Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 2/8 kr. 24-25
  • Sɛ Wofom Afoforo a Nea Ɛsɛ sɛ Woyɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛ Wofom Afoforo a Nea Ɛsɛ sɛ Woyɛ
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Wode W’ayɛyɛde Ba Afɔremuka Ho”
  • “Gyaw W’ayɛyɛde no . . . , na Kɔ”
  • Sɛ Wofom Afoforo a Nea Ɛsɛ sɛ Woyɛ
  • Di Kan Ne Wo Nua No Nkosiesie Mo Ntam—Wobɛyɛ No Sɛn?
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2018
  • Ɔkwan Bɛn na Wonam so Siesie Asɛm?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Momma Yesu Nsɛm Nka Mo Suban
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Munsiesie Mo Ntam Nsɛmnsɛm Wɔ Ɔdɔ Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 2/8 kr. 24-25

Bible No Adwene

Sɛ Wofom Afoforo a Nea Ɛsɛ sɛ Woyɛ

BIRIBI atõtõ. Wunim dekode no ankasa. Wo nua Kristoni nkasa wo ho. Ɔnkaa nea ɛhaw no, nanso nea ɔka ara ne ɛte dɛn—ɛno mpo gye sɛ wudi kan kyia no ansa! So ɛsɛ sɛ wokɔ ne nkyɛn kɔhwehwɛ nea atõtõ no?

Ebia wubesusuw sɛ, ‘Ɛyɛ ɔno ara n’asɛm. Sɛ mayɛ no biribi a, ɛsɛ sɛ ɔbɛka ho asɛm kyerɛ me.’ Ampa, Bible hyɛ obi a wɔafom no no nkuran sɛ onni kan nkɔ ne nua nkyɛn na ɔne no nkosiesie wɔn ntam. (Fa toto Mateo 18:15-17 ho.) Na nea wafom no nso ɛ? Asɛyɛde bɛn na ɛda ne so, sɛ ebi wɔ hɔ a?

Wɔ Yesu Bepɔw so Asɛnka no mu no, ɔkae sɛ: “Enti sɛ wode w’ayɛyɛde ba afɔremuka ho, na ɛhɔ wokae sɛ wo nua wɔ asɛm bi tia wo a, gyaw w’ayɛyɛde no afɔremuka no anim hɔ, na kɔ na wo ne wo nua no nkɔbom kan ansa na woaba abɛma w’ayɛyɛde no.” (Mateo 5:23, 24) Hyɛ no nsow wɔ ha sɛ Yesu nsɛm no fa nea wadi mfomso no ho. Asɛyɛde bɛn na ɔwɔ sɛ ɔbɛhwɛ ma wɔasiesie asɛm no? Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛabua ɛno no, ma yensusuw sɛnea atiefo a na wɔyɛ afeha a edi kan no Yudafo no tee Yesu nsɛm no ase ho.

“Wode W’ayɛyɛde Ba Afɔremuka Ho”

Ɛha no, Yesu yɛ biribi ho mfonini ma emu da hɔ: Yudani somfo bi aba Yerusalem afe afe afahyɛ ahorow no biako ase. Ɔwɔ ayɛyɛde bi—ɛbɛyɛ aboa bi—a ɔde rebɛbɔ afɔre ama Yehowa.a Na afɔre a wɔbɔ no nyɛ amanne a mfaso nni so koraa. Judaism—Practice and Belief nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mmoa a wɔadɔ a wonnii dɛm a wɔpaw sɛ wɔde bɛbɔ afɔre no paw, ma a wɔma wɔn a wonim mu hwehwɛ wɔn ho, ne mmoa no a wɔne wɔn nantew kɔ afɔremuka a ogya redɛw wom buruburuw no ho pɛɛ, ma wɔde wɔn ma, nsa a wɔde gu ne tiri so, ka a wɔka bɔne anaa afodi, anaa hyira a wohyira aboa no so, ne ne mene a wotwa, anaa ne mu kɛkɛ a woso—eyinom nyinaa kyerɛ mfaso ne obu a wɔwɔ ma adeyɛ no. . . . Obiara nni hɔ a ogye di sɛ Onyankopɔn na ɔhyɛ sɛ wɔnyɛ ɔsom mu nneɛma no nyinaa . . . a obetumi ayɛ ne nyinaa a emfi ne yam.”

Enti Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 5:23, 24 no twee n’atiefo adwene kɔɔ bere a mfaso ne obu wom ma Yudani somfo no so. Bible ho onimdefo bi ka tebea no ho asɛm wɔ saa kwan yi so: “Ɔsomfo no awura Asɔrefie hɔ; watwam wɔ n’abangua ahorow no so, Amanaman mufo Abangua, Mmea Abangua, Mmarima Abangua. Eyinom akyi na Asɔfo Abangua, baabi a asɔreba ntumi nkɔ hɔ, no wɔ. Ɔsomfo no gyina ɔdaban no ho, a wayɛ krado sɛ ɔde aboa no bɛma ɔsɔfo no; ne nsa gu [aboa no ti] so a ɔrebɛka ne bɔne.”

Saa bere a ɛho hia yi mu no, ɔsomfo no kae sɛ ne nua wɔ biribi tia no. Ebetumi aba sɛ n’ankasa ahonim na ɛka eyi kyerɛ no, anaa ebetumi aba sɛ wahu su a ne nua yi no adi kyerɛ no kyerɛ sɛ wayɛ biribi atia no. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ?

“Gyaw W’ayɛyɛde no . . . , na Kɔ”

Yesu kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Gyaw w’ayɛyɛde no afɔremuka no anim hɔ, na kɔ.” Dɛn ntia? Dɛn na ɛho betumi ahia asen afɔre a ɔbɛbɔ ama Yehowa wɔ saa bere no mu? Yesu kɔ so kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wo ne wo nua nkɔbom kan ansa na woaba abɛma w’ayɛyɛde no.” Enti ɔsomfo no gyaw n’afɔrebɔde no animono wɔ ɔhyew afɔremuka no anim na ɔkɔhwehwɛ ne nua a wafom no no.

Esiane sɛ ɛyɛ afahyɛ nti, akyinnye biara nni ho sɛ onua a wafom no no wɔ akwantufo a wɔaba Yerusalem rebɛsom no mu. Nnipa dɔɔso ara yiye wɔ Yerusalem a emu akwan yɛ nketewa na emu adan bobɔ ho no mu. Nanso eyi yɛ afahyɛ, na ahɔho ahyɛ kurow no mu mã.b

Sɛ nnipa a wofi kurow biako mu tu kwan na wɔbom tra faako mpo a, sɛ́ wobɛfa kurow a nnipa akyere so wom no mu ahwehwɛ obi no begye mmɔdenbɔ. Sɛ nhwɛso no, wɔ Asese Afahyɛ mu no, na ahɔho no sisi asese wɔ kurow no mu baabiara ne akwan mu ne nturo a ɛwɔ Yerusalem nyinaa mu. (Leviticus 23:34, 42, 43) Nanso, ɛsɛ sɛ Yudani somfo no hwehwɛ ne nua a wafom no no kosi sɛ obehu no. Afei dɛn na ɔbɛyɛ?

Yesu ka sɛ: “Wo ne wo nua no nkɔbom.” Hela asɛm a wɔkyerɛ ase “nkɔbom” no fi adeyɛ asɛm (di·al·lasʹso) a ɛkyerɛ sɛ “‘sɛ wosiesie biribi, sɛ wɔde biribi bedi nsesa,’ ma enti, ‘wɔka bom.’” Bere a Yudani somfo no abɔ mmɔden kɛse ahwehwɛ ne nua a wafom no no akyi no, ɔhwehwɛ sɛ ɔne no bɛbom. Yesu ka sɛ afei ansa na obetumi asan akɔ asɔrefie hɔ na wakɔma n’ayɛyɛde no, efisɛ saa bere yi de, Onyankopɔn begye.

Enti Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 5:23, 24 no kyerɛkyerɛ asuade bi a ɛho hia mu: Nkabom, anaa asomdwoe, ba ansa na wɔabɔ afɔre. Ɔkwan a yɛfa so ne yɛn mfɛfo asomfo di nsɛm no ka yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ tẽẽ.—1 Yohane 4:20.

Sɛ Wofom Afoforo a Nea Ɛsɛ sɛ Woyɛ

Ɛnde, sɛ wuhu sɛ wowɔ tebea a yɛkaa ho asɛm wɔ asɛm yi mfiase no mu—sɛ wuhu sɛ woafom ɔyɔnko somfo bi nso ɛ? Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?

Bere a wode Yesu afotu no redi dwuma no, di kan kɔ wo nua no nkyɛn. Botae no ne dɛn? Sɛ worekɔma wate ase sɛ biribiara nni hɔ nti a ɛsɛ sɛ ɔma ne bo fuw? Dabida! Ebia na ɔhaw no sen biribi mu ntease a wannya ara kwa. Yesu kae sɛ: “Wo ne . . . no nkɔbom.” Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yi nitan fi ne koma mu. (Romafo 14:19) Ne saa nti, ebia ɛho behia sɛ wugye tom sɛ woahaw no, na ɛnsɛ sɛ wugye ho kyim. Ebia ɛho behia nso sɛ wubisa sɛ, ‘Dɛn na metumi ayɛ de asiesie asɛm no?’ Mpɛn pii no, kyɛwpa a efi komam ara ne ade a ehia. Nanso, wɔ nsɛm bi mu no, ebia nea wɔafom no no behia bere na ɔde adi ne nkate so.

Nanso, ɛmfa ho mmɔden biara a wokɔ so bɔ no, sɛ woantumi ne no ansiesie mo ntam nso ɛ? Romafo 12:18 ka sɛ: “Sɛ ebetumi a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu.” (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Enti wubetumi anya ahotoso sɛ bere a woabɔ wo ho mmɔden sɛ wobɛhwehwɛ asomdwoe no, Yehowa ani begye ho sɛ obegye wo som atom.

[Ase hɔ nsɛm]

a Bere a na wɔtaa de afɔrebɔde ba yɛ afe afe afahyɛ ahorow abiɛsa no—Twam, Pentekoste, ne Asese.—Deuteronomium 16:16, 17.

b Akwantufo a na wɔkɔsom wɔ tete Yerusalem kodi afahyɛ ahorow no dodow ho akontaabu gu ahorow. Afeha a edi kan mu Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus buu akontaa sɛ Yudafo dodow a na wɔreyɛ adu ɔpepem abiɛsa na wɔbaa Twam no.—The Jewish War, II, 280 (xiv, 3); VI, 425 (ix, 3).

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena