-
Fa Mpae a Yesu Kyerɛe no Mu Nsɛm Bɔ Wo Bra—Ɔfã 1Ɔwɛn-Aban—2015 | June 15
-
-
“YƐN AGYA A WOWƆ SORO”
4. Asɛm “yɛn Agya” no kae yɛn dɛn, na ɔkwan bɛn so na Yehowa yɛ yɛn Agya?
4 Yesu de asɛm “Yɛn Agya” na efii mpaebɔ no ase. Wei kae yɛn sɛ Yehowa yɛ yɛn nuanom mmarima ne mmaa a wɔwɔ wiase nyinaa no Agya. (1 Petro 2:17) Yehowa agye wɔn a wɔbɛtena soro no atom sɛ ne mma. Enti Yehowa yɛ wɔn Agya wɔ ɔkwan soronko so. (Romafoɔ 8:15-17) Wɔn a wɔbɛtena asase so daa no nso bɛtumi afrɛ no sɛ wɔn “Agya.” Yehowa ma wɔn nkwa, na ɔma wɔn nsa ka nneɛma a wɔhia. Sɛ wɔyi sintɔ biara fi wɔn ho na wɔba pɛyɛ mu na wɔkɔ so di Yehowa nokware wɔ sɔhwɛ a ɛtwa to no mu a, wɔbɛfrɛ wɔn “Onyankopɔn mma.”—Romafoɔ 8:21; Adiyisɛm 20:7, 8.
-
-
Fa Mpae a Yesu Kyerɛe no Mu Nsɛm Bɔ Wo Bra—Ɔfã 1Ɔwɛn-Aban—2015 | June 15
-
-
“WO DIN HO NTE”
7. Hokwan kɛse bɛn na yɛanya, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
7 Yɛanya hokwan kɛse ahu Onyankopɔn din, na yɛabɛyɛ ‘nnipa a ne din’ da yɛn so. (Asomafoɔ Nnwuma 15:14; Yesaia 43:10) Yɛbɔ mpae sɛ “wo din ho nte,” kyerɛ sɛ, wɔnyɛ edin no kronkron. Yɛsan nso srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn na yɛanka asɛm bi anaa yɛanyɛ biribi a ɛbɛgu ne din ho fĩ. Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade sɛ ebinom a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so a wɔanyɛ nneɛma a wɔkyerɛkyerɛɛ afoforo sɛ wɔnyɛ no. Paulo kyerɛw wɔn sɛ: “Mo nti wɔka Onyankopɔn din ho abususɛm amanaman no mu.”—Romafoɔ 2:21-24.
8, 9. Ma nhwɛso bi a ɛkyerɛ sɛ Yehowa boa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔte ne din ho no.
8 Yɛyɛ nea yɛbɛtumi biara sɛ yɛbɛte Yehowa din ho. Onuawa bi a ɔwɔ Norway a ne kunu wu gyaa ɔne ne babarima a na wadi mfe mmienu kaa sɛ: “Ná ɛyɛ bere a ɛyɛ den ma me paa. Mebɔɔ mpae da biara da. Ɛkame ayɛ sɛ dɔnhwerew biara na mebɔ mpae hwehwɛ akokoduru a mede bɛdi me ho so na mansi gyinae bi a nyansa nnim, anaa manyɛ ade bɔne bi amma Satan annyina so antwa Yehowa mpoa. Ná mepɛ sɛ mete Yehowa din ho, na na mepɛ sɛ me ba no hu ne papa bio wɔ Paradise.”—Mmebusɛm 27:11.
9 Yehowa tiee onuawa no mpaebɔ anaa? Aane, ɔtiei. Esiane sɛ na ɔne anuanom mmarima ne mmaa bɔ bere nyinaa nti, wɔhyɛɛ no nkuran. Mfe nnum akyi no, asafo mu panyin bi waree no. Seesei ne babarima no adi mfe 20, na wabɔ asu. Onuawa no ka sɛ: “M’ani agye paa sɛ me kunu foforo no aboa me ma matete me ba no.”
10. Dɛn na Onyankopɔn bɛyɛ de ate ne din ho koraa?
10 Yehowa bɛyi wɔn a wɔgu ne din ho fĩ na wɔnnye no ntom sɛ wɔn Sodifo no nyinaa afi hɔ de ate ne din ho koraa. (Kenkan Hesekiel 38:22, 23.) Saa bere no, nnipa bɛyɛ pɛ, na abɔfo ne nnipa nyinaa bɛsom Yehowa na wɔahyɛ ne din kronkron no anuonyam. Awiei koraa no, yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no ‘bɛyɛ adeɛ nyinaa ama obiara.’—1 Korintofoɔ 15:28.
-