Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g80 11/8 kr. 11-12
  • Nnipa—Sɛnea Wɔsan Benya Onyankopɔn Suban

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnipa—Sɛnea Wɔsan Benya Onyankopɔn Suban
  • Nyan!—1980
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnipa—Sɛnea Wofii Ase
    Nyan!—1980
  • “Onyankopɔn Asɛm Wɔ Nkwa Na Ahoɔden Wɔ Mu”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Wubetumi ‘Ayi Suban Dedaw No Agu’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Wobɔ Asu Wie Mpo a, Kɔ So Hyɛ “Suban Foforo” No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1980
g80 11/8 kr. 11-12

Nnipa​—Sɛnea Wɔsan Benya Onyankopɔn Suban

“Munyi onipa dedaw no ne ne nneyɛe ngu, na monhyɛ onipa foforo a wɔyɛ no foforo kɔ nimdeɛ mu nea ɔbɔɔ no no suban so no.”​—Kol. 3:9, 10.

YEHOWA bɔɔ asase yi ma atra hɔ daa, ma wɔatra so daapem. Ode ama nnipa mma, ma asase so ahobrɛasefo atra so. Na sɛnea Yesu kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ mpae no, wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ asase so sɛnea wɔyɛ wɔ soro. Mfiase no na ɛyɛ Onyankopɔn atirimpɔw sɛ ɔbɛma onipa adi dwuma sɛ asase so hwɛfo. Ɛda so ara yɛ n’atirimpɔw. Nanso, wɔn a wɔbɛsan abenya Onyankopɔn suban nkutoo na wɔn nsa bɛka saa hokwan yi.​—Dw. 104:5; 37:29; 115:16; Mat. 6:9, 10.

Ɛsɛ sɛ eyinom yi nipasu dedaw no ne ne nneyɛe gu, na wonya nipasu foforo. (Efe. 4:22; Kol. 3:9) Ɔkwan bɛn so? Denam nimdeɛ a edi mu​—Yehowa ne ne su horow ho nimdeɛ, ne dwuma a wɔde di so. Enti, eyi ho adeyɛ mfiase ne ɔsomafo Paulo afotu a ɛwɔ Filipifo 4:8, 9 no akyidi: “Nea ɛyɛ nokware, nea anim yɛ duru, nea ɛteɛ, nea ɛho tew, nea ɛwɔ ɔdɔ, nea ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyi bi wɔ hɔ a, saa nneɛma yi ho na munnwen; nea moasua nso na moagye na moate na moahu wɔ me ho no, ɛno ara na monyɛ! Na asomdwoe Nyankopɔn bedi mo akyi.”

Afotu no ara ne sɛ munnwen saa nneɛma yi ho. Nsusuwii horow de nkate ba, na sɛ nkate ano yɛ den a ɛka nnipa ma wɔyɛ ade. Bible kyerɛwfo Yakobo kyerɛɛ eyi bere a ɔkae sɛ bere a yesusuw nneɛma bɔne ho no akɔnnɔ nyin, na awiei koraa no ɛma yɛyɛ nneɛma bɔne. Eyi wɔ Yakobo 1:14, 15: “Na wɔsɔ obiara hwɛ a, na ɛyɛ n’ankasa akɔnnɔ a egyigye na ɛdaadaa no na ɛsɔ no hwɛ; ansa na akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne, na bɔne no wie nyin a, ɛwo owu.”

Yesu nso kaa eyi wɔ awaresɛe ho: “Mise mo sɛ, obiara a ɔhwɛ ɔbaa na ne kɔn dɔ no no, na wafa no ne komam dedaw.” (Mat. 5:28) Sɛ́ obi bɛkɔ so ahwɛ ɔbea na wakɔ so asusuw ne ho no betumi ama akɔnnɔ mu ayɛ den kɛse ma ɛde awaresɛe no ankasa aba.

Saa na ɛte wɔ nsusuwii pa ho. Ɛma yenya nkate yɛn a ɛma yɛyɛ nneɛma pa. Enti fa adeyɛ hɔ ahofadi a wowɔ no di dwuma nyansa mu. Susuw nneɛma pa ho, nya ho akɔnnɔ, na yɛ saa nneɛma no.

Ɔsomafo Paulo tuu eyi ho fo. Ɔde dii dwuma ankasa. Nanso eyi nyinaa akyi no, ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ nea mepɛ na meyɛ, na mmom nea mikyi no, ɛno na meyɛ.” Odii ɔhonam ne honhom ntam akodi a ɛkɔ so wɔ ne mu ho awerɛhow sɛ: “Me manehunufo! Hena na obeyi me?” Na ɔwɔ nimdeɛ a edi mu, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛsan anya Onyankopɔn suban, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma Yehowa su horow a wanya no nyinaa akari pɛ. Wantumi anyɛ eyi, nanso odii nkonim. Asɛm a ɔkae no ma yehu nea enti: “Aseda mfa yɛn Awurade Yesu Kristo so nka Onyankopɔn.”​—Rom. 7:15, 24, 25.

Ebia yebetumi afi ase abɔ mmɔden sɛ yɛde su horow a Onyankopɔn de ama yɛn no bɛbom adi dwuma ma akari pɛ, nanso Onyankopɔn na ɔnam Kristo Yesu so betumi ama ne suban a yɛbɛsan anya no adi mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena