Monyɛ Asɛm No Yɛfo, Ɛnyɛ Atiefo Nko
“Ɛnyɛ obiara a ose me sɛ Awurade, Awurade no na ɔbɛkɔ ɔsoro ahenni mu, na nea ɔyɛ m’agya a ɔwɔ soro no apɛde no.”—MATEO 7:21.
1. Dɛn na ɛsɛ sɛ Yesu akyidifo kɔ so yɛ?
MONKƆ so mmisa. Monko so nhwehwɛ. Monkɔ so mmɔ mu. Munnnyae mpaebɔ, adesua, ne Yesu nsɛm a wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu no a mobɛyɛ no da. Yesu ka kyerɛ n’akyidifo sɛ wɔne asase so nkyene, wɔwɔ nkrasɛm a ɛkora ade so a wɔahyɛ no nkyene a ɛnsɛ sɛ wɔma ɛyɛ yoo, na ɛyera ne dɛ anaa tumi a etumi kora ade so no. Wɔne wiase hann, a ɛnyɛ nea wɔka nkutoo na wɔde da hann a efi Kristo Yesu ne Yehowa Nyankopɔn nkyɛn adi na mmom denam nea wɔyɛ nso so. Wɔn nnwuma pa hyerɛn te sɛ wɔn nsɛm a ɛma hann no ara—na ebetumi akasa dennen mpo wɔ wiase a wonim nyamesom ne amammui akannifo nyinaa nyaatwom a ɛte sɛ Farisifo de no, a wɔka nsɛm pii nanso wɔyɛ nneɛma kakraa bi no mu.—Mateo 5:13-16.
2. Afotu bɛn na Yakobo de ma, nanso ahotɔ gyinabea bɛn na ebinom di mfomso gye tom?
2 Yakobo tu fo sɛ: “Monyɛ asɛm no yɛfo, na monnyɛ atiefo nko nsisi mo ho.” (Yakobo 1:22) Ebinom de nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ ‘wogye wo a na wɔagye wo’ no daadaa wɔn ho te sɛ nea wobetumi agyae som nnɛ na wɔatwɛn ɔsoro akatua bi a wɔka ho asɛm. Ɛyɛ atoro kyerɛkyerɛ ne anidaso hunu. Yesu kae sɛ: “Nea obegyina akodu awiei no, ɔno na wobegye no.” (Mateo 24:13) Sɛ wubenya daa nkwa a, ɛsɛ sɛ ‘wudi nokware kodu wu mu.’—Adiyisɛm 2:10; Hebrifo 6:4-6; 10:26, 27.
3. Atemmu ho akwankyerɛ bɛn na Yesu de ma wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu?
3 Bere a Yesu toaa ne Bepɔw so Asɛnka no so no, ɔkaa nsɛm pii a ɛsɛ sɛ Kristofo bɔ mmɔden sɛ wobedi akyi. Biako a ɛte sɛ nea ɛyɛ tiawa bi ni, nanso ɛkasa tia su horow a ɛyɛ den sen biara sɛ wobeyi afi hɔ no mu biako: “Mummmu ntɛn na wɔammu mo ntɛn. Na atɛn ko a mubu no, wɔde bebu mo; na ade koro a mode susuw no, wɔde besusuw ama mo. Na adɛn na wohwɛ duaa a ɛwɔ wo nua aniwa mu, na wo ankasa aniwa mu mpuran de, wunhu? Anaasɛ ɛbɛyɛ dɛn na wobɛka akyerɛ wo nua sɛ; ma minyi duaa no mimfi w’aniwa mu, na hwɛ, mpuran wɔ w’aniwa mu? Nyaatwomni! Yi mpuran no fi w’aniwa mu kan, ɛno ansa na wubehu ade yiye ayi duaa no afi wo nua no aniwa mu.”—Mateo 7:1-5.
4. Akwankyerɛ bɛn na Luka kyerɛwtohɔ no de ka ho, na dɛn na efi dwuma a wɔde di no mu ba?
4 Wɔ Luka kyerɛwtohɔ a ɛfa Bepɔw so Asɛnka no ho no mu no, Yesu ka kyerɛɛ n’atiefo no sɛ wɔnnhwehwɛ afoforo ho mfomso. Mmom no, ‘wɔmfa mfiri,’ kyerɛ sɛ, wɔmfa wɔn mfɛfo nnipa sintɔ ahorow mfiri wɔn. Eyi bɛma afoforo nso ayɛ wɔn saa ara, sɛnea Yesu kae no: “Momma, na wɔama mo; susukora a wɔamia so na wɔawosow na abu so na wɔde begu mo ntama mu. Na susukora a mode susuw no, ɛno ara na wɔde besusuw ama mo bio.”—Luka 6:37, 38.
5. Dɛn nti na ɛyɛ mmerɛw yiye sɛ yebehu afoforo mfomso sen yɛn ankasa de?
5 Afeha a edi kan no mu no, esiane atetesɛm a wɔde ano ka nti no, na Farisifo no nyinaa taa bu afoforo atɛn dennen. Ná ɛsɛ sɛ Yesu atiefo no mu biara a ɔwɔ saa su no gyae. Ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ yebehu duaa a ɛwɔ afoforo aniwa mu sen sɛ yebehu mpuran a ɛwɔ yɛn ankasa aniwa mu—na ɛma yɛte nidi nka kɛse! Sɛnea obi kae no, “Mepɛ sɛ mekasa tia afoforo efisɛ ɛma m’ani gye yiye!” Sɛ yɛde yɛ yɛn su sɛ yɛbɛhwehwɛ afoforo ho mfomso a, ebetumi ama yɛate nka sɛ yɛwɔ su pa bi a ɛte sɛ nea ɛkata yɛn ankasa mfomso ahorow a yɛpɛ sɛ yɛde sie so. Na sɛ nteɛso ho hia a, ɛsɛ sɛ wɔde ma wɔ odwo honhom mu. Ɛsɛ sɛ nea ɔde nteɛso rema no ani ba ne ho so bere nyinaa wɔ n’ankasa sintɔ ahorow ho.—Galatifo 6:1.
Ansa na Wubebu Atɛn no, Bɔ Mmɔden sɛ Wobɛte Asɛm no Ase
6. Sɛ ɛho hia sɛ yebu atɛn a, dɛn so na ɛsɛ sɛ egyina, na mmoa bɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ na yɛanyɛ katee dodo wɔ afoforo a wɔkasa tia wɔn no mu?
6 Yesu amma sɛ ɔrebebu wiase atɛn na mmom obegyee no nkwa. Na atɛn biara a obui no nyɛ ne de na mmom na egyina Onyankopɔn nsɛm a ɔde ama no sɛ ɔnka no so. (Yohane 12:47-50) Ɛsɛ sɛ atɛn biara a yebu no nso ne Yehowa Asɛm hyia. Ɛsɛ sɛ yeyi adesamma su a ɛne sɛ wobebu atɛn no fi hɔ. Wɔ eyi yɛ mu no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ Yehowa mpae daa srɛ mmoa: “Mummisa, na wɔbɛma mo, monhwehwɛ, na mubehu, mompem na wobehiɛ mo. Na obiara a obisa no, onya, na nea ɔhwehwɛ no, ohu, na nea ɔpem no, wohiɛ no.” (Mateo 7:7, 8) Yesu mpo kae sɛ: “Me de, mintumi menhyɛ me ho menyɛ hwee; sɛnea mete no na mibu atɛn, na m’atemmu no yɛ trenee. Na mennhwehwɛ nea m’ankasa mepɛ, na mmom nea ɔsomaa me no apɛde.”—Yohane 5:30.
7. Su a ɛbɛboa yɛn ma yɛde Mmara Pa no adi dwuma bɛn na ɛsɛ sɛ yenya?
7 Ɛnsɛ sɛ yenya su a ɛne sɛ yebebu nkurɔfo atɛn, na mmom sɛ yɛbɛte wɔn ase denam fa a yɛbɛfa yɛn ho sɛ wɔn no so—ɛnyɛ ade a ɛyɛ mmerɛw nanso ɛyɛ ade a ɛho hia, sɛ yebetumi adi Mmara Pa a edi so yi a Yesu ka no so a: “Enti ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara; na eyi na mmara ne adiyifo no kyerɛ.” (Mateo 7:12) Enti ɛsɛ sɛ Yesu akyidifo ani da hɔ na wohu afoforo adwene, nkate, ne honhom mu tebea. Ɛsɛ sɛ wohu afoforo ahiade ahorow na wɔte ase na wɔma wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛboa wɔn. (Filipifo 2:2-4) Mfe bi akyi no Paulo kyerɛwee sɛ: “Na mmara no nyinaa wie pɛ asɛm biako mu, ɛne sɛ: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!”—Galatifo 5:14.
8. Akwan abien bɛn na Yesu kaa ho asɛm, na dɛn nti na nnipa mu dodow no ara paw emu biako?
8 Nea edi hɔ no, Yesu kae sɛ: “Monhyɛn ɔpon teateaa no mu; na ɔpon a ɛso ne ɔkwan a ɛtrɛw no ne nea ɛkɔ ɔsɛe mu no, na wɔn a wɔhyɛn mu no yɛ pii. Na ɔpon teateaa ne ɔkwan hihiaa no ne nea ɛkɔ nkwa mu, na wɔn a wohu no sua.” (Mateo 7:13, 14) Pii a na wɔwɔ hɔ saa nna no mu no paw ɔkwan a ɛde kɔ ɔsɛe mu no, na pii da so ara yɛ saa. Ɔkwan a ɛtrɛw no ma nkurɔfo kwan ma wodwen sɛnea wɔpɛ, wɔtra ase sɛnea wɔpɛ, wɔyɛ nea wɔn ankasa pɛ. Mmara biara nni hɔ, bɔhyɛ biara nni hɔ, asetra kwan a ɛma ahodwo, biribiara yɛ mmerɛw ara kwa. “Mompere nhyɛn ɔpon teateaa no mu!” mfa wɔn ho!—Luka 13:24.
9. Ɔkwan hihiaa no so nantew gye dɛn, na kɔkɔbɔ bɛn na Yesu de ma wɔn a wɔnam so no?
9 Nanso ɔpon teateaa no na ɛkɔ daa nkwa mu. Ɛyɛ ɔkwan a egye ahosodi. Ebia ebegye nteɛso bi a ɛbɛma woahwehwɛ w’adwene mu na woasɔ sɛnea wo ahosohyira mu yɛ den no ahwɛ. Sɛ ɔtaa ba a, ɔkwan no so nantew yɛ den na egye boasetɔ. Yesu bɔ wɔn a wɔnam ɔkwan yi so no kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ mo ho yiye atoro adiyifo ho, na wɔnam nguanten nhoma mu ba mo nkyɛn, na wɔn mu de, wɔyɛ mpataku adifudepɛfo.” (Mateo 7:15) Ná saa nkyerɛkyerɛmu yi fata Farisifo no yiye. (Mateo 23:27, 28) Wɔtraa “Mose agua so” na na wɔkyerɛ sɛ wɔkasa ma Onyankopɔn bere a na wodi nnipa atetesɛm akyi.—Mateo 23:2.
Sɛnea Farisifo no ‘Too Ahenni no Mu’
10. Ɔkwan pɔtee bɛn so na kyerɛwfo ne Farisifo no hwehwɛe sɛ ‘wɔto ahenni no mu nnipa anim’?
10 Bio nso, Yudafo asɔfo no hwehwɛe sɛ wosiw wɔn a wɔhwehwɛ sɛ wɔhyɛn ɔpon teateaa no mu no kwan. “Mo kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo, munnue! Sɛ moto ɔsoro ahenni mu nnipa anim; na mo ankasa monkɔ mu, nanso wɔn a wɔrekɔ mu no, momma wɔn kwan nkɔ mu.” (Mateo 23:13) Ná Farisifo no akwan no te sɛ nea Yesu bɔɔ kɔkɔ no: Na “wɔtow [n’asuafo] din kyene sɛ dimmɔne onipa ba no nti.” (Luka 6:22) Esiane sɛ ɔbarima a ɔyɛ onifuraefo fi awo mu a Kristo saa no yare no gye dii sɛ Yesu ne Mesia no nti, wɔpam no fii hyiadan mu. N’awofo ampɛ sɛ wobebua nsɛm biara efisɛ na wosuro sɛ wɔbɛpam wɔn afi hyiadan mu. Ntease koro no ara nti, afoforo a wogyee Yesu dii sɛ ɔne Mesia no twentwɛn wɔn nan ase sɛ wobegye atom wɔ baguam.—Yohane 9:22, 34; 12:42; 16:2.
11. Aba a wɔde hu Kristoman mu asɔfo no bɛn na wɔsow?
11 Yesu kae sɛ: “Wɔn aba na mode behu wɔn. Dua pa biara sow aba pa, na dua bɔne sow aba bɔne.” (Mateo 7:16-20) Mmara koro no ara yɛ adwuma nnɛ. Kristoman asɔfo mu pii nni nea wɔka so. Ɛwom sɛ wɔkyerɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ Bible no de, nanso wogye abususɛm te sɛ Baasakoro ne hell gya tom. Afoforo pow agyede no, wɔkyerɛkyerɛ adannandi mmom na ɛnyɛ adebɔ, na wɔka nsɛm a nkurɔfo ani gye ho de nunu wɔn asom. Te sɛ Farisifo no, nnɛ asɔfo no mu pii yɛ sikapɛfo, wɔwɛre wɔn nguan no ho cedi ɔpepem pii. (Luka 16:14) Wɔn nyinaa teɛm sɛ, “Awurade, Awurade,” nanso Yesu bua wɔn sɛ: “Minhuu mo da, mumfi me so nkɔ, mo a moyɛ nea ɛnteɛ.”—Mateo 7:21-23.
12. Dɛn nti na ebinom a na anka wɔnantew ɔkwan hihiaa no so no agyae so nantew, na dɛn na afi mu aba?
12 Ɛnnɛ, ebinom a na anka wɔnam ɔkwan hihiaa no so agyae so nantew. Wɔka sɛ wɔdɔ Yehowa, nanso wonni n’ahyɛde a ɛne sɛ wɔnka asɛm no so. Wɔka sɛ wɔdɔ Yesu, nanso wɔnhwɛ ne nguan. (Mateo 24:14; 28:19, 20; Yohane 21:15-17; 1 Yohane 5:3) Wɔmpɛ sɛ wɔne wɔn a wodi Yesu anammɔn akyi no bɛtwe kɔndua koro. Wɔahu sɛ ɔkwan hihiaa no yɛ hihiaa dodo. Wɔabrɛ papayɛ mu, enti “wofii yɛn mu na ɛkɔe de, nanso wɔnnka yɛn ho, na sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn traa hɔ.” (1 Yohane 2:19) Wɔsan kɔɔ sum mu, na ‘esum no mu yɛ duru dɛn ara!’ (Mateo 6:23) Wobuu wɔn ani guu Yohane adesrɛ yi so: “Me mma nkumaa, mommma yɛmmfa asɛm anaa tɛkrɛma nnnɔ, na mmom momma yɛnnɔ nneyɛe ne nokware mu.”—1 Yohane 3:18.
13, 14. Mfatoho bɛn na Yesu de mae wɔ ne nsɛm no a yɛde bedi dwuma wɔ yɛn asetra mu no ho, na dɛn nti na na ɛfata ma wɔn a wɔwɔ Palestina no saa?
13 Yesu de mfatoho bi a ɛyɛ nwonwa wiee ne Bepɔw so Asɛnka no: “Obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔyɛ no, me de no mɛto ɔbadwemma a ɔtoo n’aban ɔbotan so no ho. Na osu tɔe, na nsu yirii, na mframa bɔe, na ɛbɛbɔɔ aban no, na anhwe ase; efisɛ wɔtoo ase ɔbotan so.”—Mateo 7:24, 25.
14 Wɔ Palestina no, na nsu a ɛtɔ dennen tumi ma nsuyiri a ɛsɛe ade a ano yɛ den bu fa bon a emu ayow no so. Ná sɛ adan no begyina a, egye nhyɛase a esi ɔbotan a ɛyɛ den so. Luka kyerɛwtohɔ no kyerɛ sɛ ɔbarima no “funu ma ɛdɔe, na ɔtoo ase ɔbotan so.” (Luka 6:48) Ná ɛyɛ adwumaden, nanso mfaso baa so bere a ahum tui no. Enti Kristofo su horow a egyina nea Yesu kae so no bɛyɛ nea mfaso wɔ so bere a amanehunu a ɛte sɛ nsuyiri ba no.
15. Dɛn na ɛbɛba wɔn a wodi atetesɛm akyi mmom sen sɛ wobedi Yesu nsɛm akyi no so?
15 Wosii ɔdan foforo no wɔ anhwea so: “Obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔnyɛ no, wɔde no bɛto ɔba kwasea a ɔtoo n’aban anhwea so no ho. Na osu kɛse tɔe, na nsu yirii, na mframa bɔe, na ɛbɛbɔɔ aban no, na ɛhwee ase, na n’asehwe no so.” Saa ara na ɛbɛyɛ wɔn a wɔka sɛ “Awurade, Awurade,” nanso wɔnnyɛ nea Yesu ka no.—Mateo 7:26, 27.
“Ɛnyɛ sɛ Wɔn Kyerɛwfo No”
16. Bepɔw so Asɛnka no kaa wɔn a wɔtee no dɛn?
16 Bepɔw so Asɛnka no kaa nkurɔfo dɛn? “Na ɛbae sɛ Yesu wiee nsɛm yi ka no, ne kyerɛkyerɛ no maa nkurɔfo akuwakuw no ho dwiriw wɔn, efisɛ ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ nea ɔwɔ tumi, na ɛnyɛ sɛ wɔn kyerɛwfo no.” (Mateo 7:28, 29) Obi a ɔde tumi a wɔntee nka da kasae no kanyan wɔn kɔɔ akyiri.
17. Dɛn na na ɛsɛ sɛ kyerɛwfo no yɛ de gyina wɔn nkyerɛkyerɛ akyi, na dɛn na wɔka faa anyansafo a wɔawuwu a na wɔfa wɔn nsɛm ka no ho?
17 Kyerɛwfo biara amfa n’ankasa tumi ankasa da, sɛnea abakɔsɛm mu kyerɛwtohɔ yi kyerɛ no: “Kyerɛwfo no fɛm wɔn nkyerɛkyerɛ no fii atetesɛm mu ne agyanom a wɔde bae no nkyɛn: na na ɔkyerɛwfo biara asɛnka nni tumi anaa ɛnsom bo biara bere a [wɔmfa obi asɛm nka] . . . Rabbinfo wɔ atetesɛm bi, anaasɛ . . . Anyansafo se; anaasɛ atetesɛm mu nkɔmhyɛ bi a ɛte saa. Hillel Ɔkɛse no kyerɛkyerɛɛ nokwarem, sɛnea na atetesɛm a ɛfa biribi pɔtee ho no te, ‘Ɔkasae saa asɛm no ho da mu nyinaa de, nanso . . . wɔannye ne nkyerɛkyerɛ no antom, kosii sɛ awiei koraa no ɔkae sɛ, Na mete fii Semaia ne Abtalion [abenfo bi a wɔtraa ase ansa na Hillel reba] nkyɛn.’” (A Commentary on the New Testament From the Talmud and Hebraica, a John Lightfoot yɛe) Farisifo no twee adwene sii anyansafo a wɔawu bere tenten mpo so: “Atreneefo ano, sɛ obi fa mmara mu nkyerɛkyerɛ bi ka asɛm wɔn din mu a—wobuebue wɔn ano ka bi wɔ wɔn ada mu.”—Torah—From Scroll to Symbol in Formative Judaism.
18. (a) Nsonsonoe bɛn na na ɛwɔ kyerɛwfo no ne Yesu nkyerɛkyerɛ mu? (b) Akwan bɛn so na na Yesu nkyerɛkyerɛ no yɛ soronko koraa?
18 Kyerɛwfo no faa nnipa a wɔawuwu nsɛm kae sɛ tumi a wogyina so; Yesu de tumi a efi Onyankopɔn teasefo no nkyɛn na ɛkasae. (Yohane 12:49, 50; 14:10) Rabifo no saw nsu a ɛnyɛ dɛ fii mmura a wɔakata so mu; Yesu maa nsu pa a ekum obi mu sukɔm. Ɔbɔɔ mpae na odwen nneɛma ho anadwo mu nyinaa, na bere a ɔkasae no, ɔkanyan nkurɔfo nkate a wɔnhyɛɛ no nsow da. Ɔde tumi a na wotumi te nka kasae, tumi a akyiri yi kyerɛwfo, Farisifo, ne Sadukifo suroe sɛ wobegye ho kyim. (Mateo 22:46; Marko 12:34; Luka 20:40) Ná ɔbarima foforo biara nkasae sɛɛ da! Asɛnka no awiei no, nnipakuw no ho dwiriw wɔn!
19. Ɔkwan bɛn so na akwan a Yehowa Adansefo fa so kyerɛkyerɛ nnɛ no bi te sɛ Yesu de no wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu?
19 Ɛnnɛ nso ɛ? Sɛ́ afie afie asomfo no, Yehowa Adansefo fa akwan a ɛtete saa ara so. Ofiewura bi ka kyerɛ wo sɛ: “M’asɔre se wɔbɛhyew asase no.” Wubua sɛ: “W’ankasa King James Bible no kenkan wɔ Ɔsɛnkafo 1:4 sɛ: ‘Asase de, etim hɔ daa.’” Ɛyɛ onipa no nwonwa. “Saa, minnim da sɛ ɛno wɔ me Bible no mu!” Ɔfoforo se: “Mate bere nyinaa sɛ wɔbɛhyew abɔnefo wɔ hell gya mu.” “Nanso wo Bible no ka wɔ Romafo 6:23 sɛ: ‘Bɔne so akatua ne owu.’” Anaasɛ ɛdefa Baasakoro ho no: “Me ɔsɛnkafo se Yesu ne n’Agya yɛ pɛ.” “Nanso wɔ Yohane 14:28 no wo Bible no fa Yesu nsɛm ka sɛ ose: ‘M’agya no yɛ kɛse sen me.’” Ɔfoforo se wo sɛ: “Mate sɛ wɔka sɛ Onyankopɔn Ahenni no wɔ wo mu.” Wubua sɛ: “Wo Bible no ka wɔ Daniel 2:44 sɛ: ‘Ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da . . . so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asa, na ɛno de, ebegyina daa.’ Ɔkwan bɛn so na ɛno betumi ayɛ nea ɛwɔ wo mu?”
20. (a) Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ Adansefo no nkyerɛkyerɛ ne Kristoman asɔfo no de mu? (b) Dɛn na ne bere adu mprempren?
20 Yesu de tumi a efi Onyankopɔn hɔ na ɛkasae. Yehowa Adansefo de Onyankopɔn Asɛm mu tumi na ɛkasa. Kristoman asɔfo ka nyamesom atetesɛm a wɔde nkyerɛkyerɛ a wɔn nsa ka fii Babilon ne Misraim asɛe no. Sɛ nnipa komapafo te sɛ Bible bɔ wɔn gyidi ahorow no gu a, wɔn ho dwiriw wɔn na wɔteɛm sɛ: ‘Minnim da sɛ ɛno wɔ me Bible mu!’ Nanso ɛwom. Mprempren ne bere a ɛsɛ sɛ wɔn a wɔn honhom mu ahiade ho asɛm hia wɔn nyinaa tie nea Yesu kae wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu no na wɔto wɔn aban wɔ ɔbotan nhyɛase a etim hɔ so.
Ntimu asemmisa
◻ Sɛ anka yebebu atɛn mmom no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ, na dɛn ntia?
◻ Dɛn nti na nnipa pii paw ɔkwan a ɛtrɛw no nnɛ?
◻ Dɛn nti na na ɔkwan a Yesu fa so kyerɛkyerɛ no yɛ soronko koraa wɔ kyerɛwfo no de ho?
◻ Bepɔw so Asɛnka no kaa wɔn a wotiee no dɛn?