Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Bere a Adwowtwafo Aba Wo So No
    Ɔwɛn-Aban—1998 | December 15
    • Bere a Adwowtwafo Aba No

      Nanso sɛ adwowtwafo bɔ wura wo fie, na wɔba wo so a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Kae sɛ wo nkwa som bo sen ahonyade. Kristo Yesu kae sɛ: “Mo ne ɔbɔne no nnni asi, na nea ɔbɛpae w’aso nifa mu no, dan biako no nso ma no. Na nea ɔpɛ sɛ . . . ogye w’atade nhyɛase no, ma ɔmfa w’atade nkataso no nso.”—Mateo 5:39, 40.

      Eyi yɛ afotu a nyansa wom. Ɛwom sɛ enni sɛ Kristofo kyerɛ amumɔyɛfo baabi a wɔn agyapade wɔ de, nanso sɛ adwowtwafo hu sɛ yɛne wɔn redi asi, yɛnyɛ bɔkɔɔ mma wɔn, anaa yɛredaadaa wɔn a, ebetumi ama wɔn ani abere. Esiane sɛ wɔn mu pii “ani nwu ade bio nti,” ɛnkyɛ na wɔn bo afuw ma wɔrekeka nneɛma bobom.—Efesofo 4:19.

      Samuel te fie kɛse bi a adan pii wom mu. Adwowtwafo siw kwan a ɛkɔ fie no mu no, na wokyinii adan a ɛwɔ mu no so hyiae fow mu nneɛma. Samuel tee sɛ wɔretotow atuo, keka apon hwehwe mu, ma nkurɔfo reteɛteɛm rebɔ bena. Ná obiara ntumi nguan. Samuel ka kyerɛɛ ne yere ne ne mmabarima baasa sɛ wommu nkotodwe wɔ fam, mmoma wɔn nsa so nkɔ soro, na wɔnkata wɔn ani ntwɛn. Bere a adwowtwafo no bɔ wuraa hɔ no, Samuel sii ne ti ase kasa kyerɛɛ wɔn, efisɛ na onim sɛ, sɛ ɔhwɛ wɔn anim a, wobesusuw sɛ akyiri yi ɔbɛda wɔn adi. Ɔkae sɛ: “Mommra mu. Momfa nea mopɛ biara. Mubetumi afa biribiara. Yɛyɛ Yehowa Adansefo, na yɛne mo renni asi.” Eyi yɛɛ adwowtwafo no nwonwa. Dɔnhwerew biako anaa nea ɛte saa a edi hɔ no, mmarima 12 a wokurakura atuo kyekyɛɛ wɔn mu akuwakuw baa hɔ. Ɛwom sɛ wowiaa agude, sika, ne mfiri de, nanso wɔammoro abusua no anaa wɔantwitwa wɔn nkrante sɛnea wɔyɛɛ afoforo a wɔwɔ fie no mu no. Samuel abusua no daa Yehowa ase sɛ wonyaa wɔn ti didii mu.

      Eyi da no adi sɛ, sɛ adwowtwafo rewia obi sika ne n’ahode na sɛ ɔne wɔn ampere so a, ebetumi ama wakwati opira.a

  • Bere a Adwowtwafo Aba Wo So No
    Ɔwɛn-Aban—1998 | December 15
    • a Nanso ɛnyɛ biribiara mu na ɛsɛ sɛ yɛyɛ bɔkɔɔ. Yehowa asomfo nnyaa wɔn ho mma biribiara a ɛto Nyankopɔn mmara. Sɛ nhwɛso no, Kristoni renyɛ bɔkɔɔ mma wɔnto no mmonnaa.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena