-
Trenee Nnam Atetesɛm A Wɔde Ano Ka SoƆwɛn-Aban—1990 | October 1
-
-
12. (a) Nsakrae bɛn na Yesu de baa sɛnea na ɔfa Hebri kyerɛwnsɛm ka asɛm no mu wɔ ne bepɔw so Asɛnka no mu, na dɛn ntia? (b) Dɛn na yesua fi “Wɔkae sɛ” a ɛto so asia a wɔde dii dwuma no mu?
12 Bere a Yesu dii kan faa asɛm wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu kae no, ɔkae sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ.” (Mateo 4:4, 7, 10) Nanso mpɛn asia wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu no, ɔde nsɛm yi na ɛdaa nea na ɛte sɛ asɛm a efi Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no adi: “Wɔkae sɛ.” (Mateo 5:21, 27, 31, 33, 38, 43) Dɛn ntia? Efisɛ na ɔreka Kyerɛwnsɛm no ho asɛm sɛnea wɔakyerɛ ase wɔ Farisifo atetesɛm a na ɛbɔ Onyankopɔn Mmara nsɛm no abira no mu no. (Deuteronomium 4:2; Mateo 15:3) Eyi da adi wɔ nea na ɛto so asia a na ɛne nea etwa to a Yesu kaa ho asɛm wɔ eyi mu no mu: “Moate sɛ wɔkae sɛ: Dɔ wo yɔnko na tan wo tamfo.” Nanso Mose mmara biara nka sɛ, “tan wo tamfo.” Kyerɛwfo ne Farisifo no na wɔkae. Saa na na wɔkyerɛ Mmara a ɛne sɛ dɔ wo yɔnko no ase—wo yɔnko Yudani, afoforo biara nka ho.
-
-
Trenee Nnam Atetesɛm A Wɔde Ano Ka SoƆwɛn-Aban—1990 | October 1
-
-
18. (a) Ɔkwan bɛn so na Yudafo no kyinkyim dɔ wo yɔnko sɛ wo ho mmara no, nanso ɔkwan bɛn so na Yesu bɔɔ eyi gui? (b) Mmuae bɛn na Yesu de maa mmaranimfo bi a na ɔpɛ sɛ ɔto sɛnea wɔde “yɔnko” di dwuma no ano hye no?
18 Nhwɛso a ɛto so asia na etwa to no mu no, Yesu maa sɛnea na rabifo atetesɛm no gow Mose Mmara no mu no mu daa hɔ fann: “Moate sɛ wɔkae sɛ: Dɔ wo yɔnko na tan wo tamfo. Na me de, mise mo sɛ, monnɔ mo atamfo, na mommɔ mpae mma wɔn a wɔtaa mo.” (Mateo 5:43, 44) Mose Mmara a wɔakyerɛw no mfa anohyeto biara nto ɔdɔ so: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” (Leviticus 19:18) Farisifo no na wɔwae fii saa mmara nsɛm no ho, na nea ɛbɛyɛ na wɔakwati nti no, wɔhyehyɛɛ sɛ asɛm “yɔnko” no kyerɛ wɔn a wodi atetesɛm so no nkutoo. Ɛno nti na akyiri yi bere a Yesu kaee mmaranimfo bi wɔ ahyɛde a ɛne sɛ ‘dɔ wo yɔnko sɛ wo ho’ no ho no, ɔbarima no dan asɛm no ani sɛ: “Hena ne me yɔnko?” no. Yesu de Samariani pa ho bɛ no maa mmuae—yɛ wo ho ɔyɔnko ma obi a ohia wo no.—Luka 10:25-37.
-