So Nnipa Nyinaa Betumi Adodɔ Wɔn Ho Da Bi?
NÁ MMARAKYERƐFO bi aka sɛ, sɛ yebenya “daa nkwa” a, ɛsɛ sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu dɔ Onyankopɔn, na yɛdɔ yɛn yɔnko sɛ yɛn ho. Yesu kamfoo mmarakyerɛfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Woabua no yiye; yɛ eyi, na wubenya nkwa.” (Luka 10:25-28; Leviticus 19:18; Deuteronomium 6:5) Nanso esiane sɛ ɔbarima no pɛe sɛ obu ne ho bem nti, obisae sɛ: “Hena ne me yɔnko?”
Akyinnye biara nni ho sɛ mmarakyerɛfo no hwɛɛ kwan sɛ Yesu bɛka sɛ, “Wo yɔnko Yudani.” Nanso Yesu kaa Samariani mmɔborohunufo no ho asɛm a ɛkyerɛ sɛ nnipa a wofi aman foforo mu nso yɛ yɛn yɔnkonom no. (Luka 10:29-37; Yohane 4:7-9) Yesu sii so dua wɔ ne som adwuma no mu sɛ, Onyankopɔn a yɛbɛdɔ no ne yɛn yɔnko a yɛbɛdɔ no ne yɛn Bɔfo no mmara atitiriw a ɛsen biara.—Mateo 22:34-40.
Nanso, so nnipakuw bi adɔ wɔn yɔnkonom nokware mu saa pɛn? So nnipa nyinaa betumi adodɔ wɔn ho?
Afeha a Edi Kan no mu Anwonwade
Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnam wɔn dɔ a edi abusuakuw, ɔman, ne akwanside foforo nyinaa so no so na ebehu wɔn. Ɔkae sɛ: “Ahyɛde foforo na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho, sɛnea medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho.” Afei ɔde kaa ho sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.”—Yohane 13:34, 35; 15:12, 13.
Yesu nkyerɛkyerɛ a ɛfa ɔdɔ ho a ɔyɛɛ nhwɛso kaa ho no, dii dwuma sɛ anwonwade wɔ afeha a edi kan no mu. N’akyidifo no besuasuaa wɔn Wura no, dodɔɔ wɔn ho wɔ ɔkwan a ɛmaa nnipa pii hui na wɔn ani gyee ho so. Tertullian a na ɔyɛ nhoma kyerɛwfo wɔ afeha a ɛto so abien ne abiɛsa Y.B. mu no faa nkurɔfo a na wɔnyɛ Kristofo nsɛm a wɔde kamfoo Yesu akyidifo no kae sɛ: ‘Hwɛ sɛnea wɔdodɔ wɔn ho, ne sɛnea wɔayɛ krado sɛ wobewu ama wɔn ho wɔn ho.’
Nokwarem no, ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Ɛsɛ yɛn . . . sɛ yɛde yɛn kra to hɔ ma anuanom.” (1 Yohane 3:16) Yesu kyerɛkyerɛ n’akyidifo sɛ wɔnnɔ wɔn atamfo mpo. (Mateo 5:43-45) Sɛ nkurɔfo dɔ afoforo nokwarem sɛnea Yesu kyerɛkyerɛɛ wɔn no a, dɛn na ebefi mu aba?
Ɛda adi sɛ amammuisɛm ho ɔbenfo bi susuw saa asɛm yi ho. Enti obisaa asɛm a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ The Christian Century mu yi: “So obi betumi anya Yesu ho adwene bi paa sɛ ɔretotow atopae gu n’atamfo so, ɔde tuo a ɛtow ntoatoaso redi dwuma, ɔredannan akode a ɛtotow gyaframa, ɔregyaa nuklea atopae anaa Asraman a ebetumi akunkum ɛnanom ne mmofra mpempem pii mu agu fam?”
Ɛho mmuaema mu no, ɔbenfo no kae sɛ: “Asɛmmisa no yɛ nea ntease nnim araa ma ɛmfata sɛ wobua.” Enti obisae sɛ: “Sɛ Yesu ntumi nyɛ eyi mma ɛne ne su nhyia a, ɛnde ɛbɛyɛ dɛn na yɛayɛ eyi na yɛakɔ so adi no nokware?” Enti ɛnsɛ sɛ afã biara a Yesu tete akyidifo no annyina a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ yiye wɔ abakɔsɛm nhoma pii mu no yɛ yɛn nwonwa. Susuw nhwɛso abien pɛ ho hwɛ.
Our World Through the Ages, a N. Platt ne M. J. Drummond, kyerɛwee ka sɛ: “Ná ɛsono Kristofo no su koraa wɔ Romafo ho. . . . Esiane sɛ na Kristo aka asomdwoe ho asɛm nti, wɔammɛyɛ asraafo.” Na The Decline and Fall of the Roman Empire a Edward Gibbon kyerɛwee no ka sɛ: “[Tete Kristofo] amfa wɔn ho anhyehyɛ aban adwuma anaa ahemman no sraadi mu. . . . Na entumi nyɛ yiye sɛ Kristofo bɛyɛ asraafo adwuma bere a wonnyae ɔsom kronn.”
Na Ɛnnɛ Nso Ɛ?
So ebinom da Kristofo dɔ adi nnɛ? Encyclopedia Canadiana ka sɛ: “Yehowa Adansefo adwuma no yɛ tete Kristosom a Yesu ne n’asuafo de wɔn ho hyɛɛ mu no a wɔasan de asi hɔ . . . Wɔn nyinaa yɛ anuanom.”
Ɛno kyerɛ dɛn? Ɛkyerɛ sɛ Yehowa Adansefo mma kwan mma biribiara—honam ani hwɛbea, ɔman, anaa kasa a wɔka—mma wɔntan wɔn yɔnkonom. Saa ara nso na wonkum obiara, efisɛ wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw, na wɔde wɔn mpeaw ayeyɛ nnare, sɛnea Bible ka siei sɛ Onyankopɔn nokware asomfo bɛyɛ no.—Yesaia 2:4.
Ɛnyɛ nwonwa sɛ California Sacramento Union mu asɛm bi kae sɛ: “Nea yebetumi aka ara ne sɛ sɛ wiase nnipa nyinaa tra ase ma ɛne Yehowa Adansefo gyidi hyia a, anka mogyahwiegu ne nitan to betwa, na ɔdɔ bedi hene”!
Saa ara na Hungary Ring nsɛmma nhoma no kyerɛwfo bi kae sɛ: “Mabehu sɛ sɛ Yehowa Adansefo nkutoo na wɔte asase so a, anka ɔko begyae, na nnwuma a polisifo bɛyɛ ara ne sɛ wɔbɛkyerɛ kar kwan na wɔde akwantu tumi nkrataa amema.”
Roma Katolek bea kokorani bi nso kyerɛw Adansefo no ho asɛm wɔ Italy asɔre nsɛmma nhoma Andare alle genti mu de kyerɛɛ wɔn ho anigye sɛ: “Wɔnyɛ basabasa biara, na wɔntew atua wɔ sɔhwɛ pii a wɔde ba wɔn so esiane wɔn gyidi ahorow nti no mu . . . Sɛ yɛn nyinaa nyan da koro anɔpa na yesi yɛn bo pintinn sɛ yenni ako bio, a nea ɛbɛba biara mfa ho te sɛ Yehowa Adansefo a, hwɛ sɛnea anka wiase bɛyɛ soronko!”
Wonim Adansefo no sɛ wofi wɔn pɛ mu boa wɔn yɔnkonom. (Galatifo 6:10) Latviani bea bi kyerɛwee wɔ ne nhoma Women in Soviet Prisons mu sɛ, bere a na ɔreyɛ adwuma wɔ Potma afiase wɔ 1960 mfe no mu no, ɔbɛyaree yiye. “Wɔ me yare no nyinaa mu no, [Adansefo no] yɛɛ ayarehwɛfo a wɔyɛ nsi. Ná mintumi nhwehwɛ ɔhwɛ a eye sen saa, titiriw wɔ afiase tebea horow mu.” Ɔde kaa ho sɛ: “Yehowa Adansefo bu no sɛ ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔboa obiara, a ɔsom anaa ɔman a wofi mu mfa ho.”
Nnansa yi Czech Republic nsɛm ho amanneɛbɔfo kaa Adansefo no su a ɛte saa a wɔdaa no adi wɔ adwumayɛban ahorow mu no ho asɛm. Bere a atesɛm krataa Severočeský deník reka sini “The Lost Home” (Ofie a Ayera), a wɔyɛe wɔ Brno ho asɛm no, ɛdaa no adi sɛ: “Ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ saa nnipa a wotumi nya wɔn mu ahotoso yi, [Czech ne Slovak Yudafo a wonyaa wɔn ti didii mu], no mpo dii Yehowa Adansefo nneduafo no ho adanse pa. Wɔn mu pii kae sɛ, ‘na wɔyɛ akokodurufo ankasa, na na wɔfa ɔkwan biara a wobetumi so boa yɛn bere nyinaa, ɛwom mpo sɛ na ebetumi ama wɔakum wɔn de.’ ‘Wɔbɔɔ mpae maa yɛn te sɛ nea yɛyɛ wɔn abusuafo; wɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛmmpa abaw.’”
Nanso, ɔdɔ a wobɛdɔ wɔn a wɔtan wo ankasa nso ɛ? So ebetumi ayɛ yiye?
Ɔdɔ Di Ɔtan So
Yesu nkyerɛkyerɛ a ɛfa yɛn atamfo a yɛbɛdɔ wɔn ho no yɛ Bible mu bɛ bi akyi a yedi: “Sɛ Ɔkɔm de wo tamfo a, ma no aduan nni, na osukɔm de no a, ma no nsu nnom.” (Mmebusɛm 25:21; Mateo 5:44) Ɛdefa nneɛma pa a yenya bere a wɔn a na anka yebu wɔn sɛ yɛn atamfo yi ɔdɔ kyerɛ yɛn ho no, ɔbea bibini bi a wabɛyɛ Yehowa Dansefo nnansa yi kyerɛwee sɛ: “Nokware dɔ a Adansefo a wɔyɛ aborɔfo, nnipa a bere tiaa bi a atwam no, anka mentwentwɛn me nan ase sɛ mekum wɔn de atoa ɔko bi so yii no adi kyerɛɛ me no maa m’ani gyei araa ma misui bere bi.”
Franseni Ɔdansefo bi kae sɛ ofipamfo bi yii ne maame maa Gestapofo wɔ Wiase Ko II no mu. Ɔbabea no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ne saa nti, me maame kodii Germanfo nneduaban mu mfe abien, baabi a anka ɔreyɛ awu. Ɔko no akyi no, France polisifo pɛe sɛ Maame de ne nsa hyɛ krataa bi ase de kyerɛ sɛ ɔbea yi yɛ obi a ɔne Germanfo yɛɛ biako. Nanso me maame anyɛ.” Akyiri yi, ofipamfo no bɛyaree kokoram bi a ɛyɛ hu. Ɔbabea no kae sɛ: “Aka asram kakra ma wawu no, maame de nnɔnhwerew pii hwɛɛ no sɛnea obetumi ma onyaa awerɛkyekye. Me werɛ remfi ɔdɔ a edii ɔtan so yi da.”
Akyinnye biara nni ho sɛ, nnipa betumi asua sɛnea wɔbɛdodɔ wɔn ho. Bible mu nokware ama nkurɔfo a na wɔtan wɔn ho wɔn ho—Tutsifo ne Hutufo, Yudafo ne Arabfo, Armeniafo ne Turkfo, Japanfo ne Amerikafo, Germanfo ne Russiafo, Protestantfo ne Katolekfo—nyinaa ayɛ biako!
Esiane sɛ nnipa ɔpepem pii a bere bi na anka wɔtentan wɔn ho dodɔ wɔn ho mprempren nti, akyinnye biara nni ho sɛ wiase nnipa nyinaa betumi adodɔ wɔn ho. Nanso, nokwarem no, sɛ nnipa nyinaa bɛdodɔ wɔn ho a, ɛsɛ sɛ nsakrae kɛse bi ba wɔ wiase nyinaa. Ɛbɛyɛ dɛn na saa nsakrae no aba?
[Kratafa 21 mfonini ahorow]
South Africa aborɔfo ne abibifo
Yudafo ne Arabfo
Hutufo ne Tutsifo
Adansefo no de wɔn nkrante abobɔ nsɔw wɔ sɛnkyerɛnne kwan so