Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w86 3/1 kr. 8-9
  • Ɔyem Nanso Ɔnwaree

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔyem Nanso Ɔnwaree
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Maria Nyinsɛnee Nanso na Ɔnwaree
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • “Hwɛ! Meyɛ Yehowa Afenaa!”
    Suasua Wɔn Gyidi
  • “Hwɛ! Meyɛ Yehowa Afenaa!”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • “Odwinnwen Ho Ne Koma Mu”
    Suasua Wɔn Gyidi
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
w86 3/1 kr. 8-9

Yesu Asetra Ne Ne Som Adwuma

Ɔyem Nanso Ɔnwaree

MARIA yem asram abiɛsa. Wobɛkae sɛ ɔde ne nyinsɛn bere no mfiase kɔsraa Elisabet, nanso afei de wasan aba ne kurom wɔ Nasaret. Ɛrenkyɛ na obiara ate ne tebea no ho asɛm wɔ ne kurom hɔ. Ɔwɔ ahokyere mu ampa!

Nea ɛma asɛm no mu yɛ den koraa ne sɛ, wɔasi Maria asiwa sɛ ɔbɛba abɛyɛ Yosef a ɔyɛ duadwumfo no yere. Na onim sɛ wɔ Onyankopɔn mmara a ɔde maa Israel no ase no, sɛ ɔbea a wɔasi no asiwa ama ɔbarima bi fi ne pɛ mu ne ɔbarima foforo da a, ɛsɛ sɛ wosiw no abo kum no. Ɔbɛyɛ dɛn akyerɛkyerɛ ne nyinsɛn no mu akyerɛ Yosef?

Esiane sɛ na Maria atu kwan asram abiɛsa nti, yebetumi agye atom sɛ na Yosef ho pere no sɛ obehu no. Bere a wohyia no, ɛda adi sɛ Maria ka asɛm no kyerɛ no. Ebia ɔbɛbɔ mmɔden akyerɛkyerɛ mu sɛ ɛnam Onyankopɔn honhom kronkron so na ɔyem. Nanso, sɛnea wubetumi ahu no, eyi yɛ asɛm a emu yɛ den kɛse ma Yosef.

Yosef nim din pa a Maria wɔ no. Na ɛda adi sɛ ɔdɔ no kɛse. Nanso, ɛmfa ho sɛ dɛn na ebia ɔbɛka no, ɛte sɛ nea ɔne ɔbarima bi na ɛyem ankasa. Sɛ ɛte saa mpo a, Yosef mpɛ sɛ wobesiw Maria abo akum no anaasɛ wobegu n’anim ase baguam. Enti ɔyɛ n’adwene sɛ obegyaa no kokoam. Wɔ saa bere no mu no na wobu obi a wɔasi no asiwa sɛ waware, na na wɔhwɛ kwan sɛ awaregu na ɛsɛ sɛ ɛde nhyehyɛe a ɛte sɛɛ ba awiei.

Akyiri yi bere a Yosef da so ara resusuw asɛm yi ho no, nna fa no. Yehowa bɔfo yi ne ho adi kyerɛ no wɔ ɔdae mu na ose: ‘Nsuro sɛ wobɛfa Maria akɔ wo fi sɛ wo yere, efisɛ abofra a ɔyem no no fi Onyankopɔn honhom kronkron nkyɛn. Na ɛsɛ sɛ mofrɛ abofra no Yesu efisɛ obegye ne man afi wɔn bɔne mu.’

Bere a Yosef nyanee no, hwɛ aseda ara a ɔde mae! Ɔyɛ nea ɔbɔfo no kyerɛe no ntɛm ara. Ɔfa Maria kɔ ne fi. Saa baguam adeyɛ yi yɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ afei de Yosef ne Maria aware ankasa. Nanso Yosef ne Maria anna wɔ bere a na ɔyem Yesu no nyinaa mu.

Hwɛ! Maria yem nanso Yosef de no retra afurum so. Wɔrekɔ he, na dɛn nti na wɔretu kwan bere a aka kakra na Maria awo no? Luka 1:39-41, 56; Mateo 1:18-25; Deuteronomium 22:23, 24.

◆ Na Yosef adwene ne dɛn bere a ohui sɛ Maria yem no, na dɛn ntia?

◆ Dɛn nti na na Yosef betumi agyaa Maria bere a wonnya nwaree no?

◆ Baguam adeyɛ bɛn na ne ɛkyerɛ sɛ afei de Yosef ne Maria aware ankasa?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena