Bible Nhoma a Ɛto So 40—Mateo
Nea Ɔkyerɛwee: Mateo
Beae a Ɔkyerɛw No: Palestina
Bere a Ɔkyerɛw Wiei: Bɛyɛ 41 Y.B.
Bere a Ɛka Ho Asɛm: 2 A.Y.B.–33 Y.B.
BERE a nnipa tew atua wɔ Eden no, Yehowa hyɛɛ adesamma bɔ a awerɛkyekye wom sɛ ɔnam “ɔbea” no Aseni so begye wɔn a wɔpɛ adetrenee nyinaa. Ɔbɔɔ ne tirim sɛ Israel man mu na ɔbɛma Aseni yi anaa Mesia no afi aba. Mfe pii twaam, na ɔde honhom kaa Hebri akyerɛwfo ma wɔkyerɛw nkɔmhyɛ pii too hɔ de kyerɛe sɛ Aseni no na ɔbɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no Sodifo, na ɔbɛma Yehowa din ho atew na wayi animguase a aba so no afi hɔ koraa. Adiyifo yi kaa nea ɔbɛma Yehowa adi bem yi ho nsɛm pii sɛ ɔno na obegye yɛn afi osuro, nhyɛso, bɔne, ne owu mu. Bere a wɔkyerɛw Hebri Kyerɛwnsɛm no wiei no, Yudafo no nyaa anidaso sɛ Mesia no bɛba.
2 Saa bere no nyinaa na wiase tebea resesa. Ná Onyankopɔn ama nneɛma bi akɔ so wɔ amanaman no mu de abɔ kwan ama Mesia no mmae. Sɛnea na tebea no te nti, na ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛka ho asɛm akɔ akyiri. Ná Hela, wiase tumi a ɛto so anum no ama amanaman no anya kasa biako a wɔnam so di nkitaho. Ná Roma, wiase tumi a ɛto so asia no ama aman a wɔhyɛ n’ase no ayɛ sɛ ɔman biako, na na wɔayiyi akwan a ɛma wotumi kɔ baabiara. Ná Yudafo bebree tete ahemman no mu baabiara, enti na ebinom nso ate sɛ Yudafo rehwɛ Mesia bi kwan. Afei de, na Mesia no anya aba ma bɔ a wɔhyɛe wɔ Eden bɛboro mfe 4,000 no aba mu! Ná Aseni a wɔahwɛ no kwan akyɛ no aba! Nsɛm a ɛho hia paa wɔ nnipa abakɔsɛm mu no sisii bere a Mesia no bɛyɛɛ n’Agya apɛde pɛpɛɛpɛ wɔ asase so ha no.
3 Ná bere aso bio sɛ Onyankopɔn de honhom ka nkurɔfo ma wɔkyerɛw nsɛm a ɛho hia yi to hɔ. Yehowa honhom kaa mmarima anokwafo baanan ma obiara kyerɛw ɛho asɛm, na ɛbɛyɛɛ nnipa baanan adanse a ɛkyerɛ sɛ Yesu ne Mesia no, Aseni ne Ɔhene a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no. Wɔkaa n’asetra, ne som adwuma, ne wu, ne ne wusɔre ho nsɛm pii. Saa kyerɛwtohɔ yi, wɔfrɛ no Nsɛmpa. Nsɛmpa anan no mu nsɛm sesɛ na nneɛma a ɛka ho asɛm no pii yɛ adekoro, nanso ɛnkyerɛ sɛ nea oyi kyerɛwee no ara na oyi nso kyerɛwee. Nsɛmpa abiɛsa a edi kan no, wɔtaa ka sɛ ɛyɛ asɛnkoro, efisɛ ɔkwan a wɔfaa so kaa Yesu asetra wɔ asase so ho asɛm no di nsɛ. Nanso ɛsono sɛnea Mateo, Marko, Luka ne Yohane mu biara kaa Kristo ho asɛm. Wɔn mu biara wɔ nea ɔkaa ho asɛm kɛse ne nea ɔde n’adwene sii so, na sɛ obi kenkan wɔn nsɛm no a, otumi hu sɛnea wɔn mu biara te. Afei nso wɔn mu biara maa ne nsɛm no faa wɔn a ɔkyerɛw maa wɔn sɛ wɔnkenkan no ankasa ho. Sɛ yɛtaa kenkan nsɛm a wɔkyerɛwee no a, yebehu sɛ Bible nhoma anan a wɔde honhom kyerɛwee no biara da nsow, na Yesu Kristo asetram nsɛm a ebiara ka no da nsow, na asɛm a enni biako mu no, wubehu wɔ foforo mu, na ne nyinaa nso hyia.
4 Nea odii kan kyerɛw Kristo ho asɛmpa no ne Mateo. Ebetumi aba sɛ ne din no yɛ Hebri din “Matitia” a wɔatwa no tiaa, na ɛkyerɛ “Yehowa Akyɛde.” Ɔka asomafo 12 a Yesu paw wɔn no ho. Bere a wɔn Wura no tutuu akwan wɔ Palestina asase nyinaa so, na ɔkaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo kyerɛkyerɛɛ wɔn no, na Mateo yɛ ne yɔnko a ɔka ne ho baabiara a ɔkɔe. Ansa na Mateo rebɛyɛ Yesu suani no, na ɔyɛ towgyeni. Ná ɛyɛ adwuma a Yudafo no kyi kɔkɔkɔkɔ, efisɛ na ɛkae wɔn daa sɛ wonni ahofadi, na mmom wɔhyɛ Romafo tumidi ase. Edin a wɔsan de frɛ Mateo ne Lewi, na na ɔyɛ Alfeo ba. Bere a Yesu frɛɛ no sɛ ommedi n’akyi no, ntɛm ara na okodii n’akyi.—Mat. 9:9; Mar. 2:14; Luka 5:27-32.
5 Asɛmpa a Mateo din da so no mmɔ ne din sɛ ɔno na ɔkyerɛwee, nanso wɔn a wonim tete asɔre no abakɔsɛm di ho adanse yiye sɛ Mateo na ɔkyerɛwee. Gyama tete nhoma biara nni hɔ a obiara gye nea ɔkyerɛwee no tom sɛ Mateo nhoma no. Efi Papias a ofi Hierapoli bere so tɔnn (Yesu awo akyi bɛyɛ mfe ahanu) reba no, yɛwɔ nnipa pii a wɔtraa ase tete mmere no mu a wodii adanse sɛ Mateo na ɔkyerɛw Asɛmpa yi, na ɛka Onyankopɔn Asɛm no ho ampa. McClintock ne Strong Cyclopedia ka sɛ: “Wɔn a wɔafa Mateo nhoma no mu nsɛm aka no bi ne Justin Martyr ne nea ɔkyerɛw krataa kɔmaa Diognetus no (hwɛ Justin Martyr a Otto kyerɛwee no, po ii). Ebinom nso ne Hegesippus, Irenæus, Tatian, Athenagoras, Theophilus, Clement, Tertullian, ne Origen. Ɛnyɛ nhoma no mu nsɛm a wɔfa kae no nko na ɛma yehu sɛ ɛnyɛ nnɛ na wɔregye atom, na mmom ɔkwan a wɔfaa so kae no. Sɛnea wɔde ahotoso fa mu nsɛm ka no kyerɛ sɛ obiara gye tom, na sɛ wɔfa emu nsɛm ka nso a, wonsuro.”a Esiane sɛ na Mateo yɛ ɔsomafo na Onyankopɔn honhom wɔ ne so nti, yebetumi anya awerɛhyem sɛ nea ɔkyerɛwee no yɛ nokware.
6 Mateo kyerɛw ne nhoma no wɔ Palestina. Obi nnim afe pɔtee a ɔkyerɛwee, nanso nsaano nkyerɛwee bi ase nsɛm (a wɔkyerɛw ne nyinaa afe 1000 Y.B. akyi) ka sɛ ɔkyerɛwee wɔ 41 Y.B. Yɛwɔ adanse a ɛkyerɛ sɛ Mateo dii kan kyerɛw n’Asɛmpa no wɔ Hebri kasa a na nnipa dodow no ara ka saa bere no mu, na akyiri yi ɔkyerɛɛ ase kɔɔ Hela kasa mu. Jerome kae wɔ ne nhoma a wɔfrɛ no Nnipa Anuonyamfo Ho Nsɛm (De viris inlustribus) no ti III, sɛ: “Mateo a wɔsan frɛ no Lewi, towgyeni a ɔbɛyɛɛ ɔsomafo no, dii kan kyerɛw Kristo ho Asɛmpa no wɔ Hebri kasa ne Hebri nkyerɛwee mu wɔ Yudea, na ɔkyerɛw maa twetiafo a wɔabɛyɛ gyidifo.”b Jerome (a ɔtraa ase Yesu awo akyi mfirihyia ahanan ne ahanum Y.B.) de kaa ho sɛ ne bere so no, na Asɛmpa yi a wɔde Hebri kasa kyerɛwee no, wɔakora so wɔ nhomakorabea bi a Pamphilus hyehyɛe wɔ Kaesarea no.
7 Bɛyɛ mfe apem ahanson ni no, Eusebius kae sɛ bere a Origen reka Nsɛmpa no ho asɛm no, ɔkae sɛ ‘Mateo na ɔkyerɛw nea edi kan no, na ɔkyerɛwee wɔ Hebri kasa mu maa nnipa a wofi Yudasom mu bɛyɛɛ gyidifo no.’c Nea ɛkyerɛ sɛ Yudafo titiriw na ɔkyerɛw maa wɔn ne Yesu abusua santen a ɔbobɔ fi Abraham so no. Afei nso ɛfa Hebri Kyerɛwnsɛm mu nsɛm pii ka de kyerɛ sɛ ɛfa Mesia a ɔbɛba no ho. Ntease wom sɛ yebegye adi sɛ, sɛ Mateo fa Hebri Kyerɛwnsɛm no mu asɛm ka na sɛ Onyankopɔn din no wom a, ɔkyerɛw edin Yehowa no wɔ Hebri mu. Ɛno nti Wiase Foforo Nkyerɛase no mu no, edin Yehowa no pue mpɛn 18 wɔ Mateo nhoma no mu, na saa na Mateo nhoma a F. Delitzsch dii kan yɛe bɛyɛ mfe ahanu ni wɔ Hebri kasa mu no te. Adwene a na Yesu kura wɔ Onyankopɔn din ho no ara bi na na Mateo nso benya, enti ɛrentumi mma sɛ ɔmaa Yudafo gyidihunu siw no kwan a wammɔ Onyankopɔn din no.—Mat. 6:9; Yoh. 17:6, 26.
8 Ná Mateo yɛ towgyeni, enti ɛnyɛ nwonwa sɛ, sɛ ɔreka sika ho asɛm a otumi kyerɛ sika no dodow ne emu duru. (Mat. 17:27; 26:15; 27:3) Ɛyɛɛ no fɛ pii sɛ Onyankopɔn huu no mmɔbɔ na ɔmaa ɔno a ɔyɛ towgyeni a wobu no animtiaa no bɛyɛɛ ɔsɛmpakafo ne Yesu yɔnko a ɔne no kɔɔ baabiara. Enti Nsɛmpa no akyerɛwfo nyinaa mu no, Mateo nko ara na ɔbɔɔ amanneɛ sɛ, Yesu kae mpɛn pii sɛ ɛnyɛ afɔrebɔ nko na ɛho hia, na mmɔborohunu nso ka ho. (9:9-13; 12:7; 18:21-35) Yehowa adɔe no hyɛɛ Mateo nkuran kɛse, enti ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔkyerɛw nsɛm bi a ɛma awerɛkyekye paa a Yesu kae no. Ɔkae sɛ: “Mo a moabrɛ na wɔde nnesoa asoa mo nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ho adwo mo. Momfa me kɔndua nto mo ho so na munsua me, efisɛ midwo, na mebrɛ me ho ase koma mu, na mo kra ho bedwo no. Na me kɔndua yɛ mmerɛw na m’adesoa mu yɛ hare.” (11:28-30) Hwɛ nkuranhyɛ ara a saa abodwo nsɛm yi bɛyɛ ama obi a na ɔyɛ towgyeni a adapaa nko ara na ne manfo betwa no no!
9 Mateo sii so dua kɛse sɛ Yesu nkyerɛkyerɛ no asɛmti ne “ɔsoro ahenni no.” (4:17) Ohuu Yesu sɛ Ɔhene Kyerɛkyerɛfo. Ɔde asɛmfua “ahenni” yɛɛ adwuma pii (bɛboro mpɛn 50) ma enti yebetumi afrɛ n’Asɛmpa no sɛ, Ahenni Asɛmpa. Mateo anhyehyɛ nsɛm a Yesu kae ne ɔkasa a ɔmomae no sɛnea nsɛm no sisii, na mmom ɔhyehyɛɛ no sɛnea ntease bɛbam. Efi ti biako kosi ti 18 no, Ahenni no ho nsɛm pii a Mateo kae nti, wanhyehyɛ nsɛm no sɛnea esisi toatoaa so. Na ti 19 kosi 28 no, ɔmaa nsɛm no pii didii so sɛnea esisii, nanso ɔkɔɔ so sii Ahenni no so dua.
10 Mateo Asɛmpa no mu nsɛm bɛyɛ fã nni Nsɛmpa abiɛsa a aka no mu.d Nea ɛno nko ara ka ho asɛm no bi ne mmɛ anaa mfatoho du yi: Nwura bɔne no (13:24-30), ademude a ahintaw no (13:44), nhene pa no (13:45, 46), asau no (13:47-50), akoa a wanhu ne yɔnko mmɔbɔ no (18:23-35), adwumayɛfo a wɔmaa wɔn denare mmiako mmiako no (20:1-16), ɔbarima bi ne ne mma baanu no (21:28-32), ɔhene babarima ayeforohyia no (22:1-14), mmaabun du no (25:1-13), ne talente no (25:14-30). Nsɛm a nhoma no ka no fi ase fi Yesu awo so kosi bere a ɔrebɛkɔ soro a ɔne n’asuafo no hyiae no, afe 2 A.Y.B. kosi 33 Y.B.
NEA ENTI A MFASO WƆ SO
29 Mateo nhoma a ɛyɛ Nsɛmpa anan no mu nea edi kan no ma Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ne Hebri Kyerɛwnsɛm no toam kama. Ɛma yehu Mesia no ne Onyankopɔn Ahenni a wahyɛ ho bɔ no Hene, ɛkyerɛ nea ɛsɛ sɛ nnipa yɛ na wɔabɛyɛ n’asuafo, na ɛma yehu adwuma a ɛda hɔ ma nnipa a wɔte saa no wɔ asase so. Yohane Osuboni na odii kan kaa asɛm no, na Yesu nso dii hɔ, na afei n’asuafo no. Wɔn nyinaa kae sɛ, “Ɔsoro ahenni no abɛn.” Bio nso, na Yesu ahyɛde yi bɛyɛ adwuma akosi wiase awiei: “Na wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” Saa bere no, na ɛyɛ hokwan kɛse sɛ obi bɛyɛ Ahenni adwuma yi bi na ‘wayɛ aman nyinaa asuafo’ de asuasua Owura no, na nnɛ nso saa ara na ɛyɛ hokwan.—3:2; 4:17; 10:7; 24:14; 28:19.
30 Mateo nhoma no yɛ “asɛmpa” ampa. Emu nsɛm a honhom kaa no ma ɔkyerɛwee no, Yehowa Nyankopɔn ahwɛ ma wɔakora so abesi nnɛ. Ɛyɛɛ “asɛmpa” maa wɔn a wotiei wɔ afeha a edi kan Yɛn Bere mu no, na ɛda so ara yɛ “asɛmpa” nnɛ. Nnipa a wɔnyɛ Kristofo mpo aka nokware sɛ tumi wɔ Asɛmpa yi mu. Wɔn mu biako ne Hindufo panyin Mohandas (Mahatma) Gandhi a wɔkyerɛ sɛ ɔka kyerɛɛ Lord Irwin a na ɔyɛ aban nanmusini wɔ India no sɛ: “Sɛ wo man ne me de yi bɛbom agye nkyerɛkyerɛ a Kristo de mae wɔ Bepɔw so Asɛnka yi mu atom a, anka ɛnyɛ yɛn aman no haw ahorow nko na yebetumi adi ho dwuma na mmom wiase nyinaa de nso.”e Bere foforo nso Gandhi kae sɛ: “Bɔ mmɔden sɛ wobɛnom abura mu nsu a wɔde ama wo wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu no . . . Efisɛ nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ Asɛnka no mu no kɔ ma yɛn mu biara.”f
31 Nanso wiase mũ no nyinaa ne aman a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no haw to ntwae. Wɔde Bepɔw so Asɛnka no ne Mateo asɛmpa no mu afotu pa a aka no nyinaa ato nkyɛn. Nokware Kristofo kakraa bi a ɛsom bo ma wɔn no na wosua de yɛ adwuma na wonya so mfaso pii. Mfaso wɔ so sɛ yɛbɛkɔ so asua afotu pa a Yesu de mae no. Ɛma yehu nea ɛde anigye ankasa ba, abrabɔ pa ne aware ho nsɛm, tumi a ɔdɔ wɔ, ne mpaebɔ a Onyankopɔn tie. Ɛka nyamesom ne agyapade ho asɛm; Ahenni no a yɛde bedi kan, obu a yɛbɛkyerɛ ama nneɛma kronkron, ne yɛn ani a yɛbɛma ada hɔ na yɛayɛ osetie. Mateo ti 10 ma yehu asɛnka ho akwankyerɛ a Yesu de ma wɔn a wɔka “ɔsoro ahenni” ho asɛmpa no. Mfatoho pii a Yesu de mae no, asuade bebree wom ma wɔn a ‘wɔwɔ aso betie’ nyinaa. Bio nso, Yesu hyɛɛ nkɔm ahorow bi. Ebi ne ne ‘mmae ho sɛnkyerɛnne’ no, na ne nyinaa ma yenya daakye ho anidaso ne awerɛhyem a emu yɛ den.—5:1–7:29; 10:5-42; 13:1-58; 18:1–20:16; 21:28–22:40; 24:3–25:46.
32 Nkɔmhyɛ a aba mu ayɛ Mateo Asɛmpa no ma. Ɔfaa Hebri Kyerɛwnsɛm a wɔde honhom kyerɛwee no mu nsɛm pii kae na ama nkurɔfo ahu sɛ nkɔmhyɛ no aba mu. Ɛyɛ adanse a edi mu a ɛkyerɛ sɛ Yesu ne Mesia no, efisɛ obi ntumi mmɔ ne tirim nhyehyɛ mma nsɛm pii no nyinaa mma mu. Sɛ nhwɛso no, fa Mateo 13:14, 15 toto Yesaia 6:9, 10 ho; fa Mateo 21:42 toto Dwom 118:22, 23 ho; na fa Mateo 26:31, 56 toto Sakaria 13:7 ho. Afei nso nkɔmhyɛ a aba mu saa no ma yenya awerɛhyem kɛse sɛ Yesu ankasa nkɔmhyɛ a Mateo kyerɛw too hɔ no nyinaa bɛba mu daakye, na Yehowa atirimpɔw a ɛfa “ɔsoro ahenni” ho no bɛyɛ hɔ.
33 Bere a Onyankopɔn hyɛɛ nkɔm faa Ahenni no Hene asetra ho no, ɔkaa ho biribiara pɛpɛɛpɛ! Bere a Mateo a honhom kaa no no kyerɛw nkɔmhyɛ yi mmamu no, ɔkyerɛw biribiara pɛpɛɛpɛ! Sɛ wɔn a wɔpɛ adetrenee no dwennwen Mateo nhoma mu nkɔmhyɛ ne bɔhyɛ yi nyinaa mmamu ho a, wobenya anigye ankasa efisɛ ɛbɛma wɔahu sɛ “ɔsoro ahenni no” na Yehowa de bɛtew ne din ho, na ama wɔanya anidaso. Yesu Kristo na obedi Ahenni yi so, na ɛde nhyira pii bɛbrɛ wɔn a wodwo ne wɔn a honhom mu kɔm de wɔn na ama wɔanya nkwa ne anigye “bere a wɔayɛ nneɛma foforo na onipa Ba no te n’anuonyam ahengua so no.” (Mat. 19:28) Eyi nyinaa wɔ “Mateo kyerɛwtohɔ” a ɛyɛ anigye no mu.
[Ase hɔ nsɛm]
a 1981 de a wɔsan tintimii, Po V, kratafa 895.
b E. C. Richardson na ɔkyerɛɛ ase fii Latin kasa mu na otintim baa “Texte und Untersuchungen zur Geschichte der altchristlichen Literatur,” mu wɔ Leipzig, 1896, Po 14, kratafa 8, 9.
c The Ecclesiastical History, VI, XXV, 3-6.
d Introduction to the Study of the Gospels, 1896, B. F. Westcott, kratafa 201.
e Treasury of the Christian Faith, 1949, ne samufo ne S. I. Stuber ne T. C. Clark, kratafa 43.
f Mahatma Gandhi’s Ideas, 1930, C. F. Andrews na ɔkyerɛwee, kratafa 96.