Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Monyɛ Asɛm No Yɛfo, Ɛnyɛ Atiefo Nko
    Ɔwɛn-Aban—1990 | October 1
    • 3. Atemmu ho akwankyerɛ bɛn na Yesu de ma wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu?

      3 Bere a Yesu toaa ne Bepɔw so Asɛnka no so no, ɔkaa nsɛm pii a ɛsɛ sɛ Kristofo bɔ mmɔden sɛ wobedi akyi. Biako a ɛte sɛ nea ɛyɛ tiawa bi ni, nanso ɛkasa tia su horow a ɛyɛ den sen biara sɛ wobeyi afi hɔ no mu biako: “Mummmu ntɛn na wɔammu mo ntɛn. Na atɛn ko a mubu no, wɔde bebu mo; na ade koro a mode susuw no, wɔde besusuw ama mo. Na adɛn na wohwɛ duaa a ɛwɔ wo nua aniwa mu, na wo ankasa aniwa mu mpuran de, wunhu? Anaasɛ ɛbɛyɛ dɛn na wobɛka akyerɛ wo nua sɛ; ma minyi duaa no mimfi w’aniwa mu, na hwɛ, mpuran wɔ w’aniwa mu? Nyaatwomni! Yi mpuran no fi w’aniwa mu kan, ɛno ansa na wubehu ade yiye ayi duaa no afi wo nua no aniwa mu.”​—Mateo 7:1-5.

  • Monyɛ Asɛm No Yɛfo, Ɛnyɛ Atiefo Nko
    Ɔwɛn-Aban—1990 | October 1
    • 5. Dɛn nti na ɛyɛ mmerɛw yiye sɛ yebehu afoforo mfomso sen yɛn ankasa de?

      5 Afeha a edi kan no mu no, esiane atetesɛm a wɔde ano ka nti no, na Farisifo no nyinaa taa bu afoforo atɛn dennen. Ná ɛsɛ sɛ Yesu atiefo no mu biara a ɔwɔ saa su no gyae. Ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ yebehu duaa a ɛwɔ afoforo aniwa mu sen sɛ yebehu mpuran a ɛwɔ yɛn ankasa aniwa mu​—na ɛma yɛte nidi nka kɛse! Sɛnea obi kae no, “Mepɛ sɛ mekasa tia afoforo efisɛ ɛma m’ani gye yiye!” Sɛ yɛde yɛ yɛn su sɛ yɛbɛhwehwɛ afoforo ho mfomso a, ebetumi ama yɛate nka sɛ yɛwɔ su pa bi a ɛte sɛ nea ɛkata yɛn ankasa mfomso ahorow a yɛpɛ sɛ yɛde sie so. Na sɛ nteɛso ho hia a, ɛsɛ sɛ wɔde ma wɔ odwo honhom mu. Ɛsɛ sɛ nea ɔde nteɛso rema no ani ba ne ho so bere nyinaa wɔ n’ankasa sintɔ ahorow ho.​—Galatifo 6:1.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena