Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Honhom Kronkron No—Onyankopɔn Adeyɛ Tumi
    So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?
    • Wɔ Mateo 28:19 no, wɔka “honhom kronkron no din mu” ho asɛm. Nanso asɛmfua “din” no nkyerɛ onipa din bere nyinaa, sɛ ɛyɛ Hela, Engiresi, anaasɛ Twi kasa mu. Sɛ yɛka sɛ “mmara no din mu” a, ɛnyɛ nea yɛreka onipa bi ho asɛm. Ɛkyerɛ nea mmara no gyina hɔ ma, ne tumi. Robertson nhoma Word Pictures in the New Testament no se: “Edin (onoma) a wɔde di dwuma wɔ ha no yɛ nea wɔtaa de di dwuma wɔ Septuagint no ne papyri no mu ma tumi anaa tumidi.” Enti honhom ‘kronkron no din mu’ a wɔbɔ asu no gye honhom kronkron no tumi tom sɛ efi Onyankopɔn hɔ na ɛnam ɔsoro apɛde so na ɛyɛ adwuma.

  • Baasakoro ho “Kyerɛw Nsɛm a Edi ho Adanse” Nso Ɛ?
    So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?
    • NEW Catholic Encyclopedia no de “kyerɛw nsɛm a edi ho adanse” a ɛte sɛɛ no abiɛsa na ɛma nanso egye tom sɛ: “Wɔnkyerɛkyerɛ Baasakoro Kronkron kyerɛkyerɛ no wɔ Apam Dedaw no mu. Apam Foforo no mu no, adanse a akyɛ sen biara no wɔ Paulo nhoma ahorow no mu, titiriw, 2 Korintofo 13:13 [nkyekyem 14 wɔ Bible binom mu], ne 1 Korintofo 12:4-6. Wohu Baasakoro no ho adanse wɔ Asɛmpa no mu pefee wɔ asubɔ ho nhyehyɛe a ɛwɔ Mateo 28:19 no mu.”

      Saa nkyekyem ahorow no mu no, wɔhyehyɛ “nnipa” baasa no sɛnea edidi so yi wɔ The New Jerusalem Bible no mu. Korintofo Nhoma a Ɛto so Abien 13:13 (14) de baasa no bom saa kwan yi so: “Awurade Yesu Kristo dom, Onyankopɔn dɔ ne Honhom Kronkron ayɔnkofa nka mo nyinaa.” Korintofo Nhoma a Edi Kan 12:4-6 se: “Akyɛde ahorow pii na ɛwɔ hɔ, nanso ɛyɛ Honhom koro no bere nyinaa; ɔsom akwan pii na ɛwɔ hɔ, nanso ɛyɛ Awurade koro no bere nyinaa. Dwumadi ahorow pii na ɛwɔ hɔ, nanso obiara mu no, ɛyɛ Onyankopɔn koro no ara na ɔyɛ adwuma wɔn nyinaa mu.” Na Mateo 28:19 kenkan sɛ: “Enti, monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa asuafo; mommɔ wɔn asu Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron no din mu.”

      So nkyekyem ahorow yi ka sɛ Onyankopɔn, Kristo, ne honhom kronkron no ka bom yɛ Baasakoro Nyamesu bi, sɛ baasa no yɛ pɛ wɔ su, tumi, daa asetra mu anaa? Dabi, ɛnkyerɛ saa, sɛnea nnipa baasa a wɔbɛbobɔ wɔn din atoatoa so te sɛ Kofi, Ama, ne Yaw no nkyerɛ sɛ wɔyɛ nnipa baasa a wɔka bom yɛ biako no.

      McClintock ne Strong Cyclopedia of Biblical, Theological, and Ecclesiastical Literature no gye tom sɛ nea ka a wɔka wɔn ho asɛm saa kwan yi so no “kyerɛ ara ne sɛ nneɛma abiɛsa a wɔbobɔ din no wɔ hɔ, . . . na mmom, ɛno nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ baasa no ka bom yɛ ɔsoro nipasu bi, na wɔwɔ ɔsoro nidi a ɛyɛ pɛ.”

      Ɛwom sɛ saa nhoma no gyina baasakoro akyi de, nanso ɛka fa 2 Korintofo 13:13 (14) ho sɛ “ɛrentumi nkyerɛ mma ɛmfata sɛ wɔn tumi yɛ pɛ, anaasɛ wɔwɔ su koro no ara.” Na ɛka Mateo 28:18-20 ho asɛm sɛ: “Nanso, sɛ wɔfa kyerɛwsɛm yi nkutoo a, ɛrentumi nkyerɛ nneɛma baasa a wɔabobɔ din no nipasu anaasɛ pɛ a wɔyɛ anaa wɔn nyamesu pɔtee.”

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena