Kristofo Ne Mfirihyia Apem Anidaso No
“W’ahenni mmra; nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.”—Mat. 6:10.
1. (a) Kristoman ka mfirihyia apem anidaso no ho asɛm dɛn? (b) Dɛn nti na eyi nhaw Yehowa Adansefo?
ROMA KATOLEK asɔre no ne, nokwarem no, Protestant asɔre horow a agye ntini yiye no fã kɛse no ara nka mfirihyia apem anidaso no ho asɛm nkyerɛ asɔrekɔfo. Wɔka saa anidaso no ho asɛm animtiaabu mu sɛ “mfirihyia apem gyidi,” ɛne wɔn a wɔwɔ saa anidaso no sɛ “mfirihyia apem gyidifo.” Nanso Yehowa Adansefo ani nwu wɔ saa gyidi no ho, efisɛ abakɔsɛm mu nokwasɛm a akyinnye biara nni ho da no adi sɛ na tete Kristofo wɔ mfirihyia apem anidaso no.
WƆFRƐƐ TETE KRISTOFO “MFIRIHYIA APEM GYIDIFO”
2. Dɛn na encyclopedia ahorow abien ka wɔ mfirihyia apem gyidi yi ho wɔ tete Kristofo no mu?
2 Ɛreka Kristofo a wogye Kristo mfirihyia 1,000 ahenni no di ho asɛm no, Encyclopedia Americana no se: “Wɔfrɛ wɔn a wokura adwene a ɛte saa no mfirihyia apem gyidifo, ne wɔn gyidi no sɛ mfirihyia apem gyidi. Wogye tom wɔ baabiara sɛ, sɛ na ɛnyɛ nnipa nyinaa na wokura adwene a ɛte saa a, anyɛ yiye koraa no na ɛda adi kɛse wɔ tete asɔre no mu.” Franse Encyclopedia Universalis ka kyerɛ yɛn sɛ: “Wɔ Atɔefam Kristoman mu no, na mfirihyia apem gyidi no mu yɛ den wɔ Yudafo Kristosom mu wɔ mfeha abiɛsa a edi kan no mu. Mfirihyia apem gyidi no gyee ntini yiye wɔ Kristosom mfeha kakraa a edi kan no mu.”
3, 4. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛho nhia sɛ Kristofo twɛn kosi sɛ wɔbɛkyerɛw Adiyisɛm nhoma no na wɔanya mfirihyia apem anidaso no? (b) Dɛn ne nsɛm a wɔka wɔ mfirihyia apem anidaso no ho no binom?
3 Adanse wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ na Kristofo wɔ Kristo mfirihyia apem ahenni no ho anidaso mpo ansa na ɔsomafo Yohane nsa reka Adiyisɛm no wɔ Yɛn Bere yi afeha a edi kan no awiei. Ɛdenam Yudafo no nhoma horow no a wɔkenkanee so no, wodii kan nyaa mfirihyia apem la ɛso nni anidaso a Kristo daa no adi wo Adiyisɛm, ti 20 ne 21 no ho nimdeɛ bi. Nea ɛyɛ anigye no, Encyclopaedia Britannica (1966 de no) si eyi so dua, sɛ: “Wɔ tete Kristofo mu no, wonyaa mfirihyia apem anidaso no fii nea na Yudafo hwɛ kwan sɛ awiei koraa no ɛbɛba adesamma ne wiase yi so no mu.” Wɔ saa asɛm koro yi ara ho no, New Encyclopaedia Britannica (1977) a ekura apo 30 no ka sa: “Adiyisɛm nhoma no mu no nea na Yudafo hwɛ kwan a ɛne bɔne a wobeyi afi hɔ koraa ma papa adi nkonim wɔ Kristosom mu no dii mu. . . . Wɔ Kristofo abakɔsɛm mfirihyia ɔha a edi kan (Y.B. 33-133) mu no, wɔkyerɛkyerɛɛ saa mfirihyia apem gyidi yi wɔ asɔre no mu ma wogye toom.”—Yɛn na yɛde nkyerɛwee soronko akyerɛw afã horow bi.
4 Ebia ebinom bɛka sɛ: ‘Ebetumi aba saa, nanso mfirihyia apem anidaso a na tete Kristofo yi wɔ no mfa asase ho. Ná ɛyɛ ɔsoro anidaso.’ Nanso, dɛn na abakɔsɛm mu nokwasɛm ahorow no ne Bible da no adi? Ma yɛnhwɛ.
WƆDA SO WƆ ASASE SO PARADISE HO ANIDASO
5, 6. Sɛnea nhoma ahorow kyerɛ no, adwene bɛn na na afeha a edi kan no mu Kristofo kura?
5 Adanse pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ tete Kristofo ansusuw sɛ Mesia anaasɛ Kristo ba no atwa Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nkɔmhyɛ ne bɔhyɛ ahorow a ɛfa paradise a wɔbɛsan de asi hɔ wɔ asase so ho no mu. Dictionnaire de Théologie Catholique no ankasa gye tom sɛ: “Mfirihyia apem gyidi no kɔ akyiri sen Kristofo bere no. Mesia no tumidi wɔ asase so mu gyidi no nyaa ne mfiase wɔ Israelfo no anidaso horow mu.”
6 Wɔ A History of Christianity mu no, abakɔsɛm kyerɛwfo Kenneth Scott Latourette ka wɔ tete Kristofo a na wɔrehwɛ Kristo ba a ɛto so abien kwan no ho sɛ: “Pii susuwii sɛ ansa na abakɔsɛm bɛba awiei koraa na Onyankopɔn atirimpɔw awie du wɔ apɛde a wɔbɛyɛ wɔ pɛyɛ mu no, anidaso bi a na Kristofo nyinaa wɔ ne sɛ Kristo bɛsan aba, de n’ahenni no asi hɔ wɔ asase so na wadi tumi mfirihyia apem. . . . Na ɛnyɛ Kristofo nkutoo na wogye di sɛ mfirihyia apem bere bi bɛba, na mmom na ɛwɔ Yudasom mu nso.”
7.Dɛn na ɛkyerɛ sɛ tete Kristofo adwene anyɛ wɔn sɛ paradise wɔ ɔsoro?
7 Enti, adanse pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ na tete Kristofo yɛ “mfirihyia apem gyidifo,” sɛnea na wɔde frɛ wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ Kristo a ɔne Mesia no bedi hene mfirihyia apem no. Na Yesu ada no adi sɛ ofi soro bedi hene, nanso wammɔ mfitiase Mesia anidaso a na Yudafo wɔ no angu, paradise a na wɔbɛsan de aba asase so wɔ saa mfirihyia apem no mu no. Nea ɛyɛ anigye no, Catholic Supplément au Dictionnaire de la Bible gye tom sɛ “wɔ Yudafo nkyerɛwee mu, te sɛ tete Kristofo nhoma horow mu no, asɛmfua paradise ne ɔsoro nkyerɛ ade koro no ara.”—Yɛn na yɛde nkyerɛwee soronko akyerɛw afã horow bi.
YESU ANYI MFIRIHYIA APEM ANIDASO AMFI HƆ
8. (a) Dɛn na Yesu ba a ɔbae no sii so dua? (b) Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no da no adi sɛ wɔbɛsan de paradise aba asase so?
8 Wɔ ne Bepɔw so Asɛnka a agye din no mu no, Yesu kae sɛ: “Munnsusuw sɛ mebae sɛ merebɛsɛe mmara anaa adiyifo no; mamma ammɛsɛe, na mmom mebɛhyɛɛ no ma.” (Mat. 5:17; Twi Bible Foforo.) Anaasɛ, sɛnea Today’s English Version kyerɛ asɛm a edi akyiri no ase no: “Mammɛsan, na mmom sɛ mɛma wɔn nkyerɛkyerɛ aba mu.” Esiane sɛ Yesu bae sɛ ɔbɛma adiyifo no nkyerɛkyerɛ aba mu nti, na ne ba no si so dua sɛ wɔn nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa paradise a wɔbɛsan de asi asase so no bɛba mu. Emu kakraa bi ni: Dwom 37:11, 29; 72:1-8, 16-19; 115:16; Yesaia 9:6, 7; 11:1-10; 45:18; Daniel 2:34, 35, 44, 45; 7:13, 14.
9. Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ nhwɛso no de ahenni no bata mfirihyia apem anidaso no ho?
9 Na Bepɔw so Asɛnka no mu nso no, Yesu daa no adi pefee sɛ asase yi benya afã wɔ Onyankopɔn apɛde anaasɛ n’atirimpɔw ho dwumadi mu. Ɔkyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew; w’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mat. 6:9, 10) Ɔde Nyankopɔn apɛde a wɔbɛyɛ wɔ asase so no bataa Onyankopɔn ahenni, a ɛnyɛ ahenni foforo biara sen Mesia ahenni, a ɛbɛba no ho. Enti, nokwarem no, nea ɛka nneɛma afoforo ho no, Awurade mpae a Katolekfo ne Protestantfo abɔ no mpɛn ɔpepem pii wɔ mfehaha no mu no yɛ Mesia bɔhyɛ ahorow a ɛfa mfirihyia apem anidaso no ho no mmamu ho mpaebɔ
WƆDA MFIRIHYIA APEM ANIDASO NO ADI PEFEE
10. (a) Bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na Yesu daa mfirihyia apem anidaso no adi yiye? (b) Ɛho nsɛm bi a ɛyɛ anigye bɛn na ɔde mae?
10 Yerusalem a Romafo sɛee no afe 70 Y.B. mu (a ɛmaa anidaso a na Yudafo wɔ sɛ amammui kwan so Mesia bi bɛba abegye wɔn baa awiei) no akyi mfe aduonu anum no, Yesu, nokware Mesia no maa nokware mfirihyia apem anidaso no daa adi pefee. Wɔ Adiyisɛm a onya fii Onyankopɔn nkyɛn denam Yesu Kristo so ho kyerɛwtohɔ a ɔyɛe no mu no, ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ:
“Nu mihuu ɔbɔfo bi a ofi soro resian a okura ebun no ano safe ne nkɔnsɔnkɔnsɔn kɛse bi. Na ɔkyeree ɔtweaseɛ, ɔwɔ dedaw a, ɔne bonsam no, kyekyeree no mfirihyia apem. . . .
“Na mihuu nhengua bi, na wɔn a wɔtratraa so no, wɔde atemmu maa wɔn. . . . Nhyira ne kronkron ne nea onya afa asɔre a edi kɔn no mu. Saafo no so na owuprenu no nni tumi, na mmom wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfo na wɔne no bedi ahene mfirihyia apem.
“Na mihuu ɔsoro foforo ne asese foforo, . . . na metee nne kɛse bi fii ahengua no mu u ese: Hwɛ, Onyankopɔn ntomadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtra mu wɔ wɔn mu . . . na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne su ne yaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan, nneɛma no atwam.”—Adi. 20:1-6; 21:1-4.
WƆKYERƐKYERƐ “AHINTASƐM KRONKRON” NO MU
11. Ɔkwan bɛn so na mfirihyia apem anidaso a Yesu daa no adi no ne mfitiase Mesia ho anidaso a na Yudafo wɔ no hyiae?
11 So wuntumi nhu nsɛdi bi wɔ Kristo mfirihyia apem ahenni no ho asɛm yi ne mfitiase Mesia anidaso a na Yudafo no wɔ, a sɛnea The Jewish Encyclopedia kyerɛ no, ɛne “Mesia bi a ɔfata a ɔbɛba daakye . . . paradise tebea a anigye wom bere . . . wiase a asomdwoe ne biakoyɛ a edi mu wɔ abɔde nyinaa ntam . . . ’ɔsoro foforo ne asase foforo,’” no ntam anaa?a
12, 13. Dɛn na ɛkyere sɛ na Yesu asuafo no da so rehwɛ tumi a Mesia no bedi wɔ asase so kwan?
12 Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ, Mesia ahenni no ho nsɛm horow bi a ɛho hia wɔ hɔ a Yudafo no ante ase, na ɛyɛɛ den maa asomafo dumien no ne Kristo asuafo afoforo a wodi kan no mpo sɛ wɔbɛte ase. Ɔmaa ne Bepɔw so Asɛnka a ɔkyerɛɛ n’asuafo no wom sɛ wɔmmɔ mpae sɛ Onyankopɔn ahenni mmra na wɔnyɛ n’apɛde wɔ asase so sɛnea wɔyɛ wɔ soro no akyi bere tiaa bi no, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Mo de, wɔde ama mo sɛ munhu Onyankopɔn ahenni ahintasɛm no; na wɔn a wɔwɔ akyiri de, wɔkyerɛ wɔn nyinaa mmebu mu.”—Marko 4:11.
13 N’asase so dwumadi nyinaa mu no Yesu kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no nneɛma pii wɔ Mesia ahenni no ho. Nokwarem no, ne wu akyi ne kosi bere a ɔforo kɔɔ ne soro Agya no nkyɛn no, ɔkɔɔ so kaa “Onyankopɔn ahenni ho asɛm” kyerɛɛ wɔn. Nanso, eyi nyinaa akyi no, asɛm a edi akyiri a wobisaa no ne sɛ: “Awurade, so bere yi mu wobɛhyɛ ahenni no ananmu ama Israel?”, ma ɛdaa adi sɛ na wɔda so ara rehwɛ kwan sɛ Mesia no bɛsan de honam fam Israel ahenni no asi hɔ. (Aso. 1:3, 6) Na ɛteɛ sɛ wosusuwii sɛ Mesia ahenni no fa tumidi anaasɛ nniso ho, nanso wodii mfomso susuwii sɛ Mesia no bedi hene wɔ asase so, ne sɛ n’ahenni no bɛyɛ Yudafo nkutoo de.
14. (a) Dɛn na ɛboaa Kristo asuafo no ma wɔtwee wɔn ho fii anidaso a ɛnteɛ a na wɔwɔ no ho? (b) ‘Ahintasɛm kronkron’ no ho nsɛm a ɛho hia bɛn na tete Kristofo de nkakrankakra bɛtee ase?
14 Honhom kronkron a wohwie gui wɔ Pentekoste no akyi nkutoo na Kristo asuafo no twee wɔn ho fii Mesia ahenni a wosusuwii sɛ wɔde besi hɔ ama ɔman no ho na wobenyaa “Onyankopɔn ahenni ahintasɛm” no afã horow a ɛyɛ foforo na ɛho hia no ho ntease. Na ‘ahintasɛm kronkron’ no fã biako ne sɛ Mesia no bɛyɛ ɔsoro hene, ne sɛ wɔde n’ahenni no besi hɔ wɔ ɔsoro. (Yoh. 18:36; Aso. 2:32-36; 1 Tim. 3:16) ‘Saa ahintasɛm kronkron’—nokware ahorow a ɛyɛ foforo na ɛyɛ soronko ma Yudafo anokwafo a wɔde Kyerɛwnsɛm atete wɔn na ɛnyɛ Helafo anyansapɛ no—afã horow bi ne sɛ wɔbɛpaw nnipa dodow bi a wɔato wɔn ano hye afi nnipa mu sɛ “ahotefo” ma wɔabɛyɛ Mesia no hokafo wɔ n’ahenni no mu, na eyinom ne no bedi hene wɔ ɔsoro, ne sɛ ɛnyɛ Yudafo mu nko na wɔbɛpaw wɔn afi, na mmom wɔbɛpaw ebinom afi Amanaman mufo anaa aman a wɔnyɛ Yudafo nso mu.—Dan. 7:13, 14, 27; Luka 12:32; 22:28-30; Yoh. 14:1-3; Efe. 3:3-6; Kol. 1:26, 27.
ANIDASO FOFORO A ƐYƐ SORONKO
15. Dɛn nti na na ɔsorokɔ ho adwene yɛ ade foforo koraa ma Yudafo anokwafo nkae no?
15 Na eyi nyinaa yɛ ade foforo koraa. Sɛnea yɛadi kan ahu wɔ asɛm “Mfirihyia Apem Anidaso no Mfitiase” no mu no, na mfitiase Mesia ho anidaso a Yudafo wɔ no fa asase ho, na atoro nyamesom nkyerɛkyerɛ ne nyansapɛ nkɛntɛnso ase nkutoo na, akyiri yi koraa wɔ wɔn abakɔsɛm mu no, ebinom begyee ɔkra a enwu da dii. Yudafo anokwafo nkaefo a wodii Hebri Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no akyi na wogyee Yesu toom sɛ nokware Mesia no annye ɔkra a enwu a ɛwɔ onipa mu anni. Enti eyinom fam no na Mesia a ofi soro bedi asase so ma wɔn ankasa abɛyɛ mfɛfo adedifo wɔ ɔsoro no ho adwene no yɛ ade foforo koraa.
16. Dɛn na Petro kyerɛwee wɔ saa anidaso foforo yi ho?
16 Wɔ krataa bi a ɔkyerɛw kɔmaa tete Kristofo a na wɔanya saa ɔfrɛ titiriw yi ma wɔne ɔsoro Mesia no abɛyɛ asɔfo ne ahene no mu no, ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Nhyira nka yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne agya a ne mmɔborohunu a ɛdɔɔso nti ɔnam Yesu Kristo sɔre a ofi awufo mu sɔree no so awo yɛn foforo akɔ anidaso a emu wɔ nkwa mu, ne apɛgyade a ɛmporɔw na ɛho nni dɛm na ɛmpo mu a wɔde asi ɔsoro ama mo . . . na mo de, moyɛ abusua a wɔapaw mo, ahene asɔfokuw.”—1 Pet. 1:3, 4; 2:9.
17. Ɔkwan bɛn so na Paulo daa no adi sɛ na ɔsoro asetra ho ɔfrɛ no yɛ ade foforo?
17 Ɔsomafo Paulo nso kyerɛw ɔfrɛ soronko a ɛde kɔ ɔsoro asetra mu yi ho asɛm sɛ: “Ɔno na wagye yɛn na ɔde frɛ kronkron afrɛ yɛn . . . afei wɔnam yɛn Agyenkwa Yesu Kristo ahoyi so yi adi no so; ɔno na wayi owu hɔ, na ɔnam asɛmpa no so ayi nkwa ne ade a ɛmporɔw adi hann.” (1 Tim. 1:9, 10) Sɛ na asetra wɔ ɔsoro ayɛ anokwafo nkaefo a wɔwɔ Yudafo mu no anidaso a, dɛn nti na ɛho hiae sɛ Kristo ‘yi’ saa “ɔfrɛ kronkron” a ɛde kɔ nea ɛmporɔw mu yi “adi hann.” Dabi, ɛda adi sɛ na ɔfrɛ a ɛde kɔ ɔsoro asetra mu yi yɛ ade soronko koraa ma saa mfitiase Kristofo a wɔpaw wɔn fii Yudafo ne Amanaman mufo mu no.
ƆSORO ANIDASO FOFORO MA DODOW BI A “WƆAPAW WƆN”
18, 19. Kyerɛkyerɛ sɛnea Paulo nhoma a ɛto so abien a ɔkyerɛw Timoteo ne Petro nhoma a edi kan no kyerɛ sɛ ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra ase daa no nyinaa na wɔne Kristo bɛyɛ ahene ne asɔfo wɔ ɔsoro no mu. (Adi. 5:9, 10)
18 Na so wɔn a wogye Kristo tom na wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra ase daa no nya “ɔfrɛ kronkron” a ɛde kɔ asetra a ɔporɔw nni mu mu wɔ ɔsoro anaa? Ɔrekyerɛ sɛ saa ɔfrɛ soronko yi wɔ hɔ ma nnipa dodow bi a ‘wɔapaw wɔn’ no, Paulo de ka ho sɛ: “Eyi nti metɔ me bo ase amane nyinaa mu, wɔn a wɔapaw wɔn no nti, na wɔn nso anya nkwagye a ɛwɔ Yesu Kristo mu no ne daa anuonyam. Nokwasɛm ni: na sɛ yɛne no wui a, yɛne no bɛtra ase nso; sɛ yehu amane tɔ yɛn bo ase a, yɛne no bedi hene.”—2 Tim. 2:10-12.
19 Sɛ wɔfrɛ wɔn a wogye wɔn nkwa nyinaa kɔ “daa anuonyam” mu ma wɔne Yesu Kristo abom ‘adi hene’ a, henanom so na wobedi hene? Na sɛ wɔn nyinaa bɛyɛ “ahene asɔfokuw” a, henanom ho dwuma na wobedi sɛ ahene asɔfo?
20. Ɔkwan bɛn so na Paulo nhoma a ɔkyerɛw Galatifo ne Romafo no da no adi sɛ honhon fam Israelfo no dodow yɛ nea wɔato ano hye?
20 Susuw nea edi so yi ho: Wɔ ne krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Galatifo no mu no, Paulo ka wɔ Kristofo a wɔapaw wɔn wɔ Yudafo ne wɔn a wɔnyɛ Yudafo mu a ‘wɔabɔ wɔn asu akɔ Kristo mu’ no ho sɛ wɔyɛ ‘Abraham asefo, na wɔnam bɔhyɛ no so yɛ adedifo,’ na ɔfrɛ wɔn ‘Onyankopɔn Israel.’ (Gal. 3:26-29; 6:16) Na ne krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Romafo no mu no, ɔsomafo koro no ara ka ‘ahintasɛm kronkron’ a ɛfa wɔn a wɔnyɛ Yudafo a Onyankopɔn frɛ wɔn esiane ‘gyidi a Yudafo no pii nni’ nti, no ho asɛm, na ɔde ka ho sɛ, “de kosi sɛ amanaman mayɛ bɛbam.” Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ ‘saa kwan yi so no,’ kyerɛ sɛ, ɛdenam amanaman mufo a wɔfrɛ wɔn na dodow a wɔhwehwɛ no asõ no so no, “Israel nyinaa benya nkwa.” Ɛda adi sɛ eyi fa honhom mu Israel, wɔn a ‘wɔpaw wɔn’ fi Yudafo ne wɔn a wɔnyɛ Yudafo mu a wɔyɛ ‘Israel ankasa’ anaasɛ ‘nokware Israel’ ho.—Rom. 11:7, 17-26; 9:6; 2:28, 29.
21. (a) Honhom fam Israelfo baahe na wɔwɔ hɔ? (b) Kyerɛwsɛm bɛn na ɛda no adi sɛ wɔmpaw wɔn mfi abɔfo mu?
21 Esiane sɛ wɔn a wɔnyɛ Yudafo benya “ɔfrɛ kronkron” yi kosi sɛ dodow a wɔbom yɛ “Onyankopɔn Israel” no “mayɛ bɛbam” nti, ɛda adi sɛ saa honhom mu Israelfo yi dodow yɛ nea wɔato ano hye. Na, dɛn ne dodow no? Hwɛ Adiyisɛm 7:1-8. Ɛhɔ no wɔakyerɛ Kristofo dodow a “wɔasɔ wɔn ano” ma wɔabɛyɛ honhom fam Israel mufo no. Sɛ́ wɔmpaw dodow yi mfi abɔfo mu no yɛ nea Adiyisɛm 14:1-4 da no adi, faako a wɔka nnipa koro yi ara ho asɛm sɛ “wɔatɔ wɔn afi asase so,” “wɔatɔ wɔn afi nnipa mu ayɛ wɔn mmakan ama Onyankopɔn ne Oguammaa no.”
22. 144,000 no fam no, wɔn anidaso a egyina Bible so no yɛ anidaso bɛn?
22 Kristofo a wɔde honhom asra wɔn 144,000 yi fam no, wɔn anidaso a egyina Bible so no yɛ ɔsoro de. Bere a wɔanya afa wɔ “owusɔre a edi kan” no mu no, “wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfo, na wɔne no bedi ahene mfirihyia apem.”—Adi. 20:6.
23. Nsemmisa bɛn na nsɛmfua “mmakan” ne “ahene” no de ba?
23 Na sɛ “wɔn a wɔapaw wɔn” yi yɛ “mmakan” a, ɛnde ɛda adi sɛ na afoforo bedi akyi. Na sɛ ɛsɛ sɛ ‘wodi hene’ a, henanom na wobedi wɔn so, na dɛn ne eyinom anidaso? Yebehu, bere a yɛkɔ so yɛ nhwehwɛmu yi no.
“Na, sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu.” 2 Pet. 3:13.
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ asɛm “Mfirihyia Apem Anidaso no Mfiase” wɔ nsɛmma nhoma yi mu.
[Kratafa 9 adaka]
Papias o ofi Hierapolis, Irenaeus a ofi Lyons ne Justin a ofi Roma—afeha a ɛto so abien no mu “ahotefo” ne “Agyanom” a Katolek Asɔre no gye wɔn tom no—na wɔn nyinaa yɛ mfirihyia apem gyidifo.—The Catholic Encyclopedia.
[Kratafa 10 adaka]
Wɔ ɔko a wɔko tia mfirihyia apem anidaso no mu no, Romani asɔre panyin Caius ne “Ɔhotefo” Dionysius gyee nokware a Adiyisɛm a wɔde maa ɔsomafo Yohane yɛ no ho akyinnye.—Dictionnaire de Theologie Catholique.
[Kratafa 11 mfoni]
Mfirihyia Apem no mu no, Yesu fi ɔsoro bedi asase a wɔama asan ayɛ paradise so