Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w88 3/1 kr. 21-26
  • Yehowa Mu Ahotoso Ma Obi Hyira Ne Ho So Gye Asubɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Mu Ahotoso Ma Obi Hyira Ne Ho So Gye Asubɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yenya Yehowa Mu Ahotoso?
  • Nea Enti a Ebinom Mfa Wɔn Ho Nto Yehowa So
  • Yehowa Mu Ahotoso Ma Obi Hyira Ne Ho So
  • Ahosohyira Nyɛ Bɔhyɛ Foforo Ara Kwa
  • Dɛn Nti Na Ɛyɛ Nsu Mu Asubɔ?
  • Mfe Ahe Na Ɛsɛ sɛ Obi Di Ansa na Wɔabɔ no Asu?
  • Asubɔ ne Wo ne Onyankopɔn Ntam Abusuabɔ
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wuhyira Wo Ho So Ma Yehowa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wobɔ Asu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Woasiesie Wo Ho Sɛ Wobɛbɔ Asu Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
w88 3/1 kr. 21-26

Yehowa Mu Ahotoso Ma Obi Hyira Ne Ho So Gye Asubɔ

“Nya Yehowa mu ahotoso na yɛ papa; tra asase so, na di nokware.”​—DWOM 37:3, NEW WORLD TRANSLATION.

1. Adanse a wiase anyansafo de ama bɛn na ɛkyerɛ sɛ nyansa nnim sɛ obi de ne ho bɛto nnipa akannifo so?

HENANOM na yebetumi anya wɔn mu ahotoso? So adesamma akannifo? Wɔn kyerɛwtohɔ da no adi sɛ ɛyɛ nea nyansa nnim sɛ yɛde yɛn bɛto nnipa a wɔnyɛ pɛ so. Ɛdɛn, wiase anyansafo mpo hu saa nokwasɛm no! Esiane eyi nti, Europa adwuma ho nsɛmma nhoma Vision kae bere bi sɛ nea “enye wɔ mprempren tebea no ho ne sɛ obiara nni hɔ obetumi ahu ɔkwan a wɔbɛfa so afi mu.” Sikasɛm ho abakɔsɛm kyerɛwfo Robert Heilbroner kae sɛ: “Biribi foforo wɔ hɔ a ɛrehaw yɛn. Ɛyɛ adwene a wɔanya sɛ ɛnyɛ nea obi redi ho dwuma, kyerɛ sɛ obiara nni hɔ a obetumi adi ɔhaw ahorow a ɛreba yɛn so no ho dwuma.”

2. Dɛn na wobetumi aka wɔ mfaso a ɛwɔ nnɛyi nyansahu so no ho?

2 Ampa, nnipa anya nkɔso wɔ nyansahu mu. Nanso so mfaso aba eyi nyinaa so? Dabi, ɛnte saa. Sɛnea ɔkyerɛwfo Lewis Mumford daa no adi no: “Mprempren adwene a ɛkyerɛ sɛ mfiri ne nyansahu mu nkɔso de mfaso a nnipa benya ho bɔhyɛ mae no . . . abɛyɛ nea ntease nnim.” Eyi ho nhwɛso ne nsu a ɛtɔ a emu yɛ yerɛwyerɛw a ɛresɛe atare ne nsubɔnten na ɛreboa ma nnua ɔpepem pii asɛe no. Bio nso, tebea a ɛyɛ awerɛhow a wiase no wom​—nsɛmmɔnedi, basabasayɛ, amumɔyɛsɛm, nnubɔne nom ne asabow ne mmaninyare a ɛrenya nkɔso ne sikasɛm nhyehyɛe no a asɛe kɛse​—no nyinaa di adanse sɛ mfaso nni so sɛ yebenya nnipa akannifo mu ahotoso.

