Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • So Onyankopɔn De Ahonyade Hyira Yɛn?
    Nyan!—2003 | September 8
    • Sɛnea Onyankopɔn Hyira Yɛn

      Bere a Yesu see n’akyidifo sɛ “munnnwinnwen” agyapade ho no, na ɔrekyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonnya sika ho adwempa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ Salomo anuonyam nyinaa akyi mpo no, wankeka ne ho sɛ wuram sukooko. Nanso Yesu kae sɛ: “Na sɛ Onyankopɔn fura wuram ahaban . . . ntama saa a, ɔrenyɛ eyi mma mo, mo a mo gyidi sua?” Yesu maa Kristofo awerɛhyem sɛ, sɛ n’akyidifo hwehwɛ Onyankopɔn Ahenni ne ne trenee kan a, ɛnde wɔde aduan, ntade, ne dabere bɛka wɔn ho. (Mateo 6:25, 28-33) Ɔkwan bɛn so na saa bɔhyɛ no nya ne mmamu?

      Sɛ wɔde Bible afotu di dwuma a, ɛde honhom fam nhyira titiriw na ɛba. (Mmebusɛm 10:22) Nanso, ɛde mfaso afoforo ba. Sɛ nhwɛso no, Onyankopɔn Asɛm no tu Kristofo fo sɛ: “Owifo nnwia ade bio, na mmom ɔmmɔ mmɔden mfa ne nsa nyɛ adwuma pa.” (Efesofo 4:28) Ɛka nso sɛ “ohia behia nea ɔtwentwɛn ne nsa ase, na nsiyɛfo nsa ma wonya wɔn ho.” (Mmebusɛm 10:4) Mpɛn pii no, wɔtaa pɛ Kristofo a wotie afotu yi na wofi nokwaredi mu yɛ adwumaden no sɛ adwumayɛfo. Eyi betumi ayɛ nhyira.

      Bible kyerɛkyerɛ Kristofo nso sɛ wɔnkwati adifudepɛ adeyɛ a ɛne kyakyatow a ebinom yɛ de gyigye wɔn ani, sigaretnom a egu nnipa ho fĩ, ne asabow a ɛyɛ subammɔne no. (1 Korintofo 6:9, 10; 2 Korintofo 7:1; Efesofo 5:5) Wɔn a wɔde afotu yi di dwuma no hu sɛ wɔn ka so atew na wɔn akwahosan nso ayɛ yiye.

  • So Onyankopɔn De Ahonyade Hyira Yɛn?
    Nyan!—2003 | September 8
    • Yehowa Nyankopɔn hyira wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ n’apɛde no nyinaa mmɔdenbɔ so. (Dwom 1:2, 3) Ɔma wɔn ahoɔden a wobetumi de agyina sɔhwɛ ahorow ano ne ahode a wɔde bɛhwɛ wɔn mmusua, na wɔahwehwɛ Ahenni no kan. (Dwom 37:25; Mateo 6:31-33; Filipifo 4:12, 13) Enti, sɛ́ anka Kristofo bebu honam fam nneɛma sɛ ɛne nhyira titiriw a Onyankopɔn de ma no, wɔbɔ mmɔden ‘nya wɔn ho nnwuma pa fam.’ Bere a Kristofo ne wɔn Bɔfo no nya abusuabɔ a emu yɛ den no, ‘na wɔreto nhyɛase pa asie ama daakye.’—1 Timoteo 6:17-19; Marko 12:42-44.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena