Yɛn Aniwa A Yɛbɛma Ayɛ Nea ‘Eye’ Wɔ Ahenni Adwuma Mu
GERMAN DEMOCRATIC REPUBLIC (G.D.R.), anaa ɔman a anka wɔfrɛ no East Germany no annya mfe aduonum mpo. Mfe aduanan biako a enyae no baa awiei October 3, 1990, bere a wɔde n’asase a ne kɛse bɛyɛ sɛ Liberia anaa Tennessee mantam a ɛwɔ United States no kaa Federal Republic of Germany, nea anka wɔfrɛ no West Germany ho no.
Germany abien a wɔka boom no ama wɔayɛ nsakrae pii. Na ɛnyɛ asase ho ɔhye kɛkɛ na na akyɛ amem abien yi mu, na mmom na ɛsono amammui adwene a ebiara kura nso. Dɛn na eyi nyinaa kyerɛ maa emu nnipa, na ɔkwan bɛn so na asetra asakra ama Yehowa Adansefo?
Nea wɔfrɛ no Wende a ɛyɛ ɔman anidan a ɛbae wɔ November 1989 mu a ɛma wotumi ka boom no bae wɔ mfe aduanan sohyialism a ɛyɛ katee no akyi pɛɛ. Ná wɔabara Yehowa Adansefo dwumadi ahorow wɔ saa bere no mu, na na ɔtaa a wɔde ba wɔn so no mu yɛ den wɔ mmere horow bi mu.a Bere a G.D.R nyaa ahofadi no, emufo ani gyei. Nanso bere a anigye no brɛɛ ase no, wɔn mu pii yɛɛ basaa, wɔtee nka sɛ wɔadi wɔn huammɔ na wɔpaa abaw mpo. Na ɛda adi sɛ adwumaden a wɔreyɛ de aka Germany abien no abom wɔ asetra, amammui ne sikasɛm fam no yɛ den yiye. Sɛnea asɛm “162 Tage Deutsche Geschichte” (Germanfo Abakɔsɛm mu Nnafua 162) a ɛba toatoaa so wɔ Der Spiegel mu kyerɛ no, wɔ nkabom no akyi no, nnipa suroe sɛ wɔrennya adwuma nyɛ, nnɛema bo bɛkɔ soro na adan bo bɛyɛ den. Pii a na wɔwɔ kan G.D.R. bisae sɛ: “So wɔbɛma me sika a ɛdɔɔso bere a onyin ama magyae adwuma no?” Na adan nso ɛ? “Tete adan rebubu agu wɔ G.D.R. nyinaa, wontumi ntra mmorɔn bi so baabiara.” Efĩ dɔɔso pii ma ɛyɛ hu.
Bere a Yehowa Adansefo a wɔwɔ kan G.D.R. rehyia asetra ne sikasɛm mu ahokyere a ɛte sɛɛ no, wɔyɛ dɛn tumi gyina ano?
Aniwa a Wɔde Hwɛ Ade a Eye
Yehowa Adansefo nni afã biara wɔ amammuisɛm mu. Sɛ ebia wɔte Apuei anaa Atɔe no, wɔn gyidi a egyina Bible so no yɛ biako. Ɛwom sɛ asetra resakra de, nanso Adansefo dodow no ara kari pɛ wɔ honhom mu denam wɔn aniwa a wɔde asi botae titiriw a ɛne sɛ wɔbɛsom Yehowa no so. Dɛn nti na eyi ho hia?
Efisɛ “wiase yi su retwam.” (1 Korintofo 7:31) Kristoni panyin bi ka sɛ ansa na Wende reba no na akokoduru ho hia na yɛaka asɛm no wɔ bere a na wɔabara yɛn no mu; ɛmaa Adansefo no suaa sɛnea wɔde ho to Yehowa so, na ɛma wohuu sɛnea wɔde Bible di dwuma. Nanso, afei de “ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye kɛse na honam fam nneɛma ne nkwa mu nneɛma ho dadwen annan yɛn adwene.”
Honam fam nneɛma na wɔtaa de kyerɛ ahofadi ne nkɔso a obi anya. Nnipa pii a wɔwɔ ɔman yi mu no te nka sɛ ehia sɛ wogye wɔn ani na wɔyɛ nneɛma a wɔantumi anyɛ kan no. Obi hu eyi pefee bere a ɔde kar nam Thuringia ne Saxony a ɛwɔ kesee fam no nkurow ne nkuraa ase akwan a abo wɔ so so no. Akwan no asɛe kakra, adan no nyɛ akɛseakɛse de, nanso hwɛ sɛnea ade a wɔde kyere television so dwumadi abu so wɔ hɔ! Ɛnyɛ den sɛ wɔbɛdaadaa obi ma wagye adi sɛ biribiara a obehu a ɔbɛtɔ no no bɛma wanya ahobammɔ ne anigye. Afiri a ɛyɛ hu bɛn ara ni!
Yesu kaa adwene a wɔde si honam fam nneɛma so wɔ ɔkwan a ɛmfata so ne asetra mu nneɛma ho dadwen ho asɛm wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu. Ɔde kɔkɔbɔ mae sɛ: “Monnhyehyɛ ademude asase so.” Ɔka kaa ho sɛ: “Nipadua kanea ne aniwa, Enti sɛ w’ani ye a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ hann.” (Mateo 6: 19, 22) Na dɛn na ɔkyerɛ? Aniwa a eye ne nea wɔde si ade biako so na ɛde nneɛma pa hyɛ adwene no mu. Honhom mu aniwa a eye no hu Onyankopɔn Ahenni no fann. Enti sɛ Kristoni bɔ ne tirim sɛ ɔbɛma n’aniwa ayɛ nea eye na ɔde asi Onyankopɔn Ahenni so pefee, na oyi wiase nneɛma ho dadwen fi n’adwene mu a, ɛbɛma wakari pɛ wɔ honhom mu.
Yebetumi de awarefo bi a wofi Zwickau, Saxony, a wɔkyerɛɛ Bible no ho anigye wɔ Wende bere mu no akyerɛkyerɛ eyi mu. Ná wɔn adwuma gye bere pii, nanso wɔde honhom fam nneɛma dii kan, na wɔkɔɔ Kristofo nhyiam horow nyinaa bi. Wogye toom sɛ: “Sɛ yedwen yɛn adwuma no ho a, anka yerennya bere, nanso ɛsɛ sɛ yenya bere ma honhom fam nneɛma.” Gyinaesi a nyansa wom bɛn ara ni!
Susuw abusua bi a wɔwɔ Plauen, a ɛno nso wɔ Saxony no nso ho. Na okunu no yɛ wɔɔkye, odwumfo a ne ho akokwaw a wabue n’ankasa adwuma. Wende no akyi no, n’adwumam dan ho ka kɔɔ soro ntɛm ara. Ná dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ? “Na ebegye yɛn sika pii, nanso misuaa nokware no na mayɛ no ade titiriw a ɛsen biara wɔ m’asetra mu.” Enti otu kɔtraa baabi a faako a na ɔwɔ kan no yɛ ahomeka sen hɔ, nanso ne bo nyɛ den pii. Yiw, wɔɔkye yɛfo no huu ntɛm ara sɛ ɛsɛ sɛ ɔma n’aniwa yɛ nea eye.
Nanso, nnipa kakra anhu no ntɛm. Kristoni panyin bi susuwii sɛ sikasɛm nhyehyɛe a ɛma ankorankoro bue wɔn nnwuma a aba foforo no betumi ama wanya agyapade, na ofii n’ankasa adwuma ase. Ɔhwɛfo kwantufo bi fi ayamye mu hyɛɛ no nkuran sɛ ɔmmfa adwuma nnni honhom fam nneɛma kan. Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ ɛbaa saa. Asram bi akyi no, onua no gyaee ne mpanyinni no. Akyiri yi ɔkyerɛwee se: “Osuahu a m’ankasa manya nti, mitu onua biara a ɔpɛ sɛ onya ɔsom mu hokwan ahorow fo sɛ mma ommmue n’ankasa adwuma.” Eyi nkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ Kristoni bue n’ankasa adwuma. Nanso sɛ ebia yɛabue yɛn ankasa nnwuma anaa yemmuei no, sikasɛm a yebedwen ho atra so no betumi ama yɛayɛ ahonyade nkoa a yɛn ani nni yɛn ho so. Yesu daa nea ebefi mu aba adi sɛ: “Obiara ntumi nsom awuranom baanu; anyɛ saa a ɔbɛtan ɔbiako na wadɔ obiako, anaasɛ ɔde ne ho bɛbata ɔbiako ho na wabu obiako animtiaa.” (Mateo 6:24) Germanni anwensɛm kyerɛwfo, Goethe, kae sɛ: “Nnipa biara nni hɔ a wɔyɛ nkoa koraa te sɛ wɔn a wodi mfomso gye di sɛ wɔwɔ ahofadi no.”
Sɛ yɛwɔ baabi a ahum ankasa retu a, ebia ebehia sɛ yedwom yɛn aniwa anaasɛ yɛde yɛn nsa si yɛn ani akyi na ama yɛakɔ so ahu nea yɛhwɛ no. Sɛ amammui, sikasɛm anaa asetra mu basabasayɛ atwa yɛn ho ahyia a, ehia sɛ yedwen yɛn honhom fam botae ho na yɛn werɛ amfi. Dɛn na Kristofo binom reyɛ na ama wɔn aniwa ayɛ nea eye wɔ Ahenni adwuma mu?
Ahenni Dwumadi a Wɔatrɛw Mu
Adansefo no de bere pii reka asɛm sen bere biara a etwam wɔ kan G.D.R. nyinaa. Wɔ mfe abien a atwam no mu no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, bere a wɔde yɛɛ asɛnka adwuma no nyaa nkɔanim ɔha biara mu nkyem 21. Nea efii mu bae ne Bible adesua nkɔanim a ɛyɛ ɔha biara mu nkyem 34. Bio nso, daa akwampaefo a wɔwɔ hɔ mprempren no dɔɔso sen mfe abien a atwam ni no mu de mpɛn anan! Bere a afoforo ahaw na wonwiinwii no, Kristofo bɛboro 23,000 a wɔwɔ kan G.D.R. no regyina tebea no ano denam wɔn aniwa a wɔma ɛyɛ nea eye no so. Eyi aboa ma Ahenni dwumadi anya nkɔanim a ɛyɛ nwonwa.—Fa toto Yosua 6:15 ho.
Dwumadi a emu atrɛw no kyerɛ sɛ wɔyɛ kesee fam asasesin a Adansefo dodow no ara te hɔ no mu adwuma yiye. Wonim mmeae ne din no pii wɔ abakɔsɛm mu. Sɛ w’ani gye mprɛte ne nkuruwa ne ade a wɔnwene ho a, wubehu sɛ Meissen kurow a ɛbɛn Dresden ne faako a wɔnwene nea ɛyɛ fɛ sen biara no bi. Ahenni adawurubɔfo bɛyɛ 130 na wɔwɔ Meissen nnɛ. Anaa susuw Weimar, “Germany tete Helafo ne Romafo adesua ahenkurow” no ho. Goethe-Schiller Memorial a ɛwɔ kurow no mfinimfini no di adanse sɛ ɛhɔ na na saa nhoma akyerɛwfo baanu no te, na nnipa pii de hoahoa wɔn ho. Ɛnnɛ Weimar betumi de emu asɛmpa no adawurubɔfo bɛboro 150 no ahoahoa ne ho.
Nanso, nneɛma yɛ soronko koraa wɔ kusuu fam a adawurubɔfo kakraa bi na wɔwɔ hɔ, na asafo ahorow no ntam kwan woware no. Ne titiriw no, nnwuma ho yɛ na. Ɛma adwumayɛfo pii yɛ adwuma bere a wɔapɔn no sɛnea ɛbɛyɛ na wɔanyi wɔn adi. Onua bi a ɔresom sɛ bere nyinaa ɔsɛnkafo wɔ kusuu fam kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Bere a wɔbaraa adwuma no, na obiara hia Yehowa ahobammɔ wɔ asɛnka mu, nanso na ɛnyɛ den sɛ yebenya adwuma. Mprempren tebea no asakra. Yɛwɔ ahofadi a yɛde ka asɛm, nanso yehia n’akwankyerɛ na yɛanya adwuma. Egye mmɔdenbɔ pii na nsakrae yi akokwaw yɛn.”
So adwurubɔfo no ani gye sɛ wotumi ka asɛm no mpɛn pii? Adwene a Wolfgang kura ne sɛ: “Eye koraa sɛ ɔdawurubɔfo koro no ara bɛyɛ asasesin koro no ara mu adwuma mpɛn pii. Ɛma nnipa nya ne mu ahotoso na wɔne no di nkitaho kɛse.” Bio nso, “ɛnhaw” afiewuranom “bio sɛ wɔbɛka nyamesom ho asɛm wɔ apon ano, bere a wɔn a wotwam betumi ate mpo no. Nyamesom nyɛ ade a wɔabara bio.” Ralf ne Martina gye tom. “Yɛn ani gye yɛn asasesin mu adwuma a yɛyɛ no mpɛn pii no ho. Yɛn ankasa tumi hu nkurɔfo na yɛn ani gye nhoma ahorow pii a ɛwɔ hɔ no nso ho.”
Yɛn Nhoma ho Anisɔ
Ralf ne Martina ani gye Life—How Did lt Get Here? By Evolution or by Creation? nhoma no ho titiriw. Ɛreda adi sɛ nhoma yi yɛ nhoma pa a wɔde sua Bible no ma nnipa pii a na wogye di sɛ Onyankopɔn nni hɔ wɔ kan G.D.R. no. Na wɔpɛ sɛ wonya nhoma a esua sen saa a nsɛm a ɛte saa ara wom nso. “Hwɛ anigye ara a yenyae bere a woyii So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa? brochure no adi wɔ 1992 ‘Hann Kurafo’ Ɔmantam Nhyiam no ase wɔ Dresden. Ná ɛyɛ yɛn mpaebɔ ho mmuae.”
Nnipa pii a wɔnyɛ Adansefo anya Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow ho anigye. Wɔ July 1992 mu no, asetra ho nsɛm ɔkyerɛkyerɛfo bi kyerɛw krataa de daa “obu kɛse ne aseda” adi wɔ nhoma ahorow a ɔde siesie ne ho ma adekyerɛ no ho. Wɔ January 1992 mu no, ɔbea bi a ɔwɔ Rostock gyee Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma no biako fii Adansefo baanu a wɔbaa ne fie no nkyɛn. Ɔkyerɛw kɔmaa Germany baa dwumadibea no sɛ: “Meyɛ Lutheran Asɔre no muni. M’ani sɔ Yehowa Adansefo ahyehyɛde no dwumadi ahorow yiye. Wɔka no pefee sɛ onipa ntumi ntra ase a ɔmfa Onyankopɔn akwankyerɛ nni dwuma.”
Honhom fam akwankyerɛ ahe na Kristoman mu asɔre ahorow no de ama wɔn asɔremma? Atesɛm krataa a agye din, Die Zeit, kae wɔ December 1991 mu sɛ bere a Lutheran Asɔre no “nyaa anuonyam sɛ ɔman anidan a asomdwoe wom farebae bere tiaa bi no, ɛte sɛ nea din a agye no rebrɛ ase ntɛmntɛm.” Nokwarem no, Lutheran Asɔre no nanmusifo bi kae se: “Ebinom bu sikasɛm nhyehyɛe a ɛma ankorankoro bue wɔn nnwuma no sɛ paradise.” Asɔre no muni bi a ɔwɔ Madgeburg kyerɛw bisaa ho asɛm. Dɛn ntia? Aberante no kyerɛwee sɛ: “Mfe bi a na minni gyidi akyi no, mprempren migye di yiye sɛ wiase no wɔ ne nna a edi akyiri mu, na yebehyia ɔhaw akɛse nnansa yi ara.”—2 Timoteo 3:1-5.
Adan a Wɔresi ama Ntrɛwmu
Ansa na Wende reba no, na wɔmma kwan mma wonsi Ahenni Asa wɔ G.D.R. Mprempren wohia bi ntɛm ara; wobu ne si sɛ ɛho hia yiye. Eyi yɛ nokware som fã foforo a asakra kɛse. Onua bi suahu kyerɛ sɛnea nsakrae yi aba ntɛmntɛm no.
Wɔ March 1990 mu, bere a wogyee Yehowa Adansefo toom wɔ mmara mu wɔ G.D.R. akyi nnɔnhwerew kakraa bi no, wɔtoo nsa frɛɛ onua bi sɛ ɔmmɛma ɔkasa nkyerɛ Adansefo kuw bi, ma enti ɔde akasam dii dwuma bere a edi kan wɔ n’asetra mu. Mfe abien ne fã akyi no, asafo a ɔwom no hyiraa Ahenni Asa foforo koraa so. Eduu 1992 awiei no, na wɔasi Ahenni Asa ason ama asafo ahorow 16. Wɔreyɛ nhyehyee asi afoforo bɛboro 30 ne Nhyiam Asa fɛfɛ bi.
Aniwa a Wɔde Asi Onyankopɔn Ahenni So
Kristoni panyin bi se: “Wɔ Wende no akyi pɛɛ no, nnipa pii pow Bible no. Wɔde wɔn ho too nniso foforo, a ɛhyɛɛ wɔn bɔ sɛ ɛbɛma tebea no ayɛ papa no so.” So nea wɔhwɛɛ kwan no baam? “Wɔsakraa wɔn adwene wɔ mfe abien ntam. Mprempren nkurɔfo ne yɛn yɛ adwene sɛ nnipa nniso horow rentumi mfa asomdwoe ne trenee mma.”
Nnipadɔm pii ani gyei sɛ sohyialism a ɛyɛ katee no gui wɔ G.D.R., na wɔbɔɔ nea wosusuwii sɛ ɛyɛ Atɔe Fam amammui adwene a ɛde yiyedi ne anibue bɛbrɛ wɔn no ho dawuru. Nanso wɔn nsa sii fam. Ɛmfa ho sɛ nniso bɛn na edi tumi no, Yehowa Adansefo ma wɔn aniwa yɛ nea eye na wɔde si Onyankopɔn Ahenni a ɛhyerɛn sɛ nsoromma wɔ ɔsoro no so pintinn. Anidaso a ɛte sɛɛ no renni wɔn huammɔ da.—Romafo 5:5.
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ “Yehowa Hwɛɛ Yɛn Bere a Wɔbaraa Yɛn No,” Ɔfã 1-3, wɔ April 15, May 1, ne May 15, 1992, Ɔwɛn- Aban no mu.
[Mfonini wɔ kratafa 26]
Adansefo a wɔwɔ Germany de wɔn ahofadi nya Ahenni dwumadi mu kyɛfo kɛse