3. Afotu bɛn na Onyankopɔn Asɛm de ma wɔ nea ɛsɛ sɛ yenya ne mu ahotoso no ho?

3 Onyankopɔn Asɛm de afotu ma yɛn ma ɛfata yiye sɛ: “Mommfa mo ho nnto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni ne mu so. Ne honhom fi kɔ, ɔsan kɔ ne dɔte mu, da no ara ne tirim a ɔbobɔe yera.” (Dwom 146:3, 4) Sɛ yɛrentumi mfa yɛn ho nto nnipa so a, ɛnde henanom na yebetumi anya wɔn mu ahotoso? Yebetumi anya ɔsoro ne asase Bɔfo no mu ahotoso sɛnea yɛkenkan no: “Nhyira ne onii ko a ɔde ne ho to [Yehowa] so, na [Yehowa] yɛ n’anidaso!.”​—Yeremia 17:7.

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yenya Yehowa Mu Ahotoso?

4. Dɛn ne Yehowa su atitiriw no, na ɔkwan bɛn so na ɛma yenya ntease pa a ɛbɛma yɛanya ne mu ahotoso?

4 Yebetumi anya Yehowa mu ahotoso esiane ntease pa nti. Nea edi kan koraa no, yebetumi anya ne mu ahotoso esiane ne su atitiriw​—ɔdɔ, nyansa, atɛntrenee, ne tumi​—ne su afoforo a ɛyɛ nwonwa no nti. N’Asɛm hyɛ yɛn bɔ sɛ ɔyɛ otumfoɔ, na n’abodin ahorow no mu biako ne “Onyankopɔn Tweaduampɔn.” (Genesis 28:3) Ade a yegyina so nya ne mu ahotoso bɛn ara ni! Obiara nni hɔ a obetumi ako atia no na wadi nkonim na obiara nni hɔ a obetumi asiw n’atirimpɔw ahorow kwan. Ɔno ne Obi a Ɔwɔ nimdeɛ a edi mu sen biara. Ɛnyɛ sɛ ofi mfiase nim awiei na daakye te sɛ nhoma a wɔabue mu ma no nko, na mmom nso ne mu na nimdeɛ ne nyansa nyinaa wɔ, sɛnea n’adebɔ nnwuma a ɛyɛ nwonwa no ma yehu no. Ɔnnyɛɛ mfomso biako mpo wɔ ne nneyɛe biara mu da. (Yesaia 46:10; Romafo 11:33-35) Nea ɛsen saa no, Yehowa yɛ nea wotumi de ho to no so korakora na ɔyɛ trenee ne nokware Nyankopɔn. Ɔrentumi nni atoro. (Deuteronomium 32:4; Tito 1:2; Hebrifo 6:18) Nea ɛsen ne nyinaa no, su titiriw a ɔwɔ ne ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim, na ɛfata sɛ wɔkae sɛ: “Onyankopɔn ne dɔ.”​—1 Yohane 4:8, 16.

5. Kyerɛwtohɔ bɛn na Onyankopɔn Asɛm no kura a edi tumi a wotumi de ho to Yehowa so no ho adanse?

5 Sɛnea Yehowa ne adesamma di no di yɛ a ɔyɛ Onyankopɔn a ɔne ade nyinaa so tumfoɔ, ɔwɔ nyansa, obu atɛntrenee na ɔwɔ ɔdɔ no ho adanse bio. Mose hyɛɛ Israelfo no bɔ sɛ Yehowa kora apam ne adɔe ma wɔn a wɔdɔ no na wodi ne mmara nsɛm so no. (Deuteronomium 7:9) Na Yehowa adi kan akora Noa a na osuro Onyankopɔn no ne n’abusua so wɔ Nsuyiri kɛse no mu. Onyankopɔn gyee ɔtreneeni Lot ne ne mmabea baanu fii ɔsɛe kɛse a ɛbaa Sodom ne Gomora so no mu. Akyiri yi Onyankopɔn yii Israelfo no fii Misraim na ɔde Kanaan asase no maa wɔn de dii bɔ a ɔhyɛɛ Abraham no so. (Genesis 7:23; 17:8; 19:15-26) Na so Yehowa annye Hebrifo baasa a wɔtow wɔn guu ogya fononoo no mu ne Daniel nso amfi agyata amoa no mu?​—Daniel 3:27; 6:23.

6. Nnɛ bere yi mu adanse bɛn na yɛwɔ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa mu ahotoso nyɛ ade a enye a yɛapaw?

6 Nnɛ bere yi mu Adansefo osuahu ahorow nso adi yɛ a Yehowa yɛ obi a yebetumi de yɛn ho ato no so no ho adanse. Sɛ nhwɛso no, Adolf Hitler hoahoaa ne ho sɛ ɔbɛtɔre Yehowa Adansefo “kuw” no ase wɔ Germany. Nanso Hitler ne ne Nasi amanyɛkuw no mmom na wɔtɔre wɔn ase, na saa Yehowa Adansefo kuw no adɔɔso pii ma wɔn dodow boro 119,000. Afei nso, Yehowa Adansefo ɔhaha pii asetra mu nsɛm a wotintim wɔ Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no ne nea ɛka ho a ɛne Nyan! no mu no di nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Yehowa ne Onyankopɔn a yebetumi anya ne mu ahotoso ampa no ho adanse.

Nea Enti a Ebinom Mfa Wɔn Ho Nto Yehowa So

7. Dɛn nti na obi kae sɛ ɔyɛ “Yehowa ɔhogyinafo” no?

7 Nanso hwɛ sɛnea nnipa kakraa bi na wɔde wɔn ho to Yehowa so nnɛ! Nnipa pii a wɔahu ne su ahorow ne ne mmaninsɛm mpo mfa wɔn ho nto no so. Asɛm bi a epuei wɔ U.S. Catholic (January 1979) nsɛmma nhoma no mu no ka nnipa a wɔte saa no mu biako ho asɛm sɛ: “Bere a nhwehwɛmufo no bisaa ɔbarima no asɔre a ɔpɛ no, obuae sɛ, ‘Misusuw sɛ meyɛ Yehowa ɔhogyinafo.’ Bere a wobisaa no sɛ ɔnkyerɛkyerɛ mu no, ɔkae sɛ, ‘Migye nea Yehowa Adansefo gye di no di kɛse​—nanso mempɛ sɛ mede me ho hyem.’” Nsɛmma nhoma no kae sɛ: “Biribiara nni hɔ a Yehowa Ɔdansefo a wahyira ne ho so betumi ayɛ sen sɛ ɔde ne ho bɛhyem kɛse.”

8. Su atitiriw bɛn na ɛma obi nya ɔpɛ sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ Yehowa som mu?

8 Dɛn nti na ebinom mpɛ sɛ wɔde wɔn ho hyem? Efisɛ wonni koma pa. Ɛsɛ sɛ obi “nya koma pa na ama wanya daa nkwa.” (Asomafo no nnwuma 13:48, NW) Sɛnea Yesu kae wɔ ne bɛ a ɛfa ogufo no ho no mu no, wɔn a wɔsow aba no gyee nokware asɛm no guu ‘koma pa a eye’ mu. (Luka 8:15) Yiw, nokware no nkanyan wɔn a wonni koma pa. Ahwehwɛde titiriw ne koma pa. Wɔn a wɔyɛ ahantan no nso ani nnye nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm no mu no ho. Ahobrɛase su ho hia. (Yakobo 4:6) Bio nso, wɔn a wɔte nka sɛ wɔwɔ akomatɔyam na wɔyɛ atreneefo no ani nnye nokware no ho. Nanso wɔn a wɔn honhom fam nneɛma ho hia wɔn, trenee ho kɔm ne sukɔm de, ne wɔn a wosi apini na wodi akyide a wohu sɛ ɛrekɔ so wɔ wiase no mu nnɛ no nyinaa ho nkɔmmɔ no ani gye ho.​—Mateo 5:3, 6; Hesekiel 9:4.

Yehowa Mu Ahotoso Ma Obi Hyira Ne Ho So

9, 10. (a) Dɛn na ɛho hia ansa na obi atumi anya Yehowa mu ahotoso, na ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔwɔ koma pa no di ho dwuma? (b) Henanom na nnipa a wɔte saa no kyerɛ wɔn mu gyidi?

9 Ansa na obi betumi anya Yehowa mu ahotoso no, ɛsɛ sɛ ɔte Ne ho asɛm. Nanso “ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛfrɛ nea wonnye no nni? Nanso ɛbɛyɛ dɛn na wobegye nea wɔntee ne ho asɛm no adi? Nanso sɛ ɔsɛnkafo nni hɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛte?” (Romafo 10:14) Sɛ Yehowa nkoa ka asɛm a, wɔn a wɔwɔ koma pa no tie, te sɛ nea nnipa pii yɛe wɔ tete Tesalonika no. Ɛdefa eyinom ho no, Paulo kyerɛwee sɛ: “Efisɛ munyaa Onyankopɔn kaseɛ asɛm no yɛn nkyɛn no, mugyei, ɛnyɛ sɛ nnipa asɛm, na mmom sɛ Onyankopɔn asɛm, sɛnea ɛte ampa, ɔno nso na ɔyɛ mo a mugye di no mu adwuma.”​—1 Tesalonikafo 2:13.

10 Bere a komapafo a wɔte saa no sua Yehowa ho ade no, wɔkyerɛ ne mu gyidi. Eyi ho hia efisɛ “gyidi nnim a, obi ntumi nsɔ ani. Na ɛsɛ nea ɔba Onyankopɔn nkyɛn no sɛ ogye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo.” (Hebrifo 11:6) Nea ɛho hia nso ne Onyankopɔn Ba no a wobenya ne mu gyidi. “Na nkwagye nni obiara mu, na nso din foforo nni ɔsoro ase a wɔde ama wɔ nnipa mu a ɛsɛ sɛ wogye yɛn nkwa wɔ mu”​—yiw, din biara nni hɔ sɛ Yesu Kristo de.​—Asomafo no Nnwuma 4:12.

11. Yehowa mu ahotoso bɛma obi adi afotu a ɔsomafo Petro de mae bɛn akyi?

11 Onyankopɔn Asɛm, Yehowa ne ne Ba Yɛsu Kristo mu ahotoso a obi benya no bɛkanyan no ma watie ɔsomafo Petro afotu a ɔde maa Yudafo a wɔtraa ase wɔ ne bere so no: “Monsakra mo adwene, na monnan mo ho, na wɔapopa mo bɔne, na ɛyɛ a, ahodwo nna afi [Yehowa] anim aba.” (Asomafo no Nnwuma 3:19) Ɛdenam Yehowa ne N’ahwehwɛde ho nimdeɛ a obi nya so no, osua nea ɛyɛ Onyankopɔn apɛde ma no na ama wabɛyɛ Yesu Kristo kyidini. Sɛnea Petro kae no: “Na eyi na wɔbɔɔ din frɛɛ mo, efisɛ Kristo nso huu amane maa mo gyaw mo nhwɛso, sɛ munni n’anammɔn akyi.” (1 Petro 2:21) Yesu daa nea ɛwom no adi pefee bere a ɔkaa eyi no: “Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma ɔmpa ne ho akyi, na ɔmma n’asɛndua so, na onni m’akyi.” (Mateo 16:24) Ɛno kyerɛ hyira a obi hyira ne ho so ma Yehowa Nyankopɔn sɛ ɔbɛyɛ n’apɛde na wadi Yesu anammɔn akyi.

Ahosohyira Nyɛ Bɔhyɛ Foforo Ara Kwa

12. Wɔtaa de asɛmfua “bɔhyɛ” no di dwuma dɛn wɔ Kristoman mu?

12 Wɔ Kristoman mu no, wɔtaa de asɛmfua a ɛne “bɔhyɛ” no di dwuma wɔ yɛ a obi bɛba abɛyɛ Kristoni no mu. Enti wɔka kyerɛ yɛn sɛ Evangelistfo a wɔwɔ United States no “si hyɛ a obi ankasa bɛhyɛ Yesu bɔ no so dua.” Roman Katolekfo sɔfo bi kaa “Katolekfo nyamesom mu bɔhyɛ” ho asɛm. Bere a Katoklefo sɔfo bi de anoyi rema wɔ ne ho a ɔde hyɛ amammuisɛm mu ho no, ɔkae bere bi sɛ: “Hyɛ a mede me ho hyɛ amammuisɛm no yɛ (m’asɔfodi) no mu bɔhyɛ no fã.” Na nnwuma ahorow bɔ “Bɔ a Yɛhyɛ Yɛn Adetɔfo” ho dawuru. Ɛnde, nokwarem no, obi betumi anya bɔhyɛ ahorow pii wɔ bere koro mu: adwuma mu bɔhyɛ ahorow, asetra mu bɔhyɛ ahorow, amammui mu bɔhyɛ ahorow, ne nyamesom mu bɔhyɛ ahorow.

13. Dɛn na obi ho so a ohyira ma Yehowa no kyerɛ?

13 Nanso, ahosohyira a wɔyɛ ma Yehowa Nyankopɔn no nyɛ bɔhyɛ foforo bi ara kwa. Bɔhyɛ yɛ “nhyehyɛe bi anaasɛ ntam a obi aka sɛ ɔbɛyɛ biribi daakye.” Nanso sɛ obi behyira ne ho so no kyerɛ sɛ ‘obetu ne ho asi hɔ korakora ama onyame bi adwuma anaasɛ ɔsom anaasɛ nneɛma kronkron.’ Nkurɔfo pii ani gye bɔ a wɔbɛhyɛ ho sen sɛ wɔbɛyɛ ahosohyira. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi na ɛma nokwasɛm no da adi sɛ wɔn nyamesom te sɛ dwom bi a wotie de yɛ adwuma. Ɛyɛ anigye sɛ wobetie nanso ɛnsɛe biribiara a obi pɛ sɛ ɔyɛ ankasa no.

14. Dɛn nti na Yehowa Nyankopɔn ani nsɔ bɔhyɛ ara kwa?

14 Obi ho so a ohyira ma Onyankopɔn no ma Onyankopɔn apɛde a ɔyɛ no yɛ ade a ɛho hia sen biara wɔ n’asetra mu. Ɛhwehwɛ sɛ odi mmara a edi kan na ɛso sen biara no so, nea Yesu kaa ho asɛm bere a ɔkaa eyi no: “Na dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn fi wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu ne w’ahoɔden nyinaa mu.” Yesu sii sɛnea Onyankopɔn som hwehwɛ ho a wɔde ma ɔno nkutoo no so dua bere a ɔkaa eyi no: “Obiara ntumi nsom awuranom baanu; anyɛ saa a, ɔbɛtan obiako na wadɔ obiako, anaasɛ ɔde ne ho bɛbata obiako na wabu obiako animtiaa. Morentumi nsom Onyankopɔn ne mamon.” (Marko 12:30; Mateo 6:24) Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ Yehowa nnye bɔhyɛ ara kwa ntom.

Dɛn Nti Na Ɛyɛ Nsu Mu Asubɔ?

15. Nhwɛso bɛn na Yesu yɛe wɔ Onyankopɔn mu gyidi a wɔda no adi wɔ baguam no ho?

15 Dɛn nti na ɛsɛ sɛ obi bɔ asu de yɛ n’ahosohyira ma Onyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne? Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ Yehowa Adansefo mu biako a, hwee nni hɔ a obetumi ayɛ de asi eyi ananmu. Ɛte saa ara sɛ obi pɛ sɛ wɔfrɛ no Kristoni, Yesu Kristo kyidini a. Yehowa ‘Dansefo Nokwafo,’ Yesu, yɛɛ eyi ho nhwɛso, efisɛ wɔbɔɔ no asu wɔ Asubɔnten Yordan mu. Esiane sɛ na Yohane rebɔ abɔnefo a na wɔanya adwensakra asu nti, wante nea enti a na Yesu pɛ sɛ ɔbɔ asu no ase, nanso Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Mprempren de, ma ho kwan; na saa ara na ɛsɛ yɛn sɛ yɛma trenee nyinaa wie pɛyɛ.” (Adiyisɛm 1:5; Mateo 3:13-17) Enti Onyankopɔn Ba no daa ne gyidi adi wɔ baguam denam ne ho a ɔde maa Yehowa na ɔyɛɛ nhwɛso maa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ ɔsoro apɛde no nyinaa no so.

16. Ahyɛde bɛn na Yesu de maa n’akyidifo a ɛfa asubɔ ho, na dɛn na ɛkyerɛ sɛ n’asuafo no dii saa ahyɛde no so?

16 Nea ɛsen saa no, bere a aka bere tiaa bi na Yesu aforo akɔ n’Agya nkyɛn wɔ soro no, ɔhyɛɛ n’akyidifo sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” (Mateo 28:19, 20) Kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma nhoma no mu no kyerɛ sɛ Yesu asuafo no de nnamyɛ dii saa ahyɛde no so.​—Asomafo no Nnwuma 2:40, 41; 8:12; 9: 17, 18; 19:5.

17. Dɛn nti na nsu ara kwa a wɔde pete obi so no nyɛ asubɔ a eye?

17 Wɔbɔɔ eyinom asu dɛn? So wɔyɛɛ saa denam nsu a wɔde petepetee wɔn so ara kwa, te sɛ nea wɔyɛ wɔ Kristoman asɔre ahorow pii mu no? Dabida! Yesu fii nsu no mu’ bere a wɔbɔɔ no asu no akyi. Eyi kyerɛ pefee sɛ wɔde no wuraa nsu no mu. (Marko 1:9, 10) Nokwarem no, biribi foforo biara nni hɔ a wɔbɛkyerɛ sɛ ɛyɛ asubɔ, efisɛ Hela asɛmfua a wɔakyerɛ ase “asubɔ” no kyerɛ sɛ wɔde “benu mu, wɔde bɛhyɛ mu.”​—Asomafo no Nnwuma 8:36-39.

18. Dɛn nti na nsu mu asubɔ yɛ obi ho so a ohyira ma Onyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne a ɛfata?

18 Asubɔ a ɛte saa no yɛ ahosohyira ho sɛnkyerɛnne a ɛfata sen biara. Nsu no ase a obi bɛkɔ no kyerɛkyerɛ wu a wawu ama ne kan nneyɛe no mu yiye. Ma a wɔma no so fi nsu no mu no yɛ ma a wɔma no so ba asetra foforo mu ho mfonini. Sɛnea ayeforohyia boa ma wosi yɛ a ayeforo no ne ayeforo kunu no abɛyɛ awarefo no so dua kyerɛ wɔn mpo no, saa ara nso na ebetumi aba sɛ nsu mu asubɔ wɔ adansefo anim no bɛka nea wɔbɔ no asu no daa. Akyinnye biara nni ho: Ɛdenam asubɔ so no, ɛsɛ sɛ obi ho so a ohyira ma Yehowa no tra n’adwene mu bere nyinaa na ɔkae sɛ ɛyɛ ade a ɛho hia sen biara wɔ n’asetra mu. Ɛhyɛ bere a ogyaee ne ho som kɔsom Yehowa Nyankopɔn no nsow.

19. Biribi foforo bɛn nti na ɛsɛ sɛ obi bɔ asu?

19 Mommma yemmmu yɛn ani nngu nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nsu mu asubɔ yɛ ade a wogyina so nya ahonim pa wɔ Yehowa anim no so. Wɔada eyi adi pefee wɔ 1 Petro 3:21, faako a ɛkenkan sɛ: “Ɛno na afei ne nsɛso gye mo nso nkwa; ɛne asubɔ a ɛnyɛ ɔhonam ho fi yi, na mmom ɛyɛ ahonim pa ho adebisa a Yesu Kristo wusɔre nti yɛnam so yɛ Onyankopɔn de.”

Mfe Ahe Na Ɛsɛ sɛ Obi Di Ansa na Wɔabɔ no Asu?

20. Dɛn nti na nkokoaa rentumi mfata mma asubɔ?

20 Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 28:19, 20 no kyerɛ sɛ ɛyɛ wɔn a wɔayɛ wɔn n’asuafo no na ɛsɛ sɛ wɔbɔ wɔn asu. Enti, ɛkyerɛ sɛ akokoaa anaasɛ abofra ketewaa biara nni hɔ a obetumi adu Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde ma asubɔ no ho. Akokoaa rentumi nkyerɛ Onyankopɔn Asɛm, Onyankopɔn a ɔyɛ Ɔbɔadeɛ no, ne ne Ba Yesu Kristo no mu gyidi. Akokoaa rentumi nte ase sɛ honhom kronkron no yɛ Onyankopɔn adeyɛ tumi; saa ara nso na ɔrentumi nnya adwensakra wɔ ne kan bɔne ho na wahyɛ bɔ a anibere wom sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde.

21. So eye sɛ mmofra bɛbɔ asu?

21 Nanso ɛte sɛ nea Yehowa nkurɔfo mu binom adi ho dwuma ma atra so. Kristofo awofo pii twɛn kosi sɛ aka kakraa bi ma wɔn mma anya mfe aduonu ansa na wɔne wɔn asusuw asubɔ ho. Mpɛn pii yɛte mmofra a wofi wɔn ankasa pɛ mu yɛ ahosohyira a eye ho asɛm. Sɛ nhwɛso no, na ɔpanyin bi babarima a onnii mfe dumiensa pɛ sɛ wɔbɔ no asu. Enti n’agya maa mpanyimfo afoforo baasa ne abofra no susuw nsemmisa a wɔasiesie ama wɔn a wɔresusuw asubɔ ho no.” Wɔn gyinae a wosii ne sɛ ɛwom sɛ onnyinii pii de, nanso ɔfata sɛ wɔbɔ no asu sɛ Yehowa Nyankopɔn somfo. Na wɔn a wɔkɔɔ Akwampaefo Sukuu no wɔ Bahamas nnansa yi no mu bere nyinaa asomfo baanu wɔ abeawa a wadi mfe du a wɔabɔ no asu!

22. Sɛ awofo to Kristofo nipasu wɔ wɔn mma mu a, dɛn na wobetumi ahwɛ kwan afi wɔn mma no hɔ?

22 Wɔ eyi mu no, ɛte sɛ nea awofo binom mmɔ ho mmɔden. Wɔde ‘nneɛma a ogya ntumi nhyew’ reto Kristofo nipasu wɔ wɔn mma mu akodu he? (1 Korintofo 3:10-15) Nea edi kan koraa no, saa a wɔbɛyɛ no hwehwɛ sɛ awofo no bɛma Yehowa ɔsom kronn no ayɛ ade a ɛho hia sen biara wɔ wɔn asetra mu. Bio nso, ɛsɛ sɛ awofo no tie afotu pa a wɔde ama wɔ Deuteronomium 6:6, 7 ne Efesofo 6:4 no. Ebia nea ebefi mu aba ne sɛ ɛho behia sɛ awofo no siw wɔn mma no kwan wɔ bɔ a wɔbɛbɔ wɔn asu ntɛm dodo no ho sen sɛ ɛho behia sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn akyiri yi.

23. Bere a obi adu baabi a ɛsɛ sɛ ohyira ne ho so gye asubɔ no, dɛn bio na wɔhwehwɛ?

23 Bere a obi nam ahosohyira ne nsu mu asubɔ so ada ahotoso a ɔwɔ wɔ Yehowa mu no adi no, ɛsɛ sɛ ɔkɔ so da saa ahotoso no adi. Asɛm a edi so yi a ɛne “Som a Yɛbɛsom Yehowa sɛ Mfɛfo Adwumayɛfo a Wɔwɔ Ahotoso” no bɛboa yɛn ma yɛahu nea ɛwɔ eyi mu.

[Ase hɔ asɛm]

Nsemmisa ahorow a ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɔ wɔn asu sɛ Yehowa Adansefo no bua wɔ Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma nhoma no mu. Wɔde bi ma wɔn a woresiesie wɔn ho ama asubɔ.

Wubebua Dɛn?

◻ Nokwasɛm ahorow bɛn na esi nyansa a ennim sɛ yɛde yɛn ho bɛto nnipa so no so dua?

◻ Dɛn nti na Yehowa su ne ne nneyɛe ahorow ma yenya ntease pa a ɛma yenya ne mu ahotoso?

◻ Dɛn nti na Yehowa mu ahotoso a obi benya no hwehwɛ sɛ ohyira ne ho so na ɛnyɛ bɔhyɛ ara kwa?

◻ Ɔkwan bɛn so na awofo betumi ama wɔn mma anya ɔpɛ sɛ wobehyira wɔn ho so ama Yehowa afi wɔn mmofraase?

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Yebetumi de yɛn ho ato Yehowa so sɛ Ogyefo Kɛse

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena