛkɔ so afom, anaasɛ yɛbɛkɔ so ayɛ bɔne bere dodow a yɛnyɛ pɛ no. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn aba mu bu na yegyae ɔsom no, na yɛte nka sɛ yenni anidaso biara, na yɛnam saayɛ so atɔ Satan afiri mu. Yenim sɛ yɛwɔ bɔne ho afɔrebɔ a ewie pɛyɛ. Agyede no tumi yi bɔne fi hɔ. Sɛ yɛyɛ “nnipakuw kɛse” no mufo a, ɛsɛ sɛ yenya gyidi ne ahotoso a ewie pɛyɛ sɛ yebetumi ahoro yɛn ntade na yɛama ayɛ fitaa wɔ Oguammaa no mogya mu.​—Adiyisɛm 7:9, 14.

20. Ɔkwan bɛn so na Adiyisɛm 12:11 kyerɛ sɛ yebetumi adi abasamtufo kɛse a ɔne Ɔbonsam no so nkonim?

20 Wɔka Satan ho asɛm wɔ Adiyisɛm 12:10 sɛ “yɛn nuanom anototofo . . . ɔno na ɔtoto wɔn ano yɛn Nyankopɔn anim awia ne anadwo.” Yɛbɛyɛ dɛn atumi adi ɔnototofo otirimɔdenfo ne abasamtufo a ne ho yɛ hu yi so nkonim? Saa ti no nkyekyem 11 de mmuae no ma sɛ: “Na wɔnam Oguammaa no mogya ne wɔn adanse asɛm no so adi no so nkonim na wɔannɔ wɔn kra de akosi wu mu.” Enti ehia sɛ Yehowa nkurɔfo nya ogye afɔre no, Oguammaa no mogya mu ahotoso a edi mu. Kɔ so kura nkuranhyɛ a wunya fi adansedi mu no mu denneennen, na ka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa daa kyerɛ obiara a wubetumi.

21. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ Ɔbonsam adwuma a ɛne yɛn nuanom aba mu a obu no bi a yennim?

21 Ɛtɔ da bi a, yebetumi ayɛ Ɔbonsam adwuma a ɛne yɛn nuanom aba mu a obu no bi a yennim. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam ɔkasatia ntraso, pii a yɛbɛhwehwɛ ma atra so, anaa yɛn ho atreneefo berebe a yɛbɛyɛ no so. (Ɔsɛnkafo 7:16) Yɛn nyinaa wɔ sintɔ ne mmerɛwyɛ ahorow. Mommma yɛmmfa nnni dwuma te sɛ nea Ɔbonsam yɛ no. Mmom no, momma yɛnka yɛn nuanom ne Yehowa nkurɔfo sɛ kuw a wɔaboaboa wɔn ano ho nsɛm a ɛhyɛ nkuran. Yɛpɛ sɛ yɛhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran na yɛammu yɛn ho yɛn ho aba mu.

Momma Yɛmfa Nkuranhyɛ Mma Bere a Ɛda no Rebɛn No

22, 23. (a) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yegyaw ma mpanyimfo no nkutoo sɛ wɔmfa nkuranhyɛ mma? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahyɛ Kristofo asafo no mu ahwɛfo nkuran?

22 Ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn tirim pintinn bere nyinaa sɛ yɛbɛhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran bere a ɛda no rebɛn no. Monhyɛ afoforo nkuran denam mo nokwaredi ho nhwɛso ne awerɛkyekye nsɛm so. Suasua Yehowa ne Awurade Yesu Kristo wɔ eyi mu. Munnnyaw mmma asafo no mu mpanyimfo no sɛ wɔn na wɔmfa nkuranhyɛ mma. Mpanyimfo no ankasa nso hia nkuranhyɛ. Wɔwɔ mmerɛwyɛ ahorow te sɛ nguan a wɔaka no ara pɛ, na ɛsɛ sɛ wogyina ɔhaw koro no ara a ɛne wɔn mmusua a wɔbɛhwɛ wɔn wɔ wiase a ɛreporɔw yi mu no ano. Bio nso, wɔwɔ nea Paulo kaa ho asɛm sɛ asafo ahorow no ho dadwene. (2 Korintofo 11:28, 29) Nea wɔyɛ no yɛ adwuma a ɛyɛ den​—wohia nkuranhyɛ.

23 Wubetumi ahyɛ wɔn a wɔyɛ ɔhwɛ adwuma wɔ Kristofo asafo no mu no nkuran yiye denam biako a wo ne wɔn bɛyɛ no so. Ɛno ansa na wubedi afotu a ɛwɔ Hebrifo 13:17 no so: “Muntie mo mpanyimfo na mommrɛ mo ho ase mma wɔn, efisɛ wɔn na wɔwɛn mo kra sɛ wɔn a wobebu ho akontaa, na wɔde anigye ayɛ, na ɛnyɛ ahomegu; efisɛ eyi nyɛ mfaso bi mma mo.”

24. Wɔ abasamtu bere yi mu no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ, na dɛn ntia?

24 Yɛte abasamtu bere mu. Sɛnea Yesu ka siei no, ehu ne nneɛma a wɔhwɛ a ɛrebɛba asase no so no ama nnipa atotɔ beraw. (Luka 21:25, 26) Esiane sɛ ɔhaw ahorow pii wɔ hɔ a ebetumi ama obi abotow na n’aba mu abu nti, “monhyɛ mo ho mo ho nkuran dodow a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.” Munni ɔsomafo Paulo afotu a ɛwɔ 1 Tesalonikafo 5:11, NW: no akyi. “Monkyekye mo ho mo ho werɛ na monhyɛ mo ho mo ho den sɛ moreyɛ no.”

Wubebua Dɛn?

◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo hyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran kɛse sen kan no mpo?

◻ Ɔkwan bɛn so na din kronkron no ho nimdeɛ ahyɛ Yehowa nkurɔfo nkuran?

◻ Akwan bɛn so na sɛ ankorankoro no yebetumi ahyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran?

◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkwati yɛ a yɛbɛyɛ Ɔbonsam adwuma a ɛne yɛn nuanom aba mu a obu no bi?

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Mpanyimfo di anim wɔ nguan no a wɔhyɛ wɔn nkuran wɔ wɔn asafo ahorow mu no mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena