Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Sɛn Na Yɛreyɛ Asɛmpaka Adwuma No Nnɛ?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
    • Adesua 21. Yehowa Adansefo mmienu bi de trɔk a wɔde di adanse abesi kwan ho; wɔne papa bi rebɔ nkɔmmɔ.

      ADESUA 21

      Sɛn Na Yɛyɛ Asɛmpaka Adwuma No Nnɛ?

      Ɛrenkyɛ, Yehowa beyi yɛn haw nyinaa afi hɔ. Ɔnam n’Ahenni no so na ɛbɛyɛ saa. Asɛmpa sɛɛ de, ɛnsɛ sɛ yɛde hyɛ yɛn ho, mmom ɛsɛ sɛ yɛka ho asɛm kyerɛ obiara. Ná Yesu pɛ sɛ n’akyidifo bɔ saa asɛmpa no dawuru ma obiara te! (Mateo 28:19, 20) Ɛnde, dɛn na Yehowa Adansefo yɛ de kyerɛ sɛ wodi Yesu ahyɛde yi so?

      1. Sɛn na asɛm a ɛwɔ Mateo 24:14 no aba mu nnɛ?

      Yesu ka too hɔ sɛ: “Wɔbɛka Ahenni no ho asɛmpa yi wɔ asaase so nyinaa.” (Mateo 24:14) Saa adwuma titiriw yi, Yehowa Adansefo ani gye ho sɛ wɔreyɛ bi. Yɛreka asɛmpa no wɔ kasa bɛboro 1,000 mu wɔ wiase nyinaa! Saa adwuma yi yɛ adwuma kɛse, enti egye mmɔdenbɔ ne nhyehyɛe pa na yɛatumi ayɛ. Nanso, sɛ Yehowa ammoa yɛn a, yɛn nko ara yɛrentumi nyɛ.

      2. Dɛn na yɛyɛ na ama yɛatumi aka asɛmpa no akyerɛ obiara?

      Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛka asɛmpa no wɔ baabiara. Kristofo a wodi kan no sɛɛ, wɔkaa asɛmpa no wɔ “afi afi mu,” na saa ara na yɛn nso yɛyɛ. (Asomafo Nnwuma 5:42) Saa kwan a yɛfa so ka asɛmpa no nti, afe biara, yɛka asɛmpa no kyerɛ nnipa ɔpepem pii. Ɛno da nkyɛn a, yɛka asɛmpa no wɔ baguam ne mmɔnten so, efisɛ ɛnyɛ nnipa nyinaa na ɛyɛ a yɛkɔto wɔn wɔ fie. Hokwan biara a yebenya sɛ yɛbɛka Yehowa ne n’atirimpɔw ho asɛm akyerɛ nkurɔfo no, yɛmma ɛmpa yɛn ti so.

      3. Henanom na ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wɔka asɛmpa no?

      Ɛyɛ nokware Kristofo nyinaa asɛde sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ afoforo. Yɛntoto saa adwuma no ase koraa. Yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛka asɛmpa no, efisɛ yenim sɛ ebetumi agye nkurɔfo nkwa. (Kenkan 1 Timoteo 4:16.) Adwuma a yɛreyɛ yi, yennye akatua biara, efisɛ Bible ka sɛ: “Munyaa no kwa, momfa mma kwa.” (Mateo 10:7, 8) Ɛnyɛ nnipa nyinaa na wotie asɛm a yɛka no, nanso yɛmma ɛno mmu yɛn abam, efisɛ asɛmpa a yɛka no yɛ ɔkwan baako a yɛfa so som Yehowa, na ɛma n’ani gye nso.

      SUA PII KA HO

      Hwɛ nea Yehowa Adansefo reyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi aka asɛmpa no wɔ wiase baabiara. Afei, hwɛ sɛnea Yehowa reboa yɛn ama yɛayɛ saa adwuma yi.

      A. Yehowa Adansefo mmienu bi redi papa bi adanse wɔ Costa Rica. B. Yehowa Adansefo redi mpataayifo bi adanse wɔ po so hyɛn gyinabea bi wɔ United States. D. Yehowa Adansefo mmienu bi redi papa bi adanse wɔ Benin akuraa bi ase. E. Yehowa Danseni bi redi maame bi adanse wɔ Thailand. Ɛ. Yehowa Adansefo mmienu bi redi maame bi adanse wɔ Yap. F. Yehowa Adansefo mmienu bi redi maame bi adanse wɔ Sweden.

      Yɛreka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa: (A) Costa Rica, (B) United States, (D) Benin, (E) Thailand, (Ɛ) Yap, (F) Sweden

      4. Yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛka asɛmpa no akyerɛ nnipa nyinaa

      Yehowa Adansefo reyɛ nea wobetumi nyinaa sɛ baabi a nnipa hyɛ biara, wɔbɛhwehwɛ wɔn na wɔaka asɛmpa no akyerɛ wɔn. Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho.

      VIDEO: Wɔreka Asɛm No Wɔ “Asase Ano Nohoa” (7:33)

      • Video no mu no, yehuu sɛnea Yehowa Adansefo rebɔ mmɔden biara sɛ wɔbɛka asɛmpa no akyerɛ afoforo. Dɛn na wuhui a w’ani gye ho?

      Monkenkan Mateo 22:39 ne Romafo 10:13-15. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

      • Sɛn na asɛnka adwuma a yɛreyɛ no kyerɛ sɛ yɛdɔ afoforo?

      • Wɔn a wɔka asɛmpa no, Yehowa hu wɔn sɛn?—Hwɛ nkyekyɛm 15.

      5. Yɛne Onyankopɔn na ɛyɛ adwuma

      Adanse pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ adwuma a yɛreyɛ no, Yehowa na odi anim. Ma yɛnhwɛ asɛm bi a esii wɔ New Zealand. Da koro awia bi, na yɛn nuabarima bi a ne din de Paul reka asɛmpa no wɔ afie afie mu. Ɔkɔtoo ɔbea bi. Ɔbea no ka kyerɛɛ no sɛ saa anɔpa no, ɔbɔɔ Yehowa mpae srɛɛ no sɛ ɔmma obi mmɛsra no na ɔne no mmɔ Bible mu nkɔmmɔ. Paul kaa sɛ: “Bere a maame no bɔɔ saa mpae no, nnɔnhwerew mmiɛnsa akyi na mekɔbɔɔ ne pon mu.”

      Monkenkan 1 Korintofo 3:9. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Yɛhwɛ asɛm a esii wɔ New Zealand yi a, ɔkwan bɛn so na ɛma yehu sɛ Yehowa na odi asɛmpaka adwuma no anim?

      Monkenkan Asomafo Nnwuma 1:8. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Sɛ yebetumi ayɛ asɛnka adwuma no a, adɛn nti na yehia Yehowa mmoa?

      Wunim biribi?

      Asafo nhyiam a yɛkɔ no nnawɔtwe mfinimfini no, wɔtete yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi aka asɛmpa no. Woakɔ saa nhyiam no bi pɛn? Wokɔe no, wuhuu ntetee a wɔde mae no sɛn?

      Anuanom mmea mmienu bi reyɛ sɛnea wɔka asɛmpa no ho ɔyɛkyerɛ wɔ asafo nhyiam ase.

      6. Onyankopɔn ahyɛde a ɛne sɛ yɛnka asɛmpa no, yetie

      Bere a Kristosom fii ase no, ebinom yɛɛ biara sɛ wɔbɛma Yesu akyidifo no agyae asɛmpa a na wɔreka no. Nanso, Kristofo a na wɔwɔ hɔ saa bere no ‘bɔɔ asɛmpa no ho ban mmara kwan so.’ (Filipifo 1:7) Ɛnnɛ nso, saa ara na Yehowa Adansefo yɛ.a

      Hwɛ VIDEO yi.

      VIDEO: Wɔbɔɔ Asɛmpa No Ho Ban Mmara Kwan So (2:28)

      Monkenkan Asomafo Nnwuma 5:27-42. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Biribiara nni hɔ a ɛbɛma yɛagyae asɛmpa no ka. Adɛn ntia?​—Hwɛ nkyekyɛm 29 38, ne 39.

      OBI BETUMI ABISA SƐ: “Adɛn nti na Yehowa Adansefo ka asɛmpa no wɔ afie afie mu?”

      • Sɛ obi ka saa a, wubeyi ano sɛn?

      NEA YƐASUA

      Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnkɔka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa. Yehowa reboa ne nkurɔfo ama wɔayɛ saa adwuma yi.

      Ntimu

      • Akwan bɛn na yɛfa so ka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa?

      • Sɛn na asɛnka adwuma a yɛreyɛ no kyerɛ sɛ yɛdɔ afoforo?

      • Wugye di sɛ asɛmpa a yɛreka no betumi ama yɛn ani agye? Adɛn nti na woreka saa?

      Fa Wei Si W’ani So

      YƐ NHWEHWƐMU

      Hwɛ sɛnea Yehowa Adansefo reka asɛmpa no wɔ nkurow akɛse mu.

      Baguam Adansedi Titiriw a Wɔyɛɛ Wɔ Paris (5:11)

      Wɔn a wɔaguan afi wɔn man mu akɔtena ɔman foforo so no, dɛn na Yehowa Adansefo yɛ de boa wɔn?

      Atukɔfo a Yɛboa Wɔn ma Wohu Yehowa (5:59)

      Tie maame bi a ɔde ne bere pii yɛ asɛmpaka adwuma no anom asɛm, na hwɛ sɛnea ɛma n’ani gye.

      Ɛyɛ Me Anigye Sɛ Mepaw Saa Adwuma Yi (6:29)

      Kenkan saa asɛm yi, na wubehu nkonim ahorow a Yehowa Adansefo adi wɔ asɛnnibea, ne sɛnea ama ayɛ mmerɛw ama wɔn sɛ wɔbɛka asɛmpa no.

      “Ahenni Asɛmpakafo De Wɔn Asɛm Kɔ Asɛnnibea” (Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!, ti 13)

      a Onyankopɔn na aka akyerɛ yɛn sɛ yɛnkɔka asɛmpa no. Enti enhia sɛ aban anaa atumfoɔ ma yɛn tumi krataa ansa na yɛatumi aka asɛmpa no.

  • Woyere Wo Ho Bɔ Asu a, Wubenya Nhyira!
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
    • Adesua 23. Wɔrebɔ maame bi asu ama wabɛyɛ Yehowa Danseni; wɔde no rewura nsu no mu.

      ADESUA 23

      Woyere Wo Ho Bɔ Asu a, Wubenya Nhyira!

      Yesu kaa sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa bɔ asu. (Kenkan Mateo 28:19, 20.) Yɛka asubɔ koraa a, ɛkyerɛ sɛn? Dɛn na ɛsɛ sɛ obi yɛ na watumi abɔ asu?

      1. Dɛn ne asubɔ?

      Asɛmfua a yɛakyerɛ ase wɔ Twi kasa mu sɛ “asubɔ” no, efi Greek asɛm bi mu, na nea ɛkyerɛ ne sɛ “wode biribi bewura” nsu mu. Bere a wɔrebɔ Yesu asu no, wɔde no wuraa Asubɔnten Yordan mu, na afei “opue fii nsu no mu.” (Marko 1:9, 10) Nokware Kristofo nso, sɛ wɔrebɔ wɔn asu a, wɔde wɔn nipadua nyinaa wura nsu no mu.

      2. Sɛ obi bɔ asu a, ɛkyerɛ sɛn?

      Sɛ wɔbɔ obi asu a, ɛkyerɛ sɛ wahyira ne ho so ama Yehowa Nyankopɔn. Sɛ obi rehyira ne ho so a, ɔyɛ no sɛn? Ansa na obi bɛbɔ asu no, odi kan bɔ Yehowa mpae sɛ, ɔpɛ sɛ ɔde ne nkwa nna nyinaa som no. Onii no hyɛ Yehowa bɔ sɛ ɔbɛsom ɔno nko ara, na ɔbɛma n’apɛde ahia no asen biribiara. Osi gyinae sɛ ‘ɔrenyɛ nea ɔno ara pɛ bio, na mmom obedi Yesu akyi daa’ asuasua no, na ɔde ne nkyerɛkyerɛ abɔ ne bra. (Mateo 16:24) Sɛ obi hyira ne ho so na ɔbɔ asu a, ebue kwan ma ɔne Yehowa ne ne nuanom Kristofo fa adamfo a emu yɛ den.

      3. Dɛn na ɛsɛ sɛ obi yɛ na watumi abɔ asu?

      Sɛ wubetumi abɔ asu a, ɛsɛ sɛ wusua Yehowa ho ade na wunya ne mu gyidi. (Kenkan Hebrifo 11:6.) Bere a worehu Yehowa yiye na wo gyidi reyɛ den no, ɔdɔ a wowɔ ma no no nso bɛyɛ kɛse. Ɛba saa a, w’ani begye ho sɛ wobɛka ne ho asɛm akyerɛ afoforo, na wode ne mmara nsɛm abɔ wo bra. (2 Timoteo 4:2; 1 Yohane 5:3) Sɛ obi fi ase ‘nantew ɔkwampa so wɔ Yehowa anim na ɔyɛ nea ɛsɔ n’ani’ a, obetumi asi gyinae sɛ obehyira ne ho so ama Onyankopɔn na wabɔ asu.—Kolosefo 1:9, 10.a

      SUA PII KA HO

      Hwɛ nea wubetumi asua afi Yesu asubɔ no mu ne nea obi yɛ a ɛbɛboa no ama watumi abɔ asu.

      4. Yebetumi asua biribi afi sɛnea wɔbɔɔ Yesu asu no mu

      Monkenkan Mateo 3:13-17 na wubehu nea ɛkɔɔ so bere a na wɔrebɔ Yesu asu no ho nsɛm pii. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

      • Wɔrebɔ Yesu asu no, na ɔyɛ abofra a wɔawo no foforo anaa?

      • Ɔkwan bɛn so na wɔbɔɔ no asu? Wɔde nsu petepetee ne so kɛkɛ anaa?

      Adwuma titiriw a Onyankopɔn de hyɛɛ Yesu nsa sɛ ɔmmɛyɛ wɔ asaase so no, ɔbɔɔ asu wiei no na ofii ase. Monkenkan Luka 3:21-23 ne Yohane 6:38. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Bere a Yesu bɔɔ asu wiei no, adwuma bɛn na ɔde dii kan wɔ n’asetena mu?

      5. Wubetumi abɔ asu ama ayɛ yiye!

      Ebia wubenya adwene sɛ worentumi nhyira wo ho so mma Onyankopɔn na kampɛsɛ woabɔ asu. Nanso, sɛ wusua Yehowa ho ade na wubehu no yiye a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama wo sɛ wubesi saa gyinae no. Hwɛ VIDEO yi, na wubehu nea ebinom yɛe a ɛboaa wɔn ma wotumi hyiraa wɔn ho so bɔɔ asu.

      VIDEO: Sɛnea Wubetumi Afa Yehowa Adamfo (1:11)

      Monkenkan Yohane 17:3 ne Yakobo 1:5. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Nneɛma bɛn na obi yɛ a ɛbɛboa no ama wabɔ asu?

      A. Ɔbea bi rebɔ mpae de ahyira ne ho so ama Onyankopɔn. B. Wɔrebɔ saa ɔbea no ara asu sɛ Yehowa Danseni; wɔde no rebewura nsu no mu.
      1. Sɛ yɛbɔ mpae ka kyerɛ Yehowa sɛ yɛpɛ sɛ yɛde yɛn nkwa nna nyinaa som no a, ɛkyerɛ sɛ yɛahyira yɛn ho so

      2. Sɛ yɛbɔ asu a, yɛma obiara hu sɛ yɛahyira yɛn ho so ama Onyankopɔn

      6. Sɛ wobɔ asu a, wobɛba abɛka Yehowa nkurɔfo ho

      Sɛ wobɔ asu a, wobɛba abɛka Yehowa abusua kɛse no ho. Ɛwom, ɛsono baabi a yɛn mu biara fi ne n’amammerɛ, nanso yɛn gyidi yɛ baako, na yɛn nyinaa de Onyankopɔn asɛm bɔ yɛn bra. Monkenkan Dwom 25:14 ne 1 Petro 2:17. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Sɛ obi bɔ asu a, adamfofa bɛn na ɛbɛba abɛda ɔne Yehowa ne Yehowa asomfo ntam?

      Mfoni ahorow: Onuawa bi a wabɔ asu redwinnwen nnamfo pa a ɔwɔ wɔ asafo no mu ho, na wei ama n’ani agye. 1. Ɔreka ne haw akyerɛ onuawa bi. 2. Ɔreboa onuawa bi a n’ani afi ama wanantew. 3. Ɔne anuanom ahorow a ɛsono wɔn mfe ato nsa redidi. 4. Ɔredi papa bi adanse, na onuawa foforo bi ka ne ho. 5. Ɔne anuanom mmea mmienu bi a ɛsono baabi a wofi retwa mfoni wɔ nhyiam bi ase.

      EBINOM KA SƐ: “Minnya nyɛɛ m’adwene sɛ mɛbɔ asu.”

      • Saa na wote nka anaa? Sɛ saa a, wohwɛ a mfaso wɔ so sɛ wode besi w’ani so sɛ wobɛbɔ asu anaa?

      NEA YƐASUA

      Yesu kaa sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo bɔ asu. Sɛ obi betumi abɔ asu a, ɛsɛ sɛ onya Yehowa mu gyidi paa, ɔde ne mmara nsɛm bɔ ne bra, na ohyira ne ho so ma no.

      Ntimu

      • Dɛn ne asubɔ, na dɛn nti na ehia sɛ obi bɔ asu?

      • Sɛ obi bɔ asu a, dɛn na ɛkyerɛ?

      • Sɛ obi betumi ahyira ne ho so na wabɔ asu a, nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ?

      Fa Wei Si W’ani So

      YƐ NHWEHWƐMU

      Sɛ yɛka sɛ yɛabɔ obi asu a, ɛkyerɛ sɛn?

      “Dɛn Ne Asubɔ?” (Ɛwɔ jw.org)

      Kenkan saa asɛm yi, na wubehu nneɛma a ɛsɛ sɛ obi yɛ na ama watumi abɔ asu.

      “Obi Dɔ Yehowa Na N’ani Sɔ Nea Wayɛ Ama No a, Ɔbɛbɔ Asu” (Ɔwɛn-Aban, March 2020)

      Kenkan saa asɛm yi, na wubehu nea ɛmaa papa bi sii gyinae sɛ ɔbɛbɔ asu.

      “Ná Wɔpɛ sɛ Me Ara Mehwehwɛ mu Hu Nokware No” (Ɔwɛn-Aban, February 1, 2013)

      Sɛ obi de si n’ani so sɛ ɔbɛbɔ asu a, mfaso wɔ so paa. Kenkan saa asɛm yi, na wubehu nea enti a ɛte saa. Afei, wubehu nneɛma a ɛsɛ sɛ woyɛ na woatumi abɔ asu.

      “Ɛsɛ Sɛ Mebɔ Asu Anaa?” (Nsɛm a Mmabun Bisa—Mmuae a Ɛbɛboa Wɔn, Ɔfã 2, ti 37)

      a Yɛmfa no sɛ obi abɔ asu wɔ asɔre bi mu dedaw a, ɛho behia sɛ ɔsan bɔ asu bio anaa? Yiw. Adɛn ntia? Efisɛ asɔre a na onipa no wom no ankyerɛkyerɛ no nokwasɛm a ɛwɔ Bible no mu.—Hwɛ Asomafo Nnwuma 19:1-5 ne Adesua 13.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena