-
Trenee Nnam Atetesɛm A Wɔde Ano Ka SoƆwɛn-Aban—1990 | October 1
-
-
18. (a) Ɔkwan bɛn so na Yudafo no kyinkyim dɔ wo yɔnko sɛ wo ho mmara no, nanso ɔkwan bɛn so na Yesu bɔɔ eyi gui? (b) Mmuae bɛn na Yesu de maa mmaranimfo bi a na ɔpɛ sɛ ɔto sɛnea wɔde “yɔnko” di dwuma no ano hye no?
18 Nhwɛso a ɛto so asia na etwa to no mu no, Yesu maa sɛnea na rabifo atetesɛm no gow Mose Mmara no mu no mu daa hɔ fann: “Moate sɛ wɔkae sɛ: Dɔ wo yɔnko na tan wo tamfo. Na me de, mise mo sɛ, monnɔ mo atamfo, na mommɔ mpae mma wɔn a wɔtaa mo.” (Mateo 5:43, 44) Mose Mmara a wɔakyerɛw no mfa anohyeto biara nto ɔdɔ so: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” (Leviticus 19:18) Farisifo no na wɔwae fii saa mmara nsɛm no ho, na nea ɛbɛyɛ na wɔakwati nti no, wɔhyehyɛɛ sɛ asɛm “yɔnko” no kyerɛ wɔn a wodi atetesɛm so no nkutoo. Ɛno nti na akyiri yi bere a Yesu kaee mmaranimfo bi wɔ ahyɛde a ɛne sɛ ‘dɔ wo yɔnko sɛ wo ho’ no ho no, ɔbarima no dan asɛm no ani sɛ: “Hena ne me yɔnko?” no. Yesu de Samariani pa ho bɛ no maa mmuae—yɛ wo ho ɔyɔnko ma obi a ohia wo no.—Luka 10:25-37.
-
-
Trenee Nnam Atetesɛm A Wɔde Ano Ka SoƆwɛn-Aban—1990 | October 1
-
-
20. Sɛ anka Yesu de Mose Mmara no bɛto nkyɛn mmom no, ɔkwan bɛn so na ɔmaa tumi a ɛwom no mu trɛwee na emu dɔe na ɔma ɛyɛɛ nea ɛkorɔn mpo?
20 Enti bere a Yesu kaa Mmara no afã bi ho asɛm na ɔde kaa ho sɛ, “na me de, mise mo sɛ,” no, na ɛnyɛ nea ɔde Mose Mmara no reto nkyɛn na ɔde biribi foforo abesi ananmu. Dabi, na ɔrema tumi a ɛwom no mu adɔ na emu atrɛw denam honhom a ɛwɔ akyi a ɔkyerɛe no so. Onuadɔ ho mmara a ɛkorɔn bu atɛn sɛ obi ho adwemmɔne a wɔma ɛkɔ so no yɛ awudi. Kronnyɛ ho mmara a ɛkorɔn no bu akɔnnɔ bɔne nsusuwii a wɔma ɛkɔ so no sɛ awaresɛe. Aware ho mmara a ɛkorɔn no pow awaregyae basabasa sɛ adeyɛ a ɛde san a wɔsan ware awaresɛe kwan so no ba. Nokware ho mmara a ɛkorɔn kyerɛ sɛ ntam a wotĩ mu keka ho nhia. Odwo ho mmara a ɛkorɔn mma wɔnnyɛ bi ntua ka. Ɔdɔ ho mmara a ɛkorɔn hwehwɛ sɛ wonya Onyankopɔn dɔ a enni anohyeto.
-