Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Trenee Nnam Atetesɛm A Wɔde Ano Ka So
    Ɔwɛn-Aban—1990 | October 1
    • 12. (a) Nsakrae bɛn na Yesu de baa sɛnea na ɔfa Hebri kyerɛwnsɛm ka asɛm no mu wɔ ne bepɔw so Asɛnka no mu, na dɛn ntia? (b) Dɛn na yesua fi “Wɔkae sɛ” a ɛto so asia a wɔde dii dwuma no mu?

      12 Bere a Yesu dii kan faa asɛm wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu kae no, ɔkae sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ.” (Mateo 4:4, 7, 10) Nanso mpɛn asia wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu no, ɔde nsɛm yi na ɛdaa nea na ɛte sɛ asɛm a efi Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no adi: “Wɔkae sɛ.” (Mateo 5:21, 27, 31, 33, 38, 43) Dɛn ntia? Efisɛ na ɔreka Kyerɛwnsɛm no ho asɛm sɛnea wɔakyerɛ ase wɔ Farisifo atetesɛm a na ɛbɔ Onyankopɔn Mmara nsɛm no abira no mu no. (Deuteronomium 4:2; Mateo 15:3) Eyi da adi wɔ nea na ɛto so asia a na ɛne nea etwa to a Yesu kaa ho asɛm wɔ eyi mu no mu: “Moate sɛ wɔkae sɛ: Dɔ wo yɔnko na tan wo tamfo.” Nanso Mose mmara biara nka sɛ, “tan wo tamfo.” Kyerɛwfo ne Farisifo no na wɔkae. Saa na na wɔkyerɛ Mmara a ɛne sɛ dɔ wo yɔnko no ase​—wo yɔnko Yudani, afoforo biara nka ho.

  • Trenee Nnam Atetesɛm A Wɔde Ano Ka So
    Ɔwɛn-Aban—1990 | October 1
    • 16. Yudafo nneyɛe bɛn na ɛmaa ntanka yɛɛ nea ɛnkyerɛ hwee, na gyinabea bɛn na Yesu pawee?

      16 Ɔkwan a ɛte saa ara so no, Yesu toaa so sɛ: “Ebio moate sɛ wɔsee tetefo no sɛ: Nka ntanhunu . . . Na me de, mise mo sɛ: Monnka ntam koraa!” Ɛde besi saa bere yi no, na Yudafo no de ntanka redi dwuma ɔkwammɔne so na na wɔkeka ntam wɔ nneɛma nketenkete ho a wɔnyɛ. Nanso Yesu kae sɛ: “Monnka ntam koraa! . . . Na momma mo asɛm nyɛ yiw, yiw, dabi, dabi!” Ná n’ahyɛde no yɛ tiatiaa: Ka nokware bere nyinaa, a ɛho renhia sɛ wode ntam gyina w’asɛm akyi. Gyaw ntam ma nsɛm a ɛho hia titiriw.​—Mateo 5:33-37; fa toto 23:16-22 ho.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena