So Asɔre Horow Nyinaa De Onipa Kɔ Onyankopɔn Nkyɛn?
SO WUNIM sɛ asɔre bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no “Kennedy Asɔrefo”? Saa asɔre yi mufo gye di sɛ Amerika ɔmampanyin John F. Kennedy a onni nkwa mu bio no betumi ‘asa wɔn nyarewa a efi awo mu ne nyarewa a etumi de obi kɔ owu mu mpo.’
Na Amansan Nyinaa Nyansa asɔre no nso ɛ? Egyina nneɛma ahorow a wɔkyerɛ sɛ efi okyinsoromma afoforo so tu fa wim mu gyidi so, na onii a ɔde saa asɔre no bae no kyerɛ sɛ wɔde no traa eyinom biako mu de faa wim ahemanakye nnɔn 2.
Na hena na ɔntee “Ɔsɔfo” Jim Jones Asɔre a nnipa bɛboro 900 a wɔwɔ mu nyinaa dii wɔn ho dɔm wɔ Guyana no ho asɛm ma ne ho nnwiriw no?
Nhwɛso a ɛtete sɛɛ betumi ama adwene a nnipa pii kura, asɛm a ebia wɔate sɛ wɔka no ho nsemmisa a anibere wom asɔre. Mpɛn pii no wɔtaa ka sɛ, ‘Asɔre horow nyinaa yɛ akwan ara kwa a ɛde kɔ Onyankopɔn nkyɛn.’
NEA ENTI A NNIPA PII KURA SAA ADWENE YI
Nea enti a nnipa pii gye eyi di nnɛ ne sɛ ‘ahofadi honhom’ bi renyin nnɛ. Nnipa mpɛ sɛ afoforo nya wɔn ho adwene sɛ wɔn adwene mu nna hɔ anaasɛ wɔyɛ katee dodo.
Ade foforo nti a ebinom ka sɛ ‘asɔre biara ye’ ne sɛ ɛkame ayɛ sɛ asɔre biara ka ɔdɔ ho asɛm na ɛkyerɛkyerɛ sɛ amumɔyɛ, awudi, atorodi anaasɛ korɔnbɔ nye. Asɔre horow abuebue ayaresabea ne sukuu sɛ wɔreboa ahiafo. Na nyamesom akuw akyerɛ Bible ase akɔ kasa horow mu na wɔde pii amema, na ama kwan ma nnipa pii asua nokware Nyankopɔn no ne ne Ba Yesu ho ade.
Na, sɛ nokware Nyankopɔn bi wɔ hɔ a ɔde akwankyerɛ ama wɔ n’Asɛm a wɔakyerɛw no mu, a ne Ba de ɔsom ho nkyerɛkyerɛ a edi mu mae a, ɛnde yebisa sɛ: “Onyankopɔn ne Yesu bu asɔre horow no dɛn? So wogye tom sɛ ‘asɔre nyinaa de onipa kɔ Onyankopɔn nkyɛn’”?
WOKA NNIPA “PII” NO HO ANAASƐ WƆN A ‘WOSUA’ NO HO?
Wiase nyinaa no wobu Yesu Kristo sɛ na ɔyɛ onyansafo ne ɔkyerɛkyerɛfo pa, ɛnyɛ obi a na n’adwene mu nna hɔ. Nanso, wɔ ne Bepɔw so asɛnka a agye din no mu no, Yesu kaa no pefee sɛ:
“Ɛnyɛ wɔn a wose me sɛ ‘Awurade Awurade’ no nyinaa na wɔbɛkɔ ɔsoro ahenni no mu, na nea ɔyɛ m’Agya a ɔwɔ soro no apɛde no. Nnipa pii bese me da no sɛ: Awurade, Awurade, . . . yɛmfaa wo din nyɛɛ ahoɔdenne pii anaa? Na ɛno na mɛpaem maka makyerɛ wɔn sɛ: minhuu mo da, mumfi me so nkɔ.”—Mat. 7:21-23.
Hyɛ no nsow sɛ adwene a na Yesu kura no nte sɛ adwene a nnipa pii kura nnɛ sɛ nnipa a wodi ɔsom bi ho dwuma wɔ wɔn ankasa kwan so no mu dodow no ara sɔ Onyankopɔn ani no. Mmom no, Yesu kae sɛ wɔn a wɔka sɛ wogye Yesu tom sɛ Awurade anaa Kristo no mufo “pii” mpo nsɔ ani.
Asɛnka koro no ara mu no, Yesu de afotu a enni da hɔ mae sɛ:
“Monhyɛn pon teateaa no mu; na ɔpon a ɛsõ ne ɔkwan a ɛtrɛw ne nea ɛde kɔ ɔsɛe mu no, na wɔn a wɔhyɛn mu hɔ yɛ pii. Na ɔpon teateaa ne ɔkwan hiahiaa ne nea ɛde kɔ nkwa mu no, na wɔn a wohu no sua.”—Mat. 7:13, 14
Dɛn nti na wususuw sɛ Yesu kaa asɛm a ɛte saa? Kyerɛwnsɛm no da no adi pefee sɛ na Yesu nim sɛ ansa na obi bɛsɔ Onyankopɔn ani no, ɛsɛ sɛ ‘ɔyɛ Agya no apɛde,’ a wɔada no adi wɔ Bible mu no. Ɔresi eyi so dua no, Yesu kasa tiaa wɔn a na wɔyɛ nneɛma na wɔkyerɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ a ɛne Onyankopɔn Asɛm bɔ abira no. Ná ɛteɛ sɛ ɔbɛyɛ saa efisɛ na onim sɛ wobetumi de nyamesom adi dwuma de adaadaa nkurɔfo (Mat. 23:13; 2 Kor. 4:4) Kyerɛwnsɛm no ho a yɛde toto no da no adi sɛ nkyerɛkyerɛ pii a wɔde ma nnɛ wɔ asɔre horow no mu no ne nokware Nyankopɔn no dɔ ne ayamye kwan no bɔ abira.
Ɛnde, ɛda adi sɛ, ɛrenyɛ nea eye sɛ yebedi asɔre a na yɛn awofo kɔ no akyi anaasɛ yebedi asɔre atitiriw a atwa yɛn ho ahyia no akyi ara kwa. Efisɛ sɛ yɛde nokwaredi yɛ eyi mpo a, ebia ɛbɛma yɛakɔka nnipa “pii” a Yesu kae sɛ wɔnam ‘ɔkwan a ɛtrɛw a ɛde kɔ ɔsɛe mu’ no so no ho.
Ɛda adi pefee sɛ wobɛpɛ sɛ wobɛka wɔn a ‘wosua’ a Onyankopɔn bu wɔn sɛ wɔnam “ɔkwan” a ɛkɔ ne nkyɛn no so no ho. Ɛno nso ne ɔkwan a Yesu kae sɛ ɛde kɔ “nkwa,” daa nkwa, mu no.—Yoh. 3:16; 17:3.
NIMDEƐ A EDI MU A ƐDE OBI KƆ ONYANKOPƆN NKYƐN
Akyinnye biara nni ho sɛ wutumi hu sɛ ɛho nhia sɛ yɛyɛ wɔn a wɔakɔ asɔfo sukuu anaasɛ yenya nyamesom ho nimdeɛ pii ansa na yɛatwe yɛn ho afi asɔre horow a nea wogye di ne anwonwade a ɔmansɛmdifo a wawu betumi ayɛ, anaa nneɛma a ɛyɛ nwonwa a wɔkyerɛ sɛ wohu wɔ wim, anaasɛ nea ɛma nkurɔfo di wɔn ho dɔm, no ho. Nanso yehia nimdeɛ—nimdeɛ a edi mu.
Yɛwɔ eyi ho adanse a ɛfata wɔ afeha a edi kan no mu Yudani mmaranimfo a na wɔfrɛ no Saul (anaasɛ Paulo) a ɔbɛyɛɛ Kristoni somafo no asɛm no mu. Na wayɛ mmɔdenbɔfo wɔ ne kan gyidi no mu, na ɔbɔɔ mmɔden mpo sɛ obegu ɔsom a na ɔte nka sɛ ɛmfata. Nanso, ɛdenam Onyankopɔn mmɔborohunu so no, Paulo behui sɛ nyamesomfo bi, a ɔno ankasa ka ho, betumi anya ‘Onyankopɔn ho mmɔdenbɔ, a wonni no nimdeɛ mu.’ Bere a Paulo maa ne nimdeɛ wɔ Onyankopɔn apɛde ne ne nneyɛe ho kɔɔ anim no, ɔdan kɔɔ ɔsom a ɛteɛ no ho.—Aso. 8:1-3; 9:1, 2; Rom. 10:2; 1 Tim. 1:12-16.
Ɛsɛ sɛ eyi ka sɛnea yesusuw nneɛma ho nnɛ no, efisɛ Onyankopɔn pɛ ne sɛ nnipa nyinaa “ba nokware nimdeɛ mu” na wɔsom no saa kwan no so. (1 Tim. 2:3, 4) Onyankopɔn de honhom kaa Paulo maa ɔka siei sɛ yɛn bere so no nnipa pii ‘bɛkatere wɔn anim akyerɛ nyamesompa, nanso wɔapa emu ahoɔden.’ Wɔhyɛ yɛn sɛ: “Dan wo ho fi wɔn ho.”—2 Tim. 3:1-5.
Ɛnde, ɛho hia sɛ yɛhwɛ sɛ ebia yɛresom ɔsom a ɛde kɔ Onyankopɔn nkyɛn ampa.
[Kratafa 4 mfoni]
Wonam ɔkwan a ɛtrɛw no so . . .
. . . anaasɛ ɔkwan hiahiaa no so?