Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 4/8 kr. 24-25
  • So Ɛsɛ sɛ Wutua Tow Ahorow Nyinaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ɛsɛ sɛ Wutua Tow Ahorow Nyinaa?
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Na Sɛ Ɛte sɛ Nea Tow no Mfata Nso Ɛ?
  • Na Sɛ Wɔde Tow No Yɛ Nneɛma a Ɛne Kristosom Bɔ Abira Nso Ɛ?
  • Towtua​—Ɛyɛ “Nnipa Anibue” So Akatua?
    Nyan!—2003
  • “Sɛ Ɛsɛ sɛ Mutua Tow a, Muntua Tow”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • So Ɛsɛ sɛ Wutua Wo Tow Ahorow?
    Nyan!—2003
  • Tow Ahorow ​—So Ɛsɛ Sɛ Wutua?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 4/8 kr. 24-25

Bible No Adwene

So Ɛsɛ sɛ Wutua Tow Ahorow Nyinaa?

‘ƆBƐFA mo mmabarima de wɔn adɔw n’asase na wɔatwa ne nnɔbae. Na ɔbɛfa mo mmabea ayɛ soodofo ne abodotofo. Na ɔbɛfa mo mfuw ne mo bobe nturo mu nea eye de ama ne nkoa. Na ɔbɛfa mo nkoa ne mo mfenaa ne mo mmerante pa ne mo mfurum de ayɛ n’adwuma. Na mobɛyɛ ne nkoa.’

Yehowa Nyankopɔn na ɔkaa asɛm a ɛwɔ atifi hɔ no wɔ mfe bɛyɛ 3,000 a atwam ni no mu denam n’akoa Samuel so. Nkyerɛkyerɛmu no nyɛ nea ɛfa sodifo tirimɔdenfo kɛse bi ho. Samuel ka kyerɛɛ nnipa no sɛ: “Eyi ne ɔhene a obedi mo so no atemmude.”​—1 Samuel 8:10-17.

Ankyɛ biara Israelfo no buu nokware a saa asɛm no yɛ no na wɔnam saa a wɔyɛe no so kɔkaa nnipa pii a na wohu boa a ɛsɛ sɛ wɔboa wɔn nniso ho amane no ho. Yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ no hu nea yɛadi kan aka ho asɛm no denam tow ahorow na yetua no so.

Ɛwom sɛ na wotua tow wɔ tete bere no mu de, nanso wɔamfa ammoa aban ne sikasɛm nhyehyɛe no titiriw te sɛ nea wɔde yɛ nnɛ no. Nanso nkurɔfo nwiinwii wɔ ho. Ɛda adi sɛ Yudafo a na wɔwɔ Yesu bere so no ampɛ sɛ wobetua tow a Roma ahemman no twa maa wɔn no, nanso Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛsɛ sɛ wotua nea aban no wɔ ho kwan sɛ ogye wɔ asɛm a ɛfa tow a wotua ho yi mu ma no​—Luka 20:19-25.

So ɛsono sɛnea tebea no te nnɛ ma Kristofo? So nokwasɛm a ɛyɛ sɛ tow ahorow no bi so sen afoforo, ɛdɔɔso, ɛnyɛ nea wonya mu mfaso anaasɛ wɔ ɔkwan foforo bi so no, ɛmfata no kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ Kristofo tua? Anaa, sɛ obi tumi kyerɛ sɛ aban no de tow a ogyei no bi yɛɛ biribi a ɛne Bible nnyinasosɛm bɔ abira a, sɛ ɛbɛma Kristofo anya hokwan a ɛremma wontua tow a ɛsɛ sɛ wotua no fã bi?

Na Sɛ Ɛte sɛ Nea Tow no Mfata Nso Ɛ?

Sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu Onyankopɔn adwene wɔ ho no, momma yensusuw nnyinasosɛm bi a Yesu kaa ho asɛm wɔ ne Bepɔw So Asɛnka no mu no ho. Ɔka wɔ Mateo 5:41, NW sɛ: “Na sɛ obi a ɔhyɛ tumi ase hyɛ wo sɛ yɛ adwuma kwansin biako a, wo ne no nkɔ akwansin abien.”

Bere a wɔasoma Roma aban nanmusini bi no, ɔwɔ tumi sɛ ɔma obiara a adwuma a ɔyɛ no betumi ama watumi awie adwuma a wɔde ahyɛ ne nsa no ntɛm no ayɛ adwuma ama no. Na ɔwɔ hokwan nso sɛ ogye afiri biara a ɛnyɛ aban no de fi ne wura nsam na ɔde yɛ adwuma no. Na ɛyɛ mmerɛw sɛ nhyehyɛe yi betumi ama obiara a obetumi aba sɛ ɔwɔ baabi a ɛhɔ nye wɔ bere a enye mu no ho akyere no.

So wohyɛɛ no nsow sɛ Yesu anka sɛ ɛsɛ sɛ n’akyidifo yɛ nea wɔhyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no sɛ wɔte nka sɛ nea wɔkyerɛ sɛ wɔnyɛ no fata na ɛnyɛ nea ɛbɛma wɔn ho akyere wɔn nkutoo a? Mmom no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ nea wobetumi mfa mmoa, sɛ ebetumi mpo a, wɔnyɛ nea ɛboro nea wɔhwehwɛ sɛ wɔyɛ no so.

So ɛyɛ nea Yesu asɛm no bɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yehu tow a ɛsɛ sɛ yetua no na afei yetua nea ɛbɔ ho abien? Dabi. Mmom no, ɛsɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu yɛ nea wɔrehwehwɛ afi yɛn hɔ no na ɛnyɛ sɛ yɛbɛhwehwɛ anoyi a ɛremma yenni yɛn asɛyɛde ho dwuma. Mmɔden a yɛbɛbɔ sɛ yebehu nea ɛteɛ sɛ yetua ma aban na afei yɛatua no ka eyi ho.

Adwumawuranom binom te nka sɛ, sɛ wotua tow ahorow a mmara hwehwɛ sɛ wotua no nyinaa a, wɔrentumi nyɛ wɔn adwuma no nnya mfaso. Sɛ ebia ɛteɛ anaasɛ dabi no, esi hia a ɛho hia sɛ wuhu tow a ɛsɛ sɛ wutua no nyinaa ansa na woafi adwuma biara ase no so dua. Eyi ne afotu yi behyia: “Sɛ nhwɛso no, mo mu hena na ɔpɛ sɛ ɔto abantenten, na ɔrentra ase mu akontaa ansa sɛ ɔwɔ nea ɔde betumi awie? Anyɛ saa a ebia ɔbɛto nanso ɔrentumi nwie.”​—Luka 14:28, 29, NW.

Na Sɛ Wɔde Tow No Yɛ Nneɛma a Ɛne Kristosom Bɔ Abira Nso Ɛ?

Oliver Wendell Holmes, Jr., kae sɛ: “Tow ahorow ne nea yetua ma ɔmanfo a wɔn ani abue.” Saa ara na ɔsomafo Paulo ka sɛ yetua tow sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde sika no betua nnwuma a nniso ahorow no yɛ ma yɛn no ho ka. (Romafo 13:4-6) So su bi a nniso no yi no adi betumi atwa asɛyɛde yi mu?

Sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛma eyi ho mmuae no, yebetumi de ɔbɔadeɛ no ankasa su wɔ ka a na ɔde nniso bi wɔ adwuma a ɔyɛ maa no a otuae no ho ayɛ nhwɛso. Trenee abufuhyew maa Yehowa hyɛɛ mmara sɛ wɔnsɛe tete kurow Tiro. Wɔ eyi yɛ mu no, Onyankopɔn de Babilon a na ɛhyɛ ɔhempɔn Nebukadnesar ase no sraadi tumi dii dwuma. Ɛwom sɛ Babilon dii nkonim de, nanso ɔko no ma ɔhweree nneɛma pii. Enti Yehowa tee nka sɛ ɛsɛ sɛ otua adwuma a ɔyɛe no ho ka. Asɛm a ɔkae no pue wɔ Hesekiel 29:18, 19 sɛ: “Onipa ba, Babel hene Nebukadnesar maa ne dɔm som Tiro ɔsom kɛse. . . . Nanso akatua bi amfi Tiro anka ɔno ne ne dɔm nsa, ɔsom a ɔsom ho no so. Enti sɛ [Yehowa] Nyankopɔn se ni: Hwɛ, mede Misraim asase merema Babel hene Nebukadnesar; na wasoa n’asefo yuu akɔ, na wafa n’asade, na wafow n’afowde, na ayɛ ne dɔm no akatua.”

Bible asuafo nim sɛ na Nebukadnesar yɛ ɔhempɔn bosonsonni a ɔyɛ ahantan ne ɔhopɛfo. Na wonim Babilon ne n’asraafo sɛ wɔyɛ nnipa a wɔfa wɔn nnommum no ayayade. Na Yehowa mpene su a ɛte saa so na wɔ ne fam no na ka biara yɛ ka, na otuaa ne nyinaa.

Enti, ɛsɛ sɛ Kristofo te nka sɛ ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wotua ka ahorow a mmara ma ho kwan nyinaa a adwuma a wɔde sika no bɛyɛ mfa ho. Enti wodi ahyɛde a ɛwɔ Romafo 13:7 a emu da hɔ pefee no so: “Muntua obiara nea ɛsɛ no! Munyi tow mma nea ɔtow sɛ no.”

Wɔ bere koro no ara mu no, nokware Kristofo gyina ɔsoro nniso bi a Onyankopɔn ahyehyɛ no akyi kɛse. Ɛrenkyɛ Ahenni nhyehyɛe yi bedi asase so wɔ ɔkwan a eye kɛse sen sɛnea nnipa nniso ahorow nyinaa betumi so na ɛde mfaso a eye sen nea ne mma hwɛ kwan aba.​—Mateo 6:10, 33.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 24]

“Momfa Kaesare de mma Kaesare.”​—Luka 20:25

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 25]

“Muntua obiara nea ɛsɛ no! Munyi tow mma nea ɔtow sɛ no.”​—Romafo 13:7

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